‘Anigye Ne Wɔn A Wɔhwɛ Yehowa Kwan Nyinaa’
SƐNEA DOMENICK PICCONE KA KYERƐE
M’awofo tu fii Italy kɔɔ Amerika wɔ 1920 mfe no mfiase, na awiei koraa no, wɔtraa South Philadelphia, a saa bere no na wɔfrɛ no Italy Ketewaa no. Ebeduu 1927 no, na wɔne Bible Asuafo, a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ wɔn Yehowa Adansefo no afi ase bɔ.
WƆWOO me wɔ 1929 mu ma enti mihuu Bible mu nokware no wɔ me mmofraase. Mekae sɛ na Adansefo hyiam wɔ yɛn fie ansa na wɔafi adi akɔka asɛm no wɔ nkurow a wɔpɛ Roma Katolek som yiye wɔ hɔ a ɛwɔ Pennsylvania mantam a wotu biriw wɔ hɔ no mu, faako a wɔkyeree anuanom no mpɛn pii. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1941 mu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ St. Louis, Missouri no ase. Afei nneɛma fii ase sɛee.
Mifii ase ne yɛn mpɔtam hɔ mmofra bɔne bɔe na mifii ase nom sigaret, tow kyakya wɔ mmɔnten twea so. Anigyesɛm ne sɛ m’awofo hui sɛ mereyɛ afi wɔn nsa, na wosii gyinae sɛ wobetu akɔtra kurow no mu baabi foforo. Anyɛ me dɛ, efisɛ mehweree me mmɔnten so nnamfo no nyinaa. Nanso, nnɛ mibu kɔmpɔw hwɛ m’akyi de aseda ma me papa. Ɔde sika pii a anka obenya bɔɔ afɔre na ɔde ayi me afi saa tebea no mu. Bere a kan no na anka otumi nantew kɔ adwuma no, afei de na ɛsɛ sɛ ɔtra keteke mu twa kwan tenten. Nanso yɛn tu no de me san kɔɔ teokrase tebea mu.
Wodua Asɛmpatrɛw Aba no wɔ Me Mu
Ɛkame ayɛ sɛ na afe biara yɛkɔ South Lansing, New York, kotie Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuufo adesuawie dwumadi no. Asɛmpatrɛwfo no a mihuu sɛnea wɔde wɔn kɔ wiase afanan nyinaa no duaa asɛmpatrɛw adwuma no ho akɔnnɔ wɔ me komam. Enti, miwiee ntoaso sukuu no, mifii adwuma ase May 1947 mu sɛ daa ɔkwampaefo somfo.
Na ɔkwampaefo kumaa foforo bi a na ɔwɔ yɛn asafo no mu ne Elsa Schwarz, na na ɔyɛ nnam wɔ asɛnka adwuma mu. Na n’awofo hyɛ no nkuran bere nyinaa sɛ ɔnyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, enti migye midi sɛ wubetumi ahu nea efii mu bae. Yɛwaree wɔ 1951 mu. Bere a na yɛbom som sɛ akwampaefo wɔ Pennsylvania no, yɛkyerɛw kobisaa Gilead asɛmpatrɛwfo sukuukɔ ho kwan. Wɔ 1953 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 23 no. Bere a yɛde asram anum asua ade na wɔasiesie yɛn yiye wɔ Gilead akyi no, yewiee yɛn adesua no wɔ nhyiam bi ase wɔ Toronto, Canada, na wɔmaa yɛn beae a yɛbɛyɛ adwuma—Spain!
Nsɛnnennen wɔ Spain
Bere a yɛresiesie yɛn ho akɔ yɛn asɛmpatrɛw asasesin mu wɔ 1955 mu no, na nsemmisa pii wɔ me ne Elsa adwenem. Spain! Ɛhɔ te dɛn? Na Katolekni kankabi Ɔsahene Panyin Francisco Franco na odi ɔman no so, na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no. Na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ adwuma wɔ tebea horow a ɛte saa ase?
Na anuanom a wɔwɔ Asafo ti no adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn no aka akyerɛ yɛn sɛ wɔakyere Frederick Franz, a saa bere no ɔne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani abadiakyiri, ne Alvaro Berecochea, a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi Argentina, ne anuanom afoforo pii. Wɔyɛɛ kokoam nhyiam bi ho nhyehyɛe wɔ kwae a ɛbɛn Barcelona no mu. Nanso polisifo tee kokoam nhyiam yi ho asɛm na wɔkɔkyeree wɔn a na wɔaba hɔ no mu dodow no ara.a
Na wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ebia obiara rentumi mmehyia yɛn bere a yɛbɛkɔ akodu Barcelona no. Na wɔahyɛ yɛn sɛ: “Monkɔhwehwɛ ahɔhodan bi nna hɔ na momma Asafo ti no nhu ahɔhodan no address.” Yɛmaa Yesaia nsɛm a edi so yi traa yɛn adwenem: “Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] nyinaa. Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, monnantew so.” (Yesaia 30:18, 21) Na nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa na yɛadi n’ahyehyɛde no akwankyerɛ akyi.
Yɛne yɛn awofo ne nnamfo a wɔbaa New York ne yɛn bedii nkra no dii ntetewmu, na ankyɛ na yɛn hyɛn a wɔfrɛ no Saturnia no siim wɔ Hudson Asubɔnten no so a ani kyerɛ Atlantik po no so. Ɛno ne bere a etwa to a mihuu me papa. Mfe abien akyi, bere a na mewɔ amannɔne no, ɔyare bi a ɛkaa no kyɛe kum no.
Awiei koraa no, yekoduu yɛn asasesin mu, a ɛne Barcelona kuropɔn a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ no. Na ɛyɛ osutɔ bere, nanso bere a wɔrehwehwɛ yɛn nneɛma mu no, yehui nkurɔfo anim serew a ɛhyerɛn sɛ “owia” no. Alvaro Berecochea, ne Spain anuanom foforo bi behyiaa yɛn. Yɛn ani gyei pii sɛ yehui sɛ wɔagyaa yɛn nuanom no.
Afei na ɛsɛ sɛ yesua Spania kasa. Saa mmere no mu no, na ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo sua kasa ahorow ɔkwan a ɛyɛ den so—na nhoma a wɔde sua kasa no anaa akyerɛkyerɛfo biara nni hɔ. Na saa bere no wɔnkyerɛkyerɛ kasa horow. Na ɛsɛ sɛ yedu asɛnka adwuma mu nnɔnhwerew botae no ho na bere koro no ara mu no, yesua kasa no—bere a yɛreyɛ adwuma no.
Asɛnka wɔ Katolekfo Kankabi Nniso Ase
Na saa bere no Yehowa ahyehyɛde no nnyinii wɔ Spain ɛ. Wɔ 1955 mu no na adawurubɔfo nyinaa dodow yɛ 366 wɔ ɔman a emufo dodow yɛ ɔpepem 28 mu. Na asafo ahorow du pɛ na ɛwɔ ɔman no mu nyinaa. So ɛbɛkɔ so atra hɔ saa bere tenten? Bere a me ne me yere fii ase kaa asɛm wɔ afie afie no, yehui sɛ Spain te sɛ paradise ma wɔn a wɔka asɛmpa no. Yiw, na nokware no ho kɔm de nnipa no.
Nanso esiane sɛ na wɔabara asɛnka adwuma no nti, ɔkwan bɛn so na yɛyɛɛ no? Mpɛn pii no, na yɛnkɔ borɔn bi so ofie biara mu, na saara na na yɛnkɔ ɔdan kɛse biara mu adan nyinaa mu. Abansoro a ɛtoatoa so anum ne asia pii wɔ Barcelona, na wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no mfi abansoro dan a ɛwɔ atifi no so mmra ase de no so. Ebia yebetumi akɔ ɔdan biako pɛ mu wɔ abansoro biara so anaasɛ yetwa abansoro pii ho a yɛnkɔ hɔ. Sɛ ofiewura bi a ɔyɛ ade tra so frɛ polisifo a, na ɔkwan a yɛfa so yi ma ɛyɛ den ma polisifo no sɛ wɔbɛkyere yɛn.
Wɔyɛɛ asafo nhyiam horow wɔ nkurɔfo afie mu, na na nhoma mu adesua kuw bɛyɛ abiɛsa anaa anan na ɛka bom yɛ asafo biako. Eyi maa asafo somfo no tumi kɔsraa nhoma mu adesua kuw yi mu biako pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu. Na nhoma mu adesua sohwɛfo no na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nhyiam horow a na wɔyɛ dapɛn no mu anadwo ahorow abien ma kuw nketewaa a emufo bɛyɛ fi nnipa 10 kosi 20 no so.
Na ɛsɛ sɛ yesua asetra kwan foforo. Saa bere no, na wɔnyɛɛ asɛmpatrɛwfo fie ho nhyehyɛe biara wɔ Spain. Mmere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na yɛtra anuanom no afie mu. Na kropɔt so aduannoa a Elsa besua no yɛ osuahu foforo ankasa ma no! Akyiri yi no, yetumi tɔɔ kerosin stof ketewaa bi, na na ɛno ye koraa.
Ɔtaa ne Ɔpam
Bere bi akyi no, yɛtee sɛ ɔtaa refi ase wɔ Andalusia, faako a na wɔakyere ɔkwampaefo titiriw bi no. Awerɛhosɛm ne sɛ na okura nhoma bi a anuanom a wɔwɔ ɔman no afã horow nyinaa din ne address wom. Yɛkɔɔ so tee amanneɛbɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔrekyekyere yɛn nuanom no wɔ nkurow ahorow mu. Anuanom a wɔkyere wɔn no bɛnee Barcelona nkakrankakra. Awiei koraa no, ɔtaa no beduu Barcelona.
Asram kakraa bi a na atwam no, polisifo de me kɔɔ wɔn adwumayɛbea ti kobisabisaa me nsɛm. Nnɔnhwerew bi akyi no, wogyaa me, na misusuwii sɛ asɛm no awiei ara nen. Afei Amerika Aban Ananmusifo Dwumadibea no hyɛɛ me nyansa sɛ mimfi me pɛ mu mfi ɔman no mu, na makwati pam a wɔbɛpam me no mu aniwu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, polisifo no kyerɛɛ yɛn sɛ wɔama yɛn dadu sɛ yɛmfa mfi ɔman no mu. Esiane sɛ na yenni bere a ɛdɔɔso a yɛde bɛkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no nti, na dɛn na yɛbɛyɛ? Na ɛte sɛ nea nsɛm tebea kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ asasesin a wɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ a ɛbɛn Spain sen biara—Portugal, de rekɔ atɔe fam.
Asasesin Foforo, Ɔkasa Foforo
Yekoduu Lisbon, Portugal, wɔ July 1957 mu ara pɛ na wɔyɛɛ yɛn asɛmpatrɛwfo wɔ Porto, kuropɔn bi a ɛwɔ Lisbon atifi kakraa. Na wobu no sɛ ɔman no ahenkurow a ɛto so abien, na na ɛwɔ ɔmantam bi a esiane nsã dɛdɛɛdɛ a ɛyɛ huam a wɔyɛ wɔ hɔ nti, agye din no mu. Na asafo bi a ɛrenya nkɔso yɛ wɔn nhyiam horow wɔ kurom hɔ ɔdan bi ase. Na wɔabara asɛnka adwuma no wɔ Portugal nso, efisɛ na ɔman no hyɛ Salazar kankabi nniso ase. Nanso na nsɛm tebea yɛ soronko koraa wɔ Spain de no ho. Wɔyɛɛ nhyiam horow no wɔ anuanom afie mu, na kuw ahorow a emufo bɛyɛ fi 40 kosi 60 na wɔbae. Na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ afie no yɛ mmeae a Yehowa Adansefo hyiam. Ɛwom sɛ na mintumi nka Portuguese kasa de, nanso wɔpaw me sɛ asafo no somfo. Yɛsan suaa kasa foforo ɔkwan a ɛyɛ den so.
Bɛyɛ afe akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Lisbon. Ɛha na yenyaa yɛn ankasa trabea nea edi kan wɔ ɔdan bi a wowɔ mu a, wuhu Lisbon kuropɔn no mu. Wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnhwɛ ɔmansin biako so—a ɛyɛ Republic of Portugal nyinaa. Bere a yɛkɔɔ Portugal no, na adawurubɔfo 305 ne asafo anum pɛ na ɛwɔ hɔ.
Ɔhaw Bere Fi Ase
Wɔ Portugal ne ne tubrafo aman no asase mfonini binom so no, wɔakyerɛw nsɛm yi: “Owia nkɔtɔ wɔ Portugalfo asasesin ahorow mu da.” Na eyi te saa efisɛ Portugal wɔ tubrafo aman pii wɔ wiase afã horow pii, a emu abien a ɛso sen biara ne Mozambique ne Angola a ɛwɔ Afrika no. Wɔ 1961 mu no, na ɛte sɛ nea ɔhaw ahorow resɔre wɔ tubrafo aman yi mu, na Portugal hui sɛ ehia sɛ wonya asraafo a wɔdɔɔso.
Afei, sɛ wɔpaw anuanom mmarimaa sɛ wɔnkɔyɛ asraafo adwuma a, na dɛn na wɔbɛyɛ? Ebinom tumi yii wɔn ho fiim esiane sɛ wɔyare nti, nanso dodow no ara kuraa afã biara a Kristofo nni no mu pintinn. Ankyɛ na ɔtaa a ano yɛ den fii ase. Baa dwumadibea no nsa kaa amanneɛbɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ P.I.D.E. (Polícia Internacional e Defesa do Estado) polisifo a wɔagye dimmɔne no rekyekyere akwampaefo atitiriw na wɔhwe wɔn pasaa. Wɔfrɛɛ yɛn a yɛyɛ asɛmpatrɛwfo no bi kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti kobisabisaa yɛn nsɛm. Afei wɔmaa anuanom baasa ne wɔn yerenom nnafua 30 sɛ womfi ɔman no mu. Yɛn nyinaa srɛe sɛ wɔnsakra saa gyinaesi no.
Wɔfrɛɛ asɛmpatrɛwfo awarefo no mmiako mmiako kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti ma wɔne ɔpanyin a ɔhwɛ P.I.D.E. no so no kɔkasae. Wodii kan bisabisaa baa dwumadibea somfo Eric Britten ne ne yere Christina nsɛm. Afei wokobisabisaa Eric Beveridge ne ne yere Hazel, ne afei me ne Elsa nsɛm. Polisifo panyin no de sobo a ɛnyɛ nokware bɔɔ yɛn sɛ Komunistfo de yɛn redi dwuma na yɛde yɛn afã biara a yenni nkyerɛkyerɛ no asɛe Atɔe Fam wiase no. Srɛ a yɛsrɛɛ no nyinaa ankosi baabiara.
Hwɛ sɛnea na ɛyɛ awerɛhow sɛ yebegyaw yɛn nuanom mmarima ne mmea 1,200 a na wɔrehyia mmere a emu yɛ den esiane kankabi otumfo bi a ɔnte asɛm ase atirimɔden nniso nti! Bere a Beveridge abusua no kɔɔ Spain na Britten abusua no san kɔɔ England no, na dɛn na ɛbɛyɛ yɛn asasesin foforo? Nkramofo man Morocco!
Yɛka Asɛm no wɔ Nkramofo Man Morocco Mu
Na yɛrehwɛ Yehowa kwan bio. Asasesin foforo, amammerɛ afoforo, ne kasa afoforo! Na Arabic, Franse, ne Spania kasa ne kasa a wɔde di dwuma wɔ aban mu wɔ Morocco Ahenni no mu, faako a Adansefo 234 wɔ asafo ahorow awotwe mu no. Na Nkramosom ne nyamesom a wogye tom mmara mu, na mmara mma kwan sɛ obi bɛka asɛm no wɔ Nkramofo mu. Enti na Europafo a wɔnyɛ Nkramofo no titiriw na yetumi ka asɛm no kyerɛ wɔn.
Bere a asɛmpatrɛwfo fii ase baa hɔ wɔ 1950 mfe no awiei mu ara pɛ na wohuu nkɔanim ahorow. Nanso Morocco aban no fii ase haw Europafo a wɔwɔ hɔ no, na ahɔho pii a anuanom pii ka ho, fii ɔman no mu.
Bere a dodow a wɔnyɛ Nkramofo no so tewee no, ɛho behiae sɛ yɛpɛ anifere akwan a yɛbɛfa so ne Nkramofo akasa, na eyi maa wonwiinwii wɔ yɛn ho kyerɛɛ polisifo. Bere a yɛn ho anwiinwii no dɔɔso wɔ Tangier ne nkurow afoforo mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn awiei koraa sɛ wɔama yɛn nnafua 30 a yɛde befi ɔman no mu. Wɔ May 1969 mu no, wɔpam me ne Elsa fii asasesin foforo bi mu bio.
Bere Tiaa Dwumadi?
Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsan nkɔ Brooklyn, na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ baa dwumadibea asomfo nhyiam bi a wɔyɛɛ no saa ahohuru bere no. Bere a mewɔ hɔ no, wɔka kyerɛɛ me sɛ yɛn asasesin foforo no bɛyɛ El Salvador, a ɛwɔ Amerika Mfinimfini Fam no, na ɛsɛ sɛ mekɔsom sɛ baa dwumadibea somfo wɔ hɔ. Wɔkyerɛɛ me sɛ esiane sɛ wɔmmaa yɛn dwumadi no mmara mu hokwan wɔ hɔnom nti, ebetumi aba sɛ mede bɛyɛ mfe anum, a ɛne mfe a ɛdɔɔso sen biara a asɛmpatrɛwfo betumi de atra ɔman no mu no, na ɛbɛyɛ saa adwuma yi.
El Salvador—asasesin bɛn ara ni! Na adawurubɔfo 1,290 a akwampaefo 114 a wobu akontaa ɔsram biara ka ho na wɔwɔ hɔ. Nnipa no wɔ nyamesuro, wɔn ani gye Bible no ho, na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Ɛkame ayɛ sɛ ɔpon biara ano no, wogye yɛn kɔ dan mu ma yɛne wɔn kɔbɔ nkɔmmɔ. Bere tiaa bi mu no, na yɛanya Bible adesua ahorow a ɛdɔɔso yiye.
Bere a yehuu nkɔanim a ɛreba hɔ ne sɛnea wohia mmoa kɛse wɔ hɔ no, yɛn werɛ howee sɛ yebefi asasesin no mu wɔ mfe anum pɛ akyi. Enti wosii gyinae sɛ yɛmmɔ mmɔden mma wɔmma Yehowa Adansefo dwumadi no mmara mu hokwan. Yɛde ho nkrataa kɔmaa aban no wɔ December 1971 mu, na wɔ April 26, 1972 mu no, yɛde anigye kenkan wɔ aban atesɛm krataa a wɔfrɛ no Diario Oficial no mu sɛ wɔapene yɛn akwammisa no so. Ɛho renhia bio sɛ asɛmpatrɛwfo no fi ɔman no mu wɔ mfe anum akyi, na mmom wobetumi anya hokwan atra ɔman no mu bere tenten.
Sɔhwɛ ne Nhyira Ahorow
Wɔ mfe pii a yɛadi wɔ yɛn nsasesin ahorow mu no, yɛanya nnamfo pa pii na yɛn som adwuma no asow aba. Elsa nyaa osuahu bi a ɛyɛ anigye wɔ San Salvador a ɛfa sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi ne ne kunu a ɔyɛ ɔsraani ho. Sukuu kyerɛkyerɛfo no nnamfo mu biako nso ani begyee nokware no ho. Mfiase no, okunu no ankyerɛ Bible no ho anigye; nanso, yɛkɔsraa no bere bi a na ɔwɔ ayaresabea, na ɔdaa adamfofa su adi. Awiei koraa no, osuaa Bible no, gyaee asraafo adwuma no yɛ, na ofii ase ne yɛn kaa asɛmpa no.
Saa bere no mu no, awuraa bi baa Ahenni Asa so bebisaa Elsa sɛ ɔno na ɔne nea anka ɔyɛ ɔsraani no sua ade no anaa? Na anka ɔyɛ ɔsraani no mpena! Ɔno nso ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Wɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, wɔbɔɔ ɔbarima a anka ɔyɛ ɔsraani no, ne yere no, ne yere no adamfo no, ne nea anka ɔyɛ ne mpena no nyinaa asu!
Ntrɛwmu wɔ El Salvador
Esiane nkɔanim kɛse a aba nti, wɔasi Ahenni Asa pii, na mprempren Adansefo a wɔyɛ nnam bɛboro 18,000 na wɔwɔ ɔman no mu. Nanso yɛannya nkɔso yi a sɔhwɛ ahorow nka ho. Anuanom no de mfe du ayɛ Yehowa apɛde wɔ ɔman akodi mu. Nanso wɔakɔ so akura afã biara a wonni no mu na wɔakɔ so adi nokware ama Yehowa Ahenni no.
Sɛ wɔka bom a, me ne Elsa de mfe 85 ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no. Yɛahu sɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa kwan na yetie ‘yɛn akyi asɛm a ese, “Eyi ne ɔkwan no. Monnantew so’” no a, yɛrente huammɔdi nka da. Nokwarem no, yɛanya asetra a anigye ne akatua wom sɛ Yehowa bere nyinaa asomfo.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm nyinaa a, hwɛ 1978 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 177-9.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Nhyiam bi a wɔyɛɛ no kwaem wɔ Spain, 1956
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Na yɛka asɛm kyerɛ wɔn a wɔnyɛ Nkramofo wɔ Morocco
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Baa dwumadibea wɔ EI Salvador, faako a yɛyɛ adwuma mprempren