Nokware Asomdwoe a Wonya Wɔ Asase a Basabasayɛ Wɔ So So
Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua wɔ afe 1969 mu ka sɛ: “Basabasayɛ a emu yɛ den a mpaapaemu de ba afi ase.” Saa bere no na Ɔhaw ahorow, basabasayɛ a ɛrekɔ so mprempren wɔ Northern Ireland no, fii ase.
BASABASAYƐ ne awudi a mpaapaemu de ba bɛyɛɛ da biara da adeyɛ bere a Protestant ne Katolek awudifo, “mmarima a wɔn ani yɛ den a wɔwɔ afanu no nyinaa,” amammui ne nyamesom akuw, hyɛɛ akodi a wɔde repere tumidi wɔ Ireland no mu den no. The Irish Times bɔ amanneɛ sɛ, efi saa bere no, “nnipa bɛboro 3,600 na wɔakunkum wɔn, na wɔadi mpempem pii dɛm wɔ basabasayɛ a akɔ so bɛyɛ mfirihyia 30 no mu.”
Nokwarem no, eyi nyɛ ɔko foforo. Ahaw Irelandfo mfirihyia ɔhaha pii. Mfe kakraa a atwam ni no, wɔadi awu kɛse wɔ Northern Ireland, nanso ɛyawdi ne basabasayɛ a ɛde aba no asɛe nnipa a wɔwɔ Ireland nyinaa asetra.
Tebea a ɛte saa mu na Yehowa Adansefo akɔ so akyerɛ ɔhaw ahorow a akɔ so wɔ asase a basabasayɛ wɔ so yi so no ano aduru ankasa bɛboro mfirihyia ɔha ni. Ano aduru ne Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no. (Mateo 6:9, 10) Basabasayɛ no mfiase wɔ afe 1969 mu no, na Yehowa Adansefo 876 na wɔwɔ Ireland. Mprempren wɔbɛboro 4,500, na wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 100 mu. Wɔn a wɔatwe wɔn ho afi amammuisɛm ne asraadi mu kakraa bi suahu na edidi so yi.
“Sɛ Minyin a, Mɛkɔ Akɔka IRA Ho!”
Wɔtetee Michaela sɛ Katolekni wɔ Republic of Ireland. Wɔ sukuu mu no, wɔkyerɛɛ no Ireland ho abakɔsɛm ne mfirihyia ɔhaha pii a ɛne Britain de adi ako no ho ade. Bere a na ɔyɛ abofra no, onyaa Engiresifo a na obu wɔn sɛ “nkurɔfo a wɔhyɛ Irelandfo so” no ho tan kɛse. Bere a odii mfirihyia du no, ɔka kyerɛɛ ne nanabea sɛ, “Sɛ minyin a, mɛkɔ akɔka IRA ho!” (Ireland Adehyeman Asraafo) Ɔka sɛ, “Ɔbɔɔ m’asom ma mekae de besi nnɛ.” Obehui akyiri yi sɛ na ne nanabarima wɔ Britain asraadi mu wɔ Wiase Ko I mu. Bere bi na ɛsɛ sɛ ne nanabea gyina ne nanabarima anim sɛnea ɛbɛyɛ a IRA remmɔ no tuo.
Nanso, bere a Michael nyinii no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi de boa ne mfɛfo Katolekfo a wɔwɔ Northern Ireland no. Ɔka sɛ: “Saa bere no na misusuw sɛ IRA nkutoo ne nkurɔfo a na wɔreyɛ biribi de aboa Katolekfo a wɔwɔ Northern Ireland no.” Bere a osusuwii sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ ɔboa wɔn no, ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔkɔdɔm IRA na wɔkyerɛɛ no sɛnea ɔde akode bedi dwuma. Protestant asraafo kunkum ne nnamfo baasa wɔ Northern Ireland.
Awiei koraa no, Michael abam bebui wɔ asraafo no akodi no ho, na sɛ nhwɛso no, akasakasa a ɛkɔɔ so wɔ asraafo akuw no mu no haw n’adwene. Bere a IRA nsɛmmɔnedi ma ɔkɔdaa afiase no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no mma onhu ɔkwan ankasa a ɛde asomdwoe ne atɛntrenee a ɛtra hɔ daa ba no. Bere bi akyi no, Yehowa Adansefo baa ne fie. Nanso, afoforo ho adwemmɔne a na ɔwɔ no yɛɛ akwanside. Na Adansefo no yɛ Engiresifo. Sɛnea na ɔtan wɔn no ma ɛyɛɛ no den sɛ obetie wɔn. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na mekyerɛɛ wɔn ho anigye, nanso wɔkɔɔ so bae ne me bɛkasae, na mifii ase hui sɛ Onyankopɔn Ahenni de amammui ne asetram nsisi a na merebɔ mmɔden ayi afi hɔ no nyinaa bɛba awiei.”—Dwom 37:10, 11; 72:12-14.
Michael dii amia anwummere bi, bere a ohyiaa ne panyin a ɔne no wɔ IRA mu na asraafo panyin no kae sɛ, “Yɛwɔ adwuma bi a yɛpɛ sɛ woyɛ ma yɛn” no. Michael ka sɛ: “Metee nka sɛ na ɛsɛ sɛ misi gyinae saa bere no ara, enti miguu ahome kae sɛ, ‘Mprempren, meyɛ Yehowa Dansefo,’ ɛwom mpo sɛ saa bere no na wɔmmɔɔ me asu. Na minim sɛ mepɛ sɛ meyɛ Yehowa somfo.” Ɔsraani panyin no buae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛde wo fam dan ho na yɛbɔ wo tuo.” Ahunahuna no nyinaa akyi no, Michael fii IRA mu. Ɔnam Yehowa nsɛm a ɔma enyaa n’adwene ne ne koma so tumi no so nyaa akokoduru de yɛɛ eyi. “Bere kɔɔ so no, me yere ne me mma no bi nso hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. Mprempren yɛwɔ abotɔyam ankasa. Na yɛbɛda Yehowa ase bere nyinaa sɛ wama yɛahu nokware no na yɛretrɛw asomdwoe asɛm no mu wɔ asase a basabasayɛ wɔ so no so.”—Dwom 34:14; 119:165.
Afã Biara a Wonni Yɛ Ahobammɔ Ankasa
Patrick ka sɛ: “Minyinii wɔ Derry Mantam mu akuraa bi ase wɔ Northern Ireland. Wɔ me mmofraase no, na minnim hwee sɛ Basabasayɛ no nkutoo. Akyinnye biara nni ho sɛ saa tebea no nyaa m’adwene ne me nsusuwii so nkɛntɛnso.” Ɔmampɛ ne Britainfo ho adwemmɔne a emu yɛ den maa Patrick bɛyɛɛ katee wɔ ne nsusuwii mu. Ohui sɛ nyamesomfo a wɔwɔ amammui akuw a wɔredi ako no afanu nyinaa mu no bu Kristofo mmara ne nnipa asetram ahotew ho nnyinasosɛm so. Ne saa nti, ɔtwee ne ho fii nyamesom ho, na awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ obi a onnye Onyankopɔn nni ne Marxistni amapa.—Fa toto Mateo 15:7-9; 23:27, 28 ho.
Patrick ka sɛ: “Me mmofraase asɛm a mekae paa ne kɔm a nneduafo a na wɔrepere ɔdodow amammu kyenee wɔ Ɔmantifi no. Ɛkaa me yiye. Mekae sɛ na misi Ireland frankaa kyerɛkyerɛw nsɛm tia Britain wɔ baabiara a metumi. Bere a na madi mfirihyia 15 pɛ no, mewɛnee wɔ wɔn a wɔkyenee kɔm wuwui wɔ afiase no biako ayi ase.” Te sɛ nnipa foforo pii a wɔde wɔn ho hyɛɛ basabasayɛ ne anidan a ɛkɔɔ so saa bere no mu no, Patrick de ne ho hyɛɛ atuatew ne kasatia aperenten a wotui a na obu no sɛ adeyɛ a wɔde rehwehwɛ asetram atɛntrenee ne asetra a obi nsen obi no mu. Ɔne ɔmampɛfo a wɔn asɛm yɛ den, a Britain atumfoɔ de wɔn mu pii guu afiase no bɛyɛɛ nnamfo.
Patrick ka sɛ: “Afei, esiane sikasɛm nti, mikodii bere kakra wɔ England. Bere a na mewɔ hɔ no, Britain polisifo kyeree me nnamfo no biako a na ɔrebɛtow ɔtopae wɔ hɔ no.” Ɛwom sɛ na ɔmampɛ honhom da so ara wɔ Patrick mu kɛse de, nanso ne su fii ase sesae. Ofii ase hui sɛ ntease biara nni Engiresifo nyinaa ho adwemmɔne a na ɔwɔ no mu. Ɔka sɛ: “Mifii ase hui nso sɛ asraafo no dwumadi no ntumi nyi ɔhaw ne ntɛnkyea a na ɛhaw me no mfi hɔ da. Na ɔporɔw ne sintɔ afoforo pii nso kɔ so wɔ asraafo akuw no mpanyimfo mu.”—Ɔsɛnkafo 4:1; Yeremia 10:23.
Awiei koraa no, Patrick san kɔɔ Northern Ireland. “Bere a mesan bae no, m’adamfo bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ me.” Bible no a Patrick ne Adansefo no suae no maa ofii ase huu nnipa akodi ne basabasayɛ ano aduru ankasa. Bere a Bible mu nnyinasosɛm nyaa n’adwene ne ne koma so tumi no, onyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm. (Efesofo 4:20-24) Ɔka sɛ: “Mprempren, sɛ́ anka mɛbɔ pɔw sɛ metu nniso a ɛwɔ hɔ no agu no, meka Bible mu asomdwoe asɛm wɔ mmeae a wɔn a wɔwɔ Engiresi aban afã wɔ, baabi a anka merenkɔ hɔ da mpo. Nokwarem no, bere a na asraafo akuw mufo rekunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Belfast no, Yehowa Adansefo nkutoo ne nnipa a na wotumi kɔ mmeae a kuw a ɛwɔ Engiresi aban afã ne kuw a ɛko tia Engiresi nniso no wɔ, a na wɔntra asraafo kar mu.” Te sɛ Adansefo foforo a na wɔwɔ Northern Ireland saa bere no, ohui sɛ afã biara a obi nni te sɛ nea tete Kristofo no yɛe no yɛ ahobammɔ ankasa. (Yohane 17:16; 18:36) Ɔde ba awiei sɛ: “Ɛyɛ nea ahotɔ wom ankasa sɛ obi behu sɛ Yehowa nam Yesu Kristo so bɛma yɛanya atɛntrenee ne ahofadi afi nnipa nhyɛso nyinaa ho.”—Yesaia 32:1, 16-18.
“M’atuo Nkutoo ne M’ahobammɔ”
William ka sɛ: “Minyinii wɔ amammui ne nyamesom fã foforo mu. Na adwemmɔne a Protestantfo wɔ agye ntini kɛse wɔ me mu, na na mikyi Katolekfo biribiara kɔkɔɔkɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, na mempɛ sɛ mekɔ sotɔɔ biara a ɛyɛ Katolekni de mu, na mekɔɔ Republic of Ireland pɛnkoro pɛ. Mede me ho hyɛɛ Protestant akuw ne ahyehyɛde ahorow te sɛ Orange Order—ahyehyɛde bi a wɔde bɔ Protestant som ne wɔn asetra kwan ho ban mu.” Bere a William dii mfirihyia 22 no, ɔde ne ho hyɛɛ Ulster Asraafo Bammɔ Kuw, Britain asraafo a wɔfa wɔn wɔ Ireland, no mu. Na emufo dodow no ara yɛ Protestantfo. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obedi awu de abɔ n’apɛgyade ho ban. “Ná mewɔ atuo pii a sɛ ɛho behiae sɛ metow a, anka merentwentwɛn me nan ase. Mede biako hyɛɛ me sumii ase anadwo.”
Nanso, nsakrae bere no dui. “Mifii ase hui sɛ Yehowa Adansefo wɔ biribi soronko bere a me ne wɔn mu biako yɛɛ adwuma de siesiee ofie dedaw bi no. Saa ɔyɔnko dwumayɛni yi nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Bere a na yɛabom resi dan no, mitumi bisabisaa no Basabasayɛ no, nyamesom, ne Onyankopɔn, ho nsɛm pii a na ɛhaw me no. Ne mmuae a na emu da hɔ na ntease wom no boaa me ma mihuu sɛnea Yehowa Adansefo te ankasa—nnipakuw a wɔayɛ biako, wɔnyɛ basabasa, na wonni afã biara wɔ amammuisɛm mu, a Onyankopɔn ho dɔ ne yɔnkodɔ ahyɛ wɔn ma.”—Yohane 13:34, 35.
Bere a William fii Bible adesua ase asram anan no, ɔtwee ne ho fii nyamesom ne amammui ahyehyɛde a na ɔwom no nyinaa mu. Ɔka sɛ: “Ná eyi yɛ den ma me, efisɛ na ɛsɛ sɛ migyae nneɛma a mede me ho ahyɛ mu bere tenten a na m’ani gye ho no mu gu hɔ.” Nanso, na ne sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara no nnya mmae. “Esiane tebea a na ɛwɔ Northern Ireland no nti, misusuwii sɛ m’atuo nkutoo ne m’ahobammɔ. Na meyɛ obi a IRA asraafo ‘rehwehwɛ me yiye.’ Enti na ɛyɛ den paa ma me sɛ mede saa akode yi begu hɔ.” Nanso, nkakrankakra no, Bible mu afotu te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 2:2-4 no ma ɔsesaa n’adwene. Ohui sɛ Yehowa na ɔbɔ ne ho ban ankasa, sɛnea ɔbɔɔ afeha a edi kan no mu Kristofo ho ban no. Afei William de n’atuo no guu hɔ.
William ka sɛ: “Nneɛma a m’ani gye ho ankasa no bi ne sɛ, mprempren me ne nnipa a bere bi anka mibu wɔn sɛ atamfo ankasa no anya abusuabɔ a emu yɛ den, na ɛtra hɔ daa. Afei nso, ɛyɛ anigye ankasa sɛ mitumi de Bible mu anidaso asɛm no kɔ ‘mmeae’ a bere bi na ‘mintumi nkɔ hɔ’ no. Sɛ misusuw nea nokware no ayɛ ama me ne m’abusua ho a, ɛma mede aseda ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no daa.”
“Na Ntease Biara Nnim Ankasa”
Ɛsono faako a Robert ne Teresa fi koraa. Robert ka sɛ: “Mifi Protestant abusua amapa mu. Ná m’abusuafo binom de wɔn ho ahyɛ asraafo nnwuma mu. M’ankasa mede me ho hyɛɛ Britain Ulster Asraafo Bammɔ Kuw mu bere a na madi mfirihyia 19. Mede saa bere no mu fã kɛse no ara bɔɔ aporɔw wɔ baabi a na Teresa te no. Da koro anadwo, wɔsesaa m’adwuma ma migyaee aporɔbɔ kɔyɛɛ nnwuma foforo. Saa anadwo no wɔde ɔtopae sɛee kar a anka mɛtra mu no. Wokum asraafo baanu, na wopirapiraa abien foforo.”
Robert fii ase susuw asetra atirimpɔw ho. “Ná migye Onyankopɔn di bere nyinaa, nanso bere a mehwɛɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ Northern Ireland no, na mente ase. Mifii ase bɔɔ Onyankopɔn mpae ankasa. Meka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ sɛ ɔwɔ hɔ ampa a, ɔnkyerɛ me kwan a memfa so mmɔ me bra. Mekae sɛ meka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɛbɛyɛ sɛ nokware som biako wɔ baabi!” Nna kakraa akyi no, Yehowa Dansefo bi kɔɔ Robert nkyɛn kɔmaa no nhoma ahorow bi. Bere a Robert kɔbɔɔ aporɔw saa anadwo no baa fie no, ofii ase kenkanee, na owiee no anɔpa nnɔnnum. Ɔka sɛ: “Mihuu nokware no ntɛm ara, na mitumi hui sɛ na biribiara fi Bible mu tẽẽ.” (2 Timoteo 3:16) Ofii ase yɛɛ Bible adesua, na ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn bere tiaa bi akyi.
“Adansefo no De Yɛn Kɔɔ Bible Mu Bere Nyinaa”
Na Teresa nso yɛ Katolekni a na ɔmampɛ adi ne ti. “Mede me ho hyɛɛ Sinn Féin [nsɛmmɔnedifo kuw] mu bere a na meyɛ abeawa.”b Teresa ka sɛ: “Eyi maa mede me ho hyɛɛ asraafo dwumadi mu. Meboa ma yegyigyee sika de dii ako. Mekɔɔ so kekaa nneɛma a ɛrekɔ so wɔ me borɔn so ho nsɛm kyerɛɛ IRA. Mesan nso de me ho hyɛɛ polisifo ne asraafo a wɔbɔ aporɔw so atuatew mu, paa wɔn abo.”
Bere a Teresa abusuafo no mu bi fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ɔno nso ani begyee ho. Onyankopɔn Asɛm mu tumi nyaa ne so nkɛntɛnso kɛse. Ɔka sɛ: “Adansefo no de yɛn kɔɔ Bible mu bere nyinaa hwehwɛɛ yɛn nsɛmmisa ho mmuae. Bɔhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no buee m’ani ankasa. Mihui sɛ Onyankopɔn Ahenni ne ade ankasa a wɔnam so beyi ntɛnkyea a na mereko tia no nyinaa afi hɔ.” Obekyii atirimɔdensɛm a na asraafo no yɛ no bi. Sɛ nhwɛso no, na Teresa ntumi nte nea enti a onipa a ɔwɔ ayamhyehye na obu ne ho bɛte sɛ amumɔyɛfo akunkum asraafo ne afoforo anaasɛ wɔadi wɔn dɛm ma wɔn mmusua de ahoyeraw di awerɛhow, na wadi ho ahurusi no ase. Ɔno nso gyee Bible mu nokware toom, na ɔmaa kwan ma Onyankopɔn nnyinasosɛm teɛteɛɛ ne nsusuwii. Ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu.—Mmebusɛm 2:1-5, 10-14.
Teresa hyiaa Robert bere a na wɔn baanu nyinaa akɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam bi ase wɔ Northern Ireland. Ɔka sɛ: “Bere a edi kan a mihyiaa Robert no, na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ me na matɔ me bo ase ne obi a ɛde besi saa bere no, na anka mebu no sɛ Britain akode no, rekasa asomdwoe mu saa no. Akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn Asɛm aboa me ankasa ama mayi nitan ne adwemmɔne a na agye ntini wɔ me mu no afi me mu.” Ɔne Robert hui sɛ sɛ anka wɔbɛma nitan ne adwemmɔne a efi atetesɛm ne amammerɛ mu apaapae wɔn mu no, afei de na wɔn adwene hyia wɔ nneɛma pii ho. Nea na ɛsen biara wɔ eyi mu ne Yehowa Nyankopɔn ho dɔ a na wɔanya no. Wɔwaree. Mprempren wɔabom reka Onyankopɔn asomdwoe asɛm no kyerɛ nkurɔfo a wofi mmusua nyinaa mu na wokura gyidi ahorow wɔ saa asase a basabasayɛ wɔ so no so.
Afoforo a wɔwɔ Ireland anya osuahu ahorow a ɛte saa ara. Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wɔatie, ne ne nkyerɛkyerɛ a wɔagye atom so no, wɔaguan afi nnipa ‘nyansapɛ ahorow ne nnaadaa hunu’ ho. (Kolosefo 2:8) Mprempren wɔde wɔn werɛ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no mu. Ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛka daakye a asomdwoe wom—nea mpaapaemu ne basabasayɛ foforo biara remma mu—ho anidaso a wɔwɔ no ho asɛm akyerɛ obiara a obetie.—Yesaia 11:6-9.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow no.
b Amanyɔkuw a ɛne Bere Tiaa mu Kuw IRA wɔ abusuabɔ.
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Wɔakyerɛkyerɛw asraafo akodi no ho nsɛm wɔ afasu ho wɔ Northern Ireland nyinaa