Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/1 kr. 8
  • Hokwan Biara a Wɔde Di Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hokwan Biara a Wɔde Di Dwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • ‘Na Yehowa Nsa Ka Wɔn Ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Hokwan Biara a Wɔde Di Dwuma

WONIM Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wɔyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma. Nanso wɔyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛde mfaso brɛ amanfo nso. Amanfo ani agye adwuma yi ho yiye, sɛnea osuahu a edidi so a efi Ecuador yi ma ɛda adi no.

◻ Ná mpanyimfo a wɔwɔ adwinnan kɛse bi a wɔyɛ nhwehwɛ wom no pɛ sɛ wɔyɛ abusua mu gyinapɛn ahorow ho adesua bi ma wɔn adwumayɛfo. Adwumayɛfo kwankyerɛfo panyin no too nsa frɛɛ Katolek asɔfo bebree sɛ wɔmmɛboa nanso wannya mmuae biara. Ɔsɔfo biako ka kyerɛɛ no sɛ asɔfo kakraa bi na wɔfata sɛ wɔma asɛmti no ho ɔkasa ma enti anhwɛ a, wonnya obiara. Bere a Ɔdansefo bi a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no tee eyi no, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ onua bi a ɔtaa yɛ asɛnka adwuma wɔ adwumayɛbea ahorow mmra adwinnan mu hɔ.

N’adekyee pɛɛ no, Ɔdansefo no kohuu adwumayɛfo kwankyerɛfo panyin no de adesua ho nhyehyɛe no kɔtoo n’anim. Ɔpaw nsɛmti ahorow bi fii Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Ɔkwankyerɛfo panyin no ani gyei. Ɔpaw nsɛmti abiɛsa a wobesusuw ho—nnipa fekubɔ, adwumam su pa, ne abusua mu abrabɔ. Afei wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne adwumayɛfo no nyinaa besusuw asɛm no ho.

Wɔkyekyɛɛ adwumayɛfo no mu akuw ason a na emu biara mu nnipa yɛ 30, na ɛno akyi no, anuanom baasa a wɔfata maa asɛm no ho ɔkasa kyerɛɛ wɔn. Dɛn na efii mu bae? Adwumayɛfo no mu pii kae sɛ wɔne wɔn mmesua ade wɔ wɔn afie, na wɔmaa wɔn nhoma a wɔde sua Bible 216. Adwumam mpanyimfo no ani gyee ho araa ma wɔsrɛɛ Adansefo no sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a wonsiesie ɔkasa a egu ahorow foforo.

◻ Nnansa yi ara, Ecuador hyɛɛ mmara a ɛma kwan ma wɔkyerɛkyerɛ nyamesom wɔ sukuu mu. Onuawa sɛmpatrɛwfo bi kɔɔ ɔbea bi a na ɔyɛ mfitiase sukuu bi panyin nkyɛn kobisaa no sɛnea mmara foforo no reyɛ adwuma. Ɔpanyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobefi nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakyerɛkyerɛ Maria som ho ade, nanso amma so. Bere a onuawa no kae sɛ ɔsom a ɛte saa no bɛyɛ ɔhaw ama mmofra a wɔnyɛ Katolekfo no, ɔpanyin no tee ase. Ɔsɛmpatrɛwfo no kae sɛ: “Nanso yɛwɔ nhyehyɛe bi a yɛde kyerɛkyerɛ abrabɔ pa ho ade fi Bible no mu a ɛnhyɛ obi sɛ onye ɔsom pɔtee bi ntom.” Ɔpanyin no buae sɛ: “Bere bɛn na wubetumi aba? Ɔkyena akyi?” Bere a ɔsɛmpatrɛwfo no de Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No nhoma no kyerɛɛ no no, wosii gyinae sɛ wobesusuw asɛmti “Anigye ne Asomdwoefo” no ho.

Bere a ɔsɛmpatrɛwfo no san bae no, ɔde nnɔnhwerew abiɛsa kasa kyerɛɛ adesua akuw ason a na ɔpanyin no te hɔ retie bi. Bere a ɔne adesuakuw a ɛto so anum awie no, adesuafo no mu biako kae sɛ: “Ante, mesrɛ wo bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ adesuakuw a ɛto so asia no hɔ. Bere nyinaa wɔbobɔ yɛn de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka yɛn ntɔkwa!” Ɔkyerɛkyerɛfo biako kae sɛ: “Basabasayɛ yɛ asɛmti a ehia paa. Yehia bere pii na yɛde aka ho asɛm.”

Ɔyɛɛ nhyehyɛe kɔyɛɛ sankɔhwɛ wɔ sukuu hɔ, kɔkaa nsɛmti te sɛ osetie ne atorodi ho asɛm. Ɛde besi nnɛ no, asow aba pa pii. Mprempren sɛ onuawa sɛmpatrɛwfo no nam a, mmofra no tu mmirika kokyia no bisabisa no Bible mu nsɛm. Afoforo fi anigye mu de no kyia wɔn awofo. Bio nso, ɔne sukuu mmofra no baanu afi ofie Bible adesua ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena