Me Bɔhyɛ So a Madi Asom Nyankopɔn
SƐNEA FRANZ GUDLIKIES KA KYERƐE
Asraafo bɛboro ɔha a na wɔka me ho no mu baanan pɛ na anwu. Bere a anka mereyɛ awu no, mibuu nkotodwe hyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, ‘Sɛ minya nkwa wɔ ɔko yi mu a, mɛsom wo daa.’
MEHYƐƐ saa bɔ no mfe 54 a atwam ni, wɔ April 1945 mu, bere a na mewɔ German sraadi mu no. Na aka kakraa bi ma Wiase Ko II no aba awiei, na na Soviet asraafo rebɔ mmɔden abɛtow ahyɛ Berlinfo so. Wɔde yɛn nkurɔfo no gyinaa beae a ɛbɛn Seelow kurow no wɔ Oder Asubɔnten no ho, bɛyɛ kilomita 65 fi Berlin. Wɔtotow ogya aprɛm pii guu yɛn so wɔ hɔ, awia ne anadwo, na wokunkum me nkurɔfo no mu pii.
Saa bere no ne bere a edi kan wɔ m’asetra mu a, mede nusu bɔɔ Onyankopɔn mpae. Mekae Bible mu asɛm bi a na me maame a osuro Nyankopɔn no taa ka no: “Frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.” (Dwom 50:15) Amena no mu hɔ a na misuro sɛ mɛhwere me nkwa no na mehyɛɛ Onyankopɔn bɔ a maka ho asɛm wɔ atifi hɔ no. Ɛyɛɛ dɛn na mitumi dii so? Na ɛyɛɛ dɛn na mebɛyɛɛ German sraani?
Minyinii Wɔ Lithuania
Wɔ 1918, bere a na Wiase Ko I no rekɔ so no, Lithuania nyaa ahofadi na wɔde kwasafo nniso ho nhyehyɛe sii hɔ. Wɔwoo me 1925 mu wɔ Memel (Klaipėda) ɔmantam a ɛbɛn Baltic Po ho no mu. Aka afe ma wɔawo me no na wɔde ɔmantam no bɛkaa Lithuania ho.
Me ne me nuabeanom baanum nyaa anigye wɔ yɛn mmofraase. Na Paapa te sɛ yɛn adamfo paa, a ɔne yɛn a yɛyɛ mmofra no yɛ ade bere nyinaa. Na yɛn awofo yɛ Evangelical Asɔre no mma, nanso na wɔnkɔ asɔre efisɛ na ɔsɔfo no nyaatwomyɛ no ato Maame hintidua. Nanso, na ɔdɔ Nyankopɔn ne n’Asɛm, Bible, a bere nyinaa na ɔkenkan no.
Wɔ 1939 mu no, Germanfo gyee beae a na yɛte wɔ Lithuania no. Enti, wɔ 1943 mfiase no, wɔde me hyɛɛ German asraadi mu. Miprae wɔ ɔko no biako mu, nanso me ho tɔɔ me no, mesan de me ho kɔhyɛɛ Apuei fam Ɔko no mu. Saa bere yi mu no, na ɔko no ani adan, na na Germanfo no reguan afi Soviet asraafo no anim. Sɛnea mekae wɔ nnianim asɛm no mu no, saa bere no na ɛkaa kakra anka wɔrekum me no.
Me Bɔhyɛ So a Madi
Bere a ɔko no rekɔ so no, m’awofo tu kɔɔ Oschatz, Germany, Leipzig anafo fam atɔe. Bere a ɔko no baa awiei no, na ɛyɛ den sɛ mehu wɔn akyi kwan. Nanso hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛsan hyiaam bio! Ɛno akyi bere tiaa bi, wɔ April 1947 mu no, me ne Maame kotiee ɔkasa bi a Max Schuber, Yehowa Dansefo bi mae no. Maame gye toom sɛ wahu nokware som, na bere a yɛkɔɔ nhyiam ahorow no toaa so kakra no, me ne no yɛɛ adwene.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, Maame fi antweri bi so bɛbɔɔ fam, opirae a emu ara na owui wɔ asram bi akyi. Bere a ɔda ayaresabea ansa na ɔrewu no, ofii ɔdɔ mu hyɛɛ me nkuran sɛ: “Mabɔ mpae bere nyinaa sɛ anyɛ yiye koraa no, me ba biako behu Onyankopɔn akyi kwan. Mprempren mihu sɛ watie me mpaebɔ, na metumi awu asomdwoe mu.” Hwɛ sɛnea mehwɛ kwan sɛ Maame benyan afi awufo mu abehu sɛ ne mpaebɔ no baa mu!—Yohane 5:28.
Wɔ August 8, 1947 mu, asram anan a yekotiee Onua Schuber kasa no akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ Leipzig ɔmansin nhyiam bi ase sɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛne. Afei na mafi ase sɛ medi ɛbɔ a mahyɛ Onyankopɔn no so. Ankyɛ na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Saa bere no, na akwampaefo bɛyɛ 400 na wɔwɔ baabi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ hɔ sɛ German Democratic Republic, anaasɛ East Germany no.
Gyidi Ho Sɔhwɛ Mfiase
Ofipamfo bi a ɔwɔ Oschatz bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma manya Marx Amammuisɛm ho anigye, a na Sohyialist Nkabom Kuw (SED) a ɛwɔ Germany no mu a mede me ho bɛhyɛ no bɛma manya sukuupɔn mu adesua a ɔman tua ho ka. Mepoe, sɛnea Yesu nso poo Ɔbonsam akyɛde no.—Mateo 4:8-10.
Da bi, wɔ April 1949 mu no, polisifo baanu bi baa m’adwuma mu, na wɔkaa sɛ minni wɔn akyi. Wɔde me kɔɔ ɛhɔnom Soviet anyansafo kuw no adwumayɛbea, na wɔbɔɔ me sobo sɛ mereyɛ adwuma wɔ Atɔe fam ma aman a wɔma ankorankoro buebue nnwuma no. Wɔkae sɛ, metumi akyerɛ sɛ me ho nni asɛm denam afie ne afie adwuma a mɛkɔ so ayɛ so, nanso sɛ mihu obiara a ɔkasa tia Soviet Union anaa SED anaa obiara a ɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase a, memmɛbɔ wɔn amanneɛ. Bere a me ne wɔn anyɛ adwene no, wɔde me too afiase. Akyiri yi, wodii m’asɛm wɔ beae bi a na ɛte sɛ asraafo asɛnnibea. Mfe dodow a wɔhyɛe sɛ wɔmfa me ntom: Mfe 15 a adwumaden ka ho wɔ Siberia!
Meyɛɛ komm, na ɛmaa mpanyimfo no ho dwiriw wɔn. Afei wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔatwe mfe a wɔahyɛ me no asɛn, nanso enkosi sɛ megye nea wɔka no atom no, wɔbɛhwɛ sɛ mede me ho bɛba abɛkyerɛ wɔn pɛnkoro wɔ dapɛn biara mu. Mituu kwan kɔɔ Magdeburg, faako a Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ sɛ merekɔhwehwɛ nyansahyɛ afi Adansefo a wɔn ho akokwaw no hɔ. Esiane sɛ na wɔatu wɔn ani asi me so nti, na ama akwantu no ayɛ den. Ernst Wauer, a na ɔsom wɔ Adwumayɛbea no fã a ɛhwɛ Mmara ho nsɛm so wɔ Magdeburg no ka kyerɛɛ me sɛ: “Ko na wubedi nkonim. Gyae mu siesie na wubedi nkogu. Ɛno ne nea yehui wɔ nneduaban mu.”a Saa afotu no boaa me ma midii bɔ a mahyɛ sɛ mɛsom Onyankopɔn no so.
Nsa a Wɔde To Yɛn So ne Kyere a Wɔkyere Me Bio
Wɔ July 1950 mu no, wɔkamfoo me kyerɛe sɛ menkɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Nanso, wɔ August 30 mu no, polisifo betwaa yɛn dan a ɛwɔ Magdeburg no ho hyiae, na wɔbaraa yɛn asɛnka adwuma no. Enti wɔsesaa me dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ me ne Paul Hirschberger yɛ adwuma wɔ asafo ahorow bɛyɛ 50 mu, de dapɛn biako anaa abien srasra emu biara, boa anuanom ma wɔyɛ nhyehyɛe de yɛ wɔn som adwuma no wɔ nsa a wɔde ato wɔn so no ase. Wɔ asram a edidii so no mu no, mpɛn asia na polisifo pɛe sɛ wɔkyere me a wɔantumi!
Onipa bi bɛhyɛn asafo no biako mu a na ɔkeka yɛn ho nsɛm kyerɛ Stasi, Ɔman Bammɔ Kuw no. Afei, wɔ July 1951 mu no, mmarima baanum de tuo kyerɛɛ me ne Paul so kyeree yɛn. Sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a esii no mu a, yehu sɛ yɛamfa yɛn ho anto Yehowa ahyehyɛde no so sɛnea na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Na anuanom a wɔn mfe akɔ anim no aka akyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbom tu kwan. Yɛn ho a yegye dii dodo no maa yɛhweree yɛn ahofadi no! Bio nso, na yensusuw nea sɛ wɔkyere yɛn a yɛbɛka ho.
Bere a me nkutoo da afiase dan mu hɔ no, mede nusu srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me sɛnea ɛbɛyɛ a minyi me nuanom mma anaa minnyae me gyidi mu. Bere a mefaa mu dae no, mpofirim ara na me yɔnko Paul kasa nyanee me. Afiase dan a na ɛtoa me de so pɛɛ na na Stasifo rebisabisa no nsɛm. Esiane sɛ na ewim ayɛ hyew na ahohuru wom nti, na wɔabue ɔpon a ɛkɔ abrannaa a ɛwɔ ɔdan no akyi so no, na na mete biribiara a na ɛrekɔ so no brɛoo. Akyiri yi, bere a wobisabisaa me nsɛm no, mede mmuae koro no ara mae, na atumfoɔ no ho dwiriw wɔn. Bible mu asɛm a Maame pɛ paa no baa m’adwene mu ntoatoaso sɛ: ‘Frɛ me hiada mu, na megye wo so,’ na ɛhyɛɛ me den yiye.—Dwom 50:15.
Wɔ nsɛmmisa no akyi no, wɔde me ne Paul kɔtoo Stasifo afiase asram anum wɔ Halle, na akyiri yi wɔde yɛn kɔɔ Magdeburg. Bere a mewɔ Magdeburg no, na ɛtɔ mmere bi a mihu yɛn baa dwumadibea a na wɔato mu saa bere no. Me yam a na anka mewɔ hɔ reyɛ adwuma sen sɛ meda afiase! Wɔ February 1952 mu no, wɔde mfe a wɔahyɛ sɛ wɔmfa yɛn ngu afiase no too gua: “Yɛde mfe 10 bɛda afiase na yɛahwere hokwan a yɛwɔ wɔ asetram no mfe 20.”
Gyidi Mu a Mikurae Wɔ Afiase
Ná Yehowa Adansefo a wɔde wɔn agu afiase fi mfe du rekɔ no hyɛ ntade soronko wɔ mfe a wɔde da afiase no bi mu. Na wɔde ahama kɔkɔɔ bi abobɔ yɛn ntade mu. Afei nso, na wɔde krataa kɔkɔɔ ketewaa bi tetare yɛn afiase dan no ho de bɔ afiasehwɛfo kɔkɔ sɛ yɛyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu.
Atumfoɔ no buu yɛn sɛ nsɛmmɔnedifo paa. Wɔamma yɛn kwan amma yɛankura Bible, efisɛ sɛnea afiasehwɛfo bi kyerɛkyerɛɛ mu no: “Yehowa Danseni a okura Bible no te sɛ nsɛmmɔnedini a okura tuo.” Nea ɛbɛyɛ na yɛakaakae Bible mu nsɛm bi no, na yɛkenkan Russiani nhoma kyerɛwfo Leo Tolstoy, a na ɔfa Bible mu nsɛm ka wɔ ne nhoma mu no nhoma. Yesuaa saa Bible kyerɛw nsɛm yi guu yɛn tirim.
Ansa na wɔde me reto afiase wɔ 1951 mu no, na me ne Elsa Riemer ayɛ aware nhyehyɛe. Na ɔtaa bɛsra me wɔ afiase hɔ sɛnea obetumi na na ɔde nneɛma mena me pɛnkoro ɔsram biara. Na ɔde honhom fam aduan nso ka n’amenade ahorow no ho. Da koro, ɔde Ɔwɛn-Aban mu nsɛm bi hyehyɛɛ nam a wɔayam abɔ no nteateaa mu. Na afiasehwɛfo taa twitwa nam saa no mu hwɛ sɛ biribiara nni mu anaa, nanso saa bere yi de na aka kakraa bi ma wɔapɔn adwuma na amenade no bedui, enti wɔanhwehwɛ mu.
Saa bere no, na me ne Karl Heinz Kleber ne nnipa baasa a wɔnyɛ Adansefo na ɛwɔ afiase dan biako mu. Na yɛbɛyɛ dɛn akenkan Ɔwɛn-Aban no a wonhu? Yɛboapa yɛɛ sɛnea yɛrekenkan nhoma bi, nanso na yɛde Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm ahyɛ mfinimfini. Yɛde saa honhom fam aduan a ɛsom bo yi maa yɛn mfɛfo Adansefo a na wɔwɔ afiase hɔ nso.
Bere a yɛwɔ afiase no, yɛde hokwan no kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ afoforo nso. Awiei koraa no, m’ani gyei sɛ mihuu sɛ wɔn a me ne wɔn da afiase no mu biako abɛyɛ gyidini.—Mateo 24:14.
Mesan Kɔyɛɛ Bere Nyinaa Som Adwuma
Wɔ April 1, 1957 mu no, bere a na mada afiase bɛyɛ mfe asia no, woyii me. Ɛno akyi bɛyɛ dapɛn abien no, mewaree Elsa. Bere a Stasifo no tee sɛ wɔayi me no, wɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so de me akɔto afiase bio. Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati nea ɛreba no, me ne Elsa twaa hye kɔtraa West Berlin.
Bere a yeduu West Berlin no, Asafo ti no pɛe sɛ wohu nhyehyɛe a yɛayɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛn mu biako bɛyɛ ɔkwampaefo na biako ayɛ honam fam adwuma.
Wobisaa yɛn sɛ: “Mo ani begye ho sɛ mo baanu bɛyɛ akwampaefo?”
Yebuae sɛ: “Sɛ ɛba saa a, yebefi ase ntɛm ara.”
Enti ɔsram biara na wɔma yɛn sika kakraa bi a yɛde bɛhwɛ yɛn ho, na yefii ase som sɛ akwampaefo titiriw wɔ 1958 mu. Hwɛ anigye ara a yenyae bere a yehui sɛ wɔn a yɛne wɔn sua Bible no mu bi asesa wɔn asetra abɛyɛ Yehowa asomfo no! Mfe du a edi hɔ a yɛde yɛɛ akwampaefo titiriw adwuma no maa yehuu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbom yɛ adwuma sɛ obi ne ne yere. Na Elsa ka me ho bere nyinaa, bere a meresiesie kar mpo. Na yɛbom kenkan ade, sua ade bɔ mpae.
Wɔ 1969 mu no, wɔmaa yetutuu akwan, kɔsrasraa asafo ahorow dapɛn biara dii anuanom ahiade ho dwuma. Josef Barth, ɔbarima bi a na ɔwɔ akwantu adwuma no mu suahu tuu me fo sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ wo dwumadi no mu a, fa anuanom sɛ wo nuanom.” Mebɔɔ mmɔden sɛ mede saa afotu no bedi dwuma. Ɛno nti, yenyaa ɔdɔ ne ayɔnkofa a emu yɛ hyew maa mfɛfo Adansefo no, na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ yɛde afotu bɛma wɔ bere a ɛho hia mu.
Wɔ 1972 mu no, Elsa nyaa kokoram ma wɔyɛɛ no oprehyɛn. Akyiri yi, obenyaa sesaborɔ. Ɛwom sɛ na ne honam yɛ no yaw de, nanso dapɛn biara na ɔkɔ so di m’akyi, ma yɛkɔsom asafo ahorow, na ɔne anuanom mmea yɛ adwuma wɔ asɛnka mu sɛnea obetumi.
Nsakrae a Ɛho Hia a Yɛyɛe
Wɔ 1984 mu no, ɛho behiae sɛ na yɛde bere nyinaa hwɛ me nsenom, enti yegyaee akwantu adwuma no kɔhwɛɛ wɔn kosii sɛ wowui mfe anan akyi. (1 Timoteo 5:8) Afei wɔ 1989 mu no, Elsa yaree denneennen. Anigyesɛm ne sɛ, ne ho tɔɔ no kakra, nanso na ɛho abehia sɛ meyɛ ofie nnwuma ahorow nyinaa. Meda so ara resua sɛnea wɔne obi a ɔte yaw bere nyinaa di nsɛm. Nanso, ɛmfa ho adwennwen ne ahoyeraw no, yɛakɔ so anya honhom mu nneɛma ho anigye.
Ɛnnɛ, yɛda so ara reyɛ akwampae adwuma no anigye so. Nanso, yɛabehu sɛ, ɛnyɛ gyinabea a yɛwom no anaa dodow a yetumi yɛ no na ehia, na mmom sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware. Yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa, yɛn Nyankopɔn no, nyɛ mfe kakraa bi, mmom daa. Osuahu a yɛn nsa aka no atete yɛn yiye ama daakye. Na Yehowa ama yɛanya ahoɔden a yɛde yi no ayɛ wɔ tebea a emu yɛ den pii mu mpo.—Filipifo 4:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Ernst Wauer asetra ho asɛm puei wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa wɔ August 1, 1991 mu, kratafa 25 kosi 29.
[Kratafa 23 mfonini]
Wɔde me too afiase wɔ Magdeburg ha
[Asɛm Fibea]
Gedenkstätte Moritzplatz Magdeburg für die Opfer politischer Gewalt; Foto: Fredi Fröschki, Magdeburg
[Kratafa 23 mfonini]
Bere a yɛwaree wɔ 1957 mu no
[Kratafa 23 mfonini]
Mene Elsa nnɛ