Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 9/1 kr. 31
  • Onyaa Bere Tenten a Ɔde Hwehwɛe no so Akatua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyaa Bere Tenten a Ɔde Hwehwɛe no so Akatua
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Gyidi Hyɛ Afoforo Nkuran
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 9/1 kr. 31

Onyaa Bere Tenten a Ɔde Hwehwɛe no so Akatua

“YEHOWA? Hena ne Yehowa?” Ná Silvia a wadi mfe awotwe no ahu din no wɔ Armenia Bible a abeawa foforo bi de kyerɛɛ no wɔ wɔn abusua no nhomakorabea no mu. Obisaa ɛho asɛm nanso na obiara nni Yerevan, baabi a na ɔte wɔ Armenia a obetumi akyerɛ no onii a Yehowa yɛ—n’awofo, n’akyerɛkyerɛfo, ne ne mpɔtam hɔ asɔfo mpo.

Silvia nyinii, wiee sukuu, nyaa adwuma, nanso na onhuu onii ko a Yehowa yɛ ara. Sɛ́ ababaa no, oguan fii Armenia, na bere bi akyi no ɔkɔɔ Poland, na ɔne aguanfo afoforo kɔtraa ɔdan ketewa bi mu. Ná nkurɔfo taa bɛsra wɔn a na ɔne wɔn te dan koro mu no mu biako. Silvia bisae sɛ: “Nkurɔfo a wɔbɛsra wo yi yɛ henanom?” Obuae sɛ: “Wɔyɛ Yehowa Adansefo, wɔba bɛkyerɛkyerɛ me Bible no mu.”

Bere a Silvia tee edin Yehowa no, n’ani gyei wɔ ne komam. Awiei koraa no, ofii ase huu onii ko a Yehowa yɛ ne sɛnea ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no. Nanso ankyɛ, na ɛsɛ sɛ ofi Poland. Otwaa Baltic Po no, kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ Denmark. Ɔde nneɛma kakraa bi na ɛkɔe, nanso na Bible ne Bible ho nhoma a Yehowa Adansefo atintim no bi ka ho. Silvia huu Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea horow address wɔ nhoma biako akyi. Ná ɛno ka nneɛma a ehia no paa no ho—nea ɛbɛma wahu Yehowa!

Wɔde Silvia kɔɔ aguanfo atrae wɔ Denmark, na ntɛm ara na ofii ase hwehwɛɛ Yehowa Adansefo. Ná onim fi address ahorow no mu sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no wɔ Denmark kurow Holbæk mu. Nanso na ɔbɛyɛ dɛn ahu nea ɛwɔ? Wɔde keteke yii Silvia kɔɔ nsraban foforo mu, na keteke no twaam faa Holbæk kurow mu! Ne koma dii ahurusi bio.

Ɛno akyi da koro awia ketee bi no, Silvia de keteke no san baa Holbæk na ɔnantew fii keteke gyinabea hɔ kɔɔ baa dwumadibea hɔ. Ɔka sɛ: “Bere a miwuraa turo no mu no, metraa agua bi so na mekae sɛ, ‘Ɛha yɛ paradise!’” Wogyee no fɛw so wɔ baa dwumadibea hɔ na awiei koraa no onyaa n’ankasa Bible adesua.

Nanso atutra pii dii ɛno akyi. Ofii aguanfo atrae hɔ kɔɔ mmeae foforo no, na ɛsɛ sɛ bere nyinaa Silvia hwehwɛ Yehowa Adansefo no na ofi ne Bible adesua no ase bio. Nanso wɔ mfe abien akyi no, na wasua ade kakra a ɛbɛma wahyira ne ho so ama Yehowa. Wɔbɔɔ no asu na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔ 1998 mu no, Denmark atumfo no maa no ahobammɔ.

Mprempren Silvia adi mfe 26 na ɔsom wɔ beae a ɛkaee no paradise no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Denmark. Afei ɔka sɛ: “Dɛn na menka? Mahwehwɛ Yehowa fi bere a na meyɛ abeawa kumaa no. Afei de, mahu no. Ná me botae ne sɛ mede me nkwa nna bɛsom no, na hwɛ, seesei mewɔ Betel. Mebɔ mpae sɛ mɛtra ha mfe pii!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena