Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/15 kr. 21-23
  • Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nkitahodi Pa Kyerɛ
  • Nkitahodi Pa Ho Akwanside Ahorow
  • Sɛnea Wɔhyɛ Nkitahodi Pa Ho Nkuran
  • Nkitahodi Wɔ Abusua Mu Ne Asafo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkɔmmɔdɛ Ma Aware Sɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Di Wo Aware Ni Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ma W’aware Nyɛ Abusuabɔ a Ɛtra hɔ Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/15 kr. 21-23

Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa

Wɔ afe 1778 mu no, Robert Barron yɛɛ safe bi a wɔto mu mprenu, na ɛno na wɔda so ara gyina so yɛ ɛnnɛyi nsafe. Nea ɔyɛe no maa wotumi de safe biako piaa korɔkorɔ abien prɛko pɛ.

SAA ara na aware pa gyina okunu ne ɔyere a wɔyɛ adwuma bom wɔ biakoyɛ mu so. Sɛ wobetumi anya aware pa mu anigye a ɛfata a, ade biako a ɛho hia ne nkitahodi pa.

Nea Nkitahodi Pa Kyerɛ

Dɛn na nkitahodi pa kyerɛ? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nkitahodi ase sɛ “ɔkasa, akyerɛw anaa nipadua a wɔde yɛ nsɛnkyerɛnne de da nsusuwii, adwene, anaa nsɛm adi.” Enti nea nkitahodi kyerɛ ne sɛ wɔbɛda nsusuwii ne adwenkyerɛ adi. Na nneɛma a ɛma denhyɛ, abotɔyam, nea ɛkyerɛ ɔbra pa, nea ɛfata, na ɛma awerɛkyekye nkutoo na ɛwɔ nkitahodi pa mu.—Efesofo 4:29-32; Filipifo 4:8.

Nkitahodi pa ma wotumi nya awerɛhyem, ahotoso, ne ntease pa. Wɔda saa su horow yi adi bere a wobu aware sɛ ade a ɛtra hɔ daa na wɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ wɔbɛma ayɛ yiye no. Bere a afeha a ɛto so 18 no mu anwensɛm kyerɛwfo Joseph Addison reka abusuabɔ a ɛte saa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa baanu a wɔahwɛ nnipa dodow nyinaa mu apaw wɔn ho wɔn ho, a wɔn botae ne sɛ wɔn mu biara bɛma ne yɔnko anya awerɛkyekye ne anigye no, nam saayɛ so akyerɛ sɛ wɔbɛda anigye adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho, ayɛ wɔn ho brɛbrɛ, ayɛ anifere, ada bɔne fafiri, boasetɔ, ne anigye adi wɔ wɔn mu biara mfomso ne sintɔ ahorow ho de akosi owu mu.” Hwɛ anigye a abusuabɔ a ɛte saa yɛ! Na saa su ahorow a ɛte sɛ abohene yi betumi asiesie w’aware, efisɛ wonam nkitahodi pa so betumi anya.

Nkitahodi Pa Ho Akwanside Ahorow

Awarefo dodow no ara ware a wogye di sɛ ebesi wɔn yiye, na ebinom mpo di ho ahurusi. Nanso, wɔ pii fam no, ɛnkyɛ na ahurusidi no atu ayera, na wɔn anidaso no ayɛ hunu. Abasamtu, abufuw, ntɔkwaw, ne ɔtan a emu yɛ den mpo betumi abesi anidaso ananmu. Afei aware no bɛdan tebea a ɛsɛ sɛ wokura wɔn mudi mu wom araa de ‘kosi sɛ owu bɛtetew wɔn ntam.’ Sɛ mubetumi ama nkitahodi pa atu mpɔn anaa moakura mu a, ɛnde, ɛsɛ sɛ mudi akwanside ahorow bi so.

Ade biako a ebetumi ayɛ akwanside ankasa ama nkitahodi pa ne osuro a ɛfa sɛnea aware mu ɔhokafo bɛyɛ n’ade wɔ nsɛm tebea anaa apɛde bi ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔn mu biako hu sɛ ɔrebedi dɛm bi a ɛyɛ hu a, ɛma otumi bɔ hu sɛ wobegyae no aware. Ɔkwan bɛn so na obi bɛkyerɛkyerɛ oprehyɛn bi a wɔrebɛyɛ a ɛbɛma n’ahoɔfɛ anaa n’ahokeka asesa koraa mu akyerɛ ne hokafo? Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, ɛho nkɔmmɔ a wobefi nokwaredi mu abɔ na wɔasusuw nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ama daakye ho no ho hia yiye sen biara. Nsɛm a wɔka de kyerɛ ɔdɔ, ne ayamye a wɔbɛda no adi mpɛn pii no, bɛkyerɛ ɔhokafo ho anigye ankasa a wɔwɔ, na ɛbɛboa ma wɔanya aware a abotɔyam wom ankasa. Ɛsɛ sɛ saa bɛ yi da adi yiye wɔ aware mu: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17, NW.

Nkitahodi pa ho akwanside foforo ne menasepɔw. Wɔka ma ɛfata sɛ aware a anigye wom ne nea awarefo no de firi wɔn ho wɔn ho. Nea ɛbɛyɛ na aware bi ne asɛm yi ahyia no, ɛsɛ sɛ awarefo no bɔ mmɔden biara di ɔsomafo Paulo afotu a mfaso wɔ so yi akyi: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Akyinnye biara nni ho sɛ afotu yi a wɔde bedi dwuma no hwehwɛ sɛ wobefi ahobrɛase mu adi nkitaho mmom sen sɛ wɔde abufuw bɛhyɛ wɔn mu anaasɛ wobenya menasepɔw. Awarefo a wonya aware pa mfa abufuw, nko ntɔkwaw, na wonnya wɔn ho wɔn ho menasepɔw bere nyinaa. (Mmebusɛm 30:33) Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Onyankopɔn a ɔmfa nsɛm nhyɛ ne mu no. (Yeremia 3:12) Nokwarem no, wofi komam de firi wɔn ho wɔn ho.—Mateo 18:35.

Akayɛ yɛ akwanside ankasa ma nkitahodi biara. Eyi betumi ayɛ amunamuna, anwiinwii a emu yɛ den, nneyɛe a emfi komam, ne kasa a wɔnkasa afoforo ho. Aware mu ɔhokafo a ɔyɛ n’ade saa kwan no so no reda no adi sɛ biribi wɔ hɔ a n’ani nnye ho. Nanso nsɛm a ɛhaw obi a ɔbɛka no pefee anigye so no ma aware yɛ yiye pii sen sɛ ɔbɛyɛ komm na wamunamuna.

Aso a wɔnyɛ ntie asɛm anaa tie a wontie ɔhokafo no koraa bere a ɔrekasa no nso yɛ ɔhaw foforo a ɛsɛ sɛ wodi so na ama nkitahodi pa atra awarefo a wɔte faako no ntam. Ebia na yɛabrɛ dodo anaa yenni adagyew koraa a ɛbɛma yɛanya adwene ne ahoɔden de atie yɛn ho yɛn ho yiye. Akyinnyegye betumi asɔre wɔ nhyehyɛe ahorow a ɔhokafo biako besusuw sɛ wakyerɛkyerɛ mu fann, nanso ɔfoforo bɛka sɛ afei ne bere a edi kan a wate no ho. Ɛda adi sɛ, nkitahodi pa a enni hɔ na ɛde ɔhaw ahorow a ɛte saa nyinaa ba.

Sɛnea Wɔhyɛ Nkitahodi Pa Ho Nkuran

Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ mubenya bere ama nkitahodi pa a ɔdɔ wom! Ebinom gye bere pii tra TV anim hwɛ afoforo asetra araa ma wonnya bere pii mma wɔn ankasa de. Enti, mpɛn pii no, television no a mubedum no no yɛ adeyɛ a ehia a ɛbɛma moanya bere ama nkitahodi pa.

Nanso, sɛnea ɔkasa wɔ ne bere no, saa ara na kommyɛ nso wɔ ne bere. Onyansafo no kae sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” Nokwarem no, nsɛm a ɛfata nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔka. Ɛbɛ bi ka sɛ: “Asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!” (Ɔsɛnkafo 3:1, 7; Mmebusɛm 15:23) Enti hu bere a eye a wobɛkyerɛ w’adwene anaa wubefi wo komam aka nea ɛhaw wo ho asɛm. Bisa wo ho sɛ: ‘So me hokafo no abrɛ anaa ɔrehome a ɔwɔ tebea pa mu? So asɛm a merekɔfa aba yi de abufuw bɛba? Bere a yesusuw asɛm yi ho bere bi no, nsɛm bɛn na mekae a na me hokafo no ani nnye ho?’

Ɛyɛ papa sɛ wokae sɛ nkurɔfo yɛ wɔn ade yiye bere a wotumi hu sɛ nea woreka no a wobegye atom anaa wɔbɛyɛ no so bɛba wɔn mfaso. Sɛ ntawntawdi bi asɔre wɔ awarefo ntam a, wɔn mu biako betumi aka sɛ, “Biribi rehaw me, na yebesiesie no mprempren yi ara!” Nokwarem no, tebea no na ɛbɛkyerɛ nsɛm pɔtee a wobɛka, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka biribi te sɛ eyi, “Me dɔfo, meresusuw asɛm a yedii kan kaa ho asɛm no ne sɛnea yebedi ho dwuma ho.” Ɔkwan bɛn na ɛda adi sɛ sɛ wofa so a wo hokafo no ani begye ho yiye koraa?

Yiw, ɔkwan a wɔfa so ka biribi ho hia yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu.” (Kolosefo 4:6) Bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo nne ne nsɛm a woka no ayɛ nea ɛkyerɛ ayamye. Kae sɛ “nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.”—Mmebusɛm 16:24.

Wɔ awarefo bi fam no, nnwuma a wɔbɛbom ayɛ wɔ fie betumi ama wɔanya tebea pa de adi nkitaho. Ade a wɔbom yɛ saa no de biakoyɛ ba, na bere koro no ara no, ɛma wotumi nya bere bɔ nkɔmmɔ sɛnea ɛfata. Wɔ awarefo foforo fam no, bere a wɔn baanu benya de atra ase komm a wɔnyɛ adwuma biara no ye ma wɔn, na ɛboa ma wonya nkitahodi pa.

Mpɛn pii na yebetumi asua nneɛma pii afi hwɛ a yɛbɛhwɛ sɛnea awarefo a wɔn adwene hyia wɔ nneɛma ho di nkitaho no. Dɛn na ama wɔatumi ayɛ saa? Ɛda adi yiye sɛ, biakoyɛ ne abotɔyam a wɔde di nkitaho no fi mmɔdenbɔ, boasetɔ, ne ɔdɔ mu a wofi susuw wɔn ho wɔn ho. Ɛda adi sɛ wɔn ankasa nso suaa nneɛma pii, efisɛ womfiti prɛko pɛ nnya aware pa. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wubesusuw adwene a wo hokafo no kura ho, na ama woahu n’ahiade, na woatumi akasa anifere so de adwudwo nsɛm tebea a emu yɛ den ano. (Mmebusɛm 16:23) Ɛnde, sɛ woyɛ ɔwarefo a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ obi a ɛyɛ anigye sɛ wɔne wo bɛtra, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛpa wo kyɛw. Ɛno bɛboa pii ma w’aware ayɛ aware pa.

Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo nya aware a ɛyɛ anigye na ɛtra hɔ daa. (Genesis 2:18, 21) Nanso, asɛm no wɔ awarefo no nsam. Egye nnipa baanu a wɔdɔ wɔn ho na wɔyere wɔn ho ankasa sɛ wobesua nkitahodi pa na ama wɔatumi anya aware pa.

[Kratafa 22 mfonini]

TV a mubedum no no ma munya bere pii de di nkitaho

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Nkitahodi pa boa nwene koma no ma enya ɔdɔ a ɛtra hɔ daa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena