Mmofra a ‘Wɔwɔ Yehowa mu Ahotoso’
ƐNYƐ mmofra nko ara na wɔn ho yɛ fɛ, na ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nko ara na wonim nyansa. (Fa toto Mmebusɛm 11:22; Ɔsɛnkafo 10:1 ho.) Mmom no, wɔn a wɔwɔ ahoɔfɛ a ɛtra hɔ daa ne nyansa ankasa ne wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso na wofi koma nyinaa mu ka eyi wɔ ne ho no: “Wone me Nyankopɔn.”—Dwom 31:14; Mmebusɛm 9:10; 16:31.
Wɔ wiase nyinaa no, mmofra ne mpanyin ahoɔfɛfo a wɔda wɔn nyansa adi denam Onyankopɔn a wɔsom no na wɔka n’Ahenni ho asɛmpa so no redɔɔso. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Sabrina a wadi mfe awotwe no ho.
Sabrina te Germany na ɔwɔ ne sukuu afe a ɛto so abien mu. Ɔno ne Yehowa Dansefo a odi kan a wakɔ saa sukuu no. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ne mfɛfo sukuufo kɔɔ so yaw no kosii da bi a ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ sukuuni biara mfa nhoma a n’ani gye ho yiye mmra sukuu. Sabrina yɛɛ n’adwene sɛ ɔde Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm bɛkɔ. Ade rebɛkye saa da no, ɛmfa ho sɛ na wayɛ basaa no, osiesiee ne ho yiye maa sukuu adesua. Esiane sɛ na asuafo 26 na wɔwɔ n’adesuakuw no mu nti, na onim sɛ ebia onnya bere pii mfa nkasa. Nanso na wasi ne bo sɛ ɔmma obiara nsiw no kwan wɔ n’asɛm a ɔbɛka no ho, na na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛboa no. Da no dui no, ɔkyerɛkyerɛfo no bisae sɛ obi de nhoma bi bae a ɔpɛ sɛ odi kan ka mu asɛm a. Nea ɛyɛ nwonwa no, na Sabrina nkutoo na ɔde bi aba. Ogyinaa adesuafo no anim fii ase kasae, na ɔkenkan nhoma no de emu mfonini ahorow kyerɛe, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne nyinaa gyina Bible no so. Bere a owiee no, obisae sɛ: “Hena na ɔbɛpɛ sɛ onya nhoma yi bi?” Ɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo no biako, na nna kakraa bi a edi hɔ no, ɔde nhoma no du foforo maa n’adesuakuw no mufo binom. Nea ɔkyerɛkyerɛfo no kae wɔ ne nkɔmmɔbɔ no ho ara ne sɛ: “Minhuu biribi a ɛte saa da.” Ɔkyerɛw hyɛɛ Sabrina sɔhwɛ krataa so sɛ wabɔ mmɔden sen biara wɔ ne dwumadi no mu.
Nokwarem no, Adansefo nkumaa pii yɛ adawurubɔfo a wɔde anigye ka asɛmpa no wɔ sukuu mu. Nhwɛso foforo ne Erika, ɔdawurubɔfo bi a wadi mfe 11 a ɔwɔ Mexico. Ná wɔakyerɛkyerɛ no fi mmofraberem sɛ ɔnnɔ Yehowa. Ɔbɔ mmɔden yiye wɔ sukuu mu. Dwumadi ahorow a wɔde maa no no mu biako ne sɛ ɔnkyerɛw asɛm bi mfa AIDS ne tawanom ne asanom a ɛka obi hɔ ho. Ɔde Nyan! nsɛmma nhoma no dii dwuma de siesiee ne ho yiye, na ɔyɛɛ ade sen obiara. Ne kyerɛkyerɛfo no bisaa no baabi a onyaa nsɛm no fii, enti ɔde nsɛmma nhoma a emu nsɛm fa asɛm no ho maa no. Akyiri yi, ɔkyerɛkyerɛfo no fii nsɛmma nhoma no mu ne adesuakuw no nyinaa bɔɔ nsɛm no ho nkɔmmɔ. Esiane Erika abrabɔ, obu a ɔwɔ ma n’akyerɛkyerɛfo, ne ne sukuu mmɔdenbɔ nti, wanya akyɛde ahorow ne abasobɔ nkrataa, na wotua ne sukuu ka bi ma no. Nanso, ɔte nka sɛ nea ɛsen biara a watumi ayɛ ne sɛ wada ne ho adi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako, atumi ama Bible nhoma ahorow, na wama Yehowa din so.
Shannon a ɔyɛ abarimaa a wadi mfe du a ɔte New Zealand nso wɔ hɔ. N’ani biako pɛ na ehu ade; kokoram sɛee biako bere a na ɔyɛ akokoaa. Bere a na Shannon adi mfe ason no, ne maame fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Nanso, ofii Bible adesua no ase bere tiaa bi akyi no, ofii ase ne ɔbarima bi a ɔnyɛɛ ne ho ade trae sɛ awarefo, na osii gyinae sɛ obegyae n’adesua no. Shannon srɛe sɛ wɔntoa so ne ɔno nyɛ Bible adesua no. Wodii n’abisade no ho dwuma. Adansefo no kɔɔ so sraa no, na awiei koraa no, nnipa baasa a wɔwɔ fie hɔ no nyinaa suaa Bible na wonyaa honhom mu nkɔso. Bere a Shannon maame ne ne maame kunu no de wɔn aware hyɛɛ mmara ase akyi no, wɔbɔɔ wɔn asu.
Da bi Shannon ne ɔmansin sohwɛfo no yere boom kɔɔ asɛnka. ofiwura bi bisaa Shannon sɛ: “Dɛn na ɛyɛɛ w’ani?” Obuae sɛ: “Kokoram yɛɛ so, enti ná ɛsɛ sɛ wotu. Ɛnkyɛ, Yehowa bɛma me foforo wɔ Paradise na ɛno na yɛne wo rebɛka ho asɛm no.”