Bere a Adwowtwafo Aba Wo So No
WƆ Afrika Atɔe fam mpɔtam bi a atew ne ho a wɔfrɛ hɔ Ikoyi no, wɔabɔ adan akɛseakɛse a ɛwowɔ hɔ no ho ban denneennen. Emu pii wɔ afasu a n’atenten yɛ mita abiɛsa, na wɔde nnade a ano yɛ hwirenhwiren, ntumpan a apaapae, anaa nnade nhama a ano mfeamfeaa atuatua atifi. Awɛmfo tra apon akɛse a wɔde nkrɔkrɔ, adaban, nkɔnsɔnkɔnsɔn, ne nkrado atotom ano. Wɔabrambram mpomma akyi. Nnade apon na ɛdeda mpia ano. Edu anadwo a, woyi nkraman akɛse—Aborɔfo nkraman—fi wɔn adan mu pue. Nkanea a ano yɛ den hyerɛn hɔ nyinaa, na sɛ biribiara mmae a, kɔmputa mfiri bi bobɔ hwiremma nketenkete.
Obiara nnye ho kyim sɛ ehia sɛ ɔbɔ ne fie ho ban. Atesɛm krataa mu nsɛm ka no awerɛhow so sɛ: “Adwowtwafo Fow Mpɔtam Bi”; “Mmofra Adwowtwafo Gye Nsam”; ne “Ehu Ka Nkurɔfo Bere a Abɔnten so Basabasayɛfo Gye [Kurow Bi] Fa.” Saa na tebea no te wɔ aman pii mu. Sɛnea Bible ka siei no, yɛte mmere a emu yɛ den mu ampa.—2 Timoteo 3:1.
Nsɛmmɔnedi te sɛ dwowtwa rekɔ soro wɔ wiase nyinaa. Nniso pii ntumi anaa wɔmpɛ sɛ wɔbɔ wɔn ankasa manfo ho ban. Wɔ aman bi mu no, polisifo a wɔn dodow ne wɔn atuo nnu baabiara no nni nneɛma a ehia a sɛ wɔfrɛ wɔn a wɔde bɛba abɛboa. Nnipa a wogyina nkyɛn no dodow no ara mpɛ sɛ wɔde wɔn ho gye mu.
Esiane sɛ wɔn a asɛm to wɔn no nnya mmoa mfi polisifo anaa ɔmanfo hɔ nti, wɔn ankasa bɔ wɔn ho mmɔden. Kristoni panyin bi a ɔwɔ ɔman bi a afei na ɛrenya nkɔso mu kae sɛ: “Sɛ woteɛm pae adwowtwafo no a, wobekum wo anaa wobedi wo dɛm. Mfa w’ani nto afoforo so sɛ wɔbɛboa wo. Sɛ wɔbɛboa wo a, eye, nanso nhwɛ kwan anaa nteɛm mfrɛ obiara, anyɛ saa a ɛbɛfrɛfrɛ ɔhaw pii mmom na abrɛ wo.”
Sɛnea Onyankopɔn Asɛm Yɛ Ahobammɔ
Bere a Kristofo nyɛ wiase no fã no, wɔte wiase no mu. (Yohane 17:11, 16) Enti te sɛ afoforo nyinaa no, wɔyɛ nhyehyɛe a ɛfata de wɛn wɔn ho. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo nyɛ wɔn ade te sɛ nnipa pii a wɔnsom Yehowa no, enti ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn ho ban no ne Kristofo nnyinasosɛm hyia.
Nea ɛne no bɔ abira no, Afrika aman bi mufo de ntafoayi na ɛbɔ wɔn ho ban fi adwowtwafo ho. Obi tumi kohu dunsini ma ɔtete ne nsa ho, ne koko so, anaa n’akyi. Afei ɔde aduru bi srasra baabi a watete no, keka nsɛm bi de kankye, a wosusuw sɛ ɛbɛbɔ onii no ho ban afi adwowtwafo ho. Afoforo nso de asuman anaa ntafoayi dudo bi si wɔn fie, a wogye di sɛ “ahobammɔ” a ɛte saa no bɛma adwowtwafo agyae wɔn a wɔnyɛ wɔn hwee.
Nokware Kristofo ne ntafoayi nni hwɛɛ yɛ. Bible kasa tia ahonhomsɛmdi nyinaa, na edi sa, efisɛ nneyɛe a ɛtete saa no ma obi ne adaemone a wɔrehyɛ basabasayɛ ho nkuran wɔ asase so no nya nkitahodi. (Genesis 6:2, 4, 11) Bible ka no pen sɛ: “Munngoru abayigoru [ntafoayi, NW].”—Leviticus 19:26.
Ebinom de ahometew hwehwɛ ahobammɔ denam atuo a wɔde wɛn wɔn ho no so. Nanso, Kristofo fa Yesu nsɛm a ɔkae yi aniberesɛm: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Onyankopɔn nkurɔfo de “wɔn mfoa abobɔ nsɔw” ma enti wɔntɔ atuo mfa mmɔ wɔn ho ban mfi adwowtwafo anaa ntua ho.—Mika 4:3.
Na sɛ obi fa awɛmfo a wokura atuo nso ɛ? Ɛwom sɛ eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ obiara si ne gyinae wom de, nanso kae sɛ nhyehyɛe a ɛte saa no ma tuo no kodi nipa foforo nsam. Sɛ odwowtwafo bi ba a, dɛn na awɛmfo no wura bɛhwɛ kwan sɛ wɔyɛ? So ɔbɛhwɛ kwan sɛ sɛ ɛho behia a, awɛmfo no to tuo no de bɔ nnipa ne ahonyade a wɔrewɛn no ho ban?
Ebia ntafoayi ne akode a Kristofo mfa mmɔ wɔn ho ban no bɛyɛ nkwaseasɛm wɔ nnipa a wonnim Nyankopɔn no ani so. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nea ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so no ho bɛyɛ sonn.” (Mmebusɛm 29:25) Ɛwom sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban sɛ kuw de, nanso ɔmfa ne ho nnye asɛm biara mu mfa mmɔ n’asomfo ho ban mfi adwowtwafo ho. Ná Hiob yɛ ɔnokwafo paa, nanso Onyankopɔn maa kwan maa afowfo bɛfaa Hiob ayɛmmoa, kunkum asomfo no. (Hiob 1:14, 15, 17) Afei nso, Onyankopɔn maa kwan ma ɔsomafo Paulo kɔɔ “adwowtwafo asiane mu.” (2 Korintofo 11:26) Ne nyinaa akyi no, Onyankopɔn kyerɛkyerɛ n’asomfo ma wɔde nnyinasosɛm ahorow a ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi adwowtwafo ho bɔ wɔn bra. Ɔma wɔn nimdeɛ nso a ɛboa wɔn ma wɔyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a sɛ adwowtwafo ba wɔn so a, ɛbɛma wɔakwati opira so.
Adwowtwafo Ho Asiane a Yɛbɛbrɛ no Ase
Onyansafo no kae bere tenten a atwam ni sɛ: “Ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.” (Ɔsɛnkafo 5:12) Yɛbɛka no kwan foforo so a, wɔn a wɔwɔ nneɛma pii no yam betumi ahyehye wɔn sɛ, sɛ wɔanhwɛ yiye a wɔn ahonyade no befi wɔn nsa araa ma ɛho adwennwene de kɔdaanna abɛto wɔn so.
Enti ɔkwan biako a yɛbɛfa so abrɛ adwennwene ne dwowtwa ho asiane ase ne sɛ yɛremmoaboa ahonyade a ne bo yɛ den pii ano. Ɔsomafo a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:16) Akɔnnɔ a ɛka nkurɔfo ma wɔtotɔ aboɔden nneɛma no, ɛno ara na ɛka afoforo nso ma wowia ade. Na “asetra mu ahohoahoa” betumi afrɛfrɛ nnipa a wɔrepɛ nneɛma awia.
Nneɛma akɛseakɛse a wobɛkwati akyi no, ade foforo a ebetumi abɔ wo ho ban afi dwowtwa ho ne sɛ wobɛda wo ho adi sɛ nokware Kristoni. Sɛ wuyi ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, di nokware wɔ wo nsɛm mu, na wobɔ wo ho mmɔden wɔ Kristofo som adwuma no mu a, ebetumi ama wo mpɔtam hɔfo abu wo sɛ onipa pa a ɔfata obu. (Galatifo 5:19-23) Edin a ɛte saa a wubegye sɛ Kristoni no betumi abɔ wo ho ban asen akode koraa.
Bere a Adwowtwafo Aba No
Nanso sɛ adwowtwafo bɔ wura wo fie, na wɔba wo so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Kae sɛ wo nkwa som bo sen ahonyade. Kristo Yesu kae sɛ: “Mo ne ɔbɔne no nnni asi, na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔpɛ sɛ . . . ogye w’atade nhyɛase no, ma ɔmfa w’atade nkataso no nso.”—Mateo 5:39, 40.
Eyi yɛ afotu a nyansa wom. Ɛwom sɛ enni sɛ Kristofo kyerɛ amumɔyɛfo baabi a wɔn agyapade wɔ de, nanso sɛ adwowtwafo hu sɛ yɛne wɔn redi asi, yɛnyɛ bɔkɔɔ mma wɔn, anaa yɛredaadaa wɔn a, ebetumi ama wɔn ani abere. Esiane sɛ wɔn mu pii “ani nwu ade bio nti,” ɛnkyɛ na wɔn bo afuw ma wɔrekeka nneɛma bobom.—Efesofo 4:19.
Samuel te fie kɛse bi a adan pii wom mu. Adwowtwafo siw kwan a ɛkɔ fie no mu no, na wokyinii adan a ɛwɔ mu no so hyiae fow mu nneɛma. Samuel tee sɛ wɔretotow atuo, keka apon hwehwe mu, ma nkurɔfo reteɛteɛm rebɔ bena. Ná obiara ntumi nguan. Samuel ka kyerɛɛ ne yere ne ne mmabarima baasa sɛ wommu nkotodwe wɔ fam, mmoma wɔn nsa so nkɔ soro, na wɔnkata wɔn ani ntwɛn. Bere a adwowtwafo no bɔ wuraa hɔ no, Samuel sii ne ti ase kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ na onim sɛ, sɛ ɔhwɛ wɔn anim a, wobesusuw sɛ akyiri yi ɔbɛda wɔn adi. Ɔkae sɛ: “Mommra mu. Momfa nea mopɛ biara. Mubetumi afa biribiara. Yɛyɛ Yehowa Adansefo, na yɛne mo renni asi.” Eyi yɛɛ adwowtwafo no nwonwa. Dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa a edi hɔ no, mmarima 12 a wokurakura atuo kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw baa hɔ. Ɛwom sɛ wowiaa agude, sika, ne mfiri de, nanso wɔammoro abusua no anaa wɔantwitwa wɔn nkrante sɛnea wɔyɛɛ afoforo a wɔwɔ fie no mu no. Samuel abusua no daa Yehowa ase sɛ wonyaa wɔn ti didii mu.
Eyi da no adi sɛ, sɛ adwowtwafo rewia obi sika ne n’ahode na sɛ ɔne wɔn ampere so a, ebetumi ama wakwati opira.a
Ɛtɔ mmere bi a, adanse a Kristoni bedi no betumi abɔ ne ho ban ma wɔrempira no. Bere a adwowtwafo bɔ wuraa Ade fie no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ asetra mu yɛ den ma mo nti na moreyɛ saa adwuma yi. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yegye di sɛ bere bi reba a obiara benya nea ɛbɛso ɔne n’abusua adi. Obiara benya asomdwoe ne anigye wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso ase.” Ɛno brɛɛ adwowtwafo no apoopoo no ase. Wɔn mu biako kae sɛ: “Yɛpa wo kyɛw sɛ yɛaba wo fie ha, nanso wo ara wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɔkɔm de yɛn.” Ɛwom sɛ wogyee Ade ho nneɛma de, nanso wɔamfa wɔn nsa anka ɔno anaa n’abusua.
Odwo a Wobɛda no Adi
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛda odwo adi wɔ tebea a ɛyɛ hu mu, titiriw bere a adwowtwafo no botae titiriw ne sɛ wɔbɛbɔ nkurɔfo ntaneani ama wɔayɛ bɔkɔɔ no. Mpaebɔ bɛboa yɛn. Sɛ yɛn sufrɛ no ampue yɛn ano na ɛyɛ tia mpo a, Yehowa betie. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.” (Dwom 34:15) Yehowa tie yɛn, na obetumi ama yɛn nyansa a yɛde bɛda odwo adi wɔ tebea biara mu.—Yakobo 1:5.
Mpaebɔ akyi no, ade foforo a ɛbɛboa wo ma woada odwo adi ne sɛ wubedi kan asusuw ho asie ahu nea sɛ adwowtwafo ba wo so a wobɛyɛ ne nea worenyɛ. Ɛwom, wuntumi nhu tebea pɔtee a wobɛkɔ mu no nsie. Ne nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ woma nnyinasosɛm ahorow tra w’adwene mu, sɛnea nyansa wom sɛ wobɛma nea wobɛyɛ de abɔ wo ho ban bere a wowɔ ɔdan bi mu na ogya atɔ mu no atra w’adwene mu no ara pɛ. Tebea no a wubesusuw ho asie no bɛma woada odwo adi, a ehu nka wo, na woanya wo ho sonn.
Wɔka Nyankopɔn adwene wɔ adwowtwa ho pefee sɛ: “Me, [Yehowa, NW], medɔ atemmu, mikyi atirimɔden so dwowtwa.” (Yesaia 61:8) Yehowa de honhom kaa ne diyifo Hesekiel ma ɔkaa dwowtwa ho asɛm sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom paa. (Hesekiel 18:18, NW) Nanso, Bible nhoma koro no ara kyerɛ nso sɛ Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu de obi a onu ne ho na ɔhyɛ nea ɔnam dwowtwa so gyei ananmu no bɔne befiri no.—Hesekiel 33:14-16.
Ɛmfa ho sɛ Kristofo te wiase a nsɛmmɔnedi ayɛ mu ma mu no, wodi ahurusi wɔ anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no mu, faako a dwowtwa befi hɔ no. Ɛdefa saa bere no ho no, Bible no hyɛ bɔ sɛ: “[Onyankopɔn nkurɔfo bɛtratra] wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.
[Ase hɔ asɛm]
a Nanso ɛnyɛ biribiara mu na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔkɔɔ. Yehowa asomfo nnyaa wɔn ho mma biribiara a ɛto Nyankopɔn mmara. Sɛ nhwɛso no, Kristoni renyɛ bɔkɔɔ mma wɔnto no mmonnaa.