Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 7/15 kr. 26
  • Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nhyiam Titiriw Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 7/15 kr. 26

Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo

Wukuda, September 5, 2012 anɔpa no, wɔde nkaebɔ bi too Betelfo a wɔwɔ United States ne Canada anim. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔapaw onua biako abɛka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho. Yɛfrɛ no Mark Sanderson. September 1, 2012 na onua no fii n’adwuma ase sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni.

Onua Sanderson awofo yɛ Kristofo, na wɔtetee no wɔ San Diego, California, U.S.A. Ɔbɔɔ asu February 9, 1975. Ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo September 1, 1983 wɔ Saskatchewan, Canada. December 1990 na owiee Asomfo Ntetee Sukuu (nea seesei wɔfrɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no) wɔ United States. Na ɔka adesuakuw a ɛto so ason ho. April 1991 no, wɔde Onua Sanderson kɔɔ Newfoundland supɔw so wɔ Canada ma ɔkɔsomee sɛ ɔkwampaefo titiriw. Akyiri yi, ɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo boafo, na February 1997 no, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Canada Betel. November 2000 na woyii no kɔɔ United States Betel. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea ne Ɔsom Dwumadibea.

Wɔmaa Onua Sanderson kɔɔ Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo wɔ September 2008 mu. Owiei no, wɔde no kɔɔ Philippines kɔkaa Baa Boayikuw no ho. Afei September 2010 no, wɔsan de no kɔɔ United States ma ɔkɔkaa wɔn a wɔboa Akwankyerɛ Kuw no Ɔsom Boayikuw no ho.

Akwankyerɛ Kuw no Mufo a Wɔwɔ Hɔ Seesei

Wɔn a wɔwɔ akyi, efi benkum kɔ nifa: D. H. Splane, A. Morris III, D. M. Sanderson, G. W. Jackson, M. S. Lett. Wɔn a wɔwɔ anim, efi benkum kɔ nifa: S. F. Herd, G. Lösch, G. H. Pierce. Akwankyerɛ Kuw no mufo nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena