Ahantan so Akatua—Ɛsõ Dɛn?
SO WO ne obi a ɔboapa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woate nka sɛ wo ho nhia asian pɛn? Ebia adwumam panyin bi, ɔhwɛfo bi, anaa obusuani bi a obuu wo sɛ woba fam na obuu wo animtiaa koraa? Wotee nka dɛn wɔ onipa a ɔte saa no ho? So na w’ani gye ne nipasu ho? Dabida! Dɛn ntia? Efisɛ ahantan de mpaapaemu ba na ɛsɛe nkitahodi.
Ahantan ma obi bu obiara animtiaa, na ama ɔno ayɛ sɛ nea ɔkorɔn bere nyinaa. Onipa a okura su a ɛte saa ntaa nka afoforo ho asɛm pa. Bere nyinaa ɔka asɛm bi a ɛmfata fa afoforo ho—“yiw, ɛno betumi ayɛ nokware, nanso ɔwɔ saa haw yi anaa saa su bɔne no.”
Wɔ Thoughts of Gold in Words of Silver mu no, wɔka ahantan ho asɛm sɛ “bɔne a edi obi so bere nyinaa. Ɛsɛe onipa no, na ɛmma wonnya biribi a wobegyina so anya ne ho anigye koraa.” So ɛyɛ nwonwa sɛ obiara ho mmae no sɛ ɔbɛbɛn ɔhantanfo no? Nokwarem no, akatua a ahantan de ba ne nokware nnamfo a mpɛn pii no wɔhwere. Nhoma koro no ara kɔ so ka sɛ: “Nea ɛne no bɔ abira no, nkurɔfo dɔ ahobrɛasefo—ɛnyɛ ahobrɛasefo a wɔde wɔn ahobrɛase hoahoa wɔn ho, na mmom wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase ankasa.” Bible ka ma ɛfata sɛ: “Onipa ahantan gu n’anim ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no benya anuonyam.”—Mmebusɛm 29:23, The Jerusalem Bible.
Nanso, nea ɛsen nnamfo ne nnipa anim dom a ɔbɛhwere no, ɔkwan bɛn so na ahantan ka obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bu ahantanfo, ahomasofo, ne aniammɔnhofo? Ahantan anaa ahobrɛase—so ɛfa ne ho?
Ahobrɛase Ho Asuade
Nea honhom kaa no ma ɔkyerɛw Mmebusɛm no ka sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan. Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade.” (Mmebusɛm 16:18, 19) Siria sahene Naaman a ɔtraa ase Israel diyifo Elisa bere so asɛm no kyerɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ saa nsɛm no mu no mu yiye.
Ná Naaman yare kwata. Bere a na ɔrehwehwɛ ayaresa no, otuu kwan kɔɔ Samaria, a na osusuw sɛ Elisa ankasa bɛkɔ akohyia no akobisabisa no nsɛm. Mmom no, odiyifo no somaa ne somfo sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Naaman sɛ ɔnkɔtɔ Yordan Asubɔnten mu mpɛn ason. Naaman bo fuwii wɔ ɔkwan a wɔfaa so gyee no ne nea wɔkae sɛ ɔnkɔyɛ no ho. Dɛn nti na odiyifo no ankasa ammehyia no ne no ankasa na mmom ɔsomaa ne somfo? Na nokwarem no, na Siria asubɔnten biara ye te sɛ Yordan ara! Ná ahantan ne ne haw. Dɛn na efii mu bae? Anigyesɛm ne sɛ, onyaa afotu pa bi. “Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn ason, sɛ Onyankopɔn nipa no kae no; na ne ho san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.”—2 Ahene 5:14.
Ɛtɔ mmere bi a, mfaso kɛse fi ahobrɛase kakraa bi a yɛbɛyɛ mu ba.
Ahomaso so Akatua
Nanso, akatua a yenya fi ahantan mu no sõ sen mfaso bi a wobɛhwere ara kwa no koraa. Ahantan foforo bi wɔ hɔ a wonya fi asɛmfua “hubris,” (“dwae”) a wɔkyerɛ ase sɛ “ahantan anaa ahomaso ntraso a mpɛn pii no ekowie asotwe mu no mu.” (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Saa asɛmfua yi fi Hela mu tẽẽ, na sɛnea Helani nhomanimfo William Barclay kyerɛ no, “hubris kyerɛ ahantan ne atirimɔden a wɔde afra . . ., ahomaso mu a wofi bu animtiaa, a ɛma [obi] toto ne mfɛfo nnipa ase.”
Ahantan a ɛtra so yi ho nhwɛso ankasa wɔ Bible mu. Ɛfa Amon Hene Hanun ho. Insight on the Scriptures kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane adɔe a Nahas yii no adi kyerɛɛ Dawid nti, Dawid somaa nkurɔfo sɛ wɔnkɔkyekye Hanun werɛ bere a ne papa wui no. Nanso Hanun, a ne mmapɔmma maa ogye dii sɛ eyi yɛ nnaadaa kwan ara kwa a Dawid nam so rebɛsra kurow no, brɛɛ Dawid asomfo no ase denam wɔn bogyesɛ a oyii fã gyaw fã, na otwitwaa wɔn ntade fã kɔkaa wɔn to na ɔmaa wɔkɔe no so.”a Ɛdefa saa asɛm yi ho no, Barclay ka sɛ: “Nsɛm a ɔne wɔn dii saa kwan no so no yɛ hubris. Ná ɛyɛ atɛnnidi, abufuhyɛ, ne baguam animguase a wɔaka ne nyinaa abom.”—2 Samuel 10:1-5.
Yiw, ɔhantanfo tumi bɔ dwae, ɔyɛ aniammɔnho, na ogu afoforo anim ase. N’ani gye ho sɛ obefi atirimɔden mu ayɛ biribi a ebepira obi, na afei wabu n’ani agu ayayade a ɔde yɛɛ ɔfoforo no ne animguase a ɔde guu no no so. Nanso obu a obi wɔ a wobɛbrɛ no ase anaa wobɛsɛe no no yɛ nkrante anofanu. Etumi ma wohwere adamfo, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛma wunya atamfo.
Ɛbɛyɛ dɛn na nokware Kristoni bi ada ahantan a epira saa adi bere a ne Wura hyɛe sɛ ‘ɔnnɔ ne yɔnko sɛ ne ho’ no? (Mateo 7:12; 22:39) Ɛyɛ ade a ɛne biribiara a Onyankopɔn ne Kristo ka no bɔ abira koraa. Ne saa nti, Barclay ka asɛm bi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye: “Hubris yɛ ahantan a ɛma obi gu Onyankopɔn ho fĩ.” Ɛyɛ ahantanfo na wɔka sɛ: “Onyankopɔn bi nni hɔ.” (Dwom 14:1) Anaasɛ sɛnea wɔka wɔ Dwom 10:4 no: “Ɔbɔnefo hwene dwa ahun mu ka sɛ: Ɔrenni akyiri da. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.” Ɛnyɛ sɛ ahantan anaa ahomaso a ɛte saa no ma obi twe ne ho fi nnamfo ne abusuafo ho nko, na mmom ɛma ɔtwe ne ho fi Onyankopɔn ho nso. Akatua bɛn ara ni!
Mma Ahantan Nnsɛe Wo
Ahantan betumi agu ahorow pii—ahantan a ɔmampɛ de ba, ne nea nnipa mu nyiyim, asetra mu dibea ne animhwɛ, nhomasua, ahonyade, anuonyam, ne tumidi de ba. Wɔ ɔkwan bi so no, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ ahantan betumi ahyɛn wo mu, na asɛe wo nipasu.
Mpɛn pii na sɛ obi ne wɔn a wɔkorɔn sen no anaa atipɛnfo mpo redi nsɛm a, ɔbrɛ ne ho ase. Nanso dɛn na ɛba bere a onipa a na ɛda adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase no nya tumi bi no? Mpofirim ara, ɔbɛyɛ kankabi a ɔma asetra yɛ awerɛhow ma wɔn a osusuw sɛ ɔsen wɔn no! Eyi betumi ato ebinom bere a wɔhyɛ atade anaa wɔbɔ baagye a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ tumi no. Aban adwumayɛfo mpo betumi ayɛ ahantan bere a wɔne ɔmanfo redi nsɛm no, na wɔasusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔmanfo no mmom som wɔn na ɛnyɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsom ɔmanfo no. Ahantan betumi ama woayɛ katee, obi a onni tema; ahobrɛase betumi ama woayɛ ɔyamyefo.
Anka Yesu betumi ayɛ ahantan ne katee wɔ n’asuafo no so. Ná ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ, Onyankopɔn Ba, a ɔne akyidifo a wɔnyɛ pɛ na wofi nkate mu yɛ ade na ɛredi nsɛm. Nanso, nsato bɛn na ɔde maa wɔn a wotiee no no? “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
So yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi bere nyinaa? Anaa yehu sɛ yɛyɛ katee, yɛn asɛm yɛ den, yɛyɛ kankabi, yenni ahummɔborɔ, na yɛyɛ ahantan? Te sɛ Yesu no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma afoforo anya ɔhome, ɛnyɛ sɛ wobɛhyɛ wɔn so. Ko tia adesɛe a ahantan de ba no.
Esiane nea yɛasusuw ho wɔ atifi hɔ no nti, so ahantan nyinaa na enye?
Obu a Obi Wɔ ne Ahomaso
Ahantan kyerɛ “obu a ɛfata a obi wɔ” nso. (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Nea obu a obi wɔ kyerɛ ne sɛ onya obu ma ne ho. Ɛkyerɛ sɛ wususuw nea afoforo ka fa wo ho no ho. Wudwen wo suban ne edin a wukura ho. Twifo bɛ yi yɛ nokware sɛ, “Kyerɛ me wo yɔnko, na menkyerɛ wo wo suban.” Sɛ w’ani gye nkurɔfo a wɔn ahosiesie yɛ basaa, wɔyɛ akwadworɔ, wonni suban pa, na wɔn ano yɛ yaw fekubɔ ho a, ɛnde wobɛyɛ sɛ wɔn ara. Wɔn nneyɛe benya wo so nkɛntɛnso, na te sɛ wɔn no, wobɛhwere obu.
Nokwarem no, ne fã foforo wɔ hɔ a ɛkɔ akyiri—ahantan a ekowie ahomaso ne ahuhude mu. Ná kyerɛwfo ne Farisifo a wɔwɔ Yesu bere so no de wɔn atetesɛm ne susuw a na wosusuw sɛ wɔyɛ nyamesomfo mapa no hoahoa wɔn ho. Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse [na ama obiara ahu sɛ wɔyɛ nyamesomfo]. Na wɔpɛ mpanyin trabea adidi ase, ne mpanyin nkongua hyia adan mu, ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!”—Mateo 23:5-7.
Ɛnde, ahantan a ɛfata kyerɛ nneyɛe a ɛkari pɛ. Kae nso sɛ, Yehowa hwɛ koma mu, na ɛnyɛ nea aniwa tua. (1 Samuel 16:7; Yeremia 17:10) Sɛ́ obi bebu ne ho treneeni no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn bu no treneeni. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yebisa seesei ne sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nokware ahobrɛase na ama yɛakwati ahantan so akatua a ɛsõ no?
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 4 mfonini]
Ahobrɛase kakraa bi de mfaso kɛse brɛɛ Naaman