Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/1 kr. 29
  • Ɔsɔretiafo Bi Begye Nokware No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsɔretiafo Bi Begye Nokware No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Biribi Fi Yesu Nua Kumaa No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Nokwaredi Ketewaa Bi So Mfaso”
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • So Wowɔ Dodow Bi a Wugye no Daa?
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmma Nhoma Ka Ahenni no Ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/1 kr. 29

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Ɔsɔretiafo Bi Begye Nokware No

NSƐM amanneɛbɔfo aka Liberia ɔmanko no ho nsɛm pii. Nnipa ɔpedudu pii hweree wɔn nkwa, na wɔn a wɔbɛyɛɛ aguanfo mpo na wɔdɔɔso. Amanehunu yi nyinaa akyi no, komapafo gu so regye nokware no sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.

Luther Asɔre no fii ase hwɛɛ James sukuu fi bere a odii mfe du. Bere a ɔbɛyɛɛ asɔre bi atesɛm krataa samufo no, ɔde ne dibea no kyerɛkyerɛw Yehowa Adansefo ho nsɛmmɔne. Ɔyɛɛ saa ɛmfa ho sɛ na ɔne wɔn mu biara nhyiae da.

Bere bi akyi no, James gyaee asɔre no atesɛm krataa no ho adwuma yɛ, na obuee ahɔhodan bi ma odii yiye. Da bi a na ɔte baabi a wogye ahɔho wɔ n’ahɔhodan no mu no, anuanom mmea baanu a wɔasiesie wɔn ho yiye baa ne nkyɛn. Bere a ohuu sɛnea wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ no, ogyee wɔn traa ase. Nanso bere a wɔbɔɔ wɔn amanneɛ no, ɔkae sɛ, “Merennya adagyew ne mo mmɔ nkɔmmɔ.” Adansefo no kae sɛ ɔnkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma, na ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi ne so akɔ. Wɔ asram 12 mu no, nsɛmma nhoma no besii ne fie, nanso ɔde guu rɔba bag mu a wanyi ne nnuraho mpo amfi ho.

Ná ɔmanko bi gyina mu denneennen, enti James sesaw sika ne ahonyade guu bag mu, a sɛ ɔte ntua biara nka a ɔde beguan. Anɔpa bi, ɔtopae paee wɔ ne fie mfikyipon no akyi, na ɔde ahopopo faa ne bag guan peree ne ti. Ɔkɔfraa aguanfo mpempem pii a wɔnyɛ asraafo mu, na na ɛsɛ sɛ otwam wɔ asraafo agyinae pii. Ná wɔtaa gye nnipa a wɔnyɛ asraafo a wɔn ho nni asɛm biara no nneɛma fi wɔn nsam wɔ hɔ, na wokunkum wɔn kɛkɛ.

Bere a James duu asraafo agyinae a edi kan no, wobisabisaa no nsɛm kakra, na afei wɔka kyerɛɛ no sɛ ommue ne bag no mu. Bere a obuee bag no mu na ɔhwɛɛ mu no, ne ho dwiriw no yiye. Bere a ohui sɛ bag a ɔfae no nyɛ nea na n’ahode a ɛsom bo no gu mu no, ehu kaa no. Ahopopo nti, bag a na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a ɔntew ano no nyinaa gu mu no mmom na ɔfae. Nanso, bere a ɔsraani no huu nsɛmma nhoma no na ohui sɛ ne din na egu nnuraho no so no, ɔkae sɛ: “Oh, woyɛ Yehowa Dansefo. Ɛnyɛ mo na yehia mo, yenim sɛ munni atoro.” Ɔsraani no yii nsɛmma nhoma kakra fii bag no mu, na ɔka kyerɛɛ James sɛ ɔntoa n’akwantu so.

Saa na ɛkɔɔ so wɔ asraafo agyinae horow akron no efisɛ asraafo mpanyimfo no susuwii sɛ James yɛ Yehowa Dansefo, enti wɔma otwaa mu a wɔanyɛ no hwee. Afei de na ɛyɛ James dɛ sɛ wamfa n’ahode ankura, efisɛ nea ɛkɔɔ so no ma ohui sɛ anka n’ahode no betumi ama wɔakum no.

Bere a afei oduu asraafo agyinae a etwa to a ɛhɔ yɛ hu paa no, sɛnea na nnipa awuwu deda hɔ no maa ne koma tui. Esiane sɛ na ne bo atu nti, ɔbɔɔ Yehowa din hwehwɛɛ mmoa. Ɔbɔɔ mpae sɛ sɛ Onyankopɔn yi no fi owu nkwanta yi so a, ɔbɛsom no ne nkwa nna a aka nyinaa.

James de ne bag no kyerɛɛ asraafo no, na ɛhɔ nso wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ saa nkurɔfo yi na yehia wɔn.” Wɔhwɛɛ n’anim ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Wo nua biako te bepɔw yi anafo. Wo ne no nkɔtra.” Ebeduu saa bere yi no, Adansefo no ho adwene a na James wɔ no sesae koraa. Ntɛm ara na okohuu onua no, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bɛyɛ Bible adesua.a

Nna kakraa bi akyi no, ntua bi ma oguan fii hɔ. Saa bere no de James guan kɔɔ wuram a Tra Ase Daa nhoma no nkutoo na okura! Bere a ɔne Adansefo no ntam tetee asram 11 no, osuaa ne nhoma no wiei mpɛn anum. Bere a afei onyaa kwan san kɔɔ kurow no mu no, ɔsan fii ase ne Adansefo no yɛɛ Bible adesua, na onyaa nkɔanim ntɛmntɛm. Ankyɛ pii na wɔbɔɔ no asu, na seesei ɔne ne honhom fam anuanom resom nokwaredi mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena