Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/1 kr. 3
  • Yare Ho Ahintasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yare Ho Ahintasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ahintasɛm no Fii Ase
  • So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Gyidi Ayaresa​—Edi Dwuma Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Ahonhommɔne Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Onyankopɔn Pene Gyidi Ayaresa So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/1 kr. 3

Yare Ho Ahintasɛm

ABOFRA OWMADJI YAM RETU. Ne nipadua mu nsu a ayow no ama ne maame Hawa werɛ ahow; wate sɛ nnansa yi ara na ne nua bi ahwere ne ba saa kwan no so wɔ akuraa no ase. Owmadji nenabea, Hawa asew bea, pɛ sɛ ɔde Owmadji kɔ ɔkɔmfo bi nkyɛn. Ɔka sɛ: “Honhommɔne bi na ama abofra no yare. Woammɔ no sɛbɛ a ɛbɛbɔ ne ho ban, ɛnna afei ɔhaw no afi ase no!”

SAA adeyɛ yi abu so wɔ wiase mmeae pii. Nnipa ɔpepehaha pii gye di sɛ ahonhommɔne na wɔde yare ba. So eyi yɛ nokware?

Sɛnea Ahintasɛm no Fii Ase

Ebia w’ankasa wunnye nni sɛ ahonhom a aniwa nhu wɔn na wɔde yare ba. Nokwarem no, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ obi besusuw saa, efisɛ nyansahufo akyerɛ sɛ mmoawa na ɛde nyarewa dodow no ara ba. Nanso, kae sɛ na adesamma nnim saa mmoawa nketenkete yi ho hwee. Wɔanhu hwee kosi sɛ Antonie van Leeuwenhoek yɛɛ afiri a wɔde hu nneɛma nketenkete wɔ afeha a ɛto so 17 no mu ansa na nnipa rehu saa mmoawa nketenkete no. Ɛno mpo, ɛyɛ nneɛma bi a Louis Pasteur bɔre hui wɔ afeha a ɛto so 19 mu na ɛmaa nyansahufo fii ase huu abusuabɔ a ɛda mmoawa no ne yare ntam.

Esiane sɛ na wonnim dekode a ɛde yare ba wɔ adesamma abakɔsɛm mu mmere dodow no ara nti, wonyaa gyidihunu pii, a nea na ɛka ho ne adwene a ɛne sɛ ahonhommɔne na ɛde nyarewa ba. The New Encyclopædia Britannica kyerɛ ɔkwan biako a ɛbɛyɛ sɛ eyi nam so bae. Ɛka sɛ tete no, ayaresafo bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nnua ntini, nhabamma, ne biribi foforo biara a wobenya bɛsa yare. Ɛtɔ mmere bi a, na emu bi yɛ adwuma. Sɛ ɛba saa a, na ɔyaresafo no de gyidihunu ho amanne ne nneyɛe ahorow bata nnuru no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma nkurɔfo nhu ade ko pɔtee a ɔde saa yare no. Enti na ɔyaresafo no hwɛ hu sɛ nkurɔfo bɛba ne nkyɛn bere nyinaa. Saa kwan yi so no, nnuru no bɛyɛɛ ahintasɛm, na wɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnkɔ ahonhom hɔ nkɔpɛ mmoa.

Saa tete kwan so ayaresa yi kɔ so wɔ nsase pii so. Nnipa pii ka sɛ nananom a wɔawuwu ahonhom na wɔde nyarewa ba. Afoforo ka sɛ Onyankopɔn na ɔma yɛyare, na yare yɛ yɛn bɔne ho asotwe. Sɛ nnipa a wɔwɔ nimdeɛ mpo te ɔkwan a yare nam so ba no ase a, wɔkɔ so ara suro ahonhommɔne.

Asumanfo ne adunsifo nam saa suro yi so sisi nkurɔfo. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye di? So ɛsɛ sɛ yɛkɔ ahonhom nkyɛn ansa na yɛanya ayaresa? Dɛn na Bible ka?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena