Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 5/1 kr. 26-29
  • Yɛsesaa Yɛn Dwumadi Bere A Midii Mfe 80 No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛsesaa Yɛn Dwumadi Bere A Midii Mfe 80 No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nokware Sakra Yɛn Asetra
  • Nhwɛso Ahorow a Ɛhyɛɛ Yɛn Den
  • Akwampae Adwuma a Meyɛ Wɔ East Anglia
  • Ɔko Bere ne Abusua
  • Gyinae a Yesii sɛ Yebetu Akɔ Spain
  • “Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ɛnanom—Munsuasua Eunike
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 5/1 kr. 26-29

Yɛsesaa Yɛn Dwumadi Bere A Midii Mfe 80 No

SƐNEA GWENDOLINE MATTHEWS KA KYERƐE

Bere a midii mfe 80 no, me ne me kunu sii gyinae sɛ yɛbɛfa lɔre na yɛaboaboa yɛn nneɛma nyinaa ano agu mu atu afi England akɔ Spain. Ná yɛnte Spania kasa nanso na yɛrekɔ Spain anafo fam atɔe, a ɛne baabi a wɔn a wɔka Engiresi no taa kɔhwehwɛ no ntam kwan ware yiye no. Ná yɛn nnamfonom mu dodow no ara susuw sɛ biribi haw yɛn, nanso mede anigye bɔɔ me ho nkae sɛ bere a Abraham tu fii Ur no, na wadi mfe 75.

SƐNEA ɛkɔbae no, efi bere a yɛbaa Spain wɔ April 1992 mu no, yɛanya mfaso kɛse wɔ yɛn asetra mu sen mmere pii. Nanso ansa na mɛka nea enti a yetui no, momma menka sɛnea yɛn asetra wɔ Yehowa som mu ma yesii gyinae titiriw yi.

Bible mu Nokware Sakra Yɛn Asetra

Wɔtetee me wɔ abusua a na wɔmfa nyamesom nni agoru mu wɔ London anaafo fam atɔe wɔ England. Esiane sɛ na Maame rehwehwɛ honhom fam abotɔyam nti, na ɔtaa de me ne me nuabea kɔ asɔre ahorow. Me papa a na ɔbɔ nsamanwaw bere nyinaa no ne yɛn nnkɔ. Nanso na ɔyɛ obi a ɔmfa Bible akenkan nni agoru, na bere biara a ɔbɛkenkan asɛm bi a n’ani gye ho no, ɔsensan ase. Agyapade a minni ho agoru koraa no mu biako ne Bible a ayɛ dedaw a na ɛsom bo ma no paa no.

Wɔ 1925 mu, bere a na madi mfe 14 no, wɔde kratawa bi bɛhyɛɛ yɛn pon ase de too nsa frɛɛ yɛn sɛ yemmetie baguam ɔkasa wɔ ɔmanfo asa a ɛwɔ West Ham no so. Me maame ne obi a ɔte bɛn yɛn yɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akotie ɔkasa no, na me ne me nuabea dii wɔn akyi. Saa ɔkasa, “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da,” no duaa Bible mu nokware wɔ me Maame komam.

Asram kakraa bi akyi no, bere a na Paapa adi mfe 38 no, ɔkaa baabi. Ná ne wu no yɛ yaw yiye, efisɛ ɛma yedii awerɛhow mmoroso na afei nso yɛn ho kyeree yɛn. Wɔ awufo asɔre a wɔyɛe wɔ mpɔtam hɔ Anglikan Asɔredan mu no, Maame ho dwiriw no sɛ ɔte fii ɔsɔfo no ano sɛ Paapa kra wɔ soro. Ná ofi Bible mu nim sɛ awufo adeda wɔ adamoa mu, na na ogye di yiye sɛ da bi, wobenyan Paapa ama wabɛtra ase daa wɔ asase so. (Dwom 37:9-11, 29; 146:3, 4; Ɔsɛnkafo 9:5; Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 21:3, 4) Bere a ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔne nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm bɔ no, osii gyinae sɛ ɔne Amanaman Ntam Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, bɛbɔ yiye.

Esiane sɛ na yenni sika a yɛde betua kar ka nti, dapɛn biara na yɛnantew nnɔnhwerew abien fi yɛn fie kɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow. Ɛno akyi no, yɛsan de nnɔnhwerew abien nantew ba fie. Nanso na nhyiam ahorow no som bo ma yɛn yiye araa ma yɛanto mu da, wɔ bere a na London bɔ a ano yɛ den no kata biribiara so wɔ kurow no mu mpo no. Ankyɛ na Maame sii gyinae sɛ obehyira ne nkwa so ama Yehowa na wagye asubɔ, na me nso, wɔbɔɔ me asu wɔ 1927 mu.

Ɛmfa ho sɛ na yenni sika no, bere nyinaa na Maame kyerɛkyerɛ me hia a ehia sɛ mede honhom mu nneɛma di kan. Ná Mateo 6:33 ka kyerɛwsɛm a n’ani gye ho paa no ho, na ‘ɔhwehwɛɛ ahenni no kan’ ampa. Bere a kokoram ma owuu patuwu wɔ 1935 mu no, na ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ obegye nsa a wɔto frɛɛ bere nyinaa asomfo a wobetumi atu akɔ Franse akɔsom no so.

Nhwɛso Ahorow a Ɛhyɛɛ Yɛn Den

Wɔ saa bere a na nneɛma refi ase no, na wɔn a wɔba nhyiam ahorow ase wɔ London no binom pɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ankasa adwene, na saa nkurɔfo yi fii akyinnyegye ne akasakasa a emu yɛ den ase. Nanso bere nyinaa na Maame ka sɛ ɛrenkyerɛ nokwaredi sɛ yebefi Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ nneɛma a yɛasua afi mu no nyinaa akyi. Sra a na Onua Joseph F. Rutherford a na saa bere no ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no bɛsra yɛn no kanyan yɛn ma yɛkɔɔ so de nokwaredi somee.

Mekae Onua Rutherford sɛ ɔbarima ɔyamyefo a wotumi bɛn no. Bere a na meda so ara yɛ obi a onnya nnii mfe aduonu no, London Asafo no fii adi kogyee wɔn ani a na ɔka ho. Ohuu me—abofra ketewa a na mefɛre ade—sɛ mikura mfoninitwa afiri na obisaa me sɛ mɛpɛ sɛ metwa no mfonini anaa. Saa mfonini no bɛyɛɛ nkaede a na minni ho agoru.

Akyiri yi, osuahu bi ma mihuu nsonsonoe a ɛda wɔn a wodi anim wɔ Kristofo asafo no mu no ne wiase no mu atitiriw no ntam. Na meyɛ obi a ɔto pon wɔ London fie kɛse bi mu, na na wɔato nsa afrɛ Hitler adwumayɛfo no mu biako a wɔfrɛ no Franz von Papen sɛ ommedidi awiabere bi. Wampene sɛ obeyi afoa a ɛhyɛ n’ataaso bere a na ɔredidi no, na eyii me ma nkwan a na mikura no hwie gui. Ɔde abufuw kae sɛ sɛ ɛyɛ Germany a, anka anibiannaso a ɛte saa bɛma wɔabɔ me tuo. Mammɛn no fi saa bere no kosii sɛ wodidi wiei!

Wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi a metee Onua Rutherford kasa wɔ ase wɔ Alexandra Palace wɔ 1931 mu. Ɛhɔ na yɛde anigye faa yɛn din foforo, Yehowa Adansefo, no too yɛn ho so. (Yesaia 43:10, 12) Mfe abien akyi wɔ 1933 mu no, mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma, sɛnea na wɔfrɛ bere nyinaa som adwuma no, mu. Nhyira foforo a mekae sɛ minyae wɔ saa bere no mu ne hokwan a minyae ne mmerante a na wɔn ho nni asɛm a akyiri yi wɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo wɔ mmeae a atew ne ho no bɔe no. Wɔn mu bi ne Claude Goodman, Harold King, John Cooke, ne Edwin Skinner. Anokwafo a wɔtete saa no nhwɛso no ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛkɔ akɔsom wɔ amannɔne asase bi so.

Akwampae Adwuma a Meyɛ Wɔ East Anglia

Ná meyɛ m’akwampae adwuma no wɔ East Anglia (England apuei fam), na na ɛhɔ asɛnka gye anigye ne nnamyɛ. Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ yɛn asasesin kɛse no mu adwuma awie no, yɛde sakre tutuu akwan kɔɔ nkurow ne nkuraa ase, na yɛtraa adan a na yetua ho ka mu. Ná asafo biara nni saa beae hɔ, enti me ne me yɔnko no nkutoo na na yesua dapɛn dapɛn nhyiam afa horow no nyinaa. Yɛmaa nhoma ne nhomawa a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu ɔhaha pii wɔ yɛn som adwuma no mu.

Nsrahwɛ biako a mekae paa ne nea yɛkɔɔ asɔfofie bi mu ne mpɔtam hɔ Anglikan Asɔre no sɔfo kɔbɔɔ nkɔmmɔ no. Wɔ mmeae pii no, na yewie baabiara ansa na yɛakɔ Anglikan asɔfo no hɔ, efisɛ na wɔtaa haw yɛn bere a wɔahu sɛ yɛreka asɛmpa no wɔ hɔ no. Nanso akuraa yi ase de, na obiara bɔ ɔsɔfo no din pa. Na ɔkɔsra ayarefo, ɔde nhoma fɛm wɔn a wɔpɛ akenkan, na mpo na ɔsrasra n’asɔremma no bi wɔ wɔn afie mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn Bible mu.

Ampa ara, bere a yɛkɔsraa no no, ɔtee n’anim maa yɛn yiye, na ogyee nhoma horow. Afei nso ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ sɛ obi wɔ akuraase hɔ a n’ani gye yɛn nhoma no bi ho na sɛ onni sika a, obetua ho ka ama no. Yebehui sɛ osuahu a ɛyɛ hu a onyae wɔ Wiase Ko I no mu na ɛma osii ne bo sɛ ɔbɛhyɛ asomdwoe ne ayamye ho nkuran wɔ n’asɔre mu no. Ansa na yɛrefi hɔ no, ohyiraa yɛn na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛntoa yɛn adwuma pa no so. Ɔde nsɛm a ɛwɔ Numeri 6:24 na egyaa yɛn kwan: “Awurade nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so.”

Mifii akwampae adwuma ase mfe abien na Maame wui, na mesan kɔɔ London a na minni sika ne obusuani. Scotlandni Ɔdansefo yamyefo bi gyee me, na ɔboaa me ma migyinaa Maame wu no ano, na ɔhyɛɛ me nkuran ma metoaa bere nyinaa som adwuma no so. Enti me ne m’akwampae hokafo foforo Julia Fairfax, san kɔɔ East Anglia. Yesiesiee kar-dan dedaw bi (ɔdan a wɔde kar twe) de yɛɛ yɛn fie a yebetumi de akyinkyin; na yɛde trata anaa lɔre na ɛtwe kɔ mmeaemmeae. Yɛne awarefo bi a na wɔanyinyin, Albert ne Ethel Abbott, a na wɔn nso wɔ kar-dan ketewa bi kɔɔ so kaa asɛm no. Mefaa Albert ne Ethel sɛ m’awofo.

Bere a na mereyɛ akwampae adwuma wɔ Cambridgeshire no, mihyiaa John Matthews, onua Kristoni mmɔdenbɔfo bi a na wakura ne mudi mu ama Yehowa wɔ tebea horow a emu yɛ den mu dedaw no. Yɛwaree wɔ 1940 mu, bere a na wɔhyɛɛ wiase ko a ɛto so abien no ase nkyɛe no.

Ɔko Bere ne Abusua

Bere a yɛwaree foforo no, na yɛte kar-dan ketewa a ne kɛse te sɛ mukaase ketewaa mu, na na yɛde moto bi a yetumi de yɛn ho to so na ɛyɛ yɛn som adwuma no. Yɛwaree akyi afe biako no, wobuu John atɛn sɛ ɔnkɔyɛ ɔpaafo wɔ afum, esiane sɛ ɛdenam ne ntease a egyina Bible so nti ni, wampene sɛ ɔbɛkɔ sraadi no. (Yesaia 2:4) Ɛwom sɛ eyi ma yegyae akwampae adwuma de, nanso John atemmu no boae efisɛ na mafa afuru, na na ɛbɛma wanya sika de ahwɛ yɛn.

Bere a na ɔko no rekɔ so no, yenyaa nhyiam atitiriw a ahohia nyinaa akyi no, wɔyɛe no mu kyɛfa. Wɔ 1941 mu no, bere a na meyem me ba a odi kan no, me ne John traa yɛn moto no so de twaa kilomita 300 kɔɔ Manchester. Bere a yɛrekɔ no, yɛfaa nkurow pii a na wɔde atopae asɛe hɔ pasaa mu, ma enti na yentumi nhu sɛ ebia yebetumi ayɛ nhyiam no wɔ tebea horow a ɛte saa mu anaa. Ɛbaa so. Adansefo a wofi England mmeae pii bɛhyɛɛ The Free Trade Hall a ɛwɔ Manchester kurom no so ma, na wotumi yɛɛ dwumadi no nyinaa.

Bere a nhyiam no ase ɔkasafo a otwa to no rewie ne kasa no, ɔka kyerɛɛ atiefo no sɛ, esiane sɛ ɛnkyɛ na wimhyɛn atoto atopae agu hɔ nti, sɛ wɔpɔn a, womfi dan no mu ntɛm ara. Ná kɔkɔbɔ no yɛ ne bere mu de. Yɛannu akyiri koraa na yɛtee abɛn ne atuo a wɔtoto bɔ wimhyɛn nka. Bere a yetwaa yɛn ani no, yehuu wimhyɛn pii sɛ ɛregyae atopae mu agu kuropɔn no mu. Bere a yegyina akyirikyiri no, yehuu ogya ne wusiw wɔ asa a na yɛtraa mu nkyɛe biara no mu; na wɔasɛe no pasaa! Anigyesɛm ne sɛ, yɛn Kristofo anuanom mmarima ne mmea no mu biara anwu.

Bere a na yɛretete yɛn mma no, yɛantumi anyɛ akwampae adwuma, nanso yegyee ahwɛfo akwantufo ne akwampaefo a na wonnya dan ntra mu wɔ yɛn fie. Bere bi de, akwampaefo baasia dii asram kakra wɔ yɛn fie. Akyinnye biara nni ho sɛ saafo no a yɛne wɔn bɔe no ka ho bi nti na bere a na yɛn babea Eunice adi mfe 15 pɛ no, ɔpaw sɛ obefi akwampae adwuma ase wɔ 1961 mu no. Awerɛhosɛm ne sɛ bere a yɛn babarima, David, nyinii no, ogyae Yehowa som, na yɛn babea foforo, Linda, wui wɔ ɔko bere no mu wɔ tebea a na ɛyɛ awerɛhow mu.

Gyinae a Yesii sɛ Yebetu Akɔ Spain

Ná Maame nhwɛso ne ne nkuranhyɛ ama manya ɔpɛ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, na m’ani amfi saa botae no so da. Enti wɔ 1973 mu, bere a Eunice fii England kɔɔ Spain, faako a na Ahenni adawurubɔfo mmoa ho hia kɛse no, yɛn ani gyei. Ɛwom sɛ na yɛn werɛ ahow sɛ ɔregyaw yɛn hɔ akɔ de, nanso yɛn ani gyei sɛ onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛsom wɔ amannɔne asase so.

Ná yɛtaa kɔsra Eunice, na ɛma yebehuu Spain yiye. Nokwarem no, me ne John kɔsraa no wɔ ne dwumadi ahorow no anan mu. Afei bere rekɔ so no, yefii ase gogowee. John hwee ase ma ɛkaa n’akwahosan kɛse, na na mewɔ koma ne menewa mu yare. Sɛ ɛno da nkyɛn a, na ɔkwaha haw yɛn baanu nyinaa. Ɛwom sɛ na yehia Eunice mmoa paa de, nanso na yɛmpɛ sɛ yɛn nti, ogyae ne dwumadi no.

Yɛne Eunice kaa nea yebetumi ayɛ wɔ ho no ho asɛm, na yɛbɔɔ mpae de hwehwɛɛ akwankyerɛ. Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛba fie abɛboa yɛn, nanso yesii gyinae sɛ ano aduru a ɛsen biara ne sɛ me ne John bɛkɔ akɔtra ne nkyɛn wɔ Spain. Sɛ m’ankasa mantumi anyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a, anyɛ yiye koraa no, metumi aboa me babea ne n’akwampaefo ahokafo baanu no wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Ebeduu saa bere no, na me ne John afa Nuria ne Ana, a na wɔn baanu ayɛ Eunice akwampae ahokafo bɛyɛ mfirihyia 15 no sɛ yɛn ankasa mmabea. Ná wɔn ani gyei sɛ yɛne wɔn bɛtra wɔ baabiara a wɔbɛma wɔn dwumadi no.

Bɛboro mfirihyia asia ni na yesii saa gyinae no. Yennyaa ɔyare foforo biara nkaa ho, na yɛn asetra abɛyɛ anigye kɛse. Ɛde besi nnɛ no, mintumi nka Spania kasa no papa de, nanso ɛno nsiw m’asɛnka kwan. Me ne John ani ka yɛn asafo ketewa a ɛwɔ Extremadura, wɔ Spain anafo fam atɔe no mu.

Spain a metrae no ama mahu sɛnea yɛn Ahenni asɛnka adwuma no te wɔ aman nyinaa mu yiye, na mprempren, mabehu sɛ, sɛnea Yesu Kristo kae no, “afuw no ne wiase” no ampa.—Mateo 13:38.

[Kratafa 28 mfonini ahorow]

Akwampae adwuma wɔ 1930 mfe no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena