Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 19-24
  • Yerusalem Bi A Ne Din Fata No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yerusalem Bi A Ne Din Fata No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiam Da a Ɛyɛ Anigye
  • Nhyiam Foforo a Ɛyɛ Anigye
  • Ɛnsɛ sɛ Yebu Yɛn Ani Gu Onyankopɔn Fie So
  • Ɔfasu a Wohyira So Anigye So
  • Nea Ɛde Anigye a Ɛtra Hɔ Daa Ba
  • Yerusalem—So ‘Ɛkyɛn W’anigye Nyinaa’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yerusalem Afasu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yerusalem Afasu No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 19-24

Yerusalem Bi A Ne Din Fata No

“Munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi.”—YESAIA 65:18.

1. Esra tee nka dɛn wɔ Onyankopɔn kurow a wapaw no ho?

SƐ́ OBI a na osua Onyankopɔn Asɛm anibere so no, Yudafo sɔfo Esra ani gyee dwuma a bere bi na Yerusalem di wɔ ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa mu no ho. (Deuteronomium 12:5; Esra 7:27) Sɛnea na n’ani gye Onyankopɔn kurow no ho no da adi wɔ Bible no fã a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu—Beresosɛm Nhoma a edi kan ne nea ɛto so abien ne Esra. Ɛkame ayɛ sɛ sɛ wɔkyɛ mpɛn bɛboro 800 a edin Yerusalem no pue wɔ Bible mu no mu anan a, wonya emu biako wɔ saa abakɔsɛm kyerɛwtohɔ yi mu.

2. Dɛn na yetumi hu wɔ hia a na edin Yerusalem no ho hia wɔ nkɔmhyɛ mu no mu?

2 Yebetumi ate “Yerusalem” ase sɛ ɛkyerɛ nneɛma abien wɔ Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu. Mpɛn pii no, wɔde kasa a ɛkyerɛ nneɛma abien no di dwuma ma nneɛma abien abien, te sɛ aniwa, aso, nsa, ne nan. Wɔ kasa a ɛkyerɛ nneɛma abien mu no, wobetumi abu edin Yerusalem sɛ egyina hɔ ma asomdwoe ahorow abien a Onyankopɔn nkurɔfo benya—honhom fam ne honam fam de. Sɛ́ ebia na Esra te eyi ase paa no de, Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ. Nanso sɛ́ ɔsɔfo no, ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa Yudafo no ma asomdwoe atra wɔne Onyankopɔn ntam. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a Yerusalem din bɛfata no, kyerɛ sɛ, “Asomdwoe Ahorow Abien Trabea [Anaa ne Nnyinaso].”—Esra 7:6.

3. Mfe dodow ahe na etwaam ansa na wɔreka Esra dwumadi ho asɛm bio akyerɛ yɛn, na tebea bɛn mu na yehu no?

3 Bible no nkyerɛ faako a na Esra wɔ wɔ mfe 12 a ɛbɛdaa bere a ɔkɔhwɛɛ Yerusalem ne bere a Nehemia duu kurow no mu no ntam no mu. Ɔman no honhom fam tebea a na ɛkɔ fam saa bere no ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Esra nni hɔ. Nanso yɛte Esra nka sɛ ɔsom bio sɛ ɔsɔfo nokwafo wɔ Yerusalem bere a wɔsan sii kurow no fasu wiei no.

Nhyiam Da a Ɛyɛ Anigye

4. Dɛn na na ɛda nsow wɔ Israelfo ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no ho?

4 Wowiee Yerusalem fasu no bere ano pɛpɛɛpɛ maa afahyɛ bere titiriw wɔ Israelfo som mmerebu mu wɔ ɔsram a ɛto so ason, Tishri no mu. Ná Tishri da a edi kan no yɛ ɔsram foforo afahyɛ titiriw a wɔfrɛ no Torobɛntohyɛn Afahyɛ. Sɛ saa da no du a, asɔfo hyenhyɛn ntorobɛnto, na wɔbɔ afɔre horow ma Yehowa. (Numeri 10:10; 29:1) Ná saa da yi siesie Israelfo no ma afe afe Mpata Da no wɔ Tishri da a ɛto so 10, ne Anoboaboa Afahyɛ a ɛyɛ anigye no, fi ɔsram koro no ara da a ɛto so 15 kosi 21.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Esra ne Nehemia de “ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan” no dii dwuma yiye? (b) Dɛn nti na Israelfo no sui?

5 “Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan” no, “ɔman no nyinaa” boaboaa wɔn ho ano, a ɛbɛyɛ sɛ Nehemia ne Esra na ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Ná mmarima ne mmea, ne “obiara a obetumi atie ate ase” ka ho. Ne saa nti, na mmofra nkumaa wɔ hɔ bi, na bere a Esra gyinaa ɛsɛ bi so kenkanee Mmara no “fi anɔpa kosi owigyinae” no, wɔwɛn wɔn aso tiei. (Nehemia 8:1-4) Bere ne bere mu no, na Lewifo no boa ɔman no ma wɔte nea wɔrekenkan no ase. Bere a Israelfo no huu sɛnea wɔne wɔn agyanom atɔ sin wɔ Onyankopɔn Mmara so setieyɛ mu akodu no, eyi kaa wɔn ma wosui.—Nehemia 8:5-9.

6, 7. Dɛn na Kristofo betumi asua afi nea Nehemia yɛe a ɛmaa Yudafo no gyaee su no mu?

6 Nanso na eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wotwa adwo. Ná ɛyɛ afahyɛ, na na ɔman no wiee Yerusalem fasu no a wɔsan sii no nkyɛe. Enti Nehemia boaa wɔn ma wosiesiee wɔn adwene denam eyi a ɔkae no so: “Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn Awurade. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na [Yehowa, NW] anika ne mo ahoɔden.” “Ɔman no nyinaa” fi osetie mu “kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.”—Nehemia 8:10-12.

7 Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo betumi asua pii afi asɛm yi mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya hokwan yɛ dwumadi wɔ asafo nhyiam ahorow ne nhyiam akɛse ase no ma nea yɛaka ho asɛm yi tra wɔn adwenem. Nea ɛka afotu a ɛde nteɛso ma a ɛtɔ mmere bi a ɛfata ho no, mmere a ɛtete saa no twe adwene si mfaso ne nhyira horow a yenya fi Onyankopɔn ahwehwɛde a yɛbɛyɛ no mu so. Wɔde nnwuma pa a yɛayɛ ho nkamfo ma, na wɔma yɛn nkuranhyɛ a ɛbɛma yɛagyina yɛn mudi mu. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm mu afotu a ɛhyɛ nkuran a wɔanya no ma Onyankopɔn nkurɔfo de komam anigye fi nhyiam a ɛtete saa ase.—Hebrifo 10:24, 25.

Nhyiam Foforo a Ɛyɛ Anigye

8, 9. Nhyiam titiriw bɛn na ɛkɔɔ so wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so abien no, na dɛn na Onyankopɔn man nya fii mu?

8 Ɔsram titiriw no da a ɛto so abien no, “ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no.” (Nehemia 8:13) Ná Esra ho akokwaw yiye sɛ obedi nhyiam yi anim, esiane sɛ na ‘wasiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ [Yehowa, NW] mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel’ nti. (Esra 7:10) Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhyiam yi sii Mmara apam no afã horow a ehia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo fa no ahiasɛm no so dua. Nea na ɛho hia sen biara ne sɛ wɔbɛyɛ nsiesie a ɛfata na wɔde adi Asese Afahyɛ a na ɛreba no.

9 Wodii dapɛn mũ afahyɛ yi wɔ ɔkwan pa so, na nkurɔfo no nyinaa traa asese a wɔde berɛw ne nnua ahorow mmãa akuruw so ase. Nkurɔfo no bɔɔ asese yi wɔ wɔn dan atifi, wɔn adiwo, asɔrefie abangua so ne Yerusalem mprae so. (Nehemia 8:15, 16) Hwɛ hokwan fɛfɛ ara a na ɛyɛ sɛ wɔbɛboaboa ɔman no ano na wɔakenkan Onyankopɔn Mmara akyerɛ wɔn! (Fa toto Deuteronomium 31:10-13 ho.) Wɔyɛɛ eyi da biara da, fi afahyɛ no ‘da a edi kan no ara de kosii da a etwa to no,’ na “ɛyɛɛ anigye kɛse pa” maa Onyankopɔn nkurɔfo.—Nehemia 8:17, 18.

Ɛnsɛ sɛ Yebu Yɛn Ani Gu Onyankopɔn Fie So

10. Dɛn nti na wɔyɛɛ nhyehyɛe maa nhyiam titiriw bi wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so 24 no?

10 Yɛwɔ bere ne beae a ɛfata a yɛde siesie sintɔ a anibere wom wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ɛda adi sɛ bere a Esra ne Nehemia hui sɛ eyi yɛ bere a ɛte saa no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wonni mmuada wɔ Tishri ɔsram no da a ɛto so 24 mu. Ɛha nso, wɔkenkanee Onyankopɔn Mmara, na ɔman no kaa wɔn bɔne. Afei Lewifo no kaa sɛnea Onyankopɔn huu ne man a wɔafom kwan no mmɔbɔ ho asɛm, na wɔkaa nsɛm a ɛyɛ dɛ de yii Yehowa ayɛ, na wɔpam “nokware apam” a wɔn asafohene, Lewifo, ne asɔfo no sɔɔ ano no.—Nehemia 9:1-38.

11. “Nokware apam” bɛn na Yudafo no de kyekyeree wɔn ho?

11 Ɔman no nyinaa kaa ntam sɛ wobedi “nokware apam” a wɔakyerɛw no so. Ná ‘wobedi nokware Nyankopɔn mmara so.’ Na wɔpenee so sɛ wɔne “asase no sofo” no renni ayeware. (Nehemia 10:28-30) Bio nso, Yudafo no hyɛɛ wɔn ho mmara sɛ wobedi Homeda, ayi sika afe afe de aboa nokware som, de nnyina a wɔde begu afɔremuka so ama, de wɔn nguankuw ne anantwi mu mmakan abɔ afɔre, na wɔde wɔn asase so aba a edi kan akɔma wɔ asɔrefie adididan ahorow mu. Ɛda adi pefee sɛ na wɔasi wɔn bo sɛ ‘wɔrennyaw wɔn Nyankopɔn fie’ no.—Nehemia 10:32-39.

12. Dɛn na Onyankopɔn fie a yɛremmu yɛn ani ngu so hwehwɛ nnɛ?

12 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo hwɛ yiye sɛ wommu wɔn ani ngu hokwan a wɔanya sɛ ‘wɔde ɔsom kronn rema’ wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no abangua so no so. (Adiyisɛm 7:15) Nea ɛka eyi ho ne mpae a efi komam a wɔbɛbɔ no daa ama Yehowa som nkɔso. Tra a wɔbɛtra ase ma ɛne mpaebɔ a ɛte saa ahyia no hwehwɛ sɛ wosiesie wɔn ho ma Kristofo nhyiam ahorow na wonya mu kyɛfa, nya nhyehyɛe a wɔyɛ ma wɔde ka asɛmpa no mu kyɛfa, na wɔboa anigyefo denam kɔ a wɔbɛsan akɔ wɔn nkyɛn na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔne wɔn ayɛ Bible adesua no so. Nnipa pii a wɔmpɛ sɛ wobu wɔn ani gu Onyankopɔn fie so no yi sika de boa asɛnka adwuma no ne mmeae a wɔde ɔsom kronn ma wɔ hɔ no. Afei yebetumi aboa ma wɔasi nhyiambea horow a wohia no kɛse no, asiesie hɔ na yɛadi hɔ ni nso. Ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ada ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn honhom fam fie no adi ne sɛ yɛbɛma asomdwoe atra mfɛfo gyidifo ntam na yɛaboa obiara a ohia honhom fam anaa honam fam mmoa no.—Mateo 24:14; 28:19, 20; Hebrifo 13:15, 16.

Ɔfasu a Wohyira So Anigye So

13. Asɛnhia bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ansa na wɔatumi ahyira Yerusalem fasu no so, na nhwɛso fɛfɛ bɛn na nnipa pii yɛe?

13 “Nokware apam” a wɔsɔɔ ano wɔ Nehemia bere so no siesiee Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ tete no maa da a wobehyira Yerusalem fasu no so no. Nanso na asɛnhia foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di ho dwuma. Ná Yerusalem a afei de ɔfasu kɛse a apon 12 atwa ho ahyia no, hia nnipa a wɔdɔɔso a wɔbɛtra hɔ. Ɛwom sɛ na Israelfo bi te hɔ de, nanso na “kurow no mu gow haharaa na ɛsõ, na ɔman a wɔwɔ mu no sua.” (Nehemia 7:4) Nea ɛbɛyɛ na wɔadi asɛnnennen yi ho dwuma no, ɔman no “bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtra Yerusalem, kurow kronkron no mu.” Wɔn pɛ mu a wofi gyee nhyehyɛe yi toom no kaa ɔman no ma ‘wohyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔbɛtra Yerusalem no nyinaa.’ (Nehemia 11:1, 2) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛyɛ ma nokware asomfo a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan ma wotu kɔ mmeae a wohia Kristofo a wɔn ho akokwaw mmoa kɛse nnɛ no!

14. Da a wɔrehyira Yerusalem fasu no so no, dɛn na esii?

14 Ankyɛ na wofii ase yɛɛ ahoboa a ɛho hia maa da kɛse a wɔde behyira Yerusalem fasu no so no. Wɔboaboaa nnwontofo ano fii Yuda nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu. Wɔde wɔn hyehyɛɛ aseda asafokuw akɛse abien a nnipa yuu di emu biara akyi. (Nehemia 12:27-31, 36, 38) Nnwontofo no ne nnipa yuu no fii ase fii ɔfasu no fã a ɛne asɔrefie no ntam ware paa no, a ebia ɛbɛyɛ Obon Pon no, na wotuu aperenten de wɔn ani kyerɛɛ mmeaemmeae kosii sɛ wobehyiaa mu wɔ Onyankopɔn fie hɔ. “Wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.”—Nehemia 12:43.

15. Dɛn nti na anigye a Yerusalem fasu no a wohyiraa so no de bae no antra hɔ daa?

15 Bible no nkyerɛ bere a wɔde hyɛɛ fã a ɛyɛ anigye yi. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ Yerusalem a wɔsan de sii hɔ no ho afahyɛ a ɛkyɛn so anaa afahyɛ titiriw. Ɛwom, na ehia sɛ wosisi adan bebree wɔ kurow no mu. Bere bi akyi no, Yerusalemfo hweree wɔn honhom fam gyinabea a eye no. Sɛ nhwɛso no, bere a Nehemia kɔhwɛɛ kurow no bere a ɛto so abien no, ohui sɛ wɔasan abu wɔn ani agu Onyankopɔn fie so, ne sɛ na Israelfo no rewareware mmea abosonsomfo bio. (Nehemia 13:6-11, 15, 23) Odiyifo Malaki si tebea horow a enye yi ara so dua wɔ ne nkyerɛwee no mu. (Malaki 1:6-8; 2:11; 3:8) Enti anigye a Yerusalem fasu no a wohyiraa so no de bae no antra hɔ daa.

Nea Ɛde Anigye a Ɛtra Hɔ Daa Ba

16. Adeyɛ titiriw bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo rehwɛ kwan?

16 Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo hwɛ bere a Onyankopɔn bedi n’atamfo nyinaa so nkonim no kwan. Ɔkwan a eyi bɛfa so afi ase ne sɛ “Babilon Kɛse”—sɛnkyerɛnne kwan so kurow a egyina hɔ ma atoro som nyinaa no—bɛsɛe. (Adiyisɛm 18:2, 8) Atoro som sɛe na ebefi ahohiahia kɛse a ɛreba no ase. (Mateo 24:21, 22) Afei nso, adeyɛ titiriw bi nso da yɛn anim—Awurade Yesu Kristo ne “Yerusalem foforo” no mufo 144,000 no ayeforohyia a ɛbɛba so wɔ soro no. (Adiyisɛm 19:7; 21:2) Yɛrentumi nkyerɛ bere pɔtee a wobewie saa ayeforohyia yi, nanso ɛbɛyɛ anigye bere ankasa.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, August 15, 1990, nkratafa 30-1.

17. Dɛn na yenim wɔ Yerusalem Foforo a wobesi awie no ho?

17 Nanso yenim sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔawie Yerusalem Foforo no si. (Mateo 24:3, 7-14; Adiyisɛm 12:12) Ɛrenni huammɔ te sɛ asase so Yerusalem kurow no, da. Efisɛ emufo nyinaa yɛ Yesu Kristo akyidifo a wɔde honhom asra wɔn, asɔ wɔn ahwɛ ayiyi wɔn mu. Sɛ wɔn mu biara di nokware kodu owu mu a, ebedi adanse sɛ wobedi Amansan Hene, Yehowa Nyankopɔn nokware daa. Ɛno kyerɛ pii ma adesamma nkae nyinaa—ateasefo ne awufo!

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛsɛpɛw yɛn ho na yedi ahurusi daa’?

18 Susuw nea ebesi bere a Yerusalem Foforo no dan adwene ba adesamma a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔre no mu gyidi so no ho hwɛ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:2-4) Bio nso, Onyankopɔn de nhyehyɛe a ɛte sɛ kurow yi bedi dwuma de agye adesamma akɔ pɛyɛ mu. (Adiyisɛm 22:1, 2) Hwɛ sɛnea eyinom yɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ho sɛpɛw yɛn na yedi ahurusi daa daa wɔ ade a Onyankopɔn rebɔ mprempren no nti’!—Yesaia 65:18.

19. Dɛn ne honhom mu paradise a wɔaboaboa Kristofo ano kɔ mu no?

19 Nanso ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔanu wɔn ho no twɛn saa bere no ansa na wɔanya Onyankopɔn nkyɛn mmoa. Wɔ 1919 mu no, Yehowa fii ase boaboaa 144,000 no mufo a wotwa to no ano kɔɔ honhom fam paradise, faako a Onyankopɔn honhom aba—te sɛ ɔdɔ, anigye, ne asomdwoe—abu so no mu. (Galatifo 5:22, 23) Honhom fam paradise yi mu ade a ɛda nsow ne emufo a wɔde honhom asra wɔn a wɔsow aba kɛse wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no ka a wodi anim wɔ wiase nyinaa mu no gyidi. (Mateo 21:43; 24:14) Nea afi mu aba ne sɛ wɔama “nguan foforo” a wɔreyɛ adu ɔpepem asia a wɔwɔ asase so anidaso no nso kwan ma wɔahyɛn honhom mu paradise no mu, na wɔyɛ adwuma a ɛsow aba. (Yohane 10:16) Wɔnam wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn, denam ne Ba Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi so no so afata ama eyi. Nokwarem no, fekubɔ a wɔne wɔn a wɔbɛyɛ Yerusalem Foforo no mufo no anya no ayɛ nhyira. Enti, ɛdenam sɛnea Yehowa ne Kristofo a wɔasra wɔn no di nsɛm so no, wato “asase foforo” fapem a ɛyɛ den—nnipa a wosuro Nyankopɔn a wobenya ɔsoro Ahenni no atrae a ɛwɔ asase so adi no.—Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13.

20. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem Foforo no din bɛfata no?

20 Ɛrenkyɛ, wobenya asomdwoe a Yehowa nkurɔfo nya nnɛ wɔ wɔn honhom mu paradise mu no wɔ asase so paradise ankasa mu. Ɛno bɛba bere a Yerusalem Foforo no sian fi soro de nhyira brɛ adesamma no. Wɔ akwan abien so no, Onyankopɔn nkurɔfo benya asomdwoe tebea a wɔhyɛɛ ho bɔ wɔ Yesaia 65:21-25 no. Sɛ́ Yehowa asomfo a wɔayɛ biako wɔ honhom mu paradise mu no, mprempren wɔn a wɔasra wɔn a wɔn nsa nnya nkaa wɔn dibea wɔ ɔsoro Yerusalem Foforo no mu, ne “nguan foforo” no mufo no renya asomdwoe a Onyankopɔn de ma no. Na asomdwoe a ɛte saa no bɛtrɛw akɔ asase so Paradise ankasa so, bere a ‘Onyankopɔn pɛ bɛyɛ wɔ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.’ (Mateo 6:10) Yiw, Onyankopɔn soro kurow a ɛwɔ anuonyam no bɛfata edin Yerusalem sɛ ‘Asomdwoe Ahorow Abien Nnyinaso.’ Ɛde anuonyamhyɛ bɛbrɛ ne Bɔfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, ne N’ayeforokunu Ɔhene Yesu Kristo, daa daa.

So Wokae?

◻ Bere a Nehemia boaboaa ɔman no ano wɔ Yerusalem no, dɛn na efii mu bae?

◻ Dɛn na na ɛsɛ sɛ tete Yudafo no yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wommu wɔn ani ngu Onyankopɔn fie so, na dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na “Yerusalem” ho wɔ daa ahurusidi ne asomdwoe a ɛbɛba no mu?

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

YERUSALEM APON

Akontaahyɛde horow no gyina hɔ ma sɛnea asase no sorokɔ te wɔ nnɛyi mita mu

MPATAA PON

KUROW DEDAW PON

EFRAIM PON

TWEA PON

Ɔfasu Tɛtrɛtɛ

Mprae So

OBON PON

NKYEM A ETIA ABIEN

Atifi Fasu a Edi Kan

DAWID KUROW

SUMINA PON

Hinom Bon

Ahemfie

NGUAN PON

NNEDUADAN PON

Asɔrefie Ho

MIFKAD PON

APƆNKƆ PON

OFEL

Mprae So

NSU PON

Gihon Nsuti

NSUANIWA PON

Ɔhene Turo

En-rogel

Tyropoeon (Mfinimfini) Bon

Kidron Subon

740

730

730

750

770

770

750

730

710

690

670

620

640

660

680

700

720

740

730

710

690

670

Baabi a ɛda adi sɛ na Yerusalem fasu no kodu bere a wɔsɛee kurow no ne bere a Nehemia dii wɔn anim ma wɔsan sii ɔfasu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena