Saul—Anwenne a Awurade Paw No
NA Saul a ofi Tarso yɛ ɔsɔretiafo a okunkum Kristo akyidifo no. Nanso na Awurade wɔ dwumadi soronko bi a ɔbɛma no ayɛ daakye. Na Saul bɛyɛ ɔkwan a na wasɔre atia dennennen no nanmusifo titiriw. Yesu kae sɛ: “Saa ɔbarima [Saul] yi ne anwenne a mapaw a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.”—Asomafo no Nnwuma 9:15, NW.
Bere a woyii ɔdom adi kyerɛɛ Saul no, ɔsesaa n’asetra sɛ “onuɔdenfo” no koraa ma ɔbɛyɛɛ Awurade Yesu Kristo “anwenne a wapaw.” (1 Timoteo 1:12, 13) Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni ɔsomafo Paulo no, tumi horow a ɛkanyan no maa ɔde ne ho hyɛɛ abo a wosiw Stefano mu, ne nhyɛso afoforo a ɔde baa Yesu asuafo no so no sesae, maa obenyaa nsusuwii soronko koraa. Ɛda adi sɛ Yesu huu su pa bi wɔ Saul mu. Na ɛyɛ su bɛn? Na hena ne Saul? Ɔkwan bɛn so na abusua a ofi mu no maa ɔfatae sɛ wɔde no yɛ adwuma ma ɔtrɛw nokware som mu? So yebetumi asua biribi afi ne nhwɛso no mu?
Abusua a Saul Fi Mu
Bere a wokum Stefano wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi bere tiaa bi no, na Saul yɛ “aberante.” Bere a ɔrekyerɛw Filemon bɛyɛ afe 60-61 Y.B. mu no, na wabɔ “akora.” (Asomafo no Nnwuma 7:58; Filemon 9) Nhomanimfo ka sɛ, sɛnea tete mfe ho akontaabu kyerɛ no, na “aberante” yɛ obi a wadi efi mfe 24 kosi 40, na na “akora” bɛyɛ efi mfe 50 kosi 56. Enti ɛbɛyɛ sɛ Yesu awo akyi bere tiaa bi na wɔwoo Saul.
Saa bere no, na Yudafo tete wiase no afa ahorow pii. Nneɛma a ɛmaa wotu fii Yudea no mu bi ne nkogudi, nkoasom, asutwa, aguadi, ne atutra. Ɛwom sɛ na n’abusua ka Yudafo a wɔahwete no ho de, nanso Saul twee adwene sii Mmara no so a na wodi so kae sɛ “wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe, mifi Israel asefo mu, Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrifo mu Hebrini; mmara fam, meyɛ Farisini.” Na Saul wɔ Hebri din koro ara a na ɛda onipa titiriw bi so wɔ n’abusua mu—Israel hene a odi kan no. Sɛ obi a wɔwoo no sɛ Romani no, na Saul a ofi Tarso wɔ Latin din nso, Paullus.—Filipifo 3:5; Asomafo no Nnwuma 13:21; 22:25-29.
Saul a wɔwoo no Romani no kyerɛ sɛ ne nanabarima bi nyaa hokwan bɛyɛɛ Romani. Ɔkwan bɛn so? Na nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama aba saa. Wɔ wo a na wɔwo obi sɛ ɔman ba akyi no, na wotumi de hokwan no ma ankorankoro anaa nnipakuw bi, sɛ ebia wɔwɔ nneɛma pɔtee bi a ɛma wɔfata, amammuisɛm mu mfaso bi nti, anaasɛ ɔsom soronko bi a obi de ma ɔman no ho akatua. Akoa a wanya ahofadi afi ne wura Romani nsam, anaa Romani bi agye no aka n’abusua ho no, betumi abɛyɛ Romani ankasa. Saa ara na ɔsraani bi a kan na ɔwɔ asraafodɔm no mu betumi abɛyɛ Romani bere a wɔayi no afi Roman asafotow no mu no. Wɔ bere bi akyi no, na nkurɔfo a wɔtete Roman atubra man mu no betumi abɛyɛ amamma. Wɔka nso sɛ, ɛtɔ mmere bi a na wotua sika kɛse de tɔ ɔmamma hokwan no. Nea ɛyɛe a Saul abusuafo bɛyɛɛ amamma no yɛ biribi a yennim.
Yenim sɛ Saul fi Tarso, Roma mansin a ɛwɔ Kilikia (a seesei ɛwɔ Turkey anafo fam no) ahenkurow ne ne kuropɔn no mu. Ɛwom sɛ Yudafo pii te hɔ de, nanso na ɛhɔ asetra nso betumi ama Saul de ne ho ahyɛ Amanaman mufo amammerɛ mu. Na Tarso yɛ kurow kɛse a na edi yiye a wonim sɛ ɛhɔ yɛ beae a wosua Helafo amammerɛ. Akontaabu kyerɛ sɛ na nnipa a wɔte hɔ wɔ afeha a edi kan mu no dodow bɛyɛ 300,000 kosi 500,000. Na ɛyɛ aguadibea a ɛda Asia Kumaa, Siria, ne Mesopotamia tempɔn no ho. Aguadi ne asasetaw a ɛyɛ asase pa a ɛma awi, bobesa, ne asaawa titiriw no na ɛmaa Tarso dii yiye. Wonyaa ɔpapo nhwi ntama a na wɔde yɛ ntamadan no fii ntamanwene adwuma a na ɛkɔ so yiye no mu.
Saul Nhomasua
Saul, anaa Paulo, fi nokwaredi mu yɛɛ nsiesiei nwenee ntamadan de hwɛɛ ne ho wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 18:2, 3; 20:34) Na ntamadan nwene yɛ adwuma a wɔyɛ wɔ Tarso, kurow a ofi mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ Saul suaa ntamadan nwene fii ne papa nkyɛn wɔ ne mmofraase.
Kasa horow a na Saul te no—titiriw sɛnea na ne ho akokwaw wɔ Hela mu, kasa a na wɔka wɔ Roma Ahemman no mu kɛse—nso so baa mfaso kɛse wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 21:37–22:2) Wɔn a wɔhwehwɛɛ ne nkrataa no mu no ka sɛ, sɛnea na ɔka Hela no di mũ. Wamfa nsɛmfua a asete yɛ den anaa nea emu nna hɔ anni dwuma, mmom no, na ɔka no sɛnea ɛwɔ Septuagint, Hela nkyerɛase ma Hebri Kyerɛwnsɛm a na ɔtaa fa ne nsɛm fi mu no mu. Nhomanimfo pii gyina saa adanse yi so ka sɛ anyɛ yiye koraa no Saul nyaa mfitiase adesua a ɛyɛ papa wɔ Hela kasa mu, ebia wɔ Yudafo sukuu bi mu. Nhomanimfo Martin Hengel ka sɛ: “Wɔ tete mmere mu no, na nhomasua pa—titiriw Hela nhomasua—nyɛ nea wonya no kwa; sɛnea ɛte no na egye honam fam mmoa bi.” Enti Saul nhomasua da no adi sɛ ofi abusua a edi yiye mu.
Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Saul nyaa bɛyɛ mfe 13 no, ɔtoaa n’adesua so wɔ Yerusalem, bɛyɛ kilomita 840 fi ne kurom kɔ hɔ. Wɔkyerɛkyerɛɛ no wɔ Gamaliel, ɔkyerɛkyerɛfo a waben na wonim no yiye wɔ Farisifo atetesɛm mu no nan ase. (Asomafo no Nnwuma 22:3; 23:6) Saa adesua horow no te sɛ sukuupɔn mu adesua nnɛ, na ebuee Yudasom mu dibea a ɛkorɔn hokwan.a
Ɔdom Akyɛde a Ɔde Dii Dwuma Ɔkwan Pa So
Esiane sɛ wɔwoo Saul too Yudafo abusua mu wɔ Hela ne Roma man mu nti, na ofi mmusua abiɛsa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ firamanfiramanfo ne kasa horow abusua a na ofi mu no boaa no ma ɔbɛyɛɛ “ade nyinaa maa nnipa nyinaa.” (1 Korintofo 9:19-23) Akyiri yi, Romani a na ɔyɛ no maa onyaa hokwan bɔɔ ne som adwuma ho ban wɔ mmara kwan so, na ɔkaa asɛmpa wɔ Roma Ahemman no atumfo anim. (Asomafo no Nnwuma 16:37-40; 25:11, 12) Nokwarem no, na Yesu a wanyan no, a ɔka kyerɛɛ Anania sɛ: “Kɔ ara, na oyi ne anwenne a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim. Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu,” no nim abusua a Saul fi mu, ne nhomanim, ne ne nipasu. (Asomafo no Nnwuma 9:13-16) Bere a ne nsa kaa akwankyerɛ pa no, Saul de ne nnamyɛ no dii dwuma maa Ahenni nkrasɛm no trɛw kɔɔ akyikyiri nsase so.
Saul a Yesu paw no maa adwuma titiriw no yɛ Kristofo abakɔsɛm mu asɛm a ɛda nsow. Nanso, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa wɔ ɔdom akyɛde soronko ne su horow a wobetumi de adi dwuma yiye de atrɛw asɛmpa no mu. Bere a Saul huu nea Yesu hwehwɛ fi ne hɔ no, wantwe ansan. Ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de maa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso. So ɛte saa wɔ wo fam?
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛdefa sɛnea adesua no te ne nneɛma a Saul sua fii Gamaliel nkyɛn ho no, hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 1996, nkratafa 26-9.
[Kratafa 30 adaka/mfonini]
Roma Ɔmamma Dinkyerɛw ne Adansegye
Augustus na ɔhyehyɛɛ mmofra a wɔnam mmara kwan so wo wɔn a wɔkyerɛw wɔn din ma wɔbɛyɛ Roma ɔmamma no wɔ mmara ahorow abien a wɔyɛɛ wɔ afeha a ɛto so 4 ne 9 Y.B. no mu. Sɛ wɔwo abofra bi a, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw ne din adaduasa ntam. Wɔ amansin no mu no, na ɛsɛ sɛ abusua no pae mu ka wɔ atemmufo a wɔwɔ ɔman no kyerɛwtohɔ adwumayɛbea a ɛfata no anim sɛ wɔwoo abofra no wɔ mmara kwan so na ɔyɛ Romani. Na wɔkyerɛw awofo no din, abofra no bɔbeasu ne ne din, ne da a wɔwoo no nso. Ansa mpo na wɔreda saa mmara yi adi no, na mfe anum biara mu no, wɔnam nnipa kan so yɛ Roma nkurow nyinaa, atubrafo atrae, ne amantam nyinaa ho kyerɛwtohɔ foforo.
Enti na obi betumi akyerɛ ne gyinabea denam nneɛma akorae a wɔhwɛ so yiye a wɔbɛkɔ hɔ akɔyɛ nhwehwɛmu so. Na wobetumi anya kyerɛwtohɔ a ɛte saa no ho adanse wɔ dua pon (a waka afam ho) so. Wɔ nhomanimfo binom fam no, sɛ Paulo ka sɛ ɔyɛ Romani a na obetumi anya adansedi krataa de akyerɛkyerɛ mu. (Asomafo no Nnwuma 16:37; 22:25-29; 25:11) Esiane sɛ na wobu Romani a obi yɛ no sɛ ɛyɛ “su kronn,” na ɛma obi nya hokwan ahorow pii nti, sɛ obi yɛ kanana wɔ kyerɛwtohɔ a ɛte saa so a na ɛyɛ bɔne a anibere wom ankasa. Sɛ na obi di atoro wɔ ne gyinabea ho a, na wotumi kum no.
[Asɛm Fibea]
Historic Costume in Pictures/Dover Publications, Inc., New York
[Kratafa 31 adaka/mfonini]
Saul Roma Din
Anyɛ yiye koraa no, na Romani barima biara wɔ nneɛma abiɛsa a ɛma onya ne din. Na ɔwɔ akradin, abusua din (a ɛbata abusua a ofi mu), ne n’agya din. Nhwɛso titiriw biako ne Gaius Julius Caesar. Ɛwom mpo sɛ Bible no mmɔ nkurɔfo Roman din nyinaa de, nanso wiase nhoma bi ka kyerɛ yɛn sɛ na wɔfrɛ Agrippa sɛ Marcus Julius Agrippa. Na wɔfrɛ Gallio sɛ Lucius Junius Gallio. (Asomafo no Nnwuma 18:12; 25:13) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a wɔabɔ obi din abien a etwa to ne Pontio Pilato (wɔakyerɛw wɔ ase hɔ), Sergio Paulo, Klaudio Lisia, ne Pokio Festo.—Asomafo no Nnwuma 4:27; 13:7; 23:26; 24:27.
Yentumi nka no pen sɛ na Paullus yɛ Saul din a edi kan anaasɛ na ɛyɛ n’agya din. Na ɛnyɛ den sɛ wɔde obi din a n’abusuafo ne nnamfonom de frɛ no bɛfrɛ no. Wɔ ɔkwan foforo so no, na wobetumi de edin a ɛnyɛ Roma din te sɛ Saul asi ananmu adi dwuma. Nhomanimfo bi ka sɛ: “[Saul] ntumi nyɛ Roma din da, na mmom ɛbɛfata ankasa sɛ signum, edin a ɔmanfo de frɛ Romani bi.” Wɔ mmeae ahorow a wɔka kasa horow no, tebea no na ɛbɛkyerɛ din ko a obi pɛ sɛ ɔde di dwuma.
[Asɛm Fibea]
Photograph by Israel Museum, ©Israel Antiquities Authority