So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
“Obiara a ɔto [nhyɛase no] so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.”—1 KORINTOFO 3:10.
1. Dɛn na Kristofo anokwafo hwɛ kwan wɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ asuafo daakye no ho?
KRISTOFO awarefo bi hwɛ wɔn ba a wɔawo no foforo no anim dinn. Ahenni ɔdawurubɔfo bi hwɛ Bible suani bi anim na ohu sɛ ɔyɛ nsi na ɔkyerɛ anigye kɛse. Kristoni panyin bi a ogyina asɛnka agua so rekyerɛkyerɛ hu sɛ onigyefo bi ani abere a ɔrehwehwɛ kyerɛw nsɛm wɔ ne Bible mu. Yehowa asomfo anokwafo yi wɔ koma a anidaso ahyɛ mu ma. Nea wɔtaa susuw ho ara ne sɛ, ‘So onipa yi benya ɔdɔ ama Yehowa, asom no—na wakɔ so adi no nokware?’ Nokwasɛm ne sɛ, biribi a ɛte saa mma prɛko pɛ. Egye adwuma.
2. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo bɔɔ Hebrifo Kristofo nkae wɔ hia a ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho hia ho, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yɛpɛɛpɛɛ yɛn mu dɛn?
2 Ɔsomafo Paulo a na n’ankasa yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw no sii hia a ɔkyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ adwuma no ho hia so dua bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo.” (Hebrifo 5:12) Sɛ osusuw bere tenten a na Kristofo a ɔrekyerɛw wɔn no de ayɛ gyidifo no ho a, na ohu sɛ wonnyaa nkɔso ahe biara. Sɛ́ anka wobetumi akyerɛkyerɛ afoforo no, na wɔn mmom na ehia sɛ wɔkaakae wɔn nokware no mu mfitiasesɛm. Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no, yɛn nyinaa susuw yɛn mmɔdenbɔ sɛ akyerɛkyerɛfo no ho hwɛ na yɛhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so atu mpɔn. Ɛyɛ nkwa ho asɛm. Dɛn na yebetumi ayɛ?
3. (a) Ɔsomafo Paulo de Kristoni suani a yɛbɛma obi abɛyɛ no totoo dɛn ho? (b) Sɛ́ Kristofo adansifo no, hokwan kɛse bɛn na yɛwɔ?
3 Bere a Paulo de mfatoho bi a emu trɛw redi dwuma no, ɔde asuafoyɛ totoo ɔdansi ho. Ɔkaa eyi de fii ase sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo; moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.” (1 Korintofo 3:9) Enti yenya ɔdansi adwuma a ɛfa nnipa ho no mu kyɛfa; yɛboa ma wosi wɔn sɛ ɔdan ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. Yɛyɛ saa sɛ Onii a ‘osiesiee nneɛma nyinaa’ no adwumayɛboafo. (Hebrifo 3:4) Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ! Momma yɛnhwɛ sɛnea Paulo afotusɛm a efi honhom mu a ɔde kɔmaa Korintofo no betumi aboa yɛn ma yɛn ho akokwaw kɛse wɔ yɛn adwuma no mu. Yɛde yɛn adwene besi ‘sɛnea yɛkyerɛkyerɛ’ no so titiriw.—2 Timoteo 4:2.
Nhyɛase Pa a Yɛbɛto
4. (a) Ɔfã bɛn na na Paulo wɔ wɔ Kristofo ɔdansi adwuma no mu? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu ne n’atiefo no nyinaa nim hia a na nhyɛase pa ho hia no?
4 Sɛ ɔdan bi begyina na akyɛ a, ehia nhyɛase pa. Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn dom a ɔde adom me no so na menam mahyɛ ase sɛ ɔdansifo nyansafo.” (1 Korintofo 3:10) Yesu Kristo de mfatoho a ɛte saa ara dii dwuma kaa ofie bi a etumi gyinaa ahum ano esiane sɛ nea osii no too nhyɛase pa nti ho asɛm. (Luka 6:47-49) Ná Yesu nim hia a na nhyɛase horow ho hia ho nsɛm nyinaa. Bere a Yehowa too asase yi nhyɛase no, na ɔwɔ hɔ.a (Mmebusɛm 8:29-31) Ná Yesu atiefo nso nim hia a na nhyɛase pa a wɔto ho hia no. Afie a na ɛwɔ nhyɛase pa nkutoo na na ebetumi agyina nsuyiri ne asasewosow a na ɛtɔ mmere bi a esisi wɔ Palestina no ano. Nanso, nhyɛase bɛn ho adwene na na ɛwɔ Paulo tirim?
5. Hena ne Kristofo asafo no nhyɛase, na ɔkwan bɛn so na wɔkaa eyi ho asɛm siei?
5 Paulo kyerɛwee sɛ: “Nhyɛase foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.” (1 Korintofo 3:11) Ná eyi nyɛ bere a edi kan a wɔde Yesu atoto nhyɛase ho. Nokwarem no, Yesaia 28:16 hyɛɛ nkɔm sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa.” Ná Yehowa fi bere tenten abɔ ne tirim sɛ ɔde ne Ba no bɛyɛ Kristofo asafo no nhyɛase.—Dwom 118:22; Efesofo 2:19-22; 1 Petro 2:4-6.
6. Ɔkwan bɛn so na Paulo too nhyɛase pa wɔ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no mu?
6 Dɛn ne nhyɛase a wɔato ama Kristofo ankorankoro? Sɛnea Paulo kae no, nokware Kristoni nni nhyɛase biara sɛ nea wɔde asi hɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no—Yesu Kristo. Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo too nhyɛase a ɛte saa. Wɔ Korinto a na wobu nyansapɛ yiye no, wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ nkurɔfo ani denam wiase nyansa so. Mmom no, Paulo kaa “Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm,” ade a amanaman no bɔ gui sɛ ɛyɛ “nkwaseasɛm” koraa no. (1 Korintofo 1:23) Paulo kyerɛkyerɛe sɛ Yesu ne Yehowa atirimpɔw ahorow mu nipa titiriw.—2 Korintofo 1:20; Kolosefo 2:2, 3.
7. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Paulo ka faa ne ho sɛ “ɔdansifo nyansafo” no mu?
7 Paulo kae sɛ ɔfaa saa kwan no so kyerɛkyerɛe te sɛ “ɔdansifo nyansafo.” Ná asɛm yi nyɛ nea ɔreka de ahoahoa ne ho. Ná ɔreka akyɛde nwonwaso a Yehowa de adom no no ho asɛm kɛkɛ—akyɛde a ɛma otumi yɛ adwuma no ho nhyehyɛe pa anaa ɔde ho akwankyerɛ ma. (1 Korintofo 12:28) Nokwarem no, yenni anwonwakwan so akyɛde a wɔde maa afeha a edi kan Kristofo no bi nnɛ. Na ebia yɛremmu yɛn ho sɛ yɛwɔ ɔkyerɛkyerɛ dom akyɛde. Nanso wɔ ntease titiriw bi mu no, yɛwɔ bi. Susuw ho hwɛ: Yehowa de ne honhom kronkron no ma yɛn de boa yɛn. (Fa toto Luka 12:11, 12 ho.) Afei nso yɛwɔ Yehowa dɔ ne N’asɛm mu mfitiasesɛm nkyerɛkyerɛ mu nimdeɛ. Eyinom yɛ akyɛde nwonwaso a yebetumi de adi dwuma akyerɛkyerɛ afoforo ampa. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde bedi dwuma de ato nhyɛase pa.
8. Ɔkwan bɛn so na yɛto Kristo sɛ nhyɛase wɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ asuafo no mu?
8 Sɛ yɛde Kristo to nhyɛase a, yɛnnka ne ho asɛm sɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu, anaa sɛ Yehowa tipɛn wɔ Baasakoro bi mu. Dabi, adwene a ennyina kyerɛwnsɛm so yi yɛ atoro Kristofo nhyɛase a enye. Mmom no, yɛkyerɛkyerɛ sɛ ɔno ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn, ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ maa yɛn, na ɛnnɛ, ɔyɛ Yehowa Hene a wapaw no a ɔredi ade wɔ soro. (Romafo 5:8; Adiyisɛm 11:15) Afei nso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkanyan yɛn asuafo ma wɔadi Yesu anammɔn akyi na wɔasuasua ne su ahorow. (1 Petro 2:21) Yɛpɛ sɛ Yesu nsi a ɔdaa no adi wɔ ɔsom adwuma no mu, ayamhyehye a ɔdaa no adi kyerɛɛ mmɔborɔwafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so, hu a ohuu abɔnefo a wɔn afobu ahyɛ wɔn so no mmɔbɔ, ne akokoduru pintinn a ɔdaa no adi wɔ sɔhwɛ mu no, ka wɔn koma kɛse. Nokwarem no, Yesu yɛ nhyɛase a ɛkyɛn so. Nanso dɛn na edi hɔ?
Nneɛma a Ɛfata a Wɔde Si Dan
9. Ɛwom sɛ na Paulo yɛ obi a ɔto nhyɛase ara kwa de, nanso na wɔn a wogyee ne nkyerɛkyerɛ no toom sɛ ɛyɛ nokware no ho hia no dɛn?
9 Paulo kyerɛwee sɛ: “Nanso sɛ obi de sika, dwetɛ, abo pa, nnua, sare, buronan to nhyɛase yi so a, obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ.” (1 Korintofo 3:12, 13) Dɛn na na Paulo kyerɛ? Susuw nsɛm a ɛfa ho no ho hwɛ. Ná Paulo yɛ obi a ɔto nhyɛase ara kwa. Wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu mu no, otutuu akwan faa nkurow ahorow mu, kaa asɛm kyerɛɛ nnipa pii a na wɔntee Kristo ho asɛm da. (Romafo 15:20) Bere a nkurɔfo gyee nokware a ɔkyerɛkyerɛe no toom no, ɔhyehyɛɛ asafo horow. Ná Paulo dwen saa anokwafo yi ho yiye. (2 Korintofo 11:28, 29) Nanso na n’adwuma no mma no kwan mma ɔntra faako. Enti bere a ɔde asram 18 too nhyɛase wɔ Korinto no, ofii hɔ kɔkaa asɛm wɔ nkurow afoforo mu. Ne nyinaa akyi no, na n’ani da so ara di sɛnea afoforo bɛtoa adwuma a ɔde gyaa hɔ no so no akyi.—Asomafo no Nnwuma 18:8-11; 1 Korintofo 3:6.
10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo de nneɛma horow a wɔde si dan no yɛɛ ntotoho? (b) Adan bɛn ankasa na ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ tete Korinto? (d) Adan horow bɛn na ɛda adi sɛ ebetumi agyina ogya ano, na asuade bɛn na ɛde ma wɔn a wɔma afoforo bɛyɛ Kristo asuafo no?
10 Ná ɛte sɛnea ebinom a na wɔreto nhyɛase a Paulo toe wɔ Korinto no so no adwuma nsɔ ani no. Nea ɛbɛyɛ na asɛnnennen no ada adi no, Paulo de ɔdansi ho nneɛma abien yɛ ntotoho: sika, dwetɛ, ne abo pa de; ɛne nnua, sare, ne buronan nso de. Wobetumi de nneɛma pa a ɛkyɛ na etumi gyina ogya ano asi ɔdan bi; anaa wobetumi de nneɛma hunu a ɛnkyɛ ne nea ogya tumi tɔ mu ntɛm nso asi bi ahopere so. Akyinnye biara nni ho sɛ na adan a wɔde saa nneɛma yi mu biara asisi nyɛ na wɔ kurow kɛse te sɛ Korinto mu. Ná asɔredan akɛse a wɔde abo ntayaa akɛse a ne bo yɛ den asi a ebia wɔde sika anaa dwetɛ adura ho wɔ hɔ.b Ebetumi aba sɛ ná adan a ɛwɔ ahoɔden yi akɛntɛn dɔtedan, adangow, ne aguadidan a wɔde nnua asi de sare abɔ so a ɛbemmɛn hɔ no so.
11 Sɛ ogya tɔ adan yi mu a, dɛn na ebesi? Na mmuae no da adi pefee wɔ Paulo bere so sɛnea ɛte wɔ yɛn bere yi so no. Nokwarem no, ná Roma Sahene Mummius adi Korinto so nkonim de gya ato mu wɔ 146 A.Y.B. tɔnn. Akyinnye biara nni ho sɛ adan a wɔde nnua, sare, anaa buronan asi no sɛee pasaa. Na adan a ɛyɛ den a wɔde abo asi de sika ne dwetɛ ahyehyɛ no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom tumi gyinae. Ɛda adi pefee sɛ na wɔn a Paulo kyerɛkyerɛ wɔn wɔ Korinto no fa adan a ɛtete saa ho bere nyinaa—adan a wɔde abo asi a ɛwɔ ahoɔden a atumi agyina ɔsɛe a na abubu afoforo a enni ahoɔden no pasaa dedaadaw no ano. Enti hwɛ sɛnea Paulo sii n’asɛm no so dua ma emu daa hɔ! Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, ehia sɛ yebu yɛn ho sɛ adansifo. Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a eye kyɛn so a ɛkyɛ paa yɛ adwuma. Saa kwan no so no, yɛn adwuma no betumi agyina. Dɛn ne nneɛma a ɛkyɛ no, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛ adwuma?
So W’adwuma Begyina Ogya Ano?
12. Akwan bɛn so na na Kristofo a wɔwɔ Korinto no mu binom yɛ anibiannaso wɔ wɔn ɔdansi adwuma no mu?
12 Ɛda adi pefee sɛ na Paulo te nka sɛ ɔkwan a na Kristofo binom a wɔwɔ Korinto nam so si dan no nye. Dɛn na na atoto? Sɛnea nsɛm a ɛfa ho no ma ɛda adi no, na mpaapaemu, kamfo a na wɔkamfo ankorankoro de twa mpoa ɛmfa ho sɛ na ebetumi asɛe asafo no ntam biakoyɛ no, wɔ asafo no mu. Ná ebinom reka sɛ, “me de, meyɛ Paulo de,” bere a na afoforo nso kyerɛ sɛ “meyɛ Apolo de.” Ɛte sɛ nea na ebinom nso bu wɔn ho anyansafo no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea efii mu bae ne sɛ wɔbɛyɛɛ honam mufo, wɔannyin wɔ honhom mu, na “ahoɔyaw ne kunsunkunsun” baa wɔn mu. (1 Korintofo 1:12; 3:1-4, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ su horow a ɛtete saa no daa adi wɔ nkyerɛkyerɛ a na wɔde ma wɔ asafo no mu ne wɔ asɛnka mu no mu. Nea efii mu bae ne sɛ wɔbɛyɛɛ anibiannaso wɔ wɔn asuafoyɛ adwuma no mu, te sɛ ɔdan a wɔde nneɛma a enni mu asi. Ɛrentumi nnyina “ogya” ano. Ogya bɛn na na Paulo reka ho asɛm no?
13. Ogya a Paulo de dii dwuma wɔ ne mfatoho no mu no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ ho?
13 Ogya bi wɔ hɔ a yɛn nyinaa hyia wɔ asetra mu—yɛn gyidi ho sɔhwɛ. (Yohane 15:20; Yakobo 1:2, 3) Ade a na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no hu, na ehia sɛ yɛn nso yehu ne sɛ, wɔbɛsɔ obiara a yɛbɛkyerɛkyerɛ no nokware no ahwɛ. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ yiye a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ awerɛhow. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua. Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.”c—1 Korintofo 3:14, 15.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔma afoforo bɛyɛ asuafo no betumi ‘ahwere ade,’ nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi anya nkwa te sɛ nea wɔnam ogya mu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanhwere ade pii?
14 Aniberesɛm ankasa! Ebetumi ayɛ yaw paa sɛ wobɛyɛ adwumaden de aboa obi ma wabɛyɛ osuani, na wubehu ara na onii no agyaa ne ho mu ama sɔhwɛ anaa ɔtaa, na awiei koraa no waman afi nokware kwan no so. Paulo gye toom saa pɛpɛɛpɛ bere a ɔkae sɛ yɛhwere ade wɔ tebea a ɛtete saa mu no. Ebetumi ayɛ osuahu a ɛyɛ yaw araa ma enti wobetumi aka yɛn nkwagye ho asɛm sɛ “ɛte sɛ ɛnam ogya mu”—te sɛ obi a ogya hyew ne nneɛma nyinaa a anka ne nkwa mpo rebɔ no. Yɛn fam no, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanhwere ade pii? Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛkyɛ si dan! Sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn asuafo ma ɛka wɔn koma na ɛkanyan wɔn ma wɔkyerɛ obu ma Kristofo su horow te sɛ nyansa, nhumu, Yehowa suro, ne nokware gyidi a, ɛnde na yɛde nneɛma a ɛkyɛ a etumi gyina ogya ano na ɛresi dan. (Dwom 19:9, 10; Mmebusɛm 3:13-15; 1 Petro 1:6, 7) Wɔn a wonya su horow a ɛtete sɛɛ no bɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn apɛde; wɔn na wɔwɔ anidaso a enni huammɔ a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa no. (1 Yohane 2:17) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo mfatoho no adi dwuma yiye? Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.
15. Ɛdefa yɛn Bible asuafo ho no, akwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ yɛrenyɛ anibiannaso wɔ ɔdansi adwuma no mu?
15 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ Bible asuafo ade a, ɛnsɛ sɛ yɛkamfo nnipa sen Yehowa Nyankopɔn da. Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabu yɛn sɛ yɛn na yɛyɛ anyansafo. Yɛpɛ sɛ wɔdan kɔ Yehowa, N’asɛm, ne n’ahyehyɛde no nkyɛn kɔhwehwɛ akwankyerɛ. Ne saa nti, yemfi yɛn adwenem mma wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Mmom no, yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔnam Bible ne nhoma horow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim no so hwehwɛ mmuae. (Mateo 24:45-47) Ntease horow a ɛtete saa nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yennye yɛn Bible asuafo mmɔ so. Sɛ́ anka yɛbɛma yɛn bo afuw bere a afoforo kyerɛ wɔn ho anigye no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nkuran ma ‘wɔtrɛw’ wɔn dɔ mu, na wohu asafo no mufo dodow biara a wobetumi akyerɛ wɔn ho anigye.—2 Korintofo 6:12, 13.
16. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi de nneɛma a ogya ntumi nhyew asi dan?
16 Kristofo mpanyimfo nso wɔ ɔfã titiriw wɔ asuafo a wosi wɔn sɛ dan no mu. Sɛ wogyina asafo no anim kyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ wɔn botae sɛ wɔde nneɛma a ogya ntumi nhyew besi dan. Ebia ɛbɛsono sɛnea wotumi kyerɛkyerɛ, wɔn suahu, ne wɔn nipasu koraa, nanso wonnyina nsonsonoe a ɛtete sɛɛ so ntwe nkurɔfo nni wɔn akyi. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:29, 30 ho.) Yennim ade pɔtee a enti na wɔn a na wɔwɔ Korinto no binom ka sɛ, “meyɛ Paulo de,” anaa “meyɛ Apolo de,” no. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ mpanyimfo anokwafo yi mu biara na ɛhyɛɛ mpaapaemu a ɛte saa ho nkuran. Nsɛm a ɛte saa no amma Paulo tirim anyɛ no dɛ; ɔkasa tiae denneennen. (1 Korintofo 3:5-7) Saa ara na ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ wɔyɛn “Onyankopɔn nguankuw.” (1 Petro 5:2) Ɛnyɛ onipa biara de. Enti mpanyimfo no mma kwan mma onipa biako nkɛntɛn nguankuw no anaa mpanyimfo kuw no so. Bere dodow a mpanyimfo fi ahobrɛase mu wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom asafo no, adu asafo no mufo komam, na wɔaboa nguan no ma wɔafi koma nyinaa mu asom Yehowa no, wɔde nneɛma a ogya ntumi nhyew si dan.
17. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma a ogya ntumi nhyew besi dan?
17 Asɛm yi ho hia Kristofo a wɔyɛ awofo nso paa. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyina sɛ wobehu sɛ wɔn mma bɛtra ase daa! Ɛno nti na wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm ‘bedua’ wɔn mma komam no. (Deuteronomium 6:6, 7, NW) Wɔmpɛ sɛ wɔn mma bu nokware no sɛ mmara horow bi anaa nokwasɛm bi a wotĩm ka ara kɛkɛ, na mmom sɛ asetra kwan a mfaso wɔ so na ɛyɛ anigye. (1 Timoteo 1:11) Nea ɛbɛyɛ na awofo a wɔwɔ ɔdɔ atete wɔn mma na wɔabɛyɛ Kristo akyidifo anokwafo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma a ogya ntumi nhyew bedi dwuma. Wɔto wɔn bo ase ne wɔn mma yɛ adwuma, boa wɔn ma woyiyi su horow bi a Yehowa kyi fi wɔn asetra mu na wodi su horow a n’ani gye ho akyi.—Galatifo 5:22, 23.
Hena So na Asodi no Da?
18. Sɛ osuani bi po ɔkyerɛ pa no a, dɛn nti na ebia ɛrenyɛ nea ɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ no na watete no no mfomso ankasa?
18 Asɛm a yɛresusuw ho yi ma asɛmmisa bi a ɛho hia sɔre. Sɛ obi a yɛbɔ yɛn ho mmɔden boa no antumi antra nokware no mu a, so ɛno kyerɛ sɛ yɛanyɛ akyerɛkyerɛfo pa—sɛ ebia yɛde nneɛma a enye na esii dan no? Ɛnte saa ankasa. Nokwarem no, Paulo nsɛm no kae yɛn sɛ asuafoyɛ adwuma a yɛyɛ no yɛ asɛyɛde kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de si dan pa. Nanso Onyankopɔn Asɛm nka sɛ sɛ obi a yɛpɛ sɛ yɛboa no man fi nokware no ho a, ɛsɛ sɛ yɛfa ɛho asodi nyinaa soa na yebu yɛn ho fɔ wɔ ho. Sɛ ɔfã a yɛwɔ sɛ adansifo no da nkyɛn a, nsɛm afoforo nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea Paulo ka faa ɔkyerɛkyerɛfo a wanyɛ n’adwuma yiye mpo wɔ ɔdansi adwuma yi mu no ho nsow: “Ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa.” (1 Korintofo 3:15) Sɛ awiei koraa no, ɔkyerɛkyerɛfo yi benya nkwa—na sɛ wotwa Kristofo su a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde bedua ne suani no mu ho mfonini sɛ ‘ahyew’ wɔ sɔhwɛ a ano yɛ den bi mu—a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛkyerɛ sɛ Yehowa de asodi no bɛto osuani no ankasa so wɔ gyinae a osii sɛ ebia ɔde nokwaredi bɛtra ase anaasɛ ɔrenyɛ saa no ho.
19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
19 Ankorankoro asɛyɛde yɛ asɛnhia ankasa. Ɛka yɛn mu biara. Dɛn ankasa na Bible ka wɔ asɛm no ho? Yɛn adesua a edi hɔ no besusuw eyi ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Asase nhyɛase” no betumi agyina hɔ ama tumi a ekura asase no—ne ɔsoro abɔde nyinaa—mu pintinn no. Afei nso, wɔayɛ asase no ɔkwan bi so a ‘ɛrenhim’ anaa ɛrensɛe da biara da.—Dwom 104:5.
b “Abo pa” a Paulo kaa ho asɛm no nkyerɛ sɛ na ɛyɛ abohene te sɛ dɛnkyɛmmo ne aboɔden abo. Ebetumi ayɛ abo a wɔde si dan a ne bo yɛ den te sɛ marmorabo, abo hyɛnhyɛn, anaa abo a ɛho yɛ toromtorom.
c Ɛnyɛ ɔdansifo no nkwagye na na Paulo kyerɛ sɛ ɛho bɛba asɛm, na mmom ɔdansifo no “adwuma.” The New English Bible no ka nkyekyem yi ho asɛm sɛ: “Sɛ obi dan gyina a, obenya akatua; sɛ ɛhyew a, ɔbɛbɔ ka; nanso obenya nkwa te sɛ nea wɔahwim no afi ogya mu.”
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn ne nokware Kristoni “nhyɛase,” na ɔkwan bɛn so na wɔto?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi nneɛma a wɔde si dan a egu ahorow no mu?
◻ “Ogya” no gyina hɔ ma dɛn, na ɔkwan bɛn so na ebetumi ama ebinom ‘ahwere ade’?
◻ Ɔkwan bɛn so na Bible akyerɛkyerɛfo, mpanyimfo, ne awofo, betumi de nneɛma a ogya ntumi nhyew asi dan?
[Kratafa 9 mfonini]
Wɔ tete nkurow pii mu no, na adan a ogya ntumi nhyew ne adan a wɔasi no biara-biara nyinaa bi wɔ hɔ