Mommma Yɛnntwe Yɛn Ho Nnkɔ Ɔsɛe Mu Da!
“Yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu.”—HEBRIFO 10:39.
1. Tebea horow bɛn na ɛmaa ɔsomafo Petro bɔɔ hu?
ƐBƐYƐ sɛ asomafo no ho dwiriw wɔn bere a wɔn Wura a wɔdɔ no, Yesu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn nyinaa bɛhwete na wɔagyaw no no. Ɛbɛyɛ dɛn na biribi a ɛte saa asi—saa bere yi a na ohia wɔn kɛse no? Petro kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua.” Nokwarem no, na Petro yɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru. Nanso bere a woyii Yesu mae na wɔkyeree no no, asomafo no—a na Petro ka ho—bɔ hwetee. Akyiri yi bere a na wɔrebisabisa Yesu nsɛm wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fie no, na Petro nenam abangua no so rehwɛ nea ɛrekɔ so. Ade rekye a ewim yɛɛ wiridudu no, ɛda adi sɛ na Petro suro sɛ wobekum Yesu ne obiara a ɔka ne ho. Bere a nnipa a wɔwɔ hɔ no mu binom kae sɛ Petro ka Yesu akyidifo no ho no, ehu kaa no. Ɔkaa no mprɛnsa sɛ, ɔne Yesu nni hwee yɛ. Petro kae sɛ onnim no mpo!—Marko 14:27-31, 66-72.
2. (a) Dɛn nti na ehu a ɛkaa Petro anadwo a wɔkyeree Yesu no mma ɔnyɛ ‘obi a ɔtwe ne ho’? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
2 Ɛno ne Petro asetram bere a ɔtɔɔ sin koraa, a akyinnye biara nni ho sɛ odii ho yaw ne nkwa nna a aka nyinaa mu. Nanso, so ade a Petro yɛe saa anadwo no ma ɔbɛyɛɛ ohufo? So ɛno ma ɔbɛyɛɛ “wɔn” a ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm no bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Na yɛn de yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu” no mu biako? (Hebrifo 10:39) Ɛda adi sɛ yɛn mu dodow no ara begye atom sɛ Paulo nsɛm no mfa Petro ho. Dɛn ntia? Efisɛ ehu a ɛkaa Petro no ankyɛ, na ɛyɛ bere tiaa mu mfomso a odii wɔ n’asetra a ɔdaa akokoduru ne gyidi soronko adi wom no mu. Saa ara na yɛn mu dodow no ara ayeyɛ nneɛma bi a sɛ yɛkaakae a, ɛhyɛ yɛn aniwu, te sɛ bere a ehu kaa yɛn mpofirim a amma yɛantumi annyina nokware no afã pintinn sɛnea anka yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ no. (Fa toto Romafo 7:21-23 ho.) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere tiaa mu mfomso a ɛtete saa no mma yɛnyɛ wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu. Nanso, ɛho da so ara hia sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ nnipa a wɔte saa. Dɛn ntia? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔte saa?
Nea Obi Ho a Ɔtwe Kɔ Ɔsɛe Mu no Kyerɛ
3. Ɛyɛɛ dɛn na adiyifo, Elia ne Yona bɔɔ hu?
3 Bere a Paulo kyerɛw “wɔn a wɔtwe wɔn ho” ho asɛm no, ná ɛnyɛ wɔn a ɛtɔ bere bi a wɔbɔ hu kakra no ho asɛm na ɔreka. Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo nim Petro asɛm no ne afoforo a ɛtete saa. Bere bi, ehu kaa odiyifo Elia a na ɔka ne nsɛm penpen no ma oguan peree ne ti esiane sɛ na Ɔhemmaa Isebel tirimɔdenfo no repɛ no akum no no nti. (1 Ahene 19:1-4) Ehu a ano yɛ den kyekyeree odiyifo Yona. Yehowa somaa no Niniwe kurow a na anuɔden ne basabasayɛ ahyɛ hɔ ma no mu. Ntɛm ara na Yona faa ahyɛmma a ɛrekɔ Tarsis—a ɛne Niniwe di ntentenso kilomita 3,500! (Yona 1:1-3) Ne nyinaa mu no, wɔanka adiyifo yi mu biara, anaa ɔsomafo Petro ho asɛm sɛ na wɔyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho. Dɛn ntia?
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛfa ho no ma yehu nea na Paulo repɛ akyerɛ bere a ɔkaa “ɔsɛe” ho asɛm wɔ Hebrifo 10:39 no? (b) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu” no?
4 Hyɛ nsɛm a Paulo de dii dwuma no nsow: ‘Na yɛn de yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu.’ “Ɔsɛe” a ɔde dii dwuma no kyerɛ dɛn? Ɛtɔ mmere bi a, Hela asɛmfua a ɔde dii dwuma no kyerɛ daa ɔsɛe. Saa nkyerɛkyerɛmu yi ne nsɛm a ɛfa ho no hyia. Ná ɛnkyɛe biara na na Paulo abɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɔrebɛhyew atamfo no fram.”—Hebrifo 10:26, 27.
5 Enti bere a Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ, “Yɛn de yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu” no, na ɔkyerɛ sɛ ɔne Kristofo anokwafo a wɔbɛkenkan ne krataa no asi wɔn bo sɛ wɔremfi Yehowa akyi, nnyae ne som da. Ná saa a wɔbɛyɛ no de daa ɔsɛe nko na ɛbɛba wɔn so. Yuda Iskariot yɛ obi a ɔtwee ne ho kɔɔ ɔsɛe mu, sɛnea nokware no ho atamfo afoforo a wɔboapa ko tiaa Yehowa honhom no yɛe no. (Yohane 17:12; 2 Tesalonikafo 2:3) Nnipa a wɔtete saa no ka “ahufo” a wɔbɛsɛe wɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ogya tare mu no ho. (Adiyisɛm 21:8) Dabi, yɛmpɛ sɛ yɛbɛka saafo no ho da!
6. Dɛn na Satan Ɔbonsam pɛ sɛ yɛyɛ?
6 Satan Ɔbonsam pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛe mu. Waben yiye wɔ “nnɛɛdɛe” mu, na onim sɛ ɔkwammɔne a ɛte saa no taa fi ase nkakrankakra. (Efesofo 6:11) Sɛ wantumi amfa ɔtaa tẽẽ so anyɛ saa a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa anifere kwan so asɛe nokware Kristofo gyidi. Nea ɔpɛ ne sɛ Yehowa Adansefo akokodurufo a wɔyɛ nsi no bemua wɔn ano. Momma yɛnhwɛ akwan a ɔfaa so ko tiaa Hebrifo Kristofo a Paulo kyerɛw wɔn krataa no.
Nhyɛso a na Ɛbɛma Kristofo no Atwe Wɔn Ho
7. (a) Ná Yerusalem asafo no ho abakɔsɛm te dɛn? (b) Honhom fam tebea horow bɛn mu na na Paulo akenkanfo no binom wɔ?
7 Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ Paulo kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no bɛyɛ 61 Y.B. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na asafo a ɛwɔ Yerusalem no nni ahotɔ. Yesu wu akyi no, ɔtaa a emu yɛ den sii maa Kristofo pii a na wɔwɔ kurow no mu bɔ hwetee. Nanso asomdwoe kakra bae ma Kristofo no dɔɔso. (Asomafo no Nnwuma 8:4; 9:31) Bere kɔɔ so no, ɔtaa afoforo ne ahokyere sisii, na ɛno nso twaam. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Paulo kyerɛw Hebrifo krataa no, na asafo no anya asomdwoe kakra bio. Na ahokyere da so wɔ hɔ. Ná mfe bɛyɛ aduasa atwam, bere a Yesu hyɛɛ Yerusalem sɛe ho nkɔm no. Ɛda adi sɛ na ebinom wɔ hɔ a na wosusuw sɛ awiei no akyɛ dodo ma enti na ɛremma wɔ wɔn bere so. Afoforo nso, titiriw wɔn a na wɔnkyɛe wɔ ɔsom no mu no, nhyiaa ɔtaa a emu yɛ den biara, na na wonnim hia a ehia sɛ wonya boasetɔ wɔ sɔhwɛ mu. (Hebrifo 12:4) Akyinnye biara nni ho sɛ na Satan pɛ sɛ ɔde saa hokwan no di dwuma. ‘Nnaadaa akwan’ bɛn na ɔfaa so?
8. Su bɛn na na Yudafo no pii kura wɔ Kristofo asafo foforo a na emufo ho nkokwawee no ho?
8 Ná Yudafo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no bu Kristofo asafo a na ɛyɛ foforo na emufo ho nkokwawee pii no animtiaa. Sɛ yɛhwɛ nsɛm a ɛwɔ Paulo krataa no mu a, yenya sɛnea na Yudasom mu akannifo ahantanfo no ne wɔn akyidifo no bɔ Kristofo no ahohora no ho adwene bi. Ebetumi aba sɛ wɔkae sɛ: ‘Yɛwɔ asɔrefie kɛse wɔ Yerusalem, na asi ha mfehaha pii ni! Yɛwɔ ɔsɔfopanyin onuonyamfo ne n’asɔfo nkumaa a wɔsom wɔ hɔ. Yɛbɔ afɔre daa. Yɛwɔ Mmara a abɔfo nam nsɛnkyerɛnne akɛse so de maa Mose wɔ Bepɔw Sinai so. Matew-me-ho kuw foforo yi, Kristofo a wɔawae afi Yudasom mu yi nni eyinom mu biara!’ So animtiaabu yi tumi dii ne botae no ho dwuma? Ɛda adi sɛ na animtiaabu no haw Hebrifo Kristofo no bi. Wɔn nsa kaa Paulo krataa no wɔ bere a ɛfata mu.
Nea Enti a na Ɛnsɛ sɛ Wɔtwe Wɔn Ho Kɔ Ɔsɛe Mu
9. (a) Asɛmti bɛn na krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no nyinaa gyina so? (b) Ntease bɛn mu na Kristofo som wɔ asɔrefie a eye sen Yerusalem de no mu?
9 Momma yɛnhwehwɛ nneɛma abien a Paulo gyinaa so kasa kyerɛɛ ne nuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ Yudea no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu. Nea edi kan no—korɔn a na Kristosom nhyehyɛe no korɔn—da adi wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu nyinaa. Paulo kaa eyi ho asɛm wɔ ne krataa no mu nyinaa. Ná asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no yɛ nea ɛbɛba ankasa no nsusuwso, Yehowa honhom fam asɔrefie, ɔdan a wɔamfa “nsa ansi.” (Hebrifo 9:11) Saa Kristofo no nyaa hokwan sɛ wɔbɛsom wɔ honhom fam nhyehyɛe ma ɔsom kronn no mu. Wɔsomee wɔ apam a eye kyɛn so a ɛne apam foforo a na wofi tete de ahyɛ bɔ a na ɛwɔ Ntamgyinafo, Yesu Kristo, a ɔkorɔn sen Mose no mu.—Yeremia 31:31-34.
10, 11. (a) Dɛn nti na Yesu anato mma ɔnyɛ nea ontumi mfata sɛ ɔbɛsom sɛ Sɔfopanyin wɔ honhom fam asɔrefie hɔ? (b) Akwan bɛn so na Yesu yɛ Sɔfopanyin a ɔsen nea na ɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie no?
10 Ná saa Kristofo no wɔ Ɔsɔfopanyin a oye kyɛn so, Yesu Kristo. Ɔno de, na omfi Aaron abusua mu. Mmom no, na ɔyɛ “Melkisedek dibea so” Sɔfopanyin. (Dwom 110:4) Ná Melkisedek a onni n’anato ho kyerɛwtohɔ biara no yɛ tete Salem hene, san yɛ ne sɔfopanyin. Ne saa nti, ɔyɛɛ Yesu a na n’asɔfodi nnyina nnipa a wɔnyɛ pɛ abusua biara so na mmom biribi a ɛkyɛn so—Yehowa Nyankopɔn ankasa—so ho nsusuwso wɔ nkɔmhyɛ kwan so ma ɛfatae. Te sɛ Melkisedek no, Yesu nsom sɛ Sɔfopanyin nko, na mmom sɛ Ɔhene a ɔrenwu da nso.—Hebrifo 7:11-21.
11 Afei nso, nea ɛnte sɛ Yerusalem asɔrefie hɔ sɔfopanyin no, na enhia sɛ Yesu bɔ afɔre afe afe. Ná n’afɔrebɔ no yɛ n’ankasa nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde mae prɛko pɛ no. (Hebrifo 7:27) Ná afɔre ahorow a wɔbɔ wɔ asɔrefie hɔ no nyinaa yɛ nea Yesu bɔe no ho mfonini ara kwa. N’afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no buee bɔne fafiri ho kwan ankasa maa wɔn a wɔkyerɛɛ gyidi no nyinaa. Nea ɛyɛ anigye nso ne Paulo nsɛm a ɛkyerɛ sɛ Ɔsɔfopanyin yi ara ne Yesu a ɔnsakra, a na Kristofo a wɔwɔ Yerusalem nim no no. Ná ɔbrɛ ne ho ase, ne yam ye, na ‘ohu yɛn mmerɛwyɛ ma yɛn.’ (Hebrifo 4:15; 13:8) Saa Kristofo a na wɔasra wɔn no nyaa hokwan a ɛbɛma wɔasom sɛ Kristo asɔfo nkumaa! Ɛbɛyɛ dɛn koraa na wɔasusuw sɛ wɔbɛtwe wɔn ho akɔ Yudafo nhyehyɛe a na “ɛyɛ mmerɛw na edi hia” no mu bio?—Galatifo 4:9.
12, 13. (a) Ade a ɛto so abien a enti ɛnsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho bɛn na Paulo de mae? (b) Dɛn nti na na Hebrifo Kristofo no boasetɔ ho adanse no bɛhyɛ wɔn nkuran na amma wɔantwe wɔn ho ankɔ ɔsɛe mu?
12 Anso hɔ ara, Paulo maa Hebrifo no ade a ɛto so abien a enti ɛnsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no—wɔn ankasa boasetɔ ho adanse. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.” Paulo kaee wɔn sɛ wɔde wɔn yɛɛ “aguasode” bɔɔ wɔn ahohora maa wɔn ho hiaa wɔn. Ná wɔde wɔn mu binom agu afiase; afoforo nso dii wɔn a na wogu afiase no ho yaw boaa wɔn. Yiw, na wɔada gyidi ne boasetɔ ho nhwɛso pa adi. (Hebrifo 10:32-34) Nanso dɛn nti na Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnkɔ so nkae’ ahohora ho suahu a ɛyɛ yaw saa no? So na ɛno remmu wɔn abam?
13 Nanso, na ‘kan nna a wɔbɛkae’ no bɛma Hebrifo no akae sɛnea Yehowa wowaw wɔn wɔ sɔhwɛ bere mu no. Na wɔnam ne mmoa so atumi ako atia Satan ntua pii dedaw. Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho” no. (Hebrifo 6:10) Yiw, Yehowa kaee wɔn nnwuma pa nyinaa, de hyɛɛ n’adwenem. Ɛma yɛkae Yesu afotu a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ yɛn ademude wɔ soro no. Owifo biara ntumi nwia ademude yi; na nwewee ne nkannare biara ntumi nsɛe no. (Mateo 6:19-21) Nokwarem no, gye sɛ Kristoni bi twe ne ho kɔ ɔsɛe mu ansa na ademude yi atumi asɛe. Ɛno bɛsɛe ademude biara a ɔde asie ɔsoro no. Hwɛ ntease pa ara a Paulo de maa Hebrifo Kristofo no, sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa ɔkwan a ɛte saa so da! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn nokwaredi a wɔde asom mfe pii no yɛ kwa? Ɛbɛyɛ nea ɛteɛ na eye koraa sɛ wɔbɛkɔ so agyina mu.
Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Kɔ Ɔsɛe Mu Da
14. Nsɛnnennen bɛn na yehyia a ɛte sɛ nea afeha a edi kan Kristofo no hyiae no?
14 Ɛnnɛ, nokware Kristofo wɔ biribi paa a enti ɛnsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho. Nea edi kan no, momma yɛnkae nhyira araa a yɛwɔ wɔ ɔsom kronn a Yehowa de ama yɛn no mu. Te sɛ afeha a edi kan Kristofo no, yɛte bere a ɔsom ahorow a wogye wɔn tom kɛse no di yɛn ho agoru na wɔbɔ yɛn ahohora, de wɔn asɔre adan akɛse ne wɔn tete amanne tu wɔn ho mu. Nanso, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, ogye yɛn som tom. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ yenya nhyira horow a na afeha a edi kan Kristofo no nni. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?’ Anyɛ yiye koraa no, wɔn bere so na wosii honhom fam asɔrefie no. Bere a wɔbɔɔ Kristo asu wɔ 29 Y.B. no, ɔbɛyɛɛ asɔrefie no so Sɔfopanyin. Wɔn mu binom huu Onyankopɔn Ba no nnwuma a na ɛyɛ nwonwa no. Ne wu akyi mpo no, wɔyɛɛ anwonwade pii. Nanso, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, akyɛde a ɛtete saa no gyaee.—1 Korintofo 13:8.
15. Nkɔmhyɛ bɛn mmamu bere mu na nokware Kristofo wɔ nnɛ, na dɛn na ɛno kyerɛ ma yɛn?
15 Nanso, yɛte bere a Hesekiel ti 40-48 mu nkɔmhyɛ a ɛfa asɔrefie ho a ɛkɔ akyiri no renya mmamu titiriw mu.a Enti, yɛahu Onyankopɔn nhyehyɛe ma ɔsom kronn a wɔasan de asi hɔ no. Wɔayiyi ɔsom mu porɔwee ne abosonsom afi honhom mu asɔrefie no mu. (Hesekiel 43:9; Malaki 3:1-5) Susuw mfaso horow a yɛanya afi saa afisiesie yi mu ho hwɛ.
16. Tebea a ebu abam bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo hyiae?
16 Afeha a edi kan no mu no, na Kristofo asafo a wɔahyehyɛ no nnim nea ɛbɛba wɔn so daakye. Ná Yesu ahyɛ nkɔm sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔagu wura bɔne pii wɔ awi foforo a wɔagu mu, ma awi ne wura no adi afra. (Mateo 13:24-30) Na saa na ɛbae. Eduu afeha a edi kan no awiei a na ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no redi dwuma de ako atia ɔporɔw no, na ɔwae no agye ntini dedaw. (2 Tesalonikafo 2:6; 1 Yohane 2:18) Asomafo no wu akyi bere tiaa bi no, asɔfokuw a wɔhyɛ ntade soronko sɔree, na wɔhyɛɛ nguankuw no so. Ɔwae mu trɛw kɔɔ akyiri. Hwɛ sɛnea eyi buu Kristofo anokwafo no abam! Ɔsom porɔwee bunkam ɔsom kronn ho nhyehyɛe a na wɔde asi hɔ foforo no so. Eyi kɔɔ so wɔ afeha koro no ara a Kristo hyehyɛɛ asafo no mu.
17. Ɔkwan bɛn so na nnɛyi Kristofo asafo no akyɛ sen afeha a edi kan no mufo de no?
17 Afei, fa toto ho hwɛ. Ɛnnɛ, ɔsom kronn atra hɔ akyɛ sen bere a na asomafo no te ase no! Efi bere a wofii ase tintim nsɛmma nhoma yi wɔ 1879 mu no, Yehowa ama yɛakɔ so anya ɔsom kronn. Yehowa ne Kristo Yesu baa honhom mu asɔrefie hɔ wɔ 1918 mu a na atirimpɔw no ne sɛ wobedwira asɔrefie no ho. (Malaki 3:1-5) Efi 1919 mu no, wɔde nkakrankakra ayɛ nsakrae wɔ nhyehyɛe a wɔde som Yehowa Nyankopɔn no mu. Yɛabɛte Bible nkɔmhyɛ ne mmara horow ase yiye. (Mmebusɛm 4:18) Hena na ɛsɛ sɛ yɛde ɛho nkamfo ma no? Ɛnyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ asafo no Ti no nkutoo na wobetumi abɔ Ne nkurɔfo ho ban afi ɔporɔw ho wɔ saa bere a ɔporɔw wɔ hɔ yi mu. Enti, mommma yɛn werɛ mmfi sɛ yɛbɛda Yehowa ase sɛ wama yɛanya ɔsom kronn mu kyɛfa nnɛ. Na momma yensi yɛn bo denneennen sɛ yɛrentwe yɛn ho nkɔ ɔsɛe mu da!
18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛe mu da?
18 Te sɛ saa Hebrifo Kristofo no, yɛwɔ ade a ɛto so abien a enti ɛsɛ sɛ yɛpo biribiara a ɛbɛma yɛafi ehu mu atwe yɛn ho—yɛn ankasa boasetɔ ho adanse no. Sɛ́ ebia nnansa yi ara na yefii ase sɛ yɛresom Yehowa anaasɛ yɛde nokwaredi ayɛ saa mfe pii no, yɛanya yɛn Kristofo adwuma no ho adanse. Yɛn mu pii ahyia ɔtaa ahorow, a ebi yɛ afiasenna, bara a wɔbara yɛn, yɛ yɛn basabasa, ne yɛn nneɛma a yɛhwere. Yɛn mu pii nso ahyia abusuafo sɔretia, animtiaabu, ahohorabɔ ne anibiannaso. Yɛn nyinaa atumi agyina mu, na yɛakɔ so de nokwaredi asom Yehowa a asetra mu nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow mfa ho. Ɛdenam saayɛ so no, yɛanya boasetɔ ho adanse a Yehowa werɛ remfi, ademude a yɛde asie wɔ soro. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho kɔ nhyehyɛe dedaw a yegyaw hɔ no mu bio ni! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwumaden nyinaa yɛ kwa? Eyi yɛ nokware titiriw nnɛ, bere a “aka kakraa” ma awiei no aba no.—Hebrifo 10:37.
19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
19 Yiw, momma yensi yɛn bo sɛ ‘yɛnka wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu’ no ho! Mmom no, momma yɛnyɛ ‘nnipa a wɔwɔ gyidi.’ (Hebrifo 10:39) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ saa nkyerɛkyerɛmu no fata yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn aboa mfɛfo Kristofo ma wɔayɛ saa ara? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛka ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
So Wokae?
◻ Sɛ́ obi bɛtwe ne ho akɔ ɔsɛe mu no kyerɛ dɛn?
◻ Nneɛma bɛn na na ɛhyɛ Hebrifo Kristofo a Paulo kyerɛw wɔn no so?
◻ Nneɛma a enti na ɛnsɛ sɛ Hebrifo no twe wɔn ho no ho afotu bɛn na Paulo de maa wɔn?
◻ Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrentwe yɛn ho nkɔ ɔsɛe mu?
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Ehu a ɛkaa Petro no amma ‘wanyɛ obi a ɔtwe ne ho kɔ ɔsɛe mu’