Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/1 kr. 19-23
  • Yehowa A Mɛsɔ N’ani Ne Nea Ehia Me Titiriw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa A Mɛsɔ N’ani Ne Nea Ehia Me Titiriw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahofama a Mede Somee
  • Me Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Sukuu Mu
  • Wɔsɔɔ Afa Biara a Minni Sɛ Kristoni No Hwɛe
  • Dwumadi a Mesan Fii Ase Bere a Wogyae Me No
  • Asetra a Mfaso Wɔ So
  • Yehowa Nsa A Ɔdɔ Wom Ase A Mesom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ayisaa A Onni Obiara Nya Agya Bi A Ɔwɔ Ɔdɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Masi Me Bo sɛ Mɛyɛ Kristo Sraani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/1 kr. 19-23

Yehowa A Mɛsɔ N’ani Ne Nea Ehia Me Titiriw

SƐNEA THEODOROS NEROS KA KYERƐE

Wobuee afiase dan a meda mu no na ɔpanyin bi kae sɛ: “Hena na wɔfrɛ no Neros no?” Bere a migyee so no, ɔkae sɛ: “Sɔre. Yɛrekokum wo.” Ɛno sii wɔ asraafo atrae wɔ Corinth, Greece, wɔ 1952 mu. Dɛn nti na na me nkwa da asiane mu saa? Ansa na mɛkyerɛkyerɛ mu no, ma menka me ho asɛm kakra.

BIBLE Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) no bɛsraa me papa wɔ 1925 mu. Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ wɔn mu biako, na ɔkaa ne gyidi no ho asɛm kyerɛɛ ne nuanom baawɔtwe na wɔn nyinaa begyee Bible mu nokware no. N’awofo nso gyee nokware no. Ɔwaree wɔ ɛno akyi, na wɔwoo me 1929 mu wɔ Agrinio, Greece.

Hwɛ sɛnea na saa mfe no mu yɛ den wɔ Greece! Nea edi kan no, na ɛwɔ ɔsahene Metaxas katabaako nniso ase. Na afei wɔ 1939 mu no, Wiase Ko II pae gui na ankyɛ biara na Nasifo bedii ɔman no so. Na ɔkɔm ne nyarewa abu so. Wɔde wheelbarrow ketewaa bi twee amu pii a na ahuhuru no fii hɔ. Na ɛda adi sɛ nneɛma bɔne rekɔ so ankasa wɔ wiase enti na ɛma wohia Onyankopɔn Ahenni no.

Ahofama a Mede Somee

Wɔ August 20, 1942 mu, bere a na yɛahyia sɛ kuw wɔ Thessalonica no, yɛn hwɛfo guamtrani no kaa Britania wimhyɛn a na ɛtotow atopae gugu kurow no mu no ho asɛm na osii sɛnea yɛwɔ ahobammɔ denam afotu a ɛne sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho yɛn ho nhyiam’ a yedi so no so dua. (Hebrifo 10:25) Saa bere no na yɛahyia wɔ mpoano na na meka wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu no ho. Bere a yefii nsu no mu no, yɛtoo santen na yɛn nuanom Kristofo too dwom de kamfoo yɛn wɔ yɛn gyinaesi no ho. Da a me werɛ remfi da bɛn ara na na eyi yɛ sɛɛ yi!

Ankyɛ koraa, bere a na me ne abarimaa biako resrasra nkurɔfo wɔ afie afie asɛnka mu no, polisifo kyeree yɛn de yɛn kɔɔ wɔn adwumam. Wɔboroo yɛn de kyerɛe sɛ wobu yɛn sɛ yɛyɛ Komunisfo na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no, na wɔkae sɛ: “Nkwaseafo, Stalin ne Yehowa yɛ pɛ!”

Na ɔmanko rekɔ so wɔ Greece saa bere no, na na Komunis asɔretiafo adɔɔso pii. Ade kyee no, wɔde abankawa guu yɛn nsa de yɛn kɔfaa yɛn afie anim sɛ nsɛmmɔnedifo. Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne sɔhwɛ ahorow a ɛtoo me.

Me Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Sukuu Mu

Wɔ 1944 mfiase mu no, na meda so ara kɔ sukuu, na na Thessalonica da so hyɛ Nasifo ase. Da koro bi Greek Ortodɔks sɔfo a na ɔyɛ yɛn som ho kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me wɔ sukuu mu sɛ ɔde da no adesua bɛsɔ me ahwɛ. Mmofra a wɔaka no kae sɛ: “Ɔnkɔ Ortodɔks Asɔre.”

Ɔkyerɛkyerɛfo no bisae sɛ: “Ɔkɔ asɔre bɛn?”

Mibuae sɛ: “Meyɛ Yehowa Ɔdansefo.”

Ɔteɛɛm sɛ: “Pataku a ɔwɔ nguanten ntam,” na osoo me mu bɔɔ me sotɔre

Mekae wɔ me tirim sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na oguanten atumi aka pataku?’

Wɔ nna kakra akyi no, yɛn mu bɛyɛ sɛ 350 traa pon ho sɛ yɛrebedidi awia. Nea ɔhwɛ yɛn so no kae sɛ: “Neros bɛbɔ mpae.” Mebɔɔ Yesu mpae a ɛwɔ Mateo 6:9-13 a ɔkyerɛɛ n’akyidifo a wɔtaa frɛ no ‘Yɛn Agya a Wowɔ Soro’ no. Eyi anyɛ nea ɔhwɛ yɛn so no dɛ ma enti ofi beae a ɔte no de abufuw bisaa me sɛ: “Dɛn nti na wobɔɔ saa mpae no?”

Mekae sɛ: “Efisɛ meyɛ Yehowa Dansefo.” Bere a mekaa saa no, ɔno nso soo me mu na ɔbɔɔ me sotɔre. Akyiri yi wɔ saa da no mu no, ɔkyerɛkyerɛfo foforo frɛɛ me kɔɔ ɔdan a ɔyɛ adwuma wom no mu na ɔkae sɛ: “Woayɛ ade, Neros, kura wo gyidi no mu, na mpa abaw.” Saa anadwo no me papa de ɔsomafo Paulo nsɛm yi hyɛɛ me nkuran: “Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12.

Bere a miwiee ntoaso sukuu no, na ɛsɛ sɛ mepaw adwuma a mɛyɛ. Esiane ɔmanko a na ɛrekɔ so wɔ Greece no nti, na ɛsɛ sɛ migyina afa a Kristofo nni ho sɔhwɛ ano. (Yesaia 2:4; Mateo 26:52) Awiei koraa wɔ 1952 mu no, wɔde me too afiase mfe 20 esiane sɛ mampene so sɛ mɛyɛ ɔsraani wɔ Greek abakɔsɛm bere a na emu yɛ den no mu no nti.

Wɔsɔɔ Afa Biara a Minni Sɛ Kristoni No Hwɛe

Bere a na me nkutoo da afiase wɔ asraafo atrae a na ɛwɔ Mesolóngion ne Corinth no, minyaa hokwan kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asraafo mpanyimfo no sɛ m’ahonim a mede Bible atete no no mma mintumi nnyina amammui akyi sɛ ɔsraani. Metwee adwene sii 2 Timoteo 2:3 so de kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meyɛ Yesu sraani dedaw.” Bere a wɔkae sɛ mensan nsusuw ho no, mekae sɛ, mamfiri prɛko pɛ na esii gyinae no na mmom midii kan susuw ho anibere so esiane me ho so a mahyira sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛde no nti.

Enti, na ɛsɛ sɛ meyɛ adwumaden, kyen kɔm nnanu biara nna 20, na na me da fam wɔ afiase dan a ne tenten ne ne trɛw yɛ anammɔn abiɛsa ne asia no mu. Na me ne Adansefo afoforo baanu na ɛwɔ saa afiase dan no mu! Na ɛyɛ saa bere yi a mewɔ Corinth asraafo atrae hɔ no mu na wɔbɛfaa me fii afiase dan a mewom no mu sɛ wɔrekokum me.

Bere a wɔde me rekɔ baabi a wobekum me no, ɔsraani no bisaa me sɛ: “Wunni biribiara ka?”

Mibuae sɛ: “Dabi.”

“Wonkyerɛw krataa biara nkɔma w’awofo?”

Mibuaa bio sɛ: “Dabi. Wonim dedaw sɛ mubetumi akum me wɔ ha.”

Yeduu adiwo a wokum nkurɔfo wɔ hɔ no na wɔka kyerɛɛ me sɛ mentweri ɔfasu no. Na afei, sɛ anka ɔpanyin no bɛma asraafo no atow tuo no, ɔhyɛe sɛ, “Momfa no nkɔ dan no mu.” Wɔhyɛɛ da yɛe sɛ wobekum me na wɔde asɔ me gyidi ahwɛ.

Akyiri yi, wɔde me kɔɔ Makrónisos supɔw so, na wɔamma mankenkan nhoma biara ka Bible no ho. Wɔde Adansefo dumiɛnsa koguu ɔdan ketewa bi a na atew ne ho afi nneduafo nsɛmmɔnedifo 500 ho no mu. Nanso na wotumi fa ɔkwan bi so de nhoma sie brɛ yɛn. Sɛ nhwɛso no, da koro bi wɔde adaka a tɔfe a wɔpɛ no yiye a wɔfrɛ no loukoúmia wom, menaa me. Na asraafo a wɔhwehwɛ yɛn nneɛma mu no ho pere wɔn paa sɛ wobedi tɔfe no bi ma wɔanhu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a na wɔde asie adaka no ase no. Ɔdansefo bi kae sɛ: “Asraafo no dii loukoúmia no, na ‘yedii’ Ɔwɛn-Aban no!”

Yɛn nsa kaa nhoma a na woyii no adi nkyɛe a wɔfrɛ no Dɛn Na Nyamesom Ayɛ amã Adesamma? no, na Ɔdansefo bi a na ɔte Engiresi kasa kyerɛɛ ase. Na yesua Ɔwɛn-Aban no nso bom na na yɛyɛ yɛn nhyiam horow no wɔ kokoam. Yebuu afiase hɔ sɛ sukuu, sɛ hokwan a yɛde nya honhom mu denhyɛ. Nea ɛsen ne nyinaa no, na yɛwɔ anigye efisɛ na yenim sɛ yɛn mudi a yekuraa mu no sɔ Yehowa ani.

Afiase a etwa to a wɔde me kɔtoe ne Týrintha a na ɛwɔ apuei fam Supɔw ho no. Ɛhɔ na mihuu ɔwɛmfo bi a na ɔhwɛ sɛnea na me ne me yɔnko deduani bi yɛ Bible adesua no yiye no. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a mihuu saa ɔwɛmfo no wɔ Thessalonica mfe abiɛsa akyi no! Na wabɛyɛ Ɔdansefo saa bere no. Akyiri yi, wɔde ne mma no mu biako kɔtoo afiase, a na ɛnyɛ sɛ ɔkɔyɛ ɔwɛmfo na mmom sɛ deduani. Wɔde no kɔtoo afiase wɔ ade koro no ara a ɛmaa wɔde me kɔɔ hɔ no ho.

Dwumadi a Mesan Fii Ase Bere a Wogyae Me No

Mede mfe 20 a wɔde maa me no mu mfe abiɛsa na ɛdaa afiase. Bere a wogyaee me akyi no, misii gyinae sɛ mɛtra Athens. Nanso, meyaree mpafe bi, na ɛno maa mesan bɛtraa Thessalonica. Medaa mpa mu asram abien. Akyiri yi, mihyiaa ɔbea hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Koula, na yɛwaree December 1959 mu. Ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no, wɔ 1962 mu. Mitumi kɔkaa ne ho wɔ akwampae adwuma no mu wɔ mfe abiɛsa akyi.

Wɔ January 1965 mu no, wɔmaa yɛkɔ yɛɛ ɔmansin adwuma srasraa asafo horow hyehyɛɛ wɔn den wɔ honhom mu. Yenyaa hokwan kɔɔ yɛn mantam nhyiam kɛse a edi kan wɔ Vienna, Austria, wɔ saa ahohuru bere no mu nso. Na ɛnte sɛ nea na yɛyɛ wɔ kokoam wɔ wuram wɔ Greece bere a na wɔabara yɛn adwuma no. Ɛrekɔ 1965 awiei no, wɔfrɛɛ yɛn ma yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Athens no. Nanso, esiane m’abusuafo mu bi akwahosan ho nsɛm nti, na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔtra Thessalonica wɔ 1967 mu.

Bere a na yɛredi abusua asɛyɛde ho dwuma no, yɛkɔɔ so yɛɛ pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Bere bi a na me ne Kostas a ɔyɛ me papa nua ba redi nkɔmmɔ no, mekaa sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ papa na ɔdɔ ne biakoyɛ ne osetie ma Onyankopɔn wom no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn te ase ampa a, ɛnde eyinom nyinaa bɛyɛ nea eye.” Ɔpenee sɛ ɔbɛhwehwɛ mu ahwɛ sɛ ebia Onyankopɔn te ase anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ yɛbɛkɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam wɔ Nuremberg, Germany, wɔ August 1969 mu. Obisae sɛ obetumi akɔ bi anaa, na ne yɔnko Alekos a na ɔno nso resua Bible no kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ bi.

Na Nuremberg nhyiam kɛse no yɛ krabɛhwɛ! Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ agumadibea kɛse bi, faako a Hitler kaee n’asraadi ho nkonimdi ahorow no. Na yɛn a yɛkɔe no dodow bɛboro 150,000, na Yehowa honhom daa adi wɔ dwumadi no nyinaa mu. Ankyɛ koraa na wɔbɔɔ Kostas ne Alekos nyinaa asu. Wɔn baanu nyinaa som sɛ Kristofo mpanyimfo, na wɔn mmusua nso yɛ Adansefo.

Mifii ase ne awuraa bi a n’ani gye asɛm no ho yɛɛ adesua. Ne kunu kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔhwehwɛ yɛn gyidi ahorow no mu, na ankyɛ biara ɔkae sɛ wato nsa afrɛ Greek Ortodɔks nyamekyerɛni bi a wɔfrɛ no Owura Sakkos sɛ ɔne yɛn mmeyiyi nsɛm ano. Na ɔbea no kunu no pɛ sɛ ɔde nsɛmmisa bi sisi yɛn baanu nyinaa anim. Owura Sakkos ne ɔsɔfo bi na ɛbae. Ɔbarima a na yɛtaa kɔsra no no fii ase kae sɛ: “Nea edi kan no, mepɛ sɛ Owura Sakkos yi nsɛmmisa abiɛsa yi ano.”

Bere a ɔbarima no faa Bible nkyerɛase a na yɛtaa de di dwuma wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu kurae no, obisaa asɛm a edi kan: “So eyi yɛ Bible a eye, anaasɛ ɛyɛ Adansefo no Bible?” Owura Sakkos yii ano sɛ ɛyɛ nkyerɛase a edi mu, na ɔkae nso sɛ Yehowa Adansefo yɛ “nkurɔfo a wɔn ani gye Bible no ho.”

Ɔbarima no toaa so bisaa asɛm a ɛto so abien: “So Yehowa Adansefo bu bra pa?” Na ɔpɛ sɛ ohu nnipa ko a ne yere ne wɔn rebɔ no ankasa. Nyamekyerɛni no buae sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wobu bra pa ankasa.

Ɔbarima no san bisaa asɛm a ɛto so abiɛsa: “So Yehowa Adansefo gye akatua?” Nyamekyerɛni no buaee sɛ: “Dabi.”

Ɔbarima no ka de twaa to sɛ: “Manya me nsɛmmisa no ho mmuae, na masi me gyinae.” Ɛno akyi no, ɔkɔɔ so suaa Bible no, na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Ɔdansefo.

Asetra a Mfaso Wɔ So

Mesan kɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ January 1976 mu. Wɔ mfe asia akyi no, minyaa hokwan dii asɛnka adwuma foforo bi a wɔyɛ wɔ Greece anim—mmorɔn so adansedi. Na wɔ October 1991 mu no, me ne me yere kɔsom sɛ akwampaefo atitiriw. Wɔ asram kakraa bi akyi no, wɔyɛɛ me koma oprehyɛn, na anigyesɛm ne sɛ ɛyɛɛ yiye. Mprempren, me ho ye, na matumi afi bere nyinaa asɛnka adwuma no ase. Meyɛ ɔpanyin wɔ asafo ahorow a ɛwɔ Thessalonica no biako mu nso, ne ɛhɔnom Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a ɛde nnuruyɛ ho mmoa ma no muni.

Sɛ mehwɛ m’asetram a, mitumi hu sɛnea ɛyɛ anigye sɛ obi bɛyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani no. Ɛyɛ me anigye sɛ bere tenten a atwam ni no megyee ɔfrɛ a ɛsom bo a ɔde ma yi so: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Nokwarem no, m’ani gye sɛ mihu sɛ yɛanya nnipa komapafo pii wɔ wiase nyinaa ma wɔaba Yehowa ahyehyɛde no mu. Ɛyɛ hokwan ankasa sɛ obi boa ma wɔde Bible mu nokware no gye nkurɔfo na ebue hokwan a ɛbɛma wɔatumi anya daa nkwa wɔ trenee wiase foforo mu!—Yohane 8:32; 2 Petro 3:13.

Yɛhyɛ Yehowa asomfo nkumaa nkuran bere nyinaa sɛ wɔmfa bere nyinaa som adwuma no nyɛ wɔn botae, na wɔmfa wɔn bere ne wɔn ahoɔden nsom no. Nokwarem no, Yehowa so a obi de ne ho bɛto na wama ne koma atɔ ne yam no yɛ asetra a akomatɔyam wom paa a obetumi anya!—Mmebusɛm 3:5; Ɔsɛnkafo 12:1.

[Kratafa 21 mfonini ahorow]

(Efi benkum kɔ nifa so)

Mereyɛ adwuma wɔ Betel mukaase wɔ 1965 mu

Merema ɔkasa wɔ 1970 mu bere a na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no

Me ne me yere wɔ 1959 mu

[Kratafa 23 mfonini]

Me ne me yere Koula

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena