Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/1 kr. 4-7
  • Ɔkwan Bɛn so na Yesu Betumi Asesa W’asetra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn so na Yesu Betumi Asesa W’asetra?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Nkyerɛkyerɛ
  • Ne Nnwuma
  • N’afɔrebɔ
  • Yesu Kristo—Ɔne Hena?
    Yesu Kristo—Ɔne Hena?
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ná Yesu Dɔ Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/1 kr. 4-7

Ɔkwan Bɛn so na Yesu Betumi Asesa W’asetra?

NÁ Yesu Kristo yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse a ɔtraa ase wɔ Palestina bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni. Yennim ne mmofraberem ho nsɛm pii. Nanso, adanse pii kyerɛ sɛ bere a odii mfe 30 no, ofii ne som adwuma ase ‘dii nokware no ho adanse.’ (Yohane 18:37; Luka 3:21-23) Asuafo baanan a wɔyɛɛ n’asetra ho kyerɛwtohɔ no twe adwene si ne mfe abiɛsa ne fã asetra mu nsɛm so.

Wɔ Yesu Kristo som adwuma mu no, ɔmaa n’asuafo no ahyɛde a na ebetumi de wiase haw ahorow pii ano aduru ama. Ná ɛyɛ dɛn? Yesu kae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” (Yohane 13:34) Yiw, adesamma haw no pii ano aduru ne ɔdɔ. Bere bi a wobisaa Yesu mmara nsɛm no mu nea ɛyɛ kɛse no, obuae sɛ: ‘Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo no nyinaa sɛn.’—Mateo 22:37-40.

Yesu nam ne nsɛm ne ne nnwuma so kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa. Ma yensusuw nhwɛso kakraa bi ho nhwɛ nea yebetumi asua wɔ ne ho.

Ne Nkyerɛkyerɛ

Wɔ nsɛmpa a wonim no yiye wɔ abakɔsɛm mu biako mu no, Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a, ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata obiako ho na wabu obiako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].” (Mateo 6:24) So Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ yɛmfa Onyankopɔn nni kan wɔ yɛn asetram no ho da so wɔ mfaso nnɛ, bere a nnipa pii gye di sɛ sika na edi ɔhaw ahorow nyinaa ho dwuma no? Ampa, yehia sika na yɛde adi yɛn ahiade ahorow ho dwuma. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso, sɛ yɛma ‘Ahonyade’ di yɛn so a, ‘sika ho dɔ’ bedi yɛn ti, na adi yɛn asetra nyinaa so. (1 Timoteo 6:9, 10) Nnipa pii a wɔahwe saa afiri yi mu ahwere wɔn mmusua, wɔn akwahosan, ne wɔn nkwa mpo.

Ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn a yɛbɛma wayɛ yɛn Wura no bɛma yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw wom. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, ɔno ne nkwa Fibea, na enti, ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. (Dwom 36:9; Adiyisɛm 4:11) Ɛka wɔn a wosua ne su ahorow na wɔbɛdɔ no no ma wodi ne mmara nsɛm so. (Ɔsɛnkafo 12:13; 1 Yohane 5:3) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ankasa na yenya so mfaso.—Yesaia 48:17.

Wɔ Bepɔw so Asɛnka mu no, Yesu san kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn mfɛfo nnipa. Ɔkae sɛ: “Enti, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Obi tamfo mpo ka asɛmfua “nnipa” a Yesu de dii dwuma wɔ ha no ho. Wɔ asɛm koro no ara mu no, ɔkae sɛ: ‘Monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.’ (Mateo 5:43, 44) So ɔdɔ a ɛte saa rentumi nni ɔhaw pii a yehyia nnɛ no ho dwuma? Saa na Hindu kannifo Mohandas Gandhi susuwii. Wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ: “Sɛ yɛbɛbom de nkyerɛkyerɛ a Kristo de mae wɔ Bepɔw so Asɛnka yi mu atra ase a, anka yebedi . . . ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa so.” Sɛ yɛde Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdɔ ho no di dwuma a, yebetumi adi adesamma haw ahorow no pii so.

Ne Nnwuma

Ɛnyɛ sɛnea yɛbɛda ɔdɔ adi nko na Yesu kyerɛkyerɛɛ ho nokwasɛm kɔɔ akyiri, na mmom ɔmaa n’asetra ne ne nkyerɛkyerɛ nso hyiae. Sɛ nhwɛso no, ɔde afoforo ahiade dii ne de kan. Da bi, na Yesu ne n’asuafo no ani abere reboa nkurɔfo araa ma wɔannya kwan annidi mpo. Yesu huu hia a ehia sɛ n’asuafo no gye wɔn ahome kakra, na ɔde wɔn kɔɔ beae bi a atew ne ho. Nanso bere a woduu hɔ no, wohui sɛ nnipadɔm bi retwɛn wɔn. Sɛ wo na wuhuu nnipadɔm a wɔrehwɛ kwan sɛ wobɛyɛ adwuma bere a wote nka sɛ wuhia ahomegye kakra a, anka wobɛyɛ dɛn? Wiɛ, “wɔyɛɛ” Yesu “mmɔbɔ,” na “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:34) Susuw a na Yesu susuw afoforo ho yi kaa no bere nyinaa ma ɔboaa wɔn.

Yesu yɛɛ pii maa nkurɔfo sen kyerɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn. Ɔyɛɛ wɔn mmoa ankasa nso. Sɛ nhwɛso no, da bi ɔmaa nnipa bɛboro 5,000 a na wɔatie no da mũ nyinaa no aduan. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔmaa nnipadɔm pii—saa bere yi de, na wɔboro 4,000—a na wɔatie no nnansa a na wonni nea wobedi no aduan. Bere a edi kan no, ɔde abodoo anum ne mpataa abien na ɛmaa wɔn, na wɔ akyiri yi de mu no, ɔde abodoo ason ne mpataa kakraa bi na ɛmaa wɔn. (Mateo 14:14-22; 15:32-38) So eyi yɛ anwonwade? Yiw, na ɔyɛ anwonwadwuma.

Yesu saa ayarefo pii nso yare. Ɔsaa anifuraefo, mpakye, akwatafo, ne asotifo yare. Hwɛ, onyanee awufo mpo! (Luka 7:22; Yohane 11:30-45) Bere bi ɔkwatani bi srɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu buae dɛn? “Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.” (Marko 1:40, 41) Yesu nam anwonwade a ɛtete saa so daa ɔdɔ a ɔwɔ ma abrɛfo no adi.

So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkyerɛ Yesu anwonwade no mu gyidi? Ɛyɛ den ma ebinom. Nanso, kae sɛ Yesu yɛɛ n’anwonwade no wɔ baguam. N’asɔretiafo mpo a na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya ne ho mfomso bere nyinaa no antumi annye n’anwonwade a ɔyɛ no ho kyim. (Yohane 9:1-34) Bio nso, na n’anwonwade no wɔ atirimpɔw. Ɛboaa nkurɔfo ma wogye dii sɛ ɔyɛ Obi a Onyankopɔn asoma no.—Yohane 6:14.

Bere a Yesu yɛɛ anwonwade no, na ɛnyɛ sɛ ɔretwe adwene aba ne ho so. Mmom no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn, Onii a ɔmaa no tumi no, anuonyam. Bere bi wɔ Kapernaum no, na ɔwɔ fie bi a nkurɔfo ahyɛ hɔ ma mu. Ná obubuafo bi pɛ sɛ ɔsa no yare, nanso na ontumi nkɔ mu. Enti ne nnamfonom de no too kɛtɛ so de no faa suhyɛ so kɔɔ ɔdan no mu. Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔsaa obubuafo no yare. Ne saa nti, nkurɔfo no ‘hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam’ kae sɛ: “Yenhuu saa bi da.” (Marko 2:1-4, 11, 12) Yesu anwonwade no de ayeyi brɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn, na ɛboaa wɔn a na wɔwɔ ahohia mu no.

Nanso, na ɛnyɛ anwonwakwan so ayaresa ne Yesu som adwuma no mu ade titiriw. Obi a ɔyɛɛ Yesu asetra ho kyerɛwtohɔ kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.” (Yohane 20:31) Yiw, Yesu baa asase so, na ama wɔn a wogye no di no anya nkwa.

N’afɔrebɔ

Ebia wubebisa sɛ, ‘so Yesu baa asase so? Ɛhe na ofi bae?’ Yesu ankasa kae sɛ: “Misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 6:38) Ɔtraa ase sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. Ɛnde na dɛn ne Nea ɔsomaa no baa asase so no apɛde? Yohane a ɔyɛ Asɛmpa no akyerɛwfo no mu biako no kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne [dɔ] ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɔkwan bɛn so na eyi tumi yɛɛ yiye?

Bible da nea ɛyɛe a owu baa adesamma so adi. Nnipa baanu a wodi kan no nyaa nkwa fii Onyankopɔn nkyɛn, a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa. Nanso, wɔpawee sɛ wɔbɛtew wɔn Yɛfo no so atua. (Genesis 3:1-19) Nea efi saa adeyɛ yi, bɔne a edi kan a onipa yɛe, mu bae ne owu a ɛnyɛ adepa a Adam ne Hawa asefo hyiae no. (Romafo 5:12) Nea ɛbɛyɛ na adesamma anya nokware nkwa no, ɛsɛ sɛ woyi bɔne ne owu fi hɔ.

Nyansahufo biara rentumi mfa awosu mu nkwaadɔm bi so nyi owu mfi hɔ. Nanso, adesamma Bɔfo no wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so de adesamma asoɔmmerɛfo aba pɛyɛ mu na ama wɔatumi atra ase daa. Wɔ Bible mu no, wɔfrɛ saa nsiesiei yi agyede. Nnipa baanu a wodi kan no tɔn wɔn ho ne wɔn asefo kɔɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu. Wɔtɔn nkwa a wɔwɔ sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔbɛyɛ setie ama Nyankopɔn no de gyee nkwa a ɛbɛma wɔade wɔn ho afi Onyankopɔn ho, na wɔn ankasa asisi papa ne bɔne ho gyinae. Nea ɛbɛyɛ na wɔasan atɔ nnipa nkwa a ɛyɛ pɛ no, na ɛsɛ sɛ wotua bo bi a ɛne nnipa nkwa a ɛyɛ pɛ a yɛn awofo a wodi kan hweree no yɛ pɛ. Esiane sintɔ a nnipa nyae nti, na wɔmfata sɛ wobetua saa bo no.—Dwom 49:7.

Enti Yehowa Nyankopɔn de ne ho gyee mu yɛɛ mmoa. Oyii ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛhyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu ma ɔwoo Yesu. Mfe bi a atwam no, ebia anka wubegye kyim sɛ ɔbaabun ntumi nwo. Nanso ɛnnɛ, nyansahufo atumi ama nufuboa bi ankasa awo, na wɔatumi ama aboa bi awo aboa foforo. Ɛnde, hena na obetumi agye tumi a Ɔbɔadeɛ no wɔ sɛ ɔbɛfa ɔkwan foforo bi so ama obi awo no ho kyim ma afata?

Bere a wɔwoo obi a ne nkwa yɛ pɛ no, wonyaa obi a obetua bo a wɔde begye adesamma afi bɔne ne owu mu no. Nanso, na ɛsɛ sɛ abofra a wɔwoo no too asase so sɛ Yesu no nyin bɛyɛ “oduruyɛfo” a obetumi anya “aduru” a ɛbɛsa adesamma nyarewa nyinaa. Ɔyɛɛ eyi denam tra a ɔtraa ase sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a onni bɔne no so. Yesu anhu yaw a adesamma abɔnefo hu no nko, na mmom ohuu nipaduam mmerɛwyɛ a nnipa hyia no nso. Eyi maa ɔyɛɛ oduruyɛfo a ɔwɔ ayamhyehye kɛse mpo. (Hebrifo 4:15) Yare a ɔsae wɔ anwonwakwan so bere a na ɔwɔ asase so no daa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛsa ayarefo yare.—Mateo 4:23.

Wɔ Yesu mfe abiɛsa ne fã som adwuma no awiei no, n’asɔretiafo kum no. Ɔkyerɛe sɛ onipa a ɔyɛ pɛ betumi ayɛ osetie ama Ɔbɔadeɛ no ɛmfa ho sɔhwɛ a ɛsen biara a obehyia mpo no. (1 Petro 2:22) Ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no bɛyɛɛ agyede a na ebetumi agye adesamma afi bɔne ne owu mu. Yesu Kristo kae sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Wɔ Yesu wu akyi nnansa no, wonyanee no kɔɔ honhom fam asetra mu, na adapɛn bi akyi no, ɔkɔɔ soro de agyede bo no kɔmaa Yehowa Nyankopɔn. (1 Korintofo 15:3, 4; Hebrifo 9:11-14) Ɛdenam saayɛ so no, Yesu tumi de n’agyede afɔrebɔ no bo a ɛsom no dii dwuma maa wɔn a wodi n’akyi no.

So wowɔ ɔpɛ sɛ wubenya ɔkwan a wɔnam so sa honhom, nkate, ne honam fam nyarewa yi so mfaso? Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wunya Yesu Kristo mu gyidi. Dɛn nti na w’ankasa womma Oduruyɛfo no hɔ? Wubetumi ayɛ saa denam Yesu Kristo ne dwuma a odi wɔ adesamma anokwafo a wogye wɔn no mu ho ade a wubesua so. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo.

[Kratafa 5 mfonini]

Yesu wɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛsa ayarefo yare

[Kratafa 7 mfonini]

Yesu wu no ka wo dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena