Kɔ So Yɛ W’ankasa Nkwagye Ho Adwuma!
“M’adɔfo, . . . momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma nwie.”—FILIPIFO 2:12.
1, 2. Dɛn na nnipa pii gye tom a enti ɛma nkurɔfo pii te nka sɛ wonni sɛnea wɔn asetra bɛyɛ so tumi biara no?
“SO SAA na wɔwoo wo?” Wɔkyerɛw saa asɛmmisa no guu nsɛmma nhoma bi a agye din akyi nnansa yi ara. Nsɛm a epuee wɔ asɛmti no ase ne: “Wo nipasu, wo suban, ne nea wopaw wɔ asetram mpo. Nhwehwɛmu foforo da no adi sɛ emu dodow no ara fi yɛn awosu mu.” Ebia nsusuwii a ɛte saa bɛma ebinom ate nka sɛ wonni wɔn ankasa asetra so tumi kɛse biara.
2 Afoforo susuw sɛ ɔkwan bi so no, ntetee pa a wɔannya amfi wɔn awofo anaa nkyerɛkyerɛ pa a wɔannya wɔ wɔn akyerɛkyerɛfo nkyɛn no ama wɔn asetra ayɛ basaa. Ebia wɔbɛte nka sɛ ɔkwan biara so no, wobedi wɔn awofo mfomso akyi, ada awosu a ennye koraa adi, ma enti wontumi nni Yehowa nokware—ne tiawa mu no, wobesisi gyinae a ɛmfata. So saa na Bible no kyerɛkyerɛ? Nokwarem no, nyamesomfo bi gye gyina mu sɛ Bible no kyerɛkyerɛ biribi te sɛ eyi, hyɛbea nkyerɛkyerɛ no. Sɛnea nkyerɛkyerɛ yi ka no, Onyankopɔn fi bere tenten ahyɛ yɛn asetra mu biribiara atɔ hɔ.
3. Nkuranhyɛsɛm bɛn na Bible de ma wɔ nea yebetumi ayɛ wɔ yɛn daakye ho no ho?
3 Adwene horow yi nyinaa kowie asɛm biako mu: Wuntumi nyɛ w’asetra ho hwee, wunni nea w’asetra bɛyɛ daakye so tumi. Ɛyɛ asɛm a ebu abasam, so ɛnte saa, na abasamtu ma ɔhaw no yɛ kɛse. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Nanso sɛnea Bible no kyerɛ no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yebetumi ‘ayɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’ (Filipifo 2:12) Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn ahotoso wɔ Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ yi mu den?
‘Ɔdansi’ Adwuma a Yɛyɛ Wɔ Yɛn Ankasa Mu
4. Ɛwom sɛ 1 Korintofo 3:10-15 ka si a yɛde nneɛma a ogya ntumi nhyew besi dan ho asɛm de, nanso dɛn na eyi nkyerɛ?
4 Susuw ɔsomafo Paulo mfatoho a ɛwɔ 1 Korintofo 3:10-15 no ho hwɛ. Ɔka Kristofo ɔdansi adwuma ho asɛm wɔ hɔ, na yebetumi de ne mfatoho no mu nnyinasosɛm no adi dwuma wɔ adwuma a yɛyɛ wɔ yɛn ankasa mu ne afoforo mu no mu. So na ɔrepɛ akyerɛ sɛ awiei koraa no, sɛ́ obi bɛpaw sɛ ɔbɛsom Yehowa na wakɔ so adi no nokware anaasɛ ɔrenyɛ saa no ho asodi nyinaa da wɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ no na wɔmaa no ntetee no so? Dabi. Ná Paulo resi hia a ɛho hia sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no yɛ nea obetumi biara wɔ ne dansi adwuma no mu so dua. Nanso, sɛnea yesuae wɔ adesua a edi eyi anim mu no, na ɛnyɛ nea ɔreka ne sɛ osuani no ntumi nyɛ asɛm no ho biribiara. Nokwarem no, Paulo mfatoho no twe adwene si adwuma a yɛyɛ wɔ afoforo mu no so, na ɛnyɛ nea yɛyɛ de hyɛ yɛn ankasa ho den no so. Eyi da adi pefee efisɛ Paulo ka ɔdan a wonsi no yiye ho asɛm sɛ ɛsɛe, bere a ɔdansifo no ankasa nya ne ti didi mu no. Ne nyinaa akyi no, ɛtɔ mmere bi a, Bible no de kasa a ɛte saa ara di dwuma wɔ adwuma a yɛyɛ wɔ yɛn ankasa ho no mu.
5. Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ‘ɔdansi’ adwuma wɔ wɔn ankasa mu?
5 Sɛ nhwɛso no, susuw Yuda 20, 21 ho hwɛ: “Mo, adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae [honhom kronkron, NW] mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.” Ɛha nso Yuda de Hela asɛmfua koro no ara a wɔkyerɛ ase ‘si’ a Paulo de dii dwuma wɔ 1 Korintofo ti 3 no na edii dwuma, nanso ɛte sɛnea nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, yebegyina yɛn gyidi nhyɛase so ahyɛ yɛn ho den. Bere a Luka rekyerɛw Yesu mfatoho a ɛfa ɔbarima a osii ne dan sii ɔbotan so ho no, ɔde Hela asɛmfua koro no ara a wɔkyerɛ ase “nhyɛase,” a Paulo de dii dwuma wɔ ne mfatoho a ɛfa si a wosi Kristofo sɛ ɔdan ho no na edii dwuma. (Luka 6:48, 49) Bio nso, bere a Paulo retu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ wonnya honhom mu nkɔso no, ɔde to a wɔto biribi si “nhyɛase” so ho mfatoho na edii dwuma. Yiw, Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ‘ɔdansi’ adwuma no wɔ yɛn ankasa mu.—Efesofo 3:15-19; Kolosefo 1:23; 2:7.
6. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristoni suani biara fi ɔdansi adwuma a wɔbom yɛ mu na ɛbae no mu. (b) Asɛyɛde bɛn na ɛda ankorankoro suani biara so?
6 So si a wosi Kristoni bi sɛ ɔdan no yɛ obiakofo adwuma? Wiɛ, fa no sɛ woasi gyinae sɛ wubesi dan. Wukogye ɔdansi ho nsusuwso wɔ ɔdansi ho nimdefo bi nkyɛn. Bere a wowɔ ɔpɛ sɛ w’ankasa bɛyɛ adwuma no mu fã kɛse no, wobɔ ɔdansifo bi paa ma ɔbɛboa wo wɔ ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so asi no ho. Sɛ ɔto nhyɛase pa, boa wo ma wote ɔdansi ho nsusuwso no ase, na ɔkyerɛ wo ma wototɔ nneɛma pa, na mpo ɔkyerɛkyerɛ wo ɔdansi ho nneɛma pii a, akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ woayɛ adwuma pa. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ woamfa n’afotu no anni dwuma, na wokɔtotɔ nneɛma a ɛyɛ fow a enni mu biara, a ɛnka nea ɔdansifo no hia ho nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ ɔdan no dwiriw gu a, wuntumi mmɔ ɔdansifo no anaa ɔdansi ho nimdefo no sobo! Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔnam ɔdansi adwuma a wɔyɛ bom so na Kristoni biara bɛyɛɛ osuani. Yehowa ne ɔdansi ho nimdefo a ɔsen biara no. Odi boa Kristofo anokwafo a sɛ́ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no, wɔkyerɛkyerɛ na wɔhyɛ osuani biara nkuran no. (1 Korintofo 3:9) Ne nyinaa akyi no, osuani no nso ho wom bi. Awiei koraa no, n’ankasa na obebu n’asetra kwan ho akontaa. (Romafo 14:12) Sɛ ɔpɛ sɛ onya Kristofo su a eye a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho adwumaden de nya, na osi wɔ n’ankasa ne mu.—2 Petro 1:5-8.
7. Nsɛnnennen bɛn na Kristofo binom hyia, na dɛn na ebetumi akyekye wɔn werɛ?
7 Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ awosu, baabi a yɛte, ne sɛnea yɛn akyerɛkyerɛfo tu mpɔn no mma asɛm no mu koraa? Ɛnte saa koraa. Onyankopɔn Asɛm bu eyinom mu biara sɛ ɛho hia na ɛwɔ nkɛntɛnso ankasa. Bɔne su ne adwene a ɛnteɛ pii fi awosu mu, na ebetumi ayɛ den paa sɛ yɛbɛko atia. (Dwom 51:5; Romafo 5:12; 7:21-23) Awofo ntetee ne fie tebea betumi anya mmofra so nkɛntɛnso kɛse—nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. (Mmebusɛm 22:6; Kolosefo 3:21) Yesu kasa tiaa Yudafo nyamesom akannifo no wɔ nkɛntɛnso bɔne a wɔn nkyerɛkyerɛ nyae wɔ afoforo so no ho. (Mateo 23:13, 15) Ɛnnɛ, nneɛma a ɛtete saa nya yɛn nyinaa so nkɛntɛnso. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nkurɔfo binom hyia nsɛnnennen esiane asetra a ɛyɛ den a wɔfa mu wɔ wɔn mmofraberem nti. Saafo yi hia ayamye ne tema a yɛbɛda no adi akyerɛ wɔn. Na wobetumi anya awerɛkyekye afi Bible mu asɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware sɛ wobetĩ mfomso a wɔn awofo dii no mu ɔkwan biara so, anaasɛ wɔrenni nokware no mu. Susuw sɛnea tete Yudafo ahemfo no bi ma yenya asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu no ho.
Yuda Ahemfo—Wɔn Ankasa Paw Nea Wɔpɛ sɛ Wɔyɛ
8. Nhwɛso bɔne bɛn na Yotam agya de gyaa no, nanso dɛn na ɔpawee?
8 Usia bɛyɛɛ Yuda hene bere a na wadi mfe 16 pɛ, na odii ade mfirihyia 52. Ɔde saa bere yi mu fã kɛse no ara ‘yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, sɛ n’agya Amasia yɛe no nyinaa.’ (2 Ahene 15:3) Yehowa ma odii sraadi mu nkonim pii a na ɛyɛ nwonwa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nkonimdi maa Usia tirim yɛɛ no dɛ. Ɔbɛyɛɛ ahantan na ɔtew Yehowa anim atua, de aduhuam kɔɔ afɔremuka no so wɔ asɔrefie hɔ, bere a asɔfo nkutoo na na wɔfata sɛ wɔyɛ saa adwuma no. Wɔkaa Usia anim, nanso ɔde abufuw yii ano. Afei wɔbrɛɛ no ase—de kwata bɔɔ no ma enti ɔkɔtraa ayarefo atrae, ne nkwa nna a aka nyinaa. (2 Beresosɛm 26:16-23) Ne ba Yotam yɛɛ n’ade dɛn wɔ eyinom nyinaa ho? Ná anka ɛrenyɛ den koraa sɛ aberante yi papa benya ne so nkɛntɛnso ma wapo Yehowa nteɛso. Na ɔmanfo no ankasa betumi anya ne so nkɛntɛnso bɔne esiane sɛ na wɔyɛ atorosom amanne ahorow nti. (2 Ahene 15:4) Nanso Yotam paw nea n’ankasa pɛ. “Ɔyɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so.”—2 Beresosɛm 27:2.
9. Nneɛma pa bɛn na anka Ahas betumi asua biribi afi mu, nanso n’asetra kowiee dɛn?
9 Yotam dii ade mfirihyia 16, na odii Yehowa nokware bere nyinaa. Ne saa nti, na ne ba Ahas wɔ agya nokwafo nhwɛso pa a obetumi adi akyi. Na na afoforo nso wɔ hɔ a anka Ahas betumi asuasua wɔn nhwɛso pa. Onyaa hokwan traa ase bere a na adiyifo anokwafo Yesaia, Hosea, ne Mika rehyɛ nkɔm wɔ asase no so a na adagyew nnim koraa no. Nanso, wampaw ade pa. “Wanyɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so sɛ n’agya Dawid.” Ɔyeyɛɛ Baal ahoni na ɔsom wɔn na mpo ɔhyew n’ankasa mma binom wɔ ogya mu de bɔɔ afɔre maa abosom. Ɛmfa ho nkɛntɛnso pa a na atwa ne ho ahyia no, wantumi anna ne ho adi sɛ ɔhempa ne Yehowa somfo maa ɛyɛɛ awerɛhow.—2 Beresosɛm 28:1-4.
10. Ná Ahas yɛ agya bɛn, nanso dɛn na ne ba Hesekia pawee?
10 Agya biara nni hɔ a ɔman fii ɔsom kronn ho a yebetumi de no atoto Ahas ho. Nanso na ne ba Hesekia nni obiara a ɔde no bɛyɛ n’agya! Ɛda adi sɛ mmofra a Ahas kunkum wɔn bɔɔ afɔre maa Baal no yɛ Hesekia ankasa nuanom. So tebea bɔne yi kaa Hesekia asetra hyɛe ara sɛ, ɔkwan biara so no, ɔrenni Yehowa nokware? Nea ɛne no bɔ abira no, Hesekia bɛyɛɛ Yuda ahemfo atitiriw a na wɔnnɔɔso no mu biako—ɔbarima nokwafo, nyansafo, a na wɔdɔ no. “[Yehowa, NW] dii n’akyi.” (2 Ahene 18:3-7) Nokwarem no, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Hesekia na honhom kaa no ma ɔkyerɛw Dwom a ɛto so 119 no bere a na ɔyɛ ɔhene ba aberantewa no. Sɛ saa na ɛte de a, ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a ɔkyerɛw nsɛm yi: “Awerɛhow ama me kra anan.” (Dwom 119:28) Ɛmfa ho ne haw bebrebe no, Hesekia maa Yehowa Asɛm kyerɛɛ no kwan n’asetra mu. Dwom 119:105 ka sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” Yiw, Hesekia ankasa paw nea ɔpɛ—ɔpaw nea eye.
11. (a) Ɛmfa ho Manase agya nkɛntɛnso pa no, ɛhefa na ɔtew Yehowa anim atua kodui? (b) Ɛrekɔ Manase nkwa nna awiei no, dɛn na ɔpawee, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?
11 Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, Yudafo ahemfo a woye kyɛn so no mu biako mu na nea onye koraa no biako fi bae. Hesekia ba Manase hyɛɛ ahonisom, ahonhomsɛmdi, ne basabasayɛ a ɛkɔ akyiri ho nkuran denneennen sen bere biara. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “[Yehowa, NW] kasa kyerɛɛ Manase ne ne man,” a ɛda adi sɛ ɔde nam adiyifo no so. (2 Beresosɛm 33:10) Sɛnea Yudafo atetesɛm kyerɛ no, Manase yɛɛ ho ade denam Yesaia a ɔma wɔde ɔwan paee ne mu so. (Fa toto Hebrifo 11:37 ho.) Sɛ́ ebia ɛno yɛ nokware anaa ɛnte saa no, Manase antie ɔsoro kɔkɔbɔ biara. Nokwarem no, ɔma wɔhyew ne mma no mu binom sɛ afɔrebɔde, sɛnea ne nanabarima Ahas yɛe no. Nanso bere a saa ɔbarima otirimɔdenfo yi hyiaa ɔtaa a emu yɛ den wɔ ne nkwa nna a etwa to mu no, onuu ne ho yɛɛ nsakrae wɔ n’akwan mu. (2 Beresosɛm 33:1-6, 11-20) Ne nhwɛso no kyerɛ yɛn sɛ sɛ obi sisi gyinae a ɛmfata a, ɛno nkyerɛ sɛ wɔyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Obetumi asesa.
12. Nneɛma a ɛbɔ wɔn ho abira bɛn na Amon ne ne ba Yosia pawee wɔ Yehowa som ho?
12 Ná anka Manase ba, Amon betumi asua nneɛma pii afi n’agya adwensakra no mu. Nanso wansi gyinae pa. Nokwarem no, Amon “maa asodi dɔɔso” kosii sɛ awiei koraa no, wokum no. Ne ba Yosia bɛbɔɔ no abira koraa ma ɛyɛɛ anigye. Ɛda adi sɛ Yosia suaa biribi fii nea ɛtoo ne nana no mu. Ofii ase dii ade bere a na wadi mfe awotwe pɛ no. Bere a odii mfe 16 pɛ no, ofii ase hwehwɛɛ Yehowa akyi kwan na ɛno akyi no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔhene nokwafo a ɔyɛ nhwɛso pa. (2 Beresosɛm 33:20–34:5) Ɔpaw biribi—ade pa.
13. (a) Dɛn na yesua fi Yudafo ahemfo a yɛasusuw wɔn ho no hɔ? (b) Awofo ntetee ho hia dɛn?
13 Yuda ahemfo du mu nhwehwɛmu yi ma yenya asuade kɛse bi. Wɔ nhwɛso no bi mu no, ahemfo a na wonye koraa no woo mma a na woye kyɛn so, na nea ɛne no bɔ abira no, ahemfo a na woye kyɛn so no wowoo mma a na wonye koraa. (Fa toto Ɔsɛnkafo 2:18-21 ho.) Eyi mmrɛ hia a awofo ntetee ho hia no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ awofo a wɔtete wɔn mma wɔ Yehowa kwan so no ma wɔn mma no nya hokwan a eye sen biara a ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo. (Deuteronomium 6:6, 7) Ne nyinaa akyi no, mmofra bi wɔ hɔ a, ɛmfa ho mmɔden a awofo anokwafo bɔ nyinaa akyi no, wɔpaw sɛ wɔbɛfa ɔkwammɔne so. Mmofra afoforo nso, ɛmfa ho awofo nkɛntɛnso bɔne no, wɔpaw sɛ wɔbɛdɔ Yehowa na wɔasom no. Ɛdenam ne mmoa so no, wonya asetra pa. So ɛtɔ mmere bi a wudwennwen nea ɛbɛba wo so no ho? Ɛnde susuw awerɛhyem nsɛm a Yehowa ankasa de ma a ɛkyerɛ sɛ wubetumi apaw ade pa no ho hwɛ!
Yehowa Wɔ Wo Mu Ahotoso!
14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa te yɛn mmerɛwyɛ ase?
14 Yehowa hu biribiara. Mmebusɛm 15:3 ka sɛ: “[Yehowa, NW] aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.” Ɔhene Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.” (Dwom 139:16) Enti, Yehowa nim mmerɛwyɛ a woko tia no—ɛmfa ho sɛ ebia wɔde woo wo anaasɛ afoforo nkɛntɛnso a wuntumi nyɛ ho hwee na ɛma wunyae. Ɔte sɛnea eyinom anya wo so tumi ankasa no ase. Onim wo sintɔ yiye mpo kyɛn sɛnea w’ankasa wunim. Na ɔyɛ mmɔborohunufo. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so mfi yɛn hɔ da.—Dwom 103:13, 14.
15. (a) Ɛhefa na wɔn a afoforo boapa afom wɔn no betumi anya awerɛkyekye afi? (b) Asɛyɛde bɛn na Yehowa de ahyɛ yɛn mu biara nsa?
15 Ɔkwan foforo so no, Yehowa mmu yɛn sɛ nnipa a yentumi nyɛ yɛn tebea no ho hwee. Sɛ yɛanya osuahu ahorow bi a enye pɛn a, yebetumi anya awerɛkyekye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa tan nneyɛe bɔne a ɛtete saa a wɔboapa yɛ nyinaa. (Dwom 11:5; Romafo 12:19) Nanso sɛ ɛba sɛ yɛsakra na sɛ yɛboapa paw nea enye a, so obeyi yɛn bɔne no so asodi afi yɛn so? Nokwarem no, ɔrenyɛ saa. N’asɛm ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Yehowa de adetreneeyɛ ne som a wɔsom no ho asɛyɛde adom n’abɔde a wonim nyansa no mu biara. Ɛte sɛ nea Mose ka kyerɛɛ Israel man no: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.” (Deuteronomium 30:19) Yehowa wɔ yɛn mu ahotoso sɛ yɛn nso yebetumi apaw nea eye. Yɛyɛ dɛn hu?
16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nkonim wɔ ‘yɛn ankasa nkwagye a yɛbɛyɛ ho adwuma’ no mu?
16 Hyɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no nsow: “Enti, m’adɔfo, . . . momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma nwie; na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu wɔ nea mopɛ na moyɛ nyinaa mu.” (Filipifo 2:12, 13) Hela mfitiase asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘yɛ adwuma,’ a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛ wɔde biribi ba awiei. Enti yɛn mu biara nni hɔ a wɔahyɛ ato hɔ sɛ obedi nkogu anaa obegyaa mu. Yehowa Nyankopɔn wɔ awerɛhyem sɛ yebetumi awie adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa—adwuma a ɛde nkwagye bɛbrɛ yɛn—no, sɛ ɛnte saa a, anka ɔremma wɔnkyerɛw asɛm a ɛte saa. Nanso ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa adi nkonim? Emfi yɛn ankasa ahoɔden mu. Sɛ yɛn ankasa wɔ ahoɔden a ɛsɛ wɔ yɛn mu a, anka ɛho renhia sɛ ‘yesuro na yɛn ho popo.’ Mmom no, Yehowa ‘yɛ adwuma wɔ yɛn mu,’ ne honhom kronkron no yɛ adwuma wɔ yɛn adwene ne yɛn komam na ɛboa yɛn wɔ ‘nea yɛyɛ ne nea yɛpɛ’ mu. Wɔ mmoa a ofi ɔdɔ mu de ma yɛn no nyinaa akyi no, so biribi wɔ hɔ a enti yentumi mpaw nea eye wɔ asetra mu mmfa mmɔ bra? Dabi!—Luka 11:13.
17. Nsakrae horow bɛn na yebetumi ayɛ wɔ yɛn mu, na ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ?
17 Yebehyia akwanside ahorow a ɛsɛ sɛ yedi so—ebia suban bɔne bi a yedii akyi ne nkɛntɛnso bɔne ahorow a ebetumi ama yɛanya adwenkyea bi. Nanso ɛdenam Yehowa honhom no mmoa so no, yebetumi adi eyinom so! Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no, Onyankopɔn Asɛm mu yɛ den a ebetumi ‘aburuw biribiara a ɛkorɔn.’ (2 Korintofo 10:4, 5) Nokwarem no, Yehowa betumi aboa yɛn na yɛayɛ nsakrae akɛse wɔ yɛn mu. N’asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenyi onipa dedaw no ngu,’ na ‘yɛnhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. (Efesofo 4:22-24) So Yehowa honhom betumi aboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae horow a ɛtete saa ankasa? Akyinnye biara nni ho! Onyankopɔn honhom ma yɛsow aba—su horow a ɛyɛ fɛ na ɛsom bo a yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛda no adi. Eyinom mu nea edi kan ne ɔdɔ.—Galatifo 5:22, 23.
18. Dɛn na onipa biara a n’adwenem da hɔ betumi apaw, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi boa yɛn ma yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
18 Ɛno mu na yenya nokwasɛm bi a ɛma ahofadi. Yehowa Nyankopɔn dɔ to ntwa da, na wɔbɔɔ yɛn ne suban so. (Genesis 1:26; 1 Yohane 4:8) Enti yebetumi apaw sɛ yɛbɛdɔ Yehowa. Na saa ɔdɔ no—ɛnyɛ yɛn kan asetra kwan, yɛn mmerɛwyɛ a yɛabenya, fi a yefi awo mu tɔ kɔ bɔne so—na yɛn daakye gyina so. Ade a na Adam ne Hawa hia na ama wɔakɔ so atra Eden nokwaredi mu ne ɔdɔ ma Yehowa Nyankopɔn. Ɔdɔ a ɛte saa na yɛn mu biara hia na ama yɛanya yɛn ti adidi mu wɔ Harmagedon, na yɛatwa sɔhwɛ a etwa to no akɔ Kristo Mfirihyia Apem nniso no mu. (Adiyisɛm 7:14; 20:5, 7-10) Ɛmfa ho tebea horow biara a yɛn mu biara wom no, yebetumi anya ɔdɔ a ɛte saa. (Mateo 22:37; 1 Korintofo 13:13) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛdɔ Yehowa na yɛnhyɛ saa ɔdɔ no mu den nkosi daa.
Wususuw Ho Dɛn?
◻ Adwene a nnipa pii gye tom bɛn na ɛne Bible nkyerɛkyerɛ pa a ɛfa ankorankoro asɛyɛde ho no bɔ abira?
◻ Ɔdansi adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ wɔ n’ankasa mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yudafo ahemfo no nhwɛso kyerɛ sɛ nea ankorankoro biara pɛ na ɔpaw?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi apaw nea eye ɛmfa ho nkɛntɛnso bɔne a atwa yɛn ho ahyia no?
[Kratafa 15 mfonini]
So awosu na ɛkyerɛ nea wo daakye bɛyɛ?
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛmfa ho Ɔhene Yosia agya nhwɛso bɔne no, ɔpawee sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn