Dɛn Nti na Bere Yɛ Tiaa Saa?
BERE. Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu yiye, nanso yɛn nyinaa nim sɛ bere a yɛwɔ no sua. Bio nso yenim sɛ etwam ntɛmntɛm. Nokwarem no, yɛtaa si apini sɛ, “Bere kɔ ntɛm dodo.”
Nanso, ɛda adi sɛ Engiresi anwensɛm kyerɛwfo Austin Dobson nsɛm no yɛ nokware paa bere a ɔkaa no wɔ 1877 mu sɛ: “Woka sɛ bere rekɔ? Aa dabi! Afei de, Bere nkɔ, yɛn na yɛkɔ.” Efi bere a Dobson wui wɔ 1921 mu no, ɛreyɛ adi mfe 80; bere rekɔ so ara.
Bere Pii Wɔ Hɔ
Ɛdefa adesamma Bɔfo ho no, Bible no ka sɛ: “Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.” (Dwom 90:2) Anaa sɛnea The New Jerusalem Bible kyerɛ no, “wufi mmeresanten kosi mmeresanten yɛ Onyankopɔn.” Ne saa nti bere tenten a Onyankopɔn ankasa te ase no, bere bɛkɔ so—daa!
Nea ɛne Onyankopɔn, a ɔwɔ hɔ mmeresanten bɔ abira no, yɛkenkan wɔ nnipa ho sɛ: “Na yɛn nna nyinaa twam kɔ w’abufuw mu, yɛhwere yɛn mfe sɛ asutu bi. Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.”—Dwom 90:9, 10.
Esiane sɛ Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtra ase daa nti, dɛn nti na yɛn nkwa yɛ tiaa nnɛ saa? (Genesis 1:27, 28; Dwom 37:29) Sɛ anka yɛbɛtra nkwa mu bere nyinaa sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim no, dɛn nti na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa ntumi nni nnafua 30,000 wɔ tebea a eye sen biara mu? Dɛn nti na nnipa bere yɛ tiaa saa? Hena anaasɛ dɛn na akɔfa tebea a ɛyɛ awerɛhow yi aba? Bible no de mmuae a ɛfata na emu da hɔ ma.a
Bere Kɔ So Yɛ Tiaa
Mpanyimfo bedi adanse sɛ nnansa yi, bere kɔ ntɛmntɛm wɔ asetra mu. Sɛnkyerɛwfo bi, Ɔbenfo Sybille Fritsch, kae sɛ mfe 200 a atwam ni no, nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ adwuma wɔ dapɛn mu no so atew fi 80 aba 38, “nanso yɛda so ara ka sɛ yenni bere.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere nni hɔ pii; yɛmfa bere nni agoru; bere ho hia yɛn te sɛ mframa a yɛhome; obiara nni adagyew.”
Nneɛma ahorow a wɔabɔre ahu no ama yetumi yɛ nneɛma pii a, awo ntoatoaso a atwam kɔ no anso ho dae mpo da. Nanso mpɛn dodow a wubetumi ayɛ nnwuma pii no, mpɛn dodow no ara na ɛyɛ den sɛ wubenya bere a ɛfata de ayɛ saa. Nnansa yi, wɔ wiase afã ahorow pii no, nnwuma abobɔ ebinom so, wofi eyi so a na wɔrekɔ foforo so. Ɛsɛ sɛ Paapa kɔ adwuma anɔpa 7:00, ɛbɛbɔ anɔpa 8:30 no, na Maame asiesie mmofra no ho ma wɔadu sukuu mu, ɛsɛ sɛ Nanabarima kohu oduruyɛfo anɔpa 9:40, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa siesie yɛn ho ma nhyiam titiriw bi anwummere 7:30. Bere a yɛde ahopere di akɔneaba no, ɛyɛ den sɛ yebenya bere de agye yɛn ahome. Na yesũ wɔ nnwuma a yɛyɛ no daa no ho, yɛbrɛ dodo.
Ɛnyɛ Yɛn Nko na Yɛn Bere Yɛ Tiaa
Onyankopɔn Tamfo, Satan Ɔbonsam, nea ne nneyɛe ama adesamma nkwa so atew no nso atwa n’ankasa bɔne so aba bi. (Fa toto Galatifo 6:7, 8 ho.) Adiyisɛm 12:12 ma yɛn anidaso bere a ɛka Mesia no Ahenni awo wɔ ɔsoro no ho asɛm yi no: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Sɛnea Bible mmerebu a enni huammɔ ne Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu kyerɛ no, seesei yɛte ‘bere tiaa’ no awiei mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Satan bere nyinaa bɛsa korakora nnansa yi ara! Sɛ wɔsɛe no a, adesamma asoɔmmerɛfo bɛsan akɔ pɛyɛ mu, na wɔn nsa betumi aka daa nkwa a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma wɔn wɔ mfiase no. (Adiyisɛm 21:1-4) Bere a ɛho ayɛ na no renyɛ asɛm bio.
So wubetumi asusuw sɛnea asetra a enni awiei no bɛyɛ no ho—sɛ́ wobɛtra ase daa? Ɛremma bio da sɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ anka woyɛ a woantumi anyɛ no bɛhaw w’adwene. Sɛ wuhia bere pii a, ɔkyena, anaa dapɛn, anaa afe foforo wɔ hɔ—nokwarem no, nna a enni awiei da w’anim!
Bere a Yɛwɔ Seesei a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam
Esiane sɛ Satan nim sɛ ne bere a ɔde benya adesamma so nkɛntɛnso reyɛ asa nti, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma nnipa nnya adagyew koraa na wɔde atie Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no ho asɛm. Ɛno nti ɛyɛ papa sɛ yetie ɔsoro kɔkɔbɔ yi: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a Awurade pɛ yiye.”—Efesofo 5:15-17.
Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn bere di dwuma nyansam wɔ nneɛma a ɛho hia kɛse no ho mmom sen sɛ yɛde bedi nea ɛho nni mfaso akyi! Ɛsɛ sɛ yenya su a ɛka koma a na Mose wɔ no bi bere a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Yehowa no: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.”—Dwom 90:12.
Ampa, ɛnnɛ obiara nni adagyew wɔ wiase yi mu. Nanso, Yehowa Adansefo hyɛ wo nkuran denneennen sɛ fa wo bere a ehia wo no bi sua Onyankopɔn ahwehwɛde horow a ɛbɛma woanya daa nkwa wɔ N’ahenni nniso no ase. Sɛ wode dɔnhwerew biako sua Bible no nkakrankakra dapɛn biara, ‘sua nea Yehowa pɛ’ a, ebetumi ama woahu nsɛm yi mmamu: “Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatra hɔ daa. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:27, 29.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 6.