Onyankopɔn Bua Mpaebɔ
Ná Kornelio yɛ ɔbarima a ɔhwehwɛ Onyankopɔn anim dom denam komam mpae a na ɔbɔ daa so. Bio nso ɔde ne dibea sɛ ɔsraani panyin no dii dwuma yiye. Sɛnea Bible no kyerɛ no na “ɔyɛ mmoborohunu ade bebree” ma nkurɔfo a ahia wɔn.—Asomafo no Nnwuma 10:1, 2.
SAA bere no na wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yɛ Yudafo, wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, ne Samariafo. Na Kornelio yɛ Amanaman muni momonotoni a na ɔnka Kristofo asafo no ho. So na eyi kyerɛ sɛ ne mpaebɔ no yɛ kwa? Dabi. Yehowa Nyankopɔn huu Kornelio ne ne nnwuma a ɔyɛ wɔ ne mpaebɔ ho no.—Asomafo no Nnwuma 10:4.
Ɛdenam ɔbɔfo akwankyerɛ so no, wɔmaa Kornelio behuu Kristofo asafo no. (Asomafo no Nnwuma 10:30-33) Ne saa nti ɔne ne fifo nyaa hokwan bɛyɛɛ Amanaman mufo momonotofo a wodii kan gyee wɔn toom wɔ Kristofo asafo no mu. Yehowa Nyankopɔn nam Kornelio asetra so hui sɛ ɔfata sɛ ɔde ne ho asɛm ba Bible no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ nsakrae pii maa n’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyiae pɛpɛɛpɛ. (Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16) Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu a wɔhwehwɛ sɛ wobenya Onyankopɔn anim dom nnɛ no ma Kornelio suahu no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma wɔn. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.
Nnɛyi Nhwɛso Ahorow
Na ababaa bi a ɔwɔ India hia awerɛkyekye kɛse. Ɔwaree a na wadi mfe 21, na na ɔwɔ mma baanu. Nanso bere a ɔwoo ne ba a ɔtɔ so abien no, ankyɛ na ne kunu wui. Bere a odii mfe 24 no, na wabɛyɛ okunafo a ɔwɔ babea a wadi asram 2 ne babarima a wanya asram 22. Akyinnye biara nni ho sɛ na ohia awerɛkyekye! Ɛhe na ɔde n’ani bɛkyerɛ? Anadwo bi a na ne werɛ ahow kɛse no, ɔbɔɔ mpae sɛ, “Ɔsoro Agya, mesrɛ wo fa W’asɛm so kyekye me werɛ.”
Ade kyee no, onyaa ɔhɔho. Ná ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Saa da no na Ɔdansefo no afie afie asɛnka adwuma a ɔreyɛ no ayɛ den ama no esiane sɛ na nnipa kakraa bi na wɔatie no nti. Ɔbrɛ ne abasamtu nti, anka ɔresan akɔ fie, nanso ɔyɛɛ no sɛ ɔbɛsan akɔ fie biako mu ansa. Ɛhɔ na ohyiaa ababaa kunafo no. Ɔtoo nsa frɛɛ no, na ogyee nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu. Ɔbea no nyaa awerɛkyekye kɛse fii nhoma no a ɔkenkanee ne nkɔmmɔ a ɔne Ɔdansefo no bɔe no mu. Osuaa Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ obenyan awufo ne Onyankopɔn Ahenni a ɛrenkyɛ ɛbɛma asase adan paradise no ho ade. Nea ɛsen biara no, obenyaa ɔdɔ maa nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, a obuaa ne mpaebɔ no.
Nora, a ɔwɔ South Africa kuropɔn George mu no de ɔsram biako sii hɔ sɛ ɔde bɛyɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no. Ansa na ɔrefi ase no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma onnya obi a n’ani gye Bible adesua ho paa. Ná obi a ɔne Nora kasaa basabasa wɔ ne nsrahwɛ a edi kan mu no fie wɔ asasesin a wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ mu adwuma no mu. Nora de akokoduru kɔɔ saa fie no mu bio. Nea ɛyɛɛ no nwonwa ne sɛ, na obi foforo a ne din de Noleen, abɛtra hɔ. Bio nso, na Noleen ne ne maame abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn mma wɔnte Bible ase. Nora kyerɛkyerɛ mu sɛ, “bere a mekae sɛ me ne wɔn besua Bible no, wɔn ani gyee ho.” Noleen ne ne maame nyaa nkɔso ntɛmntɛm. Bere bi akyi no, wɔn nyinaa fii ase de wɔn ho hyɛɛ honhom mu ayaresa adwuma no mu.
Nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛnea mpaebɔ wɔ tumi ne awarefo bi a wɔte South Africa kuropɔn Johannesburg mu no. Memeneda anadwo bi, wɔ 1996 mu no, na aka kakraa bi ama Dennis ne Carol aware agu. Ne saa nti wɔkae sɛ wɔbɛbɔ mpae de ahwehwɛ mmoa, na wɔkɔɔ so yɛɛ saa kosii anadwo dasu mu. Ɛda a edi hɔ no anɔpa 11:00 no, Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ wɔn pon mu. Dennis gyee so na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kosii sɛ ɔfrɛɛ ne yere bae. Dennis bɔɔ Carol kɔkɔ sɛ sɛ ɔma Adansefo no kwan ma wɔba mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wobepia wɔn atikɔ. Carol kaee Dennis sɛ wɔabɔ mpae ahwehwɛ mmoa, ma enti ɔkae sɛ ebetumi ayɛ Onyankopɔn mmuae a ɔde rema wɔn mpaebɔ no. Ɛno nti wɔmaa Adansefo no baa mu na wofii Bible adesua ase wɔ Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu. Dennis ne Carol ani gyee nea wosuae no ho yiye. Saa da no awia no ara, wɔkɔɔ wɔn nhyiam a edi kan wɔ hɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Bere a wɔde Bible mu nimdeɛ a wɔanya dii dwuma no, Dennis ne Carol nyaa wɔn aware mu nsɛnsɛm no ano aduru. Seesei wɔabɔ wɔn asu a wɔde anigye reyi Yehowa ayɛ na wɔka wɔn gyidi a egyina Bible so no ho asɛm kyerɛ wɔn afipamfo.
Sɛ Wote Nka sɛ Womfata sɛ Wobɔ Mpae Nso Ɛ?
Ebia nnipa komapafo bi bɛte nka sɛ wɔmfata sɛ wɔbɔ mpae esiane wɔn asetra kwan a ɛnteɛ nti. Yesu Kristo kaa ɔbarima bi a ɔte saa ho asɛm, towgyeni bi a na wommu no. Bere a oduu asɔrefie abangua no so no, saa ɔbarima yi tee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛba baabi a wɔbɔ mpae no. ‘Ogyinaa akyirikyiri bɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!’ (Luka 18:13) Sɛnea Yesu kyerɛ no, saa ɔbarima yi na wotiee no. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔdomfo na ɔpɛ sɛ ɔboa abɔnefo a wɔkyerɛ nokware ahonu no.
Susuw aberante bi a ofi South Africa a ne din de Paul no ho hwɛ. Sɛ abarimaa no, na Paul ne ne maame kɔ Kristofo nhyiam. Nanso bere a na ɔkɔ ntoaso sukuu no, ofii ase ne nkurɔfo a wɔnnantew Onyankopɔn akwan so bɔe. Bere a ofii sukuu no, ɔsomee sɛ ɔsraani wɔ South Africa kan nyiyim aban no nniso ase. Bere a ɔnhwɛ kwan no, ne mpena ne no gyaee. Asetra kwan basaa yi maa Paul hawee yiye. Ɔka sɛ: “Da koro anwummere bi mebɔɔ Yehowa mpae bisaa no mmoa, ɛwom sɛ na mimfii komam mmɔɔ Onyankopɔn mpae mfe pii ni de.”
Eyi akyi bere tiaa bi no, Paul maame too nsa frɛɛ no ma wɔkɔɔ Yesu Kristo wu ho Nkaedi a wɔyɛ no afe afe no ase. (Luka 22:19) Ɛyɛɛ Paul nwonwa sɛ ne maame yɛɛ eyi, efisɛ na ne bra asɛe ma na ɔnkyerɛ Bible no ho anigye biara. “Mibuu saa nsato no sɛ ɛyɛ me mpaebɔ no ho mmuae a Yehowa de rema me, na metee nka sɛ ɛsɛ sɛ me nso meyɛ ho biribi.” Efi saa bere no, Paul fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow nyinaa. Wɔ asram anan a wɔde suaa Bible no akyi no, ɔbɛfatae sɛ wɔbɔ no asu. Afei nso, ogyaee mfiriyɛ ho adesua no, na ɔpaw sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu. Ɛnnɛ, Paul yɛ ɔbarima a ɔwɔ anigye, a onni ne kan abrabɔ ho awerɛhow bio. Mfe 11 a atwam ni no, wasom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no.
Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔdomfo a otie mpaebɔ, na ɔyɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Ɛrenkyɛ, Yehowa da kɛse no bɛba na ɛde abɔnefosɛm nyinaa aba awiei. Ansa na saa bere no bɛba no, Yehowa rema ne nkurɔfo mpae a wɔbɔ sɛ ɔmma wɔn ahoɔden ne akwankyerɛ sɛnea wobetumi de nnamyɛ ayɛ asɛmpaka adwuma a ɛho hia no ho mmuae. Ne saa nti wɔama ankorankoro ɔpempem pii a wofi aman nyinaa mu abehu Kristofo asafo no na wɔahyira wɔn denam Bible mu nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no so.—Yohane 17:3.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Kornelio mpaebɔ a efi komam no maa ɔsomafo Petro kɔsraa no
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Mpaebɔ aboa nnipa pii wɔ ahohia bere mu
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mpae de ahwehwɛ mmoa a ɛbɛma yɛate Bible no ase
Awarefo betumi abɔ mpae asrɛ mmoa a ɛbɛma wɔn aware mu abusuabɔ ayɛ den