Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 7/1 kr. 31
  • Ne Gyidi Hyɛ Afoforo Nkuran

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ne Gyidi Hyɛ Afoforo Nkuran
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyaa Bere Tenten a Ɔde Hwehwɛe no so Akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 7/1 kr. 31

Ne Gyidi Hyɛ Afoforo Nkuran

BERE a wɔwoo Silvia wɔ December 1992 mu no, na ɛte sɛ nea abeawa no te apɔw paa. Bere a Silvia dii mfe abien no, wohui sɛ wanya yare bi a wɔko a ɛnkɔ a ɛma ɛyɛ den sɛ ɔbɛhome yiye na ɛma ɛyɛ den sɛ ne nsono bɛyɛ aduan a odi ho adwuma yiye. Nea ɛbɛyɛ na Silvia asuso ne yare no ano no, ɔmemene nnuru mmiako mmiako 36 da biara, ɔtwe aduru bi kɔ ne mu na womiamia no twetwe no. Esiane sɛ n’ahurututu tumi fa mframa a ɔhome no mu ɔha mu 25 pɛ nti, ɛsɛ sɛ ɔde toa bi a mframa pa wom hyɛ ne ho, sɛ ɔrepue mpo a, ɛsɛ sɛ ɔde hyɛ ne ho kɔ.

Silvia maame Teresa ka sɛ: “Sɛnea Silvia tumi gyina yare yi ano no yɛ nwonwa paa. Esiane Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ nti, ne gyidi yɛ den. Ne gyidi yi boa no ma ogyina n’awerɛhow ne n’ahoyeraw ano. Ɔkae wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɔbɛsa ayarefo nyinaa yare no bere biara.” (Adiyisɛm 21:4) Ɛtɔ mmere bi na Silvia abusua no abam bu a, sɛnea osi serew no hyɛ wɔn nkuran. Ɔka kyerɛ n’awofo ne ne nuabarima sɛ: “Wiase foforo no mu asetra bɛma yɛn were afi amane a yɛrehu no mprempren yi no nyinaa.”

Silvia ka Onyankopɔn Asɛm mu asɛmpa kyerɛ afoforo daa, na nkurɔfo a ɔne wɔn kasa no hu sɛ ɔwɔ anigye. Kristofo asafo a ɔwom wɔ Canary Islands no mufo nso ani gye ne mmuae a ɔma ne ne ho ɔde hyɛ asafo no dwumadi mu no ho paa. Sɛ wɔpɔn asafo nhyiam biara a, Silvia nkɔ fie ntɛm, na ɔne ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɔ nkɔmmɔ. Sɛnea ɔpɛ nnipa ne sɛnea n’anim tew no ama asafo no mufo nyinaa pɛ n’asɛm.

Silvia papa Antonio ka sɛ: “Yɛasua biribi a ɛho hia paa afi Silvia hɔ. Sɛ yɛwɔ ɔhaw mpo a, nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ.” Onyankopɔn asomfo nyinaa, mmofra ne mpanyin a Silvia ka ho de anigye rehwɛ bere a “ɔmamfo no mu bi nnkɛse dɛ, Meyar” no kwan.—Yesaia 33:24, Fante Bible.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Silvia maame de toa a Silvia mframa pa wom sɛn ne ho bere a Silvia kenkan Bible kyerɛ obi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena