Biako A Wɔayɛ Wɔ Asetra Kwan A Ɛsen Biara So
Sɛ wiase nnipa kɔ so dɔɔso ntɛmntɛm a, ɛrenkyɛ na asase so nnipa adu ɔpepepem asia. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa fi onipa biako mu de, nanso ɛte sɛ nea nnipa dodow no ara nnye ntom sɛ wɔyɛ wiase nyinaa abusua bi mufo a wobebu akontaa akyerɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔwɔ dɔ no. Mpaapaemu ne nitan a ɛwɔ aman, mmusua, ne nkurɔfo ntam no yɛ tebea a ɛyɛ awerɛhow yi ho adanse a ɛyɛ hu.
ESIANE mprempren wiase nsɛm tebea nti, ɛte sɛ nea wiase nyinaa biakoyɛ yɛ botae a yentumi nnu ho. The Columbia History of the World ka sɛ: “Wiase a ɛwɔ hɔ yi nni asɛmmisa a ɛho hia sen biara a ɛfa sɛnea yɛbɛbom atra ho no ho adwene foforo bi, wonni biako mpo.”
Nanso, enhia adwene foforo bi na ama biakoyɛ aba asase sofo nyinaa mu. Wɔakyerɛ ɔkwan a ɛde biakoyɛ ba no wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Egyina ɔsom a wɔde ma Nea ɔbɔɔ asase ne nkwa a ɛwɔ so no nyinaa so. Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nsusuwii, atirimpɔw, ne asetra kwan biako dedaw. Nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem anum ne fã, na wɔwɔ nsase 233 so, nyinaa gye di sɛ Onyankopɔn asetra kwan na eye sen biara. Te sɛ odwontofo no, wɔbɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu.”—Dwom 86:11.
Odiyifo Yesaia kaa biako a wɔbɛyɛ wɔ ɔsom kronn mu yi ho asɛm siei teteete. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2, 3.
Yehowa Adansefo biakoyɛ yɛ soronko. Wɔ asafo ahorow bɛboro 87,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wodi honhom fam aduan biako wɔ wɔn nhyiam ahorow ase dapɛn biara. (Mateo 24:45-47) Nanso, efi 1998 mfinimfini besi 1999 mfiase no, Adansefo no daa wɔn biakoyɛ adi wɔ ɔkwan foforo so—denam hyia a wohyiaa mu wɔ wɔn nnansa “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam Ahorow ase wɔ wiase nyinaa no so. Wɔ aman 13 mu no, nhyiamfo pii fi nsase ahorow so baa nhyiam yi bi, na wɔfrɛɛ no amanaman ntam nhyiam. Wɔyɛɛ afoforo nso ɔmantam nhyiam. Nanso, honhom fam nneɛma pa koro na wɔdaa no adi wɔ nhyiam yi nyinaa ase.
Hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ wubehu nhyiamfo a wɔn ani agye na wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ sɛ wɔato santen rekɔ nhyiam asa so ne agumadibea ahorow ma Yehowa akɔkyerɛkyerɛ wɔn! Ɛho nhwɛso ne nsɛm a nhyiamfo no biako a ɔkɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Michigan, U.S.A. kae yi. Ɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ yɛn nuanom a wofi wiase mmaa nyinaa—Czech Republic, Barbados, Nigeria, Hungary, England, Holland, Ethiopia, Kenya, ne nsase foforo pii so—reyɛ wɔn ho wɔn ho atuu! Na ɛyɛ fɛ sɛ wubehu sɛ anuanom abom te faako wɔ biakoyɛ mu, na anigye ama wɔn ani atetɛw esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho ne wɔn Nyankopɔn kɛse, Yehowa, nti.” Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ nhyiam no dwumadi a nnipa ɔpepem pii nyaa mu kyɛfa wɔ asase so mmaa nyinaa no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.