Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/1 kr. 4-6
  • Onyankopɔn A Yɛbɛsom No Nokware Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn A Yɛbɛsom No Nokware Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Nimdeɛ Yi Ehu Fi Hɔ
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Soronko Saa?
  • Mmofra a ‘Wɔwɔ Yehowa mu Ahotoso’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • ‘Monkɔ So Nnantew Nokware No Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/1 kr. 4-6

Onyankopɔn A Yɛbɛsom No Nokware Mu

Sɛ ɔsom bɛsɔ Nyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ egyina nokware so. (Yohane 4:23) Bible da nokware asomfo adi sɛ wɔwɔ “Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no” mu. (1 Timoteo 3:15) Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn asafo no mufo gye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no di nko, na mmom wɔde bɔ wɔn bra nso, na wɔka ho asɛm ma wɔte no asase so mmaa nyinaa.—Mateo 24:14; Romafo 10:9-15.

BIBLE nkyerɛkyerɛ adwuma a seesei Yehowa Adansefo reyɛ wɔ nsase bɛboro 200 so no ama wɔagye din. Wosua Bible no, na wɔde kyerɛkyerɛ sɛ nokware no, a wɔmfa nnipa nyansapɛ mfrafra mu. Wunim wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow a egyina Bible so no? Nnipa pii mpɛ sɛ wotie Yehowa Adansefo esiane wɔn ho nsɛmmɔne a nkurɔfo keka nti. Nanso yɛhyɛ komapafo nkuran sɛ wɔn ankasa nsi ho gyinae sɛ nsɛm a Adansefo no ka no yɛ nokware anaa atoro. Ɛnsɛ sɛ gyinaesi a ehia saa no gyina atesɛm so. Nnipa pii a wɔn ankasa ahwehwɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ mu no anya so mfaso kɛse.

Nokware Nimdeɛ Yi Ehu Fi Hɔ

Sɛ nhwɛso no, susuw Eugenia asɛm no ho. Wɔtetee no abusua a na Katoleksom adi wɔn ti mu. Ne papa ka wɔn a wɔyɛɛ nhyehyɛe maa pope bɛsraa Mexico wɔ 1979 mu no ho. Bere a Eugenia resrasra ne nnamfo no, ohyiaa Yehowa Adansefo. Ɛdenam wɔn mmoa so no, ofii ase susuw nea Bible no ka no ho kɔɔ akyiri. Ɔkae ka sɛ: “Mfiase no na ehu afi ase reka me. Mahu nokware no! Nanso na eyi kyerɛ sɛ nneɛma a migye di dedaw no dodow no ara yɛ atoro. M’abusuafo, me nnamfo, nkurɔfo a na medɔ wɔn—na wɔn nyinaa afom kwan. Ná mayɛ basaa. Ná meredwennwen ho sɛ dɛn na m’abusua bɛka wɔ nea mahu no foforo no ho. Bere kɔɔ so no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, mifii ase huu sɛnea mɛyɛ m’ade wɔ tebea a na ɛboro me so yi mu. Da koro meyɛɛ m’adwene sɛ mesusuw ho akyerɛ obi a ɔbɛn yɛn abusua no, nyamekyerɛ ho ɔbenfo bi. Mekaa ɔpɛ a na manya sɛ mehu nokware no ho asɛm kyerɛɛ no. Afei ɔkae sɛ, ‘Sɛ wopɛ sɛ wuhu nokware no a, hwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan.’”

Sɛnea na Eugenia suro sɛ ɛbɛba no, n’abusua tuu no fii fie hɔ. Nanso, Adansefo no kɔɔ so maa no honhom fam mmoa. Ɔka sɛ: “Minyaa ahoɔden de sii nokware no ho gyinae. Mibehui sɛ ɛyɛ ade a ɛfata sɛ mebɔ ho mmɔden. Sɛnea Yehowa Adansefo gyee me toom no boae paa. Metee nka sɛ wɔdɔ me wɔ Kristofo asafo no mu. Onyankopɔn ahyehyɛde no ho a mede me ho bɔe no boaa me ma midii ehu a na mewɔ sɛ obiara ntaa m’akyi no so.”

Susuw nhwɛso foforo ho. Efi Sabrina mmofraase no, na n’abusua taa bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Nokwarem no, wɔn ankasa de ‘abusua som’ bi sii hɔ. Ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔne ɔsom ahorow mufo bɛbɔ na wada wɔn mfomso ahorow adi akyerɛ wɔn. Bere a Yehowa Ɔdansefo bi yɛɛ sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua no, ɔpenee so ntɛm ara, a n’adwene ne sɛ obetutu wɔn nkyerɛkyerɛ no agu. Ɔka sɛ: “Bere a misuaa ade bɛboro afe biako no, na misuro sɛ ‘me nokware’ no befi me nsa. Ná ɛnyɛ den mma me sɛ mɛda nyamesomfo a me ne wɔn sianee no nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ atoro no adi, nanso saa bere yi de na ɛnyɛ mmerɛw koraa.”

Ehu a ɛkaa Sabrina no ma ogyaee Bible adesua a na ɔne Yehowa Adansefo yɛ no. Nanso ɔtee nka sɛ wahwere ade wɔ honhom fam. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ obefi adesua no ase bio, na awiei koraa no, obegyee nokware a wahu no foforo yi toom. Sabrina nyaa nkɔanim koduu baabi a onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛka nea ɔresua no akyerɛ afoforo. Ɔkae mpo sɛ ɔpɛ sɛ ɔka Adansefo no ho wɔ wɔn afie afie som adwuma no mu. Sabrina kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ansa na wɔbɛma me kwan sɛ me ne Yehowa Adansefo nka asɛm no, wobisaa me sɛ: ‘Wopɛ sɛ wobɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako ankasa?’ Mibuae sɛ: ‘Dabi!’ Ehu fii ase kaa me bio.” Awiei koraa, bere a Sabrina toaa so kɔɔ nhyiam horow no nyinaa, na ɔhwɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo huu sɛnea wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma no, osii gyinae sɛ ɛno ne nokware no ankasa. Wɔbɔɔ no asu, na seesei ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.

Dɛn Nti na Ɛyɛ Soronko Saa?

Ebia obi bebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ yɛ soronko wɔ ɔsom afoforo de ho saa?’ Nea Adansefo no gye di a wobɛhwehwɛ mu kakra no bɛboa wo ma woahu sɛ wɔyɛ Kristofo anokwafo a wɔde ahonim pa sua Bible no. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan wɔn nkyerɛkyerɛ atitiriw no ho kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ w’ankasa wo Bible mu.

Sɛ wohwehwɛ nea Yehowa Adansefo gye di ne sɛnea wɔbata nea Bible kyerɛkyerɛ ho no mu kɔ akyiri a, ɛbɛma woanya ahofadi a nokware no de ma no. (Yohane 17:17) Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wusuro nokware no. Kae Yesu bɔhyɛ no: ‘Mubehu nokware no, na nokware no ama moade mo ho.’—Yohane 8:32.

[Kratafa 6 adaka]c

YEHOWA ADANSEFO NKYERƐKYERƐ ATITIRIW BI

◯ Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no. Ne din paa pue Bible no nsaano nkyerɛwee a edidi kan koraa no mu bɛboro mpɛn 7,000.—Dwom 83:18.

◯ Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ba a ɔbaa asase so de ne nkwa bɛtoo hɔ maa adesamma no. (Yohane 3:16, 17) Yehowa Adansefo di Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu so.

◯ Edin Yehowa Adansefo no gyina Yesaia 43:10 (NW) so, nea ɛka sɛ: “‘Mone m’adansefo,’ Yehowa anom asɛm ni.”

◯ Ahenni a nkurɔfo bɔ ho mpae wɔ “Yɛn Agya a Wowɔ Soro” mpaebɔ no mu no yɛ ɔsoro nniso a ebeyi amanehunu ne ɛyaw a ɛrekɔ so wɔ wiase no nyinaa afi hɔ na ama Paradise a Bible ahyɛ ho bɔ no aba.—Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:3, 4.

◯ Obiara a ɔyɛ Nyankopɔn apɛde no wɔ hokwan sɛ onya daa nhyira a Ahenni no de bɛba no bi.—Yohane 17:3; 1 Yohane 2:17.

◯ Ɛsɛ sɛ Kristofo de nea Bible ka no siesie wɔn suban. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden di nokware, de abrabɔ pa a ɛho tew tra ase, na wɔdɔ wɔn yɔnko.—Mateo 22:39; Yohane 13:35; 1 Korintofo 6:9, 10.

[Kratafa 5 mfonini]

Yehowa Adansefo ka Bible mu nokware kyerɛ nkurɔfo wɔ nsase bɛboro 200 so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena