Helafo Nyansapɛ—So Ɛmaa Kristosom Nyaa Nkɔso?
“Ɛwom sɛ Kristosom sɔre tiaa Hela abosonsom ne Roma amammerɛ denneennen de, nanso nokwarem no, ɛfaa emu nyansapɛ ahorow pii.”—The Encyclopedia Americana.
SƐ YƐREKA wɔn a wonyaa “Kristofo” nsusuwii so nkɛntɛnso ankasa ho asɛm a, “Ɔhoteni” Augustine di mu akoten. Sɛnea The New Encyclopedia Britannica kyerɛ no, Augustine “nsusuwii so titiriw na wɔnam de Helafo nyansapɛ a egyina Plato atetesɛm so frafraa Apam Foforo som no mu; na ɛso ara na wɔnam de nea efii mfraframu yi mu bae no bɛhyɛɛ Mfinimfini Mmere no mu Kristoman mu Roma Katoleksom ne Protestant Ɔsesɛw no mu.”
Nokwarem no, Augustine nsusuwii atra hɔ bere tenten. Douglas T. Holden reka faako a Helafo nyansapɛ anya Kristoman so nkɛntɛnso akodu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔde Helafo nyansapɛ afrafra Kristosom nkyerɛkyerɛ mu araa ma sɛ wofa nsusuwii ahorow a anya ankorankoro so nkɛntɛnso no mu du biara a, ɛyɛ Helafo nsusuwii akron ne Kristosom nsusuwii biako na adi afra.”
Nhomanimfo binom gye di yiye sɛ, nyansapɛ mu nkɛntɛnso a ɛte saa no maa Kristosom nyaa nkɔso wɔ ne mfiase pɛɛ, ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn, na ɛmaa nkurɔfo gye dii kɛse. So saa na asɛm no te? Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Helafo nyansapɛ nkɛntɛnso no fii ase? Nokwarem no, so ɛmaa Kristosom nyaa nkɔso, anaasɛ ɛsɛee no?
Ɛfata sɛ yɛhwehwɛ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. de besi afeha a ɛto so anum Y.B. mu no mu nsakrae ahorow mu, hwehwɛ nsɛm ahorow anan a emu nna hɔ yi mu yiye: (1) “Yudasom a wɔde Helafo atetesɛm afra,” (2) “Hela som a wɔde Kristosom afra,” (3) “Kristosom a wɔde Helafo atetesɛm afra,” ne (4) “Kristofo nyansapɛ.”
“Yudasom a Wɔde Helafo Atetesɛm Afra”
Na “Yudasom a wɔde Helafo atetesɛm afra” ne nea na edi kan no bɔ abira koraa. Na ɛnsɛ sɛ wɔde atoro som mu nsusuwii biara frafra mfitiase Hebrifo som a nokware Nyankopɔn, Yehowa, de sii hɔ no mu. (Deuteronomium 12:32; Mmebusɛm 30:5, 6) Nanso, mfiase pɛɛ na atoro som mu nneyɛe ne nsusuwii a na atwa ɔsom kronn ho ahyia—te sɛ nkɛntɛnso a efi Misraim, Kanaan, ne Babilon,—sɛee no. Awerɛhosɛm ne sɛ, Israel maa ne nokware som no sɛee kɛse.—Atemmufo 2:11-13.
Wɔ mfehaha pii akyi, bere a tete Palestina bɛyɛɛ Hela Ahemman a na Alexander Ɔkɛseɛ di so, wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no fã no, saa ɔporɔwee no ano brɛɛ ase koraa ma anka ho biribiara. Alexander de Yudafo bɛkaa n’asraafodɔm ho. Abusuabɔ a na ɛda Yudafo ne wɔn sodifo foforo no ntam no nyaa Yudasom mu nsusuwii so nkɛntɛnso kɛse. Wɔde Hela nsusuwii baa Yudafo nhomasua mu. Wɔka Ɔsɔfopanyin Jason ho asɛm sɛ ɔhyehyɛɛ Helafo sukuu wɔ Yerusalem wɔ 175 A.Y.B. mu, sɛnea ɛbɛma Homer ho adesua akɔ so.
Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no fã a etwa to mu no, Samariani bi pɛe sɛ ɔkyerɛw Bible ho abakɔsɛm sɛ Helafo abakɔsɛm. Yudafo nhoma a wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛwee, te sɛ nea wɔato din Judith ne Tobit no, ka Helafo anansesɛm ahorow a ɔbrasɛe ayɛ mu ma no ho asɛm ankasa. Yudafo nyansapɛfo pii traa ase a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde Helafo nsusuwii bɛfrafra Yudasom ne Bible mu.
Onipa a odii eyi mu akoten kɛse ne Philo, afeha a edi kan Y.B. mu Yudani bi. Ofi ne pɛ mu de Plato (afeha a ɛto so anan A.Y.B.), Pythagorafo, ne Stoafo nkyerɛkyerɛ ahorow no dii dwuma. Philo nsusuwii ahorow no nyaa Yudafo pii so nkɛntɛnso kɛse. Yudani nhoma kyerɛwfo Max Dimont rebɔ saa Helafo nsusuwii a nhomanimfo de frafraa Yudafo amammerɛ mu yi mua no, ɔkae sɛ: “Yudafo nhomanimfo nam Tora no a wɔde Plato nkyerɛkyerɛ, Aristotle nyansapɛ, Euklidfo nyansahu hyehyɛɛ mu no so nyaa adwinnade foforo. . . . Wɔde Helafo nsusuwii bɛkaa Yudafo adiyisɛm ho.”
Bere kɔɔ so no, Romafo faa Hela Ahemman no dii so, na Yerusalem bɛhyɛɛ wɔn ase. Eyi maa wonyaa kwan yeyɛɛ nsakrae atitiriw pii. Ebeduu afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, na nnipa a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Plato nkyerɛkyerɛ ahorow anya nkɔso, na wɔasesɛw mu no nyansapɛ ne wɔn nyamesom mu nkyerɛkyerɛ ahorow no aba n’awiei, nea wɔfrɛ ne nyinaa nnɛ sɛ Plato nkyerɛkyerɛ foforo no. Saa nyamekyerɛ ho sukuu no nyaa Kristosom mu awaefo so nkɛntɛnso kɛse.
“Kristosom a Wɔde Helafo Atetesɛm Afra”
Wɔ mfeha anum a edi kan wɔ yɛn bere yi mu no, nhomanimfo bi pɛe sɛ wɔma Helafo nyansapɛ ne nokwasɛm a wɔada no adi wɔ Bible mu no nya abusuabɔ. A History of Christianity nhoma no ka sɛ: “Na ɛsɛ sɛ Kristofo nyansapɛfo ka Helafo a wɔtraa ase mfe pii ansa na Kristo reba no ho asɛm sɛ, nnipa a wɔde akokoduru hwehwɛɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ wɔ ɔkwan a ɛmfata so, na sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔnam Atenefo nyansapɛ a enni nnyinaso so bɛkyerɛ sɛnea Yesu te, na wɔagyina wɔn nsusuwii hunu so ahyehyɛ Kristosom.”
Plotinus (205-270 Y.B.), nyansapɛfo kannifo no, yɛɛ nhyehyɛe bi a na egyina Plato nsusuwii ahorow ho nkyerɛkyerɛ so titiriw. Plotinus de nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɛsono ɔkra na ɛsono nipadua bae. Ɔbenfo E. W Hopkins kaa Plotinus ho asɛm sɛ: “Ne nyamekyerɛ no . . . nyaa Kristofo akannifo nkyerɛkyerɛ so nkɛntɛnso.”
“Kristosom a Wɔde Hela Atetesɛm Afra” ne “Kristofo Nyansapɛ”
Efi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mfiase no, “Kristofo” nyansapɛfo bɔɔ mmɔden denneennen sɛ wobenya abosonsom mu nhomanimfo so nkɛntɛnso. Ɛmfa ho kɔkɔbɔ a emu da hɔ a ɔsomafo Paulo de mae wɔ “nsɛnhuhuw a ɛho ntew” ne “nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa” ho no, saa akyerɛkyerɛfo no de Helafo amammerɛ a ɛwɔ hɔ no frafraa wɔn nyansapɛ nkyerɛkyerɛ mu. (1 Timoteo 6:20) Ɛkame ayɛ sɛ, nea Philo yɛe no kyerɛe sɛ wobetumi ama Plato nsusuwii ahorow no ne Bible ahyia.—Fa toto 2 Petro 1:16 ho.
Nokwarem no, ɛsɛee Bible mu nokwasɛm ankasa. “Kristofo” akyerɛkyerɛfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ na Kristosom ne Hela ne Roma atetesɛm hyia. Clement a ofi Alexandria ne Origen (afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B.) maa Plato nkyerɛkyerɛ foforo no bɛyɛɛ nea wɔfrɛ no “Kristofo nyansapɛ” no nnyinaso. Ambrose (339-397 Y.B.), ɔsɔfopanyin a ɔwɔ Milan no, “nyaa ɛnnɛyi Hela adesua a ɛsen biara, a Kristosom ne abosonsom ka ho—titiriw no, Plato ne Plotinus abosonsom . . . nhoma foforo no.” Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Latinfo nhomanimfo nsa aka Kristosom nkyerɛkyerɛ. Augustine yɛɛ saa ara.
Afeha akyi no, Dionysius a ofi Areopago (a ɔsan yɛ Dionysius atetesɛm ho nyamekyerɛni), a ebia na ɔyɛ Siria ɔkokorani no, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Plato nkyerɛkyerɛ foforo mu nyansapɛ ne “Kristosom” mu nyamekyerɛ abom. Sɛnea nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi kyerɛ no, ne “nhoma ahorow no de Plato nkyerɛkyerɛ foforo mu nkɛntɛnso pɔtee baa mfinimfini mmere no mu Kristosom nkyerɛkyerɛ ne ne honhom fam nneɛma pii mu, . . . na anya ɔsom ne nneyɛe ahorow so nkɛntɛnso araa abesi nnɛ.” Hwɛ sɛnea wɔabu ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ a ɔde mae wɔ “nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm so” no animtiaa ankasa!—Kolosefo 2:8.
Ɔporɔw a Ɛsɛe Ade
Ɛda adi sɛ “Kristofo a wogyee Plato nkyerɛkyerɛ dii no maa adiyisɛm bɛyɛɛ ade titiriw maa wɔn na wobuu Plato nyansapɛ sɛ adwinnade a ɛsen biara a ɛbɛma wɔate Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ ne asɔre no atetesɛm ase, na wɔabɔ ho ban.”
Plato ankasa gye toom sɛ ɔkra a enwu da bi wɔ hɔ. Nea yɛahyɛ no nsow ne sɛ, ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro nkyerɛkyerɛ titiriw a ewiawiaa ne ho baa “Kristosom” nyamekyerɛ mu no mu biako. Yenni nnyinasosɛm biara a ɛkyerɛ sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi a wogye tom no ne ade a ɛmaa nnipa pii ani gyee Kristosom ho kɛse. Bere a ɔsomafo Paulo reka asɛmpa wɔ Atene, faako a Helafo amammerɛ agye nhini titiriw no, wanka Plato nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ho no ho asɛm. Mmom no, ɔkaa Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho no ho asɛm, ɛwom mpo sɛ na ɛyɛ den ma n’atiefo a wɔyɛ Helafo no mu pii sɛ wobegye nea ɔkae no atom.—Asomafo no Nnwuma 17:22-32.
Nea ɛne Helafo nyansapɛ bɔ abira no, Kyerɛwnsɛm no ma emu da hɔ fann sɛ Onipa nni ɔkra na mmom ɔyɛ ɔkra. (Genesis 2:7) Ɔkra no ntra ase wɔ owu akyi. (Hesekiel 18:4) Ɔsɛnkafo 9:5 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” Ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no nni Bible mu.
Nkyerɛkyerɛ foforo a ɛyɛ nnaadaa fa dibea a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asase so a wɔkyerɛ sɛ na ɔne n’Agya yɛ pɛ no ho. The Church of the First Three Centuries nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Baasakoro nkyerɛkyerɛ no . . . nyaa ne mfiase wɔ beae bi a ɛyɛ soronko koraa wɔ Yudafo ne Kristofo Kyerɛwnsɛm no ho.” Na efi he? Nkyerɛkyerɛ no “nyaa nkɔanim ara, na ɛnam Asɔre Agyanom a wodii Plato nkyerɛkyerɛ akyi so na ɛbaa Kristosom mu.”
Nokwarem no, bere a Plato nkyerɛkyerɛ foforo no nyaa Asɔre Agyanom so nkɛntɛnso kɛse no, Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nyaa nnyinaso. Ɛte sɛ nea afeha a ɛto so abiɛsa mu Plato nkyerɛkyerɛ foforo ho nyansapɛ no maa wotumi kaa ade a wontumi nka mmom boom—maa Onyankopɔn a ɔyɛ abiɛsa no bɛyɛɛ Onyankopɔn biako. Ɛdenam nyansapɛ nsusuwii so no, wɔkyerɛe sɛ nnipa abiɛsa betumi ayɛ Onyankopɔn biako bere a wɔn mu biara da so ara kura ne nyamesu!
Nanso, nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ pefee sɛ Yehowa yɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Koro, Yesu Kristo yɛ Ne Ba a ɔbɔɔ no a ɔba fam, na honhom kronkron no yɛ N’adeyɛ tumi. (Deuteronomium 6:4; Yesaia 45:5; Asomafo no Nnwuma 2:4; Kolosefo 1:15; Adiyisɛm 3:14) Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɔ nokware Nyankopɔn koro no ahohora na ɛma nnipa adwene tu fra, ɛdan wɔn adwene fi Onyankopɔn a wontumi nhu sɛnea ɔte no so.
Kristosom nkyerɛkyerɛ foforo a Plato nkyerɛkyerɛ foforo no nyaa so nkɛntɛnso ne mfirihyia apem anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm so no. (Adiyisɛm 20:4-6) Wogye tom sɛ Origen bɔɔ wɔn a wogye mfirihyia apem nkyerɛkyerɛ di no gui. Dɛn nti na ɔsɔre tiaa saa Kristo mfirihyia apem nniso a egyina Bible so yi no denneennen? The Catholic Encyclopedia no bua sɛ: “Esiane sɛ na [Origen] nkyerɛkyerɛ gyina Plato nkyerɛkyerɛ foforo so nti . . . , na ɔrentumi ne wɔn a wogye mfirihyia apem ahenni di no nyɛ adwene.”
Nokware No
Nkyerɛkyerɛ ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu biara ne nokware no nni hwee yɛ. Sɛnea yehu wɔ Bible mu no, saa nokware yi ne Kristofo nkyerɛkyerɛ no nyinaa. (2 Korintofo 4:2; Tito 1:1, 14; 2 Yohane 1-4) Bible nkutoo ne nokware fibea koro a ɛwɔ hɔ.—Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16.
Nanso, Satan Ɔbonsam, “owudifo” ne “atoro agya”—a ɔyɛ Yehowa, nokware no, adesamma, ne daa nkwa tamfo—no afa nnaadaa akwan ahorow so sɛ ɔbɛfrafra saa nokware no mu. (Yohane 8:44; fa toto 2 Korintofo 11:3 ho.) Nnwinnade atitiriw a ɛyɛ den a ɔde adi dwuma no mu biako ne Helafo abosonsomfo nyansapɛ nkyerɛkyerɛ—biribi a ɛda n’ankasa nsusuwii adi ankasa—a ɔnam so abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsesa Kristofo nkyerɛkyerɛ no.
Helafo nkyerɛkyerɛ a wɔde afrafra Kristofo nkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so yi yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛfra Bible mu nokware mu na wɔatew n’ahoɔden ne ɛho anigye a ahobrɛasefo, komapafo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wosua nokware no wɔ wɔ ho no so. (1 Korintofo 3:1, 2, 19, 20) Ɛsan bɔ mmɔden sɛ ɛbɛsɛe kronkron a Bible mu nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no yɛ no, na ama ayɛ den sɛ yebehu nsonsonoe a ɛda nokware ne atoro ntam.
Ɛnnɛ, wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no Ti akwankyerɛ ase no, wɔasan de Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware no asi hɔ. Afei nso, nnipa komapafo a wɔrehwehwɛ nokware no nam n’aba so betumi ahu Kristofo nokware asafo no ntɛm. (Mateo 7:16, 20) Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa saafo no ma wɔanya nokware no ho nsu a wɔmfraa mu, na aboa wɔn ma wɔasɔ daa nkwa a yɛn Agya, Yehowa, de ma no ho anidaso mu.—Yohane 4:14; 1 Timoteo 6:19.
[Kratafa 11 mfonini]
Augustine
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 10]
Greek text: From the book Ancient Greek Writers: Plato’s Phaedo, 1957, Ioannis N. Zacharopoulos, Athens; Plato: Musei Capitolini, Roma