Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 3-4
  • Bere Ne Nkwa a Enni Awiei—Dɛn na Yenim Wɔ Ho Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Ne Nkwa a Enni Awiei—Dɛn na Yenim Wɔ Ho Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible Ka Wɔ Bere Ho
  • Daa Nkwa—So Ɛyɛ Nea Yebetumi Anya Ankasa?
  • Yebetumi Atena Ase Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Dɛn Nti na Bere Yɛ Tiaa Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yi Mmeresanten Hene No Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 3-4

Bere Ne Nkwa a Enni Awiei—Dɛn na Yenim Wɔ Ho Ankasa?

NHOMA bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ bere yɛ onipa asetram nneɛma a ɛyɛ nwonwa sen biara no mu biako.” Yiw, ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛkyerɛ bere ase wɔ ɔkwantiaa so. Yebetumi aka sɛ bere “twam,” “ɛkɔ,” “ɛsen,” na mpo yɛn ankasa de “bere” na ɛyɛ biribiara. Nanso yennim nea yɛreka ho asɛm ankasa.

Wɔakyerɛ bere ase sɛ “ɔkwan a ɛda nsɛm abien a esisi ntam.” Nanso, ɛte sɛ nea yɛn suahu kyerɛ yɛn sɛ bere nnyina nsɛm a esisi so; ɛte sɛ nea ɛkɔ so sɛ́ ebia biribi si anaa ensi. Nyansapɛfo bi kyerɛ sɛ bere nyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa, na mmom ɛyɛ biribi a wɔde adwene bu kɛkɛ. So ebetumi aba sɛ ade a ɛso na biribiara a yɛyɛ gyina no yɛ biribi a yɛde adwene bu kɛkɛ?

Nea Bible Ka Wɔ Bere Ho

Bible mfa bere ho nkyerɛase biara mma, na nea enti a ebia ɛte saa ne sɛ onipa ntumi nte ase nwie. Ɛte sɛ ahunmu trɛw a enni ano, a ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ɛno nso ase no. Ɛda adi sɛ, bere yɛ nneɛma a Onyankopɔn nkutoo na otumi te ase wie no mu biako, efisɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ hɔ ‘fi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri.’—Dwom 90:2.

Ɛwom sɛ Bible nkyerɛ bere ase de, nanso ɛka bere ho asɛm sɛ ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa. Nea edi kan no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔɔ “akanea”—owia, ɔsram, ne nsoromma—sɛ ɛnhyɛ bere agyirae, na “ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe.” Nsɛm pii a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no yɛ nea egyina bere so pintinn. (Genesis 1:14; 5:3-32; 7:11, 12; 11:10-32; Exodus 12:40, 41) Bible ka bere ho asɛm nso sɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma nyansam na ama yɛanya Onyankopɔn nhyira a ɛne bere a enni awiei—akwanhwɛ a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa.—Efesofo 5:15, 16.

Daa Nkwa—So Ɛyɛ Nea Yebetumi Anya Ankasa?

Bere a mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛte nea bere kyerɛ ankasa ase ma yɛn abam bu no, wɔ nnipa pii fam no, adwene a ɛne sɛ yebenya daa nkwa anaasɛ yɛbɛtra ase daa no yɛ nea ɛyɛ den sen biara sɛ wɔbɛte ase. Ebia ade biako nti a eyi te saa ne sɛ yɛn suahu a ɛfa bere ho no gyina kyinhyia a awo, onyin, mpanyinyɛ ne owu di so bere nyinaa. Enti, yɛabehu sɛ sɛnea bere di dwuma no fa onyin ho. Wɔ nnipa pii fam no, ɛte sɛ nea ɔkwan foforo biara a wobɛfa so adwen ho no bɛyɛ nea woresɔre atia bere ho adwene no ankasa. Ebia wobebisa sɛ, ‘dɛn nti na ɛsɛ sɛ nnipa yɛ soronko wɔ ade a ɛte sɛ nea abɔde a nkwa wom nyinaa gyina so no ho?’

Nea wɔtaa bu ani gu so wɔ saa nsusuwii yi mu ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa yɛ soronko wɔ abɔde a aka nyinaa ho dedaw wɔ nneɛma pii mu no. Sɛ nhwɛso no, mmoa nni nyansa a nnipa wɔ no bi. Ɛmfa ho sɛ ebia ebinom bɛka sɛ ɛnte saa no, wontumi mmɔ wɔn tirim nyɛ biribi foforo biara nka nea wɔn nkate bɛkyerɛ wɔn ho. Wonni adwinni akyɛde, na saa ara na wonni tumi a wɔde bɛkyerɛ ɔdɔ ne anisɔ te sɛ nnipa. Sɛ wɔde su ne ɔdom akyɛde ahorow a ɛma asetra yɛ nea atirimpɔw wom ama nnipa a, ɛnde dɛn nti na wɔrentumi mma nnipa nkwa nyɛ tenten nso?

Ɔkwan foforo so no, so ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a nnua a entumi nnwen mpo di mfe mpempem pii, bere a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa a wodwen no tumi di mfe 70 kosi 80 pɛ no? So ɛnyɛ nwonwa sɛ akyekyere a onni adwinni nyansa biara no tumi di boro mfe 200, bere a nnipa a wɔde saa nneɛma yi adom wɔn no nnya mu fã mpo no?

Ɛwom sɛ onipa ntumi nte bere ne nkwa a enni awiei ase nwie de, nanso daa nkwa ho bɔhyɛ no yɛ anidaso a ɛda so ara gyina Bible so pintinn. Asɛm “daa nkwa” no pue wom bɛyɛ mpɛn 40. Nanso sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ nnipa bɛtra ase daa a, dɛn nti na ennyaa mmamu dedaw? Yebesusuw saa asɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena