Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/15 kr. 24
  • Dwowtwa Bi Di Nkogu Wɔ Afrika Atɔe Fam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dwowtwa Bi Di Nkogu Wɔ Afrika Atɔe Fam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Adwowtwafo Aba Wo So No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsakrae Wɔ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/15 kr. 24

Dwowtwa Bi Di Nkogu Wɔ Afrika Atɔe Fam

Sɛnea Eunice Ebuh ka kyerɛe

“Adwowtwafo yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba yɛn fie da a yɛyɛ Asafo Nhoma Adesua wɔ hɔ no. Ɛyɛ a yebue yɛn apon no to hɔ pantann ma anuanom mmarima ne mmea ne anigyefo no. Ɛda adi sɛ na adwowtwafo no nim yɛn bere nhyehyɛe ne adesua no bere. Yenim yiye sɛ wokowiaa kar wɔ baabi foforo na wɔbɛtwɛn wɔ yɛn pon akyi saa da no wɔ bere a yɛde yɛ yɛn nhoma adesua no.

“Nea ɛbae ne sɛ, nnawɔtwe a wɔbae no, saa nnawɔtwe no ara mu na ɔmansin sohwɛfo bɛsraa yɛn. Sɛ́ anka yebehyia wɔ yɛn fie no, yehyiae wɔ Ahenni Asa so. Bere a yɛpɔn nhyiam no, mpanyimfo no yɛɛ nhyiam. Sɛ ɛba saa a, me ne mmofra no taa kɔ fie, nanso me kunu a ɔyɛ ɔpanyin no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntwɛn no. Ɔkae sɛ ɔrenkyɛ. Enti yɛtwɛn no.

“Wowiee no, yɛbɔ kar no so a na ennye so. Ɔmansin sohwɛfo no ne me kunu antumi ansiesie. Nea osiesie mfiri a yɛfrɛɛ no no nso antumi ansiesie.

“Enti mmofra no nantew kɔɔ fie. Ɛyɛɛ kakra no, me nso mekɔɔ fie. Miduu hɔ bɛyɛ nnɔndu. Me ne mmofra no biara amfa kar na ɛkɔɔ fie, enti yɛammue pon kɛse no.

“Bere a miwuraa me pia mu no, metee sɛ tuo bi atow denneennen. Ná minnim nea ɛrekɔ so. Mefaa telefon sɛ merefrɛ polisifo, nanso na ɛnyɛ adwuma. Mituu mmirika sian kɔɔ ase hɔ kɔtoo abɔnten pon a wɔde dade ayɛ no mu, na mede ahoɔhare kɔtoo kwan a ɛba dan mu no ano pon mu. Midunnum nkanea no. Ná me mma no ho repopo, enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ hu. Yɛboom bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa ahobammɔ. Saa bere no nyinaa, na me kunu da so wɔ Ahenni Asa so rebɔ mmɔden sɛ kar no begye so.

“Mehwɛɛ mpomma mu hui sɛ ɔbarima bi da kwan mu wɔ abɔnten pon no akyi. Ná ɛda adi sɛ adwowtwafo no kɔ, enti mefaa ɔbarima a na wapira no too me kar mu yɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea. Ná asiane wom, nanso na ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ade kyee no owui.

“Ɛwom sɛ na ɛyɛ awerɛhosɛm de, nanso anka asɛm a ebesi no bɛkyɛn saa. Ɔmansin sohwɛ nsrahwɛ nti, yɛanyɛ nhoma adesua wɔ yɛn fie. Kar no a ɛsɛee nti, yɛamfa kar ankɔ fie sɛ abusua. Me kunu a anka adwowtwafo no bɛkyere no ɔkwan biara so no amma fie ntɛm koraa. Eyi ne nsɛm afoforo di boaa yɛn saa anadwo no.

“Yehowa ne yɛn abannennen ne yɛn guankɔbea. Ɛte sɛ nea kyerɛwsɛm no ka yi: ‘Sɛ [Yehowa, NW] anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.’”—Dwom 127:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena