Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 6/1 kr. 20-25
  • Wɔmaa Yɛn Ahene Pa a Ne Bo Yɛ Den Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔmaa Yɛn Ahene Pa a Ne Bo Yɛ Den Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Osuahu a Yɛbɛkae Daa
  • Amammerɛ Foforo
  • Yesua Spania Kasa De Fi Ase
  • Sɔhwɛ Ahorow a Edi Kan Wɔ Madrid
  • Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Nwonwa Wɔ Madrid
  • Ɔsom Adwuma a Ɛsow Aba Wɔ Asraafo Mu
  • Bible Adesua Soronko Bi
  • Ɔfrɛ a Ɛyɛ Nwonwa
  • Bere a na Ɛsɛ sɛ Yegyae Yɛn Asɛmpatrɛw Adwuma No
  • Yɛka Asɛm no Wɔ Beae a Wɔnom Nnubɔne na Basabasayɛ Wɔ Hɔ
  • Gyinaesi Bi a Emu Yɛ Den
  • “Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Minyaa Nneɛma A Menhwɛ Kwan Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔhwɛ Yehowa Kwan Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 6/1 kr. 20-25

Wɔmaa Yɛn Ahene Pa a Ne Bo Yɛ Den Yiye

SƐNEA RICHARD GUNTHER KA KYERƐE

Ná ɛyɛ September, 1959 mu. Na yɛwɔ Italiafo hyɛn a wɔfrɛ no Julio Caesar no mu retwa Atlantic Po no de afi New York akɔ Cádiz, Spain. Ná Ɔwɛn Aban Asafo no ama me ne me yere Rita ne Paul ne Evelyn Hundertmark, asɛmpatrɛwfo awarefo foforo, dwumadi sɛ yɛnkɔsom wɔ saa Iberia man no mu. Na yebehyia nsɛnnennen pii. Nanso ɛyɛɛ dɛn na yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma?

WƆBƆƆ me ne Rita asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ 1950 mu wɔ New Jersey, U.S.A. Ɛno akyi pɛɛ no, yesii gyinae sɛ bere bi akyi no, yɛde ahene pa a ne bo yɛ den yiye bi bɛka yɛn ademude ho. Ná yɛwɔ asafo bi a emu anuanom dɔɔso sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ asasesin no mu mu. Enti yɛtee nka sɛ ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho ma kɔsom wɔ beae a asɛmpakafo ho hia kɛse. Wɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a yɛyɛe wɔ New York Kurom wɔ 1958 ahohuru bere mu ase no, yebisaa hokwan a yɛde bɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma.

Ɛno akyi pɛɛ no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi, na bɛyɛ afe mu no, na yɛrekɔ Spain sɛ asɛmpatrɛwfo. Esiane sɛ na yɛwɔ nhyehyɛe pii na yɛn ani agye dodo nti, yɛanhu dekode a na wɔde ahyɛ yɛn nsa saa bere no. Ná Yesu aka ahene pa bi a ne bo yɛ den yiye ho asɛm. (Mateo 13:45, 46) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ hokwan a yɛde bɛsom sɛ asɛmpatrɛwfo no ne ade titiriw a na ɔka ho asɛm wɔ n’abebu no mu de, nanso na ɛte sɛ nhene pa no ma yɛn. Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, seesei yɛn ani sɔ ɔsom mu akyɛde a ɛsom bo wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no kɛse.

Osuahu a Yɛbɛkae Daa

Saa bere no, na wɔyɛ Gilead asɛmpatrɛw sukuu no wɔ akuraa fɛfɛ bi ase wɔ Finger Lakes ɔmansin a ɛwɔ New York Mantam mu no mu. Yedii asram asia kusuu wɔ hɔ, de yɛn adwene nyinaa sii Bible adesua ne Kristofo fekubɔ ankasa so, a yɛatwe yɛn ho afi wiase nsɛm ne ɔhaw ahorow ho. Ná yɛn mfɛfo asuafo no fi wiase no mmeae pii, te sɛ Australia, Bolivia, Britain, Greece, ne New Zealand. Nanso ankyɛ na adesua wie da no dui. Wɔ August, 1959 mu no, yɛde nusu dii nkra bere a yɛforoo hyɛn kɔɔ beae a yɛn mu biara rekɔyɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no. Ɔsram biako akyi no, yeduu Spain.

Amammerɛ Foforo

Yesii fam wɔ Algeciras kesee fam hyɛn gyinabea, wɔ Rock of Gibraltar a ɛso no ho. Saa anadwo no, yɛn baanan no, me ne Rita ne Onua Hundetmark ne ne yere, foroo keteke kɔɔ Madrid. Yɛkɔɔ Hotel Mercador, kɔtwɛnee kosii sɛ Asafo no kokoam baa dwumadibea hɔ adwumayɛfo behuu yɛn. Ná Spain wɔ Ɔsahene Francisco Franco kankabi nniso ase. Ná eyi kyerɛ sɛ ɔsom a mmara ma ho kwan wɔ ɔman no mu ne Roman Katolek Asɔre no. Ná mmara mma kwan sɛ obi bɛkɔ asɔre foforo bi ma wɔahu, na na wɔabara Yehowa Adansefo afie afie asɛnka adwuma no. Ná wɔmma ɔsom ho nhyiam horow mpo ho kwan, enti na saa bere no, Yehowa Adansefo a wɔn dodow bɛyɛ 1,200 a wɔwɔ asafo ahorow 30 mu wɔ Spain no ntumi nhyia wɔ Ahenni Asa so sɛnea na wɔyɛ wɔ nsase afoforo so no. Ná ɛsɛ sɛ yehyia kokoam wɔ afie mu.

Yesua Spania Kasa De Fi Ase

Ná asɛnnennen a edi kan ne sɛ yebesua kasa no. Ɔsram a edi kan no, na yɛde nnɔnhwerew 11 sua Spania kasa da biara—yɛde nnɔnhwerew 4 sua wɔ sukuu anɔpa biara, na yɛn ankasa de nnɔnhwerew 7 asua no fie. Yɛyɛɛ saa anɔpa biara wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu, nanso na yɛde awia yɛ afie afie asɛnka. Wubetumi ayɛ ho mfonini wɔ w’adwenem? Bere a na me ne Rita nnya ntee kasa no, na yekura kratasin bi a yɛakyerɛw nnianim asɛm bi a yɛakyere agu yɛn tirim wɔ so kɛkɛ no, yɛn nkutoo kɔɔ afie afie asɛnka!

Mekae sɛ mebɔɔ pon bi mu wɔ Vallecas, beae bi a adwumayɛfo te wɔ Madrid. Bere a na mikura me kratasin a sɛ me werɛ fi nea mɛka a ɛbɛkae me no, mekae wɔ Spania kasa mu sɛ: “Mema wo akye. Yɛreyɛ Kristofo adwuma. Bible no ka sɛ (na yɛkenkan kyerɛwsɛm bi). Yɛpɛ sɛ wo nsa ka saa nhomawa yi.” Ɔbea no hwɛɛ yɛn kɛkɛ, na afei ogyee nhomawa no. Bere a yɛkɔyɛɛ sankɔhwɛ no, ɔfrɛɛ yɛn kɔɔ dan mu, na bere a yɛrekasa no, ɔhwɛɛ yɛn kɛkɛ. Yɛde Spania kasa kakra a yenim no ne no fii Bible adesua ase, na adesua no mu no, otiei na ɔhwɛɛ yɛn kɛkɛ. Awiei koraa no, ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere kakra bi akyi sɛ da a yedii kan baa ne nkyɛn no wante nea yɛkae no ase, nanso ɔtee asɛmfua Dios (Onyankopɔn), na ɛno nkutoo ma ohui sɛ ɛyɛ biribi pa. Bere bi akyi no, onyaa Bible mu nimdeɛ sɛnea ɛsɛ, na wɔbɔɔ no asu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Ná Spania kasa a mesua no yɛ den yiye ma me. Sɛ menam kurom a, mekaekae sɛnea mede edinnsiananmu ahorow no bɛkeka adeyɛ nsɛm ho. Sɛ mekaekae biribi dapɛn biako mu a, me werɛ fi no dapɛn a edi hɔ no! Ná ɛnhyɛ nkuran koraa. Mpɛn pii no, ɛkaa kakra bi na migyae sua. Esiane sɛ na Spania kasa a meka no nye koraa nti, na ɛsɛ sɛ Spania anuanom no nya me ho abotare yiye bere a midii wɔn anim no. Wɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, onua bi kyerɛw amanneɛbɔ bi sɛ menkɔkenkan wɔ asɛnka agua so. Esiane sɛ na nkyerɛwee no akenkan yɛ me den nti, mekae sɛ: “Momfa mo muletas (apakye nnua) mmra agumadibea ha ɔkyena.” Ná anka ɛsɛ sɛ meka sɛ, “Momfa mo maletas (nneɛma) mmra agumadibea ha ɔkyena.” Nokwarem no, nnipadɔm no serewee, na sɛnea ɛte no, ɛhaw me.

Sɔhwɛ Ahorow a Edi Kan Wɔ Madrid

Nkate mu no, na mfe a edi kan wɔ Madrid no mu yɛ den ma me ne Rita. Yɛn ani gyinaa yɛn afie ne yɛn nnamfonom yiye. Bere biara a yɛn nsa kaa krataa fii United States no, yɛn ani gyinae. Ná saa mmere no mu anigyina no ano yɛ den yiye, nanso etwaam. Anyɛ yiye koraa no, yɛagyaw fie, abusua ne nnamfo na ama yɛanya ahene pa a ne bo yɛ den yiye. Ná ehia sɛ yɛyɛ nsakrae tumi tra hɔ.

Bere a edi kan a yɛtraa Madrid no, na yɛte ofie bi a emu basaa mu. Wɔmaa yɛn dan ne aduan mprɛnsa da koro. Ná ɔdan no yɛ ketewa bi a esum wom, na na wɔde sare na ayɛ ɛpa ahorow no. Ɔdan no ho ka gyee yɛn ɔsram akatua kakra no nyinaa. Ná yɛtaa didi awia wɔ fie hɔ, na ofiewura no gyaw yɛn anwummeduan wɔ fononoo mu ma ayɛ hyew, ma enti anadwo sum koraa no, na yɛwɔ nea yebedi. Nanso, na ɔkɔm de yɛn yiye bere a yɛnam mmɔnten so awia ne anadwo no. Sɛ sika kakra a wɔde ma yɛn no sa a, na yɛde yɛn ankasa sika kakra a yɛwɔ no tɔ chocolate a ne bo yɛ mmerɛw paa no. Nanso ankyɛ na saa tebea yi sakrae, bere a Asafo ti no dantaban sohwɛfo bɛsraa yɛn no. Ohuu yɛn tebea no na ɔkae sɛ yebetumi ahwehwɛ ofie ketewa bi de ayɛ asɛmpatrɛwfo fie. Ná saa ofie yi beye koraa asen sɛ yebegyina aguasɛn mu aguare wɔ mukaase hɔ. Afei de, na yebenya aguaree, fridge a yɛde yɛn aduan bɛhyɛ mu, ne anyinam akanea bukyia a yɛbɛnoa yɛn aduan wɔ so. Yɛn ani sɔɔ yɛn ho a osusuwii no yiye.

Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Nwonwa Wɔ Madrid

Yɛde anifere kɛse yɛɛ afie afie asɛnka no. Sɛnea na Madrid yɛ gyegyeegye da biara da no boaa yɛn, ɛbɔɔ yɛn ho ban, ma enti amma afoforo anhu yɛn kɛse. Yɛbɔɔ mmɔden siesiee yɛn ho yɛɛ yɛn ade te sɛ nea afoforo yɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu yɛn sɛ ananafo. Ná ɔkwan a yɛfa so yɛ afie afie asɛnka ne sɛ yɛkɔ ofie bi mu, kɔbɔ pon bi mu, kasa kyerɛ onipa no, na afei, yefi fie hɔ, fi ɔkwan no so, ne beae hɔ kɔ. Ná bere biara ebetumi aba sɛ ofiewura no bɛfrɛ polisifo, enti na nyansa wom sɛ yebefi mpɔtam hɔ. Nokwarem no, ɛmfa ho sɛ na Paul ne Evelyn Hundertmark yɛ anifere mpo no, wɔkyeree wɔn na wɔpam wɔn fii ɔman no mu wɔ 1960 mu. Wɔkɔɔ Portugal a ɛbɛn hɔ no kɔsomee wɔ hɔ mfe pii, a na Paul hwɛ kokoam baa dwumadibea no so. Ɛnnɛ, ɔno ne kuropɔn sohwɛfo wɔ San Diego, Califonia.

Nanso, nneɛma karii pɛpɛɛpɛ maa yɛn. Asram kakra bi akyi no, wɔhyɛɛ asɛmpatrɛwfo baasia a wɔde wɔn kɔɔ Portugal no sɛ womfi saa ɔman no mu! Eyi maa anigyesɛm bi sii efisɛ wɔka kyerɛɛ Eric ne Hazel Beveridge a na wɔn nso ka yɛn Gilead sukuu adesuakuw no ho sɛ womfi Portugal mmra Spain. Enti yɛkɔɔ Hotel Mercador bio wɔ February 1962 mu—saa bere yi de yekohyiaa Eric ne Hazel kwan bere a wobedui no.

Saa mmere a edi kan wɔ Madrid yi mu na me ne Rita huu nyamesom mu nyaatwomyɛ ankasa. Yɛne awarefo bi, Bernardo ne Maria, a na wɔte ɔsese bi a wɔde nnua asinasin a Bernardo tumi nyae na esii mu suaa Bible no. Yɛne wɔn suaa ade dasuom, na adesua no akyi no, na wɔma yɛn paanoo, bobesa, ne kyiisi anaasɛ nea na wɔwɔ biara. Mihui sɛ na kyiisi no te sɛ Amerikafo kyiisi. Anadwo bi wɔ adesua no akyi no, wɔde kankyee a na kyiisi no wom no bae. Ná wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw ho wɔ Engiresi kasa mu sɛ, “Amerikafo na wɔde brɛɛ Spainfo—ɛnsɛ sɛ wɔtɔn.” Ɔkwan bɛn so na abusua a wodi hia yi fa nyaa kyiisi no? Aban no maa Katolek Asɔre no kyekyɛ maa ahiafo. Nanso na asɔfo no retɔn!

Ɔsom Adwuma a Ɛsow Aba Wɔ Asraafo Mu

Ankyɛ na anwonwasɛm bi sii a na ɛde nhyira pii bɛbrɛ yɛne afoforo pii. Yɛn nsa kaa amanneɛbɔ bi fii baa dwumadibea no hɔ sɛ yɛnkɔsra aberante bi a wɔfrɛ no Walter Kiedaisch, a na ɔte U.S. Wim Asraafo atrae wɔ Torrejon, a na efi Madrid rekɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi no. Yɛkɔsraa ɔne ne yere, na yɛne wɔn ne Wim Asraafo awarefo afoforo bi fii Bible adesua ase.

Saa bere no, na me ne U.S. Wim Asraafo bɛyɛ anum reyɛ Bible adesua, ne nyinaa wɔ Engiresi kasa mu. Wɔn mu baason bɔɔ asu akyiri yi, na bere a wɔsan kɔɔ United States akyi no, wɔn mu baanan bɛyɛɛ asafo mu mpanyimfo.

Esiane sɛ na wɔabara yɛn adwuma no nti, na ɛyɛ bere a ɛkame ayɛ sɛ akwan biara nni hɔ a yɛbɛfa so de nhoma, nsɛmma nhoma, ne Bible akɔ ɔman no mu. Nanso, yɛn nsa kaa nhoma ahorow bi denam nsrahwɛfo ne nkitaho a na yɛne Amerikafo a na wɔde nneɛma brɛ yɛn no di so. Baa dwumadibea no paw me sɛ menhwɛ beae a wɔde nhoma sie hɔ so. Ná ɛwɔ adekoradan bi mu wɔ ɔdan bi a wɔtɔn nhoma wom wɔ Vallecas akyi. Ná ɔdan no wura yere yɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɛwom sɛ na ɔdan wura no nyɛ Ɔdansefo de, nanso na obu yɛn dwumadi no, na ɛmfa ho sɛ na ɔne n’adwuma no da asiane kɛse mu mpo no, ɔmaa me kwan sɛ menhyehyɛ nhoma wɔ nnaka mu wɔ ɔdan no akyi mfa nkɔ ɔman no mu nkurow nyinaa mu. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ ɔdan no mu yɛ sɛnea ɛte bere nyinaa nti—ɔdan a emu ayɛ fĩ, na nnaka gugu mu basabasa—na ɛsɛ sɛ misi adwuma pon ne nhoma pon a metumi de asisi hɔ a ebetumi ama mayɛ adwuma ntɛmntɛm, na afei mede ahintaw ntɛm ara. Sɛ ɔpɔn a, na metwɛn kosi sɛ obiara befi adetɔnbea hɔ, na afei mede me nnaka no pue ntɛm ara.

Ná ɛyɛ hokwan kɛse sɛ menya honhom fam nneɛma, te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne nhoma afoforo, a wɔde kɔma asafo ahorow a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa no kyekyɛ mu kyɛfa. Ná ɛyɛ anigye mmere.

Rita ani gyei sɛ na ɔreyɛ ofie Bible adesua 16, a bɛyɛ wɔn mu fã bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu. Ná Dolores yɛ ɔbaa warefo kumaa bi a ɔka mpa mu awɔw bere mu esiane komayare bi nti. Ná otumi sɔre fefɛw bere mu yɛ nneɛma kakra. Ná Dolores gyidi mu yɛ den, enti bere a Toulouse, France, ɔmantam nhyiam no duu so no, onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛkɔ bi. Oduruyɛfo no bɔɔ no kɔkɔ sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ ɔbɛkɔ esiane ne komayare no nti. Ɔhyɛɛ ne fie atade ne mpaboa kɔɔ keteke gyinabea a wamfa nneɛma biara, sɛ ɔrekogya ne kunu, ne maame, ne afoforo kwan. Bere a na n’ani atetɛ nsu no, wantumi anhyɛ ne ho so sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔakɔ agyaw no, enti ɔforoo keteke no bi na ɔkɔɔ France! Ná Rita nnim sɛ eyi asi. Nanso wɔ nhyiam no ase no, ne ho dwiriw no ara bere a ohuu Dolores sɛ ɔreserew kɛse no!

Bible Adesua Soronko Bi

Yɛrentumi nka yɛn dwumadi wɔ Madrid no ho asɛm nwie a yɛmmɔ Don Benigno Franco, “el profesor” din. Ɔman no mu Ɔdansefo bi de me kɔsraa owura bi a ne mfe akɔ anim a na ɔne ne yere te ahiafo fie bi mu. Me ne no fii Bible adesua ase. Bere a osuaa Bible no bɛyɛ afe ne fã akyi no, ɔkae sɛ wɔmmɔ no asu na ɔmmɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Ná owura a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Don Benigno Franco yi yɛ Francisco Franco, a na ɔyɛ Spain sodifo saa bere no papa nua ba. Ná ɛte sɛ nea Don Benigno yɛ obi a ɔpɛ ahofadi bere nyinaa. Bere a Spain Ɔmanko no rekɔ so no, ɔkɔɔ Kwasafoman no afã na ɔsɔre tiaa ne papa nua ba no—ɔsahene a odii nkonim wɔ ɔko no mu na ɔde Katolek kankabi sii hɔ no. Efi 1939 reba no wɔamma Don Benigno kwan sɛ ɔnyɛ adwuma ma enti na odi hia buruburoo. Enti ɛbae sɛ Ɔsahene Francisco Franco, a na ɔyɛ Spain sodifo no papa nua ba no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Ɔfrɛ a Ɛyɛ Nwonwa

Wɔ 1965 mu no, Spain baa dwumadibea no too nsa frɛɛ yɛn sɛ yenkofi ɔmansin adwuma ase wɔ Barcelona. Ná eyi kyerɛ sɛ yebegyaw anuanom adɔfo a na yɛne wɔn bɔ yiye wɔ Madrid no nyinaa hɔ. Ná ɛnyɛ sɛ yebefi ase anya osuahu foforo nko, na mmom, wɔ me fam no, na mehyia sɔhwɛ nso. Ná osuahu no yɛ hu efisɛ bere nyinaa na minnye nni sɛ metumi ayɛ. Minim pefee sɛ Yehowa na ɔmaa mitumi yɛɛ saa adwuma yi.

Ná asafo bi a yɛbɛsrasra wɔn dapɛn biara no kyerɛ sɛ yɛbɛtra anuanom afie mu. Ná yenni baabi pɔtee a yɛte daa, na ɛkame ayɛ sɛ adapɛn abien biara yetu kɔtra ofie foforo mu. Eyi yɛ biribi a ɛyɛ den ma ɔbea titiriw. Nanso ankyɛ na Jose ne Roser Escude a na wɔte Barcelona no too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛtra wɔn nkyɛn nna pii. Ná eyi yɛ ɔdɔ kɛse wɔ wɔn fam, efisɛ na ɛkyerɛ sɛ yebenya baabi a yɛde yɛn nneɛma begu bere nyinaa ne baabi a yɛbɛba Kwasida anwummere biara.

Me ne Rita dii mfe anan a edi hɔ no wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ Catalonia mantam a ɛda Mediterranea Mpoano no mu. Yɛyɛɛ yɛn Bible nhyiam nyinaa wɔ kokoam wɔ afie mu, na yɛde anifere yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentwetwe afoforo adwene mma yɛn so. Ɛtɔ da bi a, yɛma asafo no nyinaa kɔ “piknik” Kwasida wɔ wuram, titiriw bere a yɛreyɛ ɔmansin nhyiam no.

Yɛbɛkae honhom fam anuanom pii a wɔwɔ ahofama a wɔde wɔn nnwuma ne ahofadi too asiane mu yɛɛ adwumaden de maa asafo no yɛɛ biako ne nnam bere nyinaa. Wɔn mu pii dii anim ma wɔtrɛw adwuma no mu kɔɔ nkurow afoforo so. Eyi na ɛmaa nkɔso kɛse baa Spain bere a wɔmaa yɛn adwuma no ho kwan ne ɔsom mu ahofadi wɔ 1970 mu akyi no.

Bere a na Ɛsɛ sɛ Yegyae Yɛn Asɛmpatrɛw Adwuma No

Wɔ mfe du a yedii wɔ Spain mu no, na yɛn awofo tebea atwitware nhyira titiriw yi a na yenya fi Yehowa a yɛresom no no mu ananmu. Mmere pii no ɛkaa kakraa bi na anka yegyae yɛn dwumadi no kɔɔ fie kɔhwɛɛ me maame ne me papa. Nanso, esiane ɔdɔ a na anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbɛn m’awofo mu wɔ nti, yetumi kɔɔ so traa Spain. Yiw, hokwan a yenya de yɛɛ asɛmpatrɛwfo adwuma no wɔ saa mfe no mu no fã fi afoforo a wɔne yɛn de Onyankopɔn Ahenni dii kan no.

Awiei koraa wɔ December 1968 mu no, yɛkɔɔ fie sɛ yɛrekɔhwɛ me maame. Saa ɔsram no mu ara na me papa wui, na ɛkaa me maame nkutoo. Nanso esiane hokwan kakra a na mewɔ sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma nti, wɔmaa yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma, nanso saa bere yi de, yɛkɔyɛe wɔ United States. Yɛsomee wɔ amansin a wɔka Spania kasa no mu mfe 20 a edi hɔ no mu. Ɛwom sɛ na yɛahwere yɛn asɛmpatrɛw ahene a ne bo yɛ den yiye no de, nanso yɛn nsa kaa foforo.

Yɛka Asɛm no Wɔ Beae a Wɔnom Nnubɔne na Basabasayɛ Wɔ Hɔ

Afei de na yɛne anuanom mmarima ne mmea pii a wɔte nkurow mu mmeae a nsɛmmɔnedi wɔ hɔ no na ɛreyɛ adwuma. Dapɛn a edi kan wɔ ɔmansin adwuma mu wɔ Brooklyn, New York, no wohwim Rita bag a na okura no fii ne nsam.

Da bi, na me ne Rita ne kuw bi reyɛ afie afie asɛnka wɔ New York Kurom fã foforo. Bere a yɛreman afa baabi no, yehuu nnipa bi a wɔato santen wɔ tokuru bi a ɛda ɔdan bi a wɔagyae mu tra fasu mu ano. Bere a yɛkɔɔ yɛn anim kakra no, yehuu aberante bi sɛ ogyina kwankyɛn rehwɛ yɛn. Ná ɔfoforo nso gyina akyiri baabi rehwɛ polisifo kar ahorow. Ná yɛakɔtɔ nnubɔne tɔnfo mu! Ɔwɛmfo a odii kan huu yɛn no bɔɔ hu, nanso afei ohuu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no na ne koma tɔɔ ne yam. Ná metumi ayɛ me ho polisini saa bere no! Afei ɔde Spania kasa teɛɛm sɛ, “¡Los Atalayas! ¡Los Atalayas!” (Ɔwɛn-Abanfo! Ɔwɛn-Abanfo!). Ná wonim nnipa ko a yɛyɛ, na biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ. Bere a mebɛn no no, mekae sɛ, “¿Buenos dias, como está?” (Mema wo akye, wo ho te dɛn?). Obuae denam mpae a ɔsrɛɛ me sɛ memmɔ mma no so!

Gyinaesi Bi a Emu Yɛ Den

Wɔ 1990 mu no, ɛbɛdaa adi sɛ na ɛsɛ sɛ metra me maame ho da biara. Ná yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ akwantu adwuma, nanso nyansa ma yehui sɛ yɛrentumi nni asɛyɛde abien no ho dwuma. Nokwarem no, na yɛpɛ sɛ yehu sɛ wofi ɔdɔ mu rehwɛ Maame anaa. Nanso na ɛsɛ sɛ yegyaw ahene a ne bo yɛ den yiye no bio, biribi a na ɛsom bo ma yɛn kɛse no. Sɛ wɔde wiase aboɔden abo nyinaa ne nea ebetumi ayɛ ama obi toto aboɔden abo a ɛne sɛ obi bɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo anaa ɔhwɛfo kwantufo wɔ Yehowa ahyehyɛde mu ho a, na wiase de no nsom bo koraa.

Me ne Rita wɔ yɛn mfe 60 mu. Yɛde abotɔyam ne anigye kɛse resom wɔ ɔman no mu asafo a wɔka Spania kasa no mu. Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ mfe a yedii wɔ Yehowa adwuma mu no a, yɛda no ase sɛ ɔde ahene bi a ne bo yɛ den yiye hyɛɛ yɛn nsa.

[Kratafa 23 mfonini]

Me ne Rita ne Paul ne Evelyn Hundertmark (nifa so) wɔ Madrid agumadibea a anantwinini ne nnipa ko wom akyi

[Kratafa 24 mfonini]

Meresom asafo bi wɔ “piknik” ase wɔ wuram

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena