“Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
SƐNEA RONALD TAYLOR KA KYERƐE
Wɔ 1963 ahohuru bere mu no, meko peree me nkwa. Bere a menenam mpoano no, mitiaa baabi a emu dɔ, na mehwee ase ntɛm ara wɔ nsu bi a emu dɔ yiye mu. Esiane sɛ minnim asuguare nti, anka meremem wɔ mpoano hɔ pɛɛ. Ná mamem akɔ nsu no ase apue mprɛnsa anom ɛpo nsu pii dedaw bere a damfo bi huu tebea a mewom na ɔtwee me bɛtoo mpoano hɔ no. Mframa a ohuw guu me mu ntoatoaso ntɛm ara nti, manwu.
NA EYI nyɛ bere a edi kan a mihuu hia a ɛho hia sɛ migyina pintinn—ɛwom mpo sɛ ɛte sɛ nea mintumi nyɛ tebea no ho hwee de. Efi me mmofraase na mako apere me honhom fam nkwa.
Midii kan tee Kristofo nokware no ho asɛm wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu amanehunu bere no mu. Na meka mmofra mpempem pii a woyii wɔn fii London na ama yɛaguan ɔtopae a wɔtotow guu hɔ no mu asiane ahorow no ho. Esiane sɛ na madi mfe 12 pɛ nti, ɔko no anhaw me pii; ɛkame ayɛ sɛ na ɛte sɛ abaninsɛmdi bi.
Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a na wɔwɔ Weston-super-Mare, England kesee fam atɔe, hwɛɛ me. Miduu awarefo no fie no, ankyɛ na akwampaefo asomfo bi fii ase bɛsraa yɛn. Ná ɛyɛ Hargreaves abusua no; na wɔn baanan nyinaa—Reg, Mabs, Pamela, ne Valeri—yɛ akwampaefo atitiriw. Awofo a wɔtetee me no gyee nokware no, na misuaa The Harp of God nhoma no wiei no, me nso misii gyinae sɛ mɛsom Yehowa. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ asɛnka adwuma no bi wɔ adapɛn asia pɛ akyi.
Meda so ara kae da a midii kan kɔɔ asɛnka no. Wɔmaa me nhomawa ahorow bi ntɛm ara, na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔyɛ adwuma wɔ saa kwan no anafo hɔ.” Saa na mekɔɔ m’asɛnka a edi kan no. Saa bere no, na yɛtaa de gramafon mpaawa a ɔkasa a tumi wom wɔ so na ɛka asɛm no. Na mmere a m’ani gye sen biara ne bere a na mitumi de gramafon no kɔ afie afie na mebɔ ɔkasa ahorow a wɔakyere agu mpaawa so no. Na mibuu no sɛ ɛyɛ hokwan ankasa sɛ wɔde me bedi dwuma saa.
Midii adanse pii wɔ sukuu, na mekae sɛ mede Bible mu nsɛmti ho nhoma ahorow maa ɔkyerɛkyerɛfo panyin no. Bere a midii mfe 13 no, wɔbɔɔ me asu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Bath a ɛbɛn hɔ no ase. Ɔko bere mu ɔmantam nhyiam foforo bi a me werɛ remfi da ne nea wɔyɛe no 1941 wɔ Leicester wɔ De Montfort Asa so. Mekɔɔ asɛnka agua no so kogyee Children nhoma a Onua Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no ankasa asɛm wom biako fae. Ɔkasa a ɛkanyan adwene a wɔma kyerɛɛ mmofra a na wɔwɔ hɔ nyinaa no hyɛɛ pɛ a na mepɛ sɛ mesom Yehowa daa no mu den.
Enti, mede mfe abien a anigye wom traa awofo a wɔtetee me no nkyɛn de nyinii wɔ nokware no mu. Nanso bere a midii mfe 14 no, na ɛsɛ sɛ mesan kɔtra London kofi ase yɛ adwuma de hwɛ me ho. Ɛwom sɛ mesan ne m’awofo ankasa kɔtrae de, nanso na ɛsɛ sɛ m’ankasa migyina me nan so wɔ honhom mu, efisɛ na fie no muni biara nni hɔ a ɔne me wɔ gyidi koro. Ankyɛ na Yehowa ma minyaa mmoa a mihia no. Bere a miduu London akyi adapɛn abiɛsa pɛ no, onua bi baa me fie bɛsrɛɛ me papa kwan sɛ ɔbɛfa me akɔ ɛhɔnom Ahenni Asa so. Ná onua no ne John Barr a seesei ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no. Ɔbɛyɛɛ me honhom fam “agyanom” no mu biako wɔ bere a na madu mpanyin mfe a na emu yɛ den mu no.—Mateo 19:29.
Mifii ase kɔɔ nhyiam wɔ Paddington Asafo a na ehyiam wɔ Craven Terrace wɔ London Betel Fie no nkyɛn mu. Esiane sɛ na meyɛ honhom mu ayisaa nti, wɔde me hyɛɛ onua akwakoraa a wɔasra no, “Papa” Humphreys nsa sɛ ɔmma n’ani nku me ho yiye. Ɛdaa adi sɛ ɛyɛ nhyira kɛse sɛ mitumi ne anuanom mmarima ne mmea pii a wɔasra wɔn a wɔsom wɔ saa asafo no mu bɔe. Ná yɛn a yɛwɔ asase so anidaso—a na wɔfrɛ yɛn Yonadabfo—no nnɔɔso. Nokwarem no, na me nkutoo ne “Yonadabni” wɔ Asafo Nhoma Adesua a na mewom no mu. Ɛwom sɛ me ne m’atipɛnfo ammɔ kɛse de, nanso me ne anuanom a wɔn ho akokwaw no fekubɔ no ma misuaa nneɛma a mfaso wɔ so pii. Ɛyɛ me sɛ nea ehia wom sen biara ne sɛ mempow Yehowa som no da.
Saa bere no, ná yɛde dapɛn awiei no nyinaa yɛ asɛnka adwuma. Wɔpaw me sɛ menhwɛ “akasam kar” a na ɛyɛ sakre a ɛwɔ tae abiɛsa a wɔayɛ no sɛnea wobetumi de akasam ne kar battery asi so so. Na mede kar no tu kwan Memeneda biara kogyina mmɔnten tweaa so, faako a mebɔ nnwom ne afei Onua Rutherford kasa ahorow no biako no. Memeneda nso yɛde yɛn nsɛmma nhoma no yɛɛ adwuma wɔ mmɔnten so. Ná yɛde Kwasida yɛ afie afie adwuma, na yɛde nhomawa ne nhoma ahorow memae.
Anuanom mpanyimfo a wɔyɛ nnam a me ne wɔn bɔe no ma minyaa ɔpɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo. Bere a mitiee akwampae ho ɔkasa ahorow wɔ ɔmantam nhyiam horow ase no ɛhyɛɛ ɔpɛ a na mewɔ yi mu den. Ɔmantam nhyiam biako a enyaa m’asetra so tumi kɛse ne nea wɔyɛe wɔ Earl’s Court, London, wɔ 1947 mu no. Asram abien akyi no, mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, na mabɔ mmɔden sɛ mekura akwampae honhom no mu fi saa bere no. Anigye a minya fii Bible adesua a enya nkɔso a meyɛ mu no si so dua sɛ na eyi ne gyinaesi a ɛteɛ.
Ɔyere Spainni ne Spain Dwumadi
Bere a na meda so ara yɛ akwampae adwuma wɔ Paddington Asafo mu wɔ 1957 mu no, mihyiaa onuawa Spainni hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Rafaela. Yɛwaree wɔ asram kakraa bi akyi. Na yɛn botae ne sɛ yɛbɛbom ayɛ akwampae adwuma no, nanso yedii kan kɔɔ Madrid sɛnea ɛbɛyɛ na metumi akohyia Rafaela awofo. Ɛyɛ nsrahwɛ a ɛsakraa m’asetra. Bere a yɛwɔ Madrid no, Onua Ray Dusinberre, Spain baa dwumadibea no sohwɛfo bisaa me sɛ ebia mɛpɛ sɛ mesom wɔ Spain, faako a na wohia anuanom a wɔn ho akokwaw kɛse no anaa.
Na yɛbɛyɛ dɛn atumi apow nsa a wɔto frɛɛ yɛn saa no? Enti, yefii yɛn bere nyinaa som adwuma no ase boom wɔ 1958 mu wɔ Spain. Na Franco na odi ɔman no so saa bere no, na na wonnye yɛn dwumadi ntom wɔ mmara mu, na ɛmaa yɛn asɛnka adwuma no yɛɛ den yiye. Afei nso, Spain kasa sua yɛɛ den maa me wɔ mfe kakra a edi kan no mu. Bio nso, na ɛnsɛ sɛ mepa abaw, ɛwom sɛ nkitaho a na mintumi ne asafo no mu anuanom nni ho abasamtu kɛse ma misuu mpɛn pii mpo de.
Na wohia ahwɛfo kɛse araa ma ɛwom mpo sɛ na mintumi nka Spain kasa de, nanso anni ɔsram biako na mehwɛɛ kuw ketewaa bi so. Esiane sɛ na yɛyɛ yɛn adwuma no wɔ kokoam nti, wɔkyekyɛɛ yɛn mu yɛɛ yɛn akuw nketewa a adawurubɔfo 15 kosi 20 na wɔwom, na edii dwuma sɛ asafo nketewa. Mfiase no, na nhyiam horow no yɛ haw me yiye, efisɛ na ɛnyɛ bere nyinaa na mete mmuae a atiefo no de ma no ase. Nanso, me yere traa wɔn akyi, na sɛ ohu sɛ mayɛ basaa a, ɔde anifere bɔ ne ti nko de si so dua sɛ mmuae no teɛ.
Ɛyɛ den yiye ma me sɛ mesua kasa foforo, na metee nka mpɛn pii sɛ ɛsɛ sɛ mesan kɔ England, faako a metumi ayɛ biribiara a memmrɛ koraa. Nanso, yɛn Spain anuanom adɔfo no dɔ ne wɔn adamfofa maa migyinaa m’abasamtu no ano fi mfiase. Yehowa ma minyaa hokwan soronko ahorow ma enti eyi nyinaa anyɛ kwa. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no bi sɛ Spain nanmusini wɔ 1958 mu. Afei 1962 no, minyaa ntetee a ɛsom bo yiye wɔ Ahenni Som Sukuu a wɔyɛ maa yɛn wɔ Tangier, Morocco, no mu.
Wɔ kasa akyi no, na nea ɛhaw me bio ne dwen a na midwen ho daa sɛ polisifo bɛkyere me no. Sɛ ɔhɔho no, na minim sɛ sɛ wɔkyere me a, wɔbɛpam me afi ɔman no mu ntɛm ara. Nea ɛbɛma ayɛ den sɛ wɔbɛkyere yɛn no, yɛnantew baanu baanu. Bere a obiako redi adanse no, na ɔfoforo no rehwɛ sɛ obehu asiane ho mpopoe bi anaa. Sɛ yɛkɔ ɔpon biako anaa abien ano, mpɛn pii wɔ abansoro bi so a, yegyaw ofie biako anaa abien to ntam kɔ afie foforo abien anaa abiɛsa mu. Yɛde Bible no dii dwuma kɛse, na nhomawa kakraa bi na yɛfa de hyɛɛ yɛn soro atade mu a yɛde bɛma anigyefo.
Bere a yedii afe wɔ Madrid akyi no, woyii yɛn kɔɔ Vigo, kurow kɛse bi a ɛwɔ Spain kusuu fam atɔe, baabi a na Adansefo biara nni hɔ koraa. Wɔ ɔsram a edi kan anaa nea ɛte saa mu no, Asafo ti no kamfo kyerɛe sɛ me yere na onni adanse no mu fã kɛse no ara—na ama wɔanya adwene sɛ yɛbɛsraa hɔ sɛ nnipa a wokyinkyin hwehwɛ mmeaemmeae. Ɛwom sɛ yɛantwe adwene amma yɛn ho so kɛse de, nanso yɛn asɛnka no twetwee nkurɔfo adwene. Katolek asɔfo fii ase kasa tiaa yɛn wɔ radio so wɔ ɔsram biako ntam. Wɔbɔɔ wɔn asɔremma kɔkɔ sɛ awarefo bi rekɔ afie afie ka Bible no ho asɛm—nhoma a na ɛte sɛnea saa bere no wɔabara mpo no. “Awarefo a polisifo hwehwɛ wɔn” no yɛ ɔhɔho bi ne ne yere Spainni, a ne yere no na ɔkasa mpɛn pii!
Asɔfo no hyɛɛ mmara sɛ awarefo a wɔn ho yɛ hu yi a obi ne wɔn bɛkasa kɛkɛ no yɛ bɔne a sɛ ɔka kyerɛ ɔsɔfo ntɛm nkutoo a, na wɔde befiri no. Na sɛnea obi bɛhwɛ kwan no, bere a yɛne ɔbea bi bɔɔ nkɔmmɔ akyi no, ɔde ɛyawdi ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔka ne bɔne. Bere a yefii ne fie hɔ no, yehui sɛ ɔde ahoɔhare rekɔ asɔredan no ho.
Wɔpamoo Yɛn
Polisifo kyeree yɛn bere a yeduu Vigo akyi asram abien pɛ no. Polisini a ɔkyeree yɛn no huu yɛn mmɔbɔ ma enti wamfa adansa anto yɛn nsa bere a yɛrekɔ polisifo adwumam no. Yehuu ɔmannifo bi wɔ adwumam hɔ, obi a na yedii no adanse nkyɛe. Ɛdaa adi sɛ na ɛhaw no yiye bere a ohui sɛ wɔne yɛn dii sɛ nsɛmmɔnedifo no, na ɔmaa yɛn awerɛhyem ntɛm ara sɛ ɔmmɔɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ bɔne. Nanso, wɔbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛde “Spain honhom mu biakoyɛ” reto asiane mu, na wɔpam yɛn fii ɔman no mu wɔ adapɛn asia akyi.
Ná ɛyɛ nkogudi, nanso na yɛmpɛ sɛ yɛpa abaw. Na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Iberian Supɔw no so. Bere a yedii asram abiɛsa wɔ Tangier akyi no, woyii yɛn kɔɔ Gibraltar—asasesin a na wɔnyɛɛ emu adwuma da. Sɛnea ɔsomafo Paulo ka no, sɛ yebu yɛn som adwuma no sɛ ɛsom bo a, yɛbɛkɔ so ayɛ na wobetua yɛn ka. (2 Korintofo 4:1, 7, 8) Eyi baam wɔ yɛn fam. Yɛne abusua bi mufo nyinaa fii Bible adesua ase wɔ ofie a edi kan pɛɛ a yɛkɔɔ mu wɔ Gibraltar no. Bere tiaa bi akyi no, na yɛn mu biara yɛ adesua 17. Nnipa a yɛne wɔn suaa ade no mu pii bɛyɛɛ Adansefo, na wɔ mfe abien mu no, yenyaa asafo a adawurubɔfo 25 wom wɔ hɔ.
Nanso, asɔfo no fii ase kasa tiaa yɛn te sɛ nea wɔyɛe wɔ Vigo no. Anglikan sɔfo panyin a ɔwɔ Gibraltar no bɔɔ polisifo panyin no kɔkɔ sɛ yɛnyɛ “nnipa pa,” na awiei koraa no biribi fii mu bae. Wɔpam yɛn fii Gibraltar January 1962. Ɛhe na yɛbɛkɔ afei? Na mmoa kɛse ho da so ara hia wɔ Spain, enti yɛsan kɔɔ hɔ, a na yɛhwɛ kwan sɛ polisifo no werɛ afi yɛn ho asɛm a atwam no.
Seville kuorw a owia bɔ wɔ hɔ no ne beae foforo a yɛkɔtrae. Ɛhɔ na yenyaa adwuma a yɛne awarefo akwampaefo foforo, Ray ne Pat Kirkup yɛe no mu anigye. Ɛwom sɛ na Seville yɛ kurow a nnipa ɔpepem fã na wɔwom de, nanso na adawurubɔfo 21 pɛ na wɔwɔ hɔ, ma enti na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mprempren asafo 15 a adawurubɔfo 1,500 wom na ɛwɔ hɔ. Afe biako akyi no, yɛtee anigyesɛm bi a yɛanhwɛ kwan; wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom wɔ akwantu adwuma no mu wɔ Barcelona mpɔtam hɔ.
Ɔkwan bi so no, na ɛsono ɔmansin adwuma no wɔ ɔman a wonnyee yɛn adwuma no ntoom wɔ mmara mu no mu. Ná yɛkɔsra akuw nketewa dapɛn biara, na na anuanom a wɔn ho akokwaw kakraa bi na wɔwɔ emu dodow no ara mu. Na anuanom a wɔyɛ adwumaden yi hia ntetee ne mmoa a yebetumi de ama biara. Ná yɛn ani gye adwuma yi ho! Bere a yɛde mfe pii yɛɛ adwuma wɔ baabi a na Adansefo kakraa bi na wɔwɔ hɔ anaa ebi nni hɔ koraa no, yɛn ani gyei sɛ yɛsrasra anuanom mmarima ne mmea ahorow pii. Afei nso, na asɛnka adwuma no nyɛ den wɔ Barcelona, na na nnipa pii pɛ sɛ wosua Bible no.
Adwenemhaw a Meko Tiae
Nanso, asram asia pɛ akyi no, m’asetra sakrae kɛse. Ɛkaa kakraa bi na yɛn ahomegye a edi kan wɔ mpoano no danee asiane bere a minyaa akwanhyia a maka ho asɛm dedaw no. Ehu a nsu a anka ɛrefa me no ma ɛkaa me no gyaee ntɛm, nanso na asɛm a esii no ma me koma taa tu.
Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkɔ so ayɛ ɔmansin adwuma no wɔ asram kakraa bi mu, nanso awiei koraa no na ɛsɛ sɛ mesan kɔ England kɔsa me ho yare. Mfe abien akyi no, me ho tɔɔ me sɛnea ɛsɛ ma yetumi san kɔɔ Spain, faako a yɛsan kofii ɔmansin adwuma no ase bio. Nanso, yɛyɛɛ no bere tiaa bi pɛ. Me yere awofo yaree denneennen, ma enti yegyaee bere nyinaa som adwuma no kɔhwɛɛ wɔn.
Asetra bɛyɛɛ den kɛse bere a minyaa adwenemhaw koraa wɔ 1968 mu no. Ɛtɔ mmere bi a, na me ne Rafaela nyinaa susuw sɛ me ho rentɔ me da. Na ɛte sɛ nea nsu refa me bio, nanso wɔ ɔkwan foforo so! Wɔ adwene a ɛnteɛ a adwenemhaw no ma minyae akyi no, meyɛɛ mmerɛw. Na mete nka sɛ mabrɛ atra so, na na ɛma migye m’ahome mpɛn pii. Saa bere no na ɛnyɛ anuanom nyinaa na wɔte ɔhaw a ɛte sɛɛ yi ase; nokwarem no, na minim sɛ Yehowa te ase. Manya akomatɔyam kɛse bere a mekenkan nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu a ɛma wɔn a wɔahaw no te nneɛma ase yiye na ɛboa wɔn no.
Me yere hyɛɛ me nkuran bere nyinaa wɔ bere a emu yɛ den yi mu. Ɔhaw ahorow a yɛbom gyina ano no hyɛ aware abusuabɔ no mu den ankasa. Rafaela awofo wui, na mfe 12 akyi no, minyaa ahoɔden koduu baabi a yɛtee nka sɛ yebetumi asan ayɛ bere nyinaa adwuma no bio. Yɛn ho dwiriw yɛn na yɛn ani gyei bere a wɔsan too nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma no bio wɔ 1981 mu no.
Teokrase mu nsakrae pii aba Spain fi bere a yɛyɛɛ akwantu ɔsom adwuma no wɔ bere a atwam no mu. Afei wɔama yɛn kwan sɛ yɛnka asɛm no, ma enti na ɛsɛ sɛ mitumi hu sɛnea tebea foforo no te. Nanso, som a mesan som sɛ ɔmansin sohwɛfo bio no yɛ hokwan kɛse. Akwampae adwuma a na yɛayɛ ɛmfa ho sɛnea tebea horow no mu yɛ den no maa yetumi hyɛɛ akwampaefo a wɔrehyia ɔhaw ahorow no nkuran. Na mpɛn pii no yetumi boaa afoforo ma wɔbɛyɛɛ akwampaefo.
Bere a yɛde mfe 11 yɛɛ akwantu adwuma no wɔ Madrid ne Barcelona no, yɛn akwahosan a na ɛresɛe no maa ɛho behiae bio sɛ yɛsakra yɛn adwuma. Wɔmaa yɛn dwumadi sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Salamanca kurow mu, faako a na me ho betumi aba mfaso sɛ ɔpanyin. Anuanom a wɔwɔ Salamanca no gyee yɛn toom ntɛm ara. Afe biako akyi no, ɔhaw foforo sɔɔ yɛn boasetɔ hwɛe.
Rafaela mogya so tewee kɛse a na yenhu nea enti a ɛte saa, na nhwehwɛmu ahorow daa no adi sɛ kokoram wɔ ne nsono kɛse no ho. Afei na ɛsɛ sɛ mema me ho yɛ den na meboa me yere sɛnea metumi biara. Mfiase no yɛannye anni, na ɛno akyi no ehu kaa yɛn. So na Rafaela renwu? Wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, Yehowa a yɛde yɛn ho to no so koraa ne nea na ɛboa yɛn ma yetumi kɔ so. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ wɔyɛɛ Rafaela oprehyɛn a wanwu, na yɛwɔ anidaso sɛ kokoram no remma bio.
Ɛwom sɛ yɛahyia ɔhaw ahorow wɔ bere ne bere mu wɔ mfe 36 a yɛde atra Spain no mu de, nanso ɛyɛ anigye sɛ yɛatra ase wɔ honhom fam nkɔso bere yi mu. Yɛahu sɛ adawurubɔfo kuw ketewaa bɛyɛ 800 a na wɔwɔ hɔ wɔ 1958 mu no adu bɛboro adawurubɔfo dɔm 100,000 nnɛ. Yɛn anigye pii no ama yɛn werɛ afi yɛn nsɛnnennen—afoforo a yɛboa wɔn ma wogye nokware no na wɔn ho kokwaw wɔ honhom mu, adwuma a yɛbom yɛ sɛ okunu ne ɔyere, ne te a yɛte nka sɛ yɛde yɛn nkwa adi dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a yebetumi so.
Paulo ka wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no mu sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ ɔsom adwuma yi nti, sɛnea wɔahu yɛn mmɔbɔ no, yɛmpa abaw.” (2 Korintofo 4:1, NW) Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, migye di sɛ nneɛma pii wɔ m’asetra mu a amma mampa abaw. Anuanom a wɔasra wɔn a wɔkyerɛɛ me ho anigye bere a merenyin no nhwɛso ma minyaa nhyɛase pa. Ɔhokafo a ɔne me kura honhom mu botae koro a mewɔ no yɛ mmoa pa; sɛ mebotow a, Rafaela hyɛ me nkuran, na mayɛ adekoro no ara ama no. Aseresɛm nso som bo kɛse. Anuanom a yetumi ne wɔn serew—ne yɛn ankasa ho a yɛserew—ma ɔhaw ahorow yɛ ketewaa wɔ ɔkwan bi so.
Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ahoɔden ho hia na obi atumi anya boasetɔ wɔ sɔhwɛ ahorow mu. Mekae Paulo nsɛm yi bere nyinaa: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” Esiane sɛ Yehowa wɔ yɛn afã nti, ɛho nhia sɛ yɛpa abaw da.—Filipifo 4:13.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Ronald ne Rafaela Taylor wɔ 1958 mu
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]
Nhyiam wɔ bere a na wɔabara yɛn wɔ Spain (1969)