Mifi Ohia Buruburoo Mu Abenya Ahonyade a Ɛsen Biara
SƐNEA MANUEL DE JESUS ALMEIDA KA KYERƐE
Wɔwoo me October 1916, na na me ne mmofra 17 mu akumaa koraa. Nà yare ne aduan pa a yennya nni akunkum me nuanom mmarima ne mmea mpanyimfo baakron, enti minnim wɔn koraa. Nà baawɔtwe a yɛaka no ne yɛn awofo te akuraa ketewaa bi a ɛbɛn Porto, Portugal, ase.
NÁ YƐN fie no yɛ asa ketewaa bi ne pia biako. Na yɛsaw nsu fi abura bi a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita fã mu, na na nneɛma a yɛnoa mu nnuan no yɛ tete de.
Bere a me nuanom mpanyimfo no nyinii kakraa no, wofii ase yɛɛ aburofuw mu adwuma. Ná sika a wonya no boa ma abusua no nya n’ano aduan. Ɛdenam wɔn mmoa so no, me nkutoo ne abofra a mekɔɔ sukuu kakra. Ɛwom sɛ na yɛn asetra mu yɛ den de, nanso na yɛde yɛn ho afam Katolek Asɔre no denneennen, a na yɛwɔ anidaso sɛ ɔkwan bi so no ɛbɛboa yɛn asetra.
Wɔ May ɔsram mu no, na asɔre no yɛ biribi a wɔfrɛ no nnafua akron ɔsom. Ná yɛnantew kɔ asɔre anɔpatutuutu bere a anim nnya ntetee, na na yɛyɛ saa nnafua akron. Na yɛbɔ mpae wɔ hɔ, a yɛwɔ gyidi sɛ eyi bɛma yɛanya Onyankopɔn nhyira. Ná yesusuw nso sɛ ɔsɔfo no yɛ onipa kronkron, Onyankopɔn nanmusini. Nanso bere bi akyi no, yɛn nsusuwii sesae.
Biribi Pa a Mehwehwɛe
Sɛ yɛantumi antua asɔre tow a, na ɔsɔfo no nhu sɛ efi hia buruburoo a yedi nti. Eyi maa yɛn abam bui. Adwene a mewɔ wɔ asɔre no ho sesae koraa, enti bere a midii mfe 18 no, misii gyinae sɛ megyae asɔre no akyidi agyaw m’abusua hɔ akɔhwɛ sɛ ebia menya biribi pa a ɛkyɛn afuw mu adwuma a meyɛ no a. Wɔ 1936 mu no, miduu Lisbon, Portugal ahenkurow mu.
Ɛhɔ na mihyiaa Edminia. Ɛwom sɛ na nyamesom adaadaa me de, nanso yedii amammerɛ akyi, na yɛwaree wɔ Katolek Asɔre mu. Afei wɔ 1939 mu no, Wiase Ko II fii ase, na Portugal ne aman a wɔko tiaa Germany no yɛɛ biako wɔ ɔko no mu koe. Wɔ ɔko no mu no, na mehwɛ adekora adan 18 so, na na yɛhyehyɛ akode lɔre 125 da koro biara de kɔ akono hɔ.
Ahude a ɛkɔɔ so wɔ ɔko no mu ne Katolek Asɔre no ho a ɛde hyɛɛ ɔko no mu fee no kaa me kɛse. Mibisaa me ho sɛ, ‘So Onyankopɔn dwen adesamma ho ankasa? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛsom no?’ Mfe bi akyi wɔ 1954 no, ɔpanyin nuonyamfo bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako ne me bɔɔ me nsɛmmisa ho nkɔmmɔ. Saa nkɔmmɔbɔ yi sakraa m’asetra koraa.
Bible Mu Anidaso no Maa M’ani Gyei
Saa barima yamyefo yi, Joshua, kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn Ahenni ne wiase haw ano aduru koro pɛ, na ɛdenam Ahenni nniso yi so nkutoo na yebenya asomdwoe ne ahobammɔ. (Mateo 6:9, 10; 24:14) Nea ɔkae no maa m’ani gyei, nanso na mempɛ sɛ migye ne nkyerɛkyerɛmu no tom esiane osuahu a na madi kan anya wɔ nyamesom ho nti. Bere a ɔyɛe sɛ ɔne me besua Bible no, mekyerɛe sɛ sɛ ɔrennye me sika na sɛ ɔnka amammui ho asɛm de a, mɛpene so. Ɔpenee so, na ɔmaa me awerɛhyem sɛ merentua hwee wɔ nea ɔde rema me no ho.—Adiyisɛm 22:17.
Joshua mu ahotoso a mewɔ no yɛɛ kɛse ntɛmntɛm. Enti mibisaa no biribi a na mihia fi mmofraberem. “So metumi anya m’ankasa Bible?” Bere a me nsa kae no, hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mekenkan bɔhyɛ a edi so yi bere a edi kan fii yɛn Bɔfo no ankasa Asɛm mu: “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam”!—Adiyisɛm 21:3, 4.
Bible bɔhyɛ a ɛfa ohia ne yare a wobeyi afi hɔ ho no titiriw kyekyee me werɛ ankasa. Ɔnokwafo Elihu ka faa Onyankopɔn ho sɛ: “Ɔde aduan bebree nso ma.” (Hiob 36:31) Na wɔ Onyankopɔn Ahenni trenee nniso ase no, Bible ka sɛ, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘meyare.’” (Yesaia 33:24, NW) Ɔdɔ mu a Yehowa Nyankopɔn fi kyerɛ adesamma ho anigye bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea ne bɔhyɛ ahorow mu anigye a mewɔ no mu yɛɛ den!
Mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a edi kan wɔ April 17, 1954. Ná ɛyɛ nhyiam titiriw—Kristo wu ho Nkaedi afahyɛ. Efi saa bere no reba no, mekɔɔ nhyiam ahorow daa. Ankyɛ na mifii ase kaa nneɛma pa a meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Wɔ Portugal saa bere no, na yɛkɔ piknik ɔsram biara wɔ mpoano, na afei na yɛbɔ asu. Joshua ne me kasae akyi asram ason no, mihyiraa me ho so maa Yehowa Nyankopɔn, de nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho nsɛnkyerɛnne wɔ po mu.
Wɔ 1954 mfiase no, na Adansefo bɛyɛ ɔha pɛ na ɛwɔ Portugal nyinaa. Enti, na wohia mmarima denneennen ma wɔadi asɛnka adwuma no anim. Minyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm, na ankyɛ na wɔde asɛyɛde ahorow hyehyɛɛ me nsa wɔ asafo no mu. Wɔ 1956 mu no, wɔpaw me sɛ asafo somfo, sɛnea na wɔfrɛ ɔhwɛfo guamtrani saa bere no, wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛto so abien wɔ Lisbon no mu. Ɛnnɛ, asafo bɛboro ɔha na ɛwɔ saa kurow yi mu ne ne mmorɔn so.
Manya Ahɔhoyɛ so Mfaso
Ɛwom sɛ na me ne Edminia di hia de, nanso na yegye yɛn Kristofo anuanom ba yɛn fie bere nyinaa. Wɔ 1955 mu no, ɔkwampaefo bi, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asɛmpakafo no, gyinae wɔ Portugal bere a na ɔrefi ne kurom wɔ Brazil akɔ “Ahenni a Edi Nkonim” amanaman ntam Nhyiam wɔ Germany no. Esiane akwantu mu nsɛnnennen nti, ɔtraa yɛn fie ɔsram koro, na hwɛ sɛnea yenyaa ne nsrahwɛ no mu mfaso wɔ honhom fam!
Wɔn a wɔbɛsraa yɛn fie saa bere no bi ne Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no abusua no mufo te sɛ Hugo Riemer ne onua a na ɔne no wɔ dan koro mu Charles Eicher. Wɔne yɛn didii na wɔmaa ɔkasa ahorow kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ Portugal no. Te sɛ nkokɔ mma a wɔahuan wɔn foforo a wɔabuebue wɔn anom no, yɛtwɛnee honhom fam nsɛm a ɛte sɛ mporoporowa a na wɔde ma yɛn no.
Ná Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo nso tra yɛn fie wɔ wɔn nsrahwɛ mu. Obi a ɔbɛsraa yɛn wɔ 1957 mu a yɛbɛkae no daa ne Álvaro Berecochea, baa dwumadibea hwɛfo a na ɔwɔ Morocco, a wɔmaa ɔbɛsraa Portugal bɛhyɛɛ anuanom nkuran no. Ɔbaa nhoma mu adesua wɔ yɛn fie, na yɛhyɛɛ no sɛ ɔmfa bere a aka a ɔde bɛtra Portugal no ntra yɛn nkyɛn. Yenyaa nhyira pii, na yɛmee honhom mu wɔ ne sram biako nsrahwɛ no mu, na Álvaro no nso yɛɛ kɛse wɔ nipaduam esiane nnuan pa a na me dɔfo Edminia noa ma no nti.
Ohia buruburoo, te sɛ nea midii wɔ mmofraberem no, betumi anya obi so nkɛntɛnso kɛse. Nanso, mibehui sɛ dodow a yeyi bi ma Yehowa ne n’asomfo anokwafo no, dodow no ara na ohyira yɛn. Saa nokwasɛm yi nyaa me so tumi bere nyinaa bere a yeyii ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ wɔn a yebetumi nyinaa no.
Wɔ Porto nhyiam ase wɔ 1955 mu no, wɔde amanneɛbɔ bi too gua faa Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Yankee Stadium wɔ New York City wɔ 1958 mu no ho. Wɔde ntoboa nnaka sisii Ahenni Asa biara a ɛwɔ ɔman no mu—a saa bere no, na ɛyɛ kakraa bi—so a wɔde bɛboa wɔn a wobefi Portugal akɔ nhyiam no bi no. So wubetumi asusuw ahurusi a yedii ho bere a wɔpaw me ne me yere sɛ yɛnka nhyiamfo no ho no? Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔsra Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn bere a yɛakɔ nhyiam wɔ United States no!
Ɔtaa Ano a Yegyina
Wɔ 1962 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no wɔ Portugal, na wɔpam asɛmpatrɛwfo no—a na wɔn mu bi ne Eric Britten, Domenick Piccone, Eric Beveridge, ne wɔn yerenom. Ɛno akyi no, na wɔmma yenhyiam wɔ Ahenni Asa so, enti na yehyiam kokoam wɔ nkurɔfo afie; saa ara na na yentumi nyɛ nhyiam akɛse wɔ Portugal bio. Enti ɛbɛyɛɛ m’asɛyɛde sɛ mɛyɛ kar ho nhyehyɛe ama yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea akɔ nhyiam a ɛtete saa wɔ aman foforo so.
Ná Adansefo a wɔdɔɔso yiye a yɛbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔakɔ aman foforo so no nna fam. Nanso, na ɛfata sɛ yɛbɔ ho mmɔden, bere a yesusuw honhom fam mfaso pii a Portugal anuanom nyae ho no. Hwɛ osuahu a ɛhyɛ den a wonyae sɛ wɔkɔɔ nhyiam ahorow wɔ Switzerland, England, Italy, ne France! Nhyiam a ɛtete saa nso maa wonyaa hokwan de nhoma ahorow baa ɔman no mu. Wɔ saa mfe yi mu no, yɛde adesrɛ kɔe mpɛn pii sɛ wɔmfa yɛn din nhyɛ mmara ase sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ Portugal, nanso wɔpoo saa adesrɛ yi nyinaa.
Bere a wɔpam asɛmpatrɛwfo no wɔ 1962 mfiase akyi no, kokoam polisifo no fii ase yɛɛ ɔsatu denneennen sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn asɛnka adwuma no. Wɔkyeree yɛn nuanom mmarima ne mmea pii de wɔn kɔɔ asɛnnibea. Wotintim nsɛm a esisii yi pii ho kyerɛwtohɔ wɔ saa nsɛmma nhoma yi ne ne hokafo, Nyan! mu.a
Wɔn a esiane asɛnka no nti, wɔde wɔn guu afiase no bi ne ɔkwampaefo bi a mekaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ no no. Esiane sɛ polisifo no huu m’address wɔ ne nneɛma mu nti, wɔfrɛɛ me bisabisaa me nsɛm.
Akyiri yi, polisifo baanu baa me fie. Wogyee nhoma ahorow a mede sua Bible no ne Bible mfuamfua 13 nso. Wɔkɔɔ so haw yɛn araa, ma wɔbɛhwehwɛɛ yɛn fie hɔ mpɛn ason. Bere biara a wɔba no, na wobisabisa yɛn nsɛm pii.
Mpɛn pii na wɔfrɛɛ me sɛ mimmedi adanse mma me mfɛfo Adansefo wɔ asɛnnibea. Ɛwom sɛ na me nhomasua nkɔ anim de, nanso Yehowa maa me ‘nyansa a atamfo nyinaa ntumi ntua ano anaa wɔrennyina anim.’ (Luka 21:15) Bere bi ɔtemmufo no ho dwiriw no wɔ adanse a mede mae no ho araa ma obisaa me sukuu ko a makɔ. Wɔn a wɔwɔ asɛnnibea hɔ nyinaa serewee bere a mekae sɛ mekɔɔ sukuu duu mangoo anan pɛ no.
Dodow a ɔtaa no mu yɛɛ den no, dodow no ara na nnipa pii gyee Ahenni asɛm no. Enti, eduu 1974 no, na Adansefo a wonnu 1,300 a na wɔwɔ Portugal wɔ 1962 mu no anya nkɔanim akodu 13,000! Bere bi akyi wɔ May 1967 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Wɔ saa adwuma yi mu no, mesrasraa Yehowa Adansefo asafo ahorow hyɛɛ wɔn den wɔ honhom fam.
Ahonyade a Ɛsen Biara a Manya
Wɔ December 1974 mu no, minyaa hokwan kaa wɔn a na wobedi anim ma wɔde Yehowa Adansefo a wɔwɔ Portugal no dwumadi ahyɛ mmara ase no ho. Afe a edi hɔ no, me ne me yere bɛyɛɛ Yehowa Adansefo Betel abusua a ɛwɔ Estoril no mufo. Wɔpaw me sɛ Portugal Baa Boayikuw no muni nso.
Hwɛ anigye a yɛanya sɛ yehu sɛ asɛnka adwuma no anya nkɔso wɔ Portugal ne nsasesin a ɛwɔ yɛn baa dwumadibea no ase no mu! Eyinom ne Angola, Azores, Cape Verde, Madeira, ne São Tomé ne Príncipe. Mfe a abɛsen kɔ no, ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ wɔde asɛmpatrɛwfo afi Portugal akɔsom wɔ saa nsase yi a wɔakyerɛ Ahenni asɛm ho anigye kɛse wɔ hɔ no so. Hwɛ ahurusi ara a yedi seesei sɛ yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo bɛboro 88,000 wɔ saa mmeae yi, a Portugal de a ɛboro 47,000 no ka ho! Nnipa a wɔbaa Nkaedi ase wɔ saa aman yi mu wɔ 1998 no dodow boroo 245,000 bere a yɛde toto nea na ennu 200 bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ 1954 mu ho no.
Me ne Edminia fi koma nyinaa mu ne Bible mu dwontofo a ɔkae sɛ ‘Yehowa fie da koro di ye sen baabi tra nnafua apem’ no yɛ adwene. (Dwom 84:10) Sɛ misusuw ohia a midii mfiase no ho, na mede toto honhom fam ahonyade a manya fi saa bere no ho a, mete nka sɛnea odiyifo Yesaia tee nka no: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade . . . Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani.”—Yesaia 25:1, 4.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ May 22, 1964, Engiresi Nyan! no nkratafa 8-16, ne October 1, 1966, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 581-92 no.
[Kratafa 24 mfonini ahorow]
Atifi hɔ: Onua Almeida rebɔ nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔde nnipa bi bɛkɔ 1958 New York nhyiam no ho amanneɛ wɔ Lisbon
Mfinimfini: Wɔreyɛ asomfo a wɔyɛ nhwɛso pa nhyiam wɔ “Asase so Asomdwoe” Amanaman Ntam Nhyiam ase wɔ Paris
Ase hɔ: Bɔs ahorow a wɔagye atua ho ka a ɛreyɛ ahoboa akɔ ɔmantam nhyiam wɔ France
[Kratafa 25 mfonini]
Merehwɛ anɔpa som so wɔ Portugal baa dwumadibea
[Kratafa 25 mfonini]
Portugal baa dwumadibea a wohyiraa so 1988 mu
[Kratafa 26 mfonini]
Me ne me yere
[Kratafa 26 mfonini]
Onua Hugo Riemer ɔkasa ahorow no hyɛɛ yɛn nkuran bere a ofi Brooklyn Betel bɛsraa yɛn no