Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 1/1 kr. 29
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Na ‘Ɔnim Kwan No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 1/1 kr. 29

Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho

WƆDE nkaebɔ bi a na wɔnhwɛ kwan too gua, Memeneda, October 2, 1999, wɔ Afe Afe Nhyiam a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo yɛe no awiei. Nnipa 10,594 a wɔbae anaa wɔn a wɔnam telefon so tiei no ani gyei sɛ wɔtee sɛ wɔde nnipa baanan foforo abɛka Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo no ho. Nnipa foforo a wɔabɛka ho a wɔn nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne Samuel F. Herd; M. Stephen Lett; Guy H. Pierce; ne David H. Splane.

• Samuel Herd fii akwampae adwuma ase wɔ 1958 mu, na efi 1965 besi 1997 mu no, na ɔwɔ ɔmansin ne ɔmantam som adwuma no mu. Ɛno akyi no, ɔne ne yere, Gloria asom sɛ United States Betel abusua no mufo, na na Onua Herd yɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea hɔ. Afei nso na ɔsom sɛ Ɔsom Boayikuw no boafo.

• Stephen Lett fii akwampae adwuma ase wɔ December 1966 mu, na efi 1967 besi 1971 mu no, ɔsomee wɔ Betel wɔ United States . Wɔ October 1971 mu no, ɔwaree ne yere, Susan, na ɔkɔsomee sɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɔsomee sɛ ɔmansin sohwɛfo fi 1979 besii 1998. Efi April 1998 no, ɔne Susan asom sɛ United States Betel Abusua no mufo. Ná ɔsom wɔ Ɔsom Dwumadibea hɔ, na na ɔboa Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no.

• Guy Pierce tetee ne mma, na afei ɔne ne yere fii akwampae adwuma ase wɔ April 1982 mu. Ɔsomee sɛ ɔmansin sohwɛfo fi 1986 besii 1997, na ɔne ne yere Penny bɛyɛɛ Brooklyn Betel abusua no mufo. Ná Onua Pierce som sɛ Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no boafo.

• David Splane fii akwampae adwuma ase wɔ September 1963 mu. Owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 42, na ɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Senegal, Afrika, na afei ɔde mfe 19 kɔsomee wɔ Canada sɛ ɔmansin sohwɛfo. Ɔne ne yere, Linda, asom wɔ Betel wɔ United States fi 1990, na Onua Splane ayɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea ne Akyerɛw Dwumadibea. Wasom sɛ Akyerɛw Boayikuw no boafo fi 1998.

Wɔ afoforo baanan no akyi no, mprempren, Sodikuw no mufo no ne C. W. Barber, J. E. Barr, M. G. Henschel, G. Lösch, T. Jaracz, K. F. Klein, A. D. Schroeder, L. A. Swingle, ne D. Sydlik. Yɛn nyinaa mpaebɔ ne sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira Sodikuw a emufo adɔɔso mprempren no, na wahyɛ wɔn den, bere a wɔkɔ so hwɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dwumadi so di wɔn honhom fam yiyedi ho dwuma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena