Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 9/15 kr. 29-31
  • Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Amumɔyɛ Wiase Bi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Amumɔyɛ Wiase Bi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Henok ne Nokware Onyankopɔn No Nantewee’
  • Nkɔmhyɛ a Etia Amumɔyɛfo
  • “Onyankopɔn Faa No Kɔe”
  • Suasua Henok Gyidi
  • ‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Henok Wansuro Tebea Bɔne Biara a Ohyiae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere A Basabasayɛ Wom Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔbarima Kokodurufo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 9/15 kr. 29-31

Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Amumɔyɛ Wiase Bi Mu

ƆBONSAM ka sɛ obetumi adan nnipa nyinaa afi Onyankopɔn ho, na ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea ɔreyɛ adi nkonim. Bɛyɛ Habel wu akyi mfeha anum no, na obiara nni hɔ a wada ne ho adi sɛ Yehowa somfo nokwafo. Mmom no, na bɔne ne subammɔne abɛyɛ asetra kwan.

Henok traa ase wɔ saa bere a na honhom fam tebea asɛe yi mu. Bible mmerebu ka n’awo no ho asɛm sɛ esii wɔ 3404 A.Y.B. Nea na ɛnte sɛ Henok bere sofo de no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔbarima a ɔsɔ Onyankopɔn ani. Ɔsomafo Paulo de no kaa Yehowa asomfo a wɔn gyidi yɛ nhwɛso ma Kristofo no ho. Hena ne Henok? Nsɛnnennen bɛn na ohyiae? Ɔkwan bɛn so na ogyinaa ano? Ɔkwan bɛn so na ne mũdi mu kura so wɔ mfaso ma yɛn?

“Wofii ase bɔɔ [Yehowa, NW] din” wɔ Enos bere so, bɛboro mfeha anan ansa na wɔrewo Henok. (Genesis 4:26) Wɔakɔ so de Onyankopɔn din no adi dwuma fi adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. Enti ɛda adi sɛ na ɛnyɛ bere a Enos te ase no na wodii kan bɔɔ Yehowa din wɔ gyidi ne ɔsom kronn mu. Hebri nhomanimfo bi ka sɛ ɛsɛ sɛ Genesis 4:26 kenkan sɛ “wofii ase guu ho fĩ” anaa “woguu ho fĩ fi saa bere no.” Ebia nnipa de Yehowa din no too wɔn ho so anaa wɔde too nnipa foforo a wɔn so na wɔnam kɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔsom mu so. Anaasɛ ebia wɔde din yi too abosom.

‘Henok ne Nokware Onyankopɔn No Nantewee’

Ɛwom sɛ na amumɔyɛsɛm atwa Henok ho ahyia de, nanso ‘ɔkɔɔ so ne Yehowa, nokware Nyankopɔn no, nantewee.’ Wɔnka sɛ ne nananom—Set, Enos, Kenan, Mahalalel, ne Yared—ne Onyankopɔn na ɛnantewee. Anyɛ yiye koraa no, wɔne Onyankopɔn annantew pɛpɛɛpɛ te sɛ Henok, a ɛda adi sɛ n’asetra kwan da nsow wɔ wɔn de ho no.—Genesis 5:3-27.

Yehowa a yɛne no nantew no kyerɛ sɛ yɛbɛma yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den efisɛ Henok traa ase maa ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ hyiae. Yehowa ani sɔɔ Henok ahofama no. Nokwarem no, Hela Septuagint no ka sɛ: “Henok sɔɔ” Onyankopɔn ani, ade a ɔsomafo Paulo nso kaa ho asɛm.—Genesis 5:22; Hebrifo 11:5.

Ade titiriw a ɛmaa Henok ne Yehowa nyaa abusuabɔ pa ne gyidi. Ebia onyaa Onyankopɔn ‘bea’ no “aseni” a na wɔahyɛ ne ho bɔ no mu gyidi. Sɛ na Henok nim Adam ankasa a, ɛnde na eyi betumi ama wanya nsɛm bi afa sɛnea Onyankopɔn ne nnipa baanu a wodi kan no dii wɔ Eden no ho. Nimdeɛ a onyae wɔ Onyankopɔn ho no maa ɔbɛyɛɛ obi a ‘ɔhwehwɛ n’akyi kwan.’—Genesis 3:15; Hebrifo 11:6, 13.

Wɔ Henok asɛm no ne yɛn de mu no, Yehowa ntam abusuabɔ pa a yebenya no hwehwɛ pii sen Onyankopɔn ho nimdeɛ a yebenya ara kwa. Sɛ yebu yɛne obi ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo a, so ɛnyɛ nokware sɛ ne nsusuwii ne ne nneyɛe benya yɛn so nkɛntɛnso? Yɛkwati nsɛm anaa nneyɛe ahorow a ɛbɛsɛe saa abusuabɔ no. Na sɛ yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi wɔ yɛn ankasa nsɛm tebea mu a, so yensusuw sɛnea eyi bɛka saa abusuabɔ no ho?

Saa ara nso na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebekura yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu no ka nea yɛyɛ. Nea ehia ne sɛ yebenya nokware nimdeɛ wɔ nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ ho. Afei ɛho hia sɛ yɛma saa nimdeɛ no kyerɛ yɛn kwan, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe asɔ n’ani.

Yiw, sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew a ɛsɛ sɛ yɛsɔ n’ani. Ɛno na Henok yɛe mfehaha pii. Nokwarem no, Hebri adeyɛ asɛm a ɛka sɛ Henok ne Onyankopɔn na “ɛnantewee” no, kyerɛ ade a wɔyɛ no mpɛn pii na ɛmma awiei. Ɔbarima nokwafo foforo a ɔne ‘Onyankopɔn nantewee’ ne Noa.—Genesis 6:9.

Na Henok yɛ ɔbarima a ɔwɔ abusua a na ɔwɔ yere ne “mmabarima ne mmabea.” Ná ne mmabarima no biako ne Metusala. (Genesis 5:21, 22) Ebia Henok yɛɛ nea obetumi biara de dii ne fie so wɔ ɔkwan pa so. Nanso amumɔyɛ a na atwa ne ho ahyia no amma anyɛ mmerɛw amma no sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn. Ebia na Lamek, Noa agya no nkutoo ne obi a ɔdaa Yehowa mu gyidi adi wɔ ne bere sofo no mu. (Genesis 5:28, 29) Nanso, Henok fi akokoduru mu dii nokware som akyi.

Dɛn na ɛboaa Henok ma otumi dii nokware maa Onyankopɔn? Ɛda adi sɛ wamfa ne ho ammɔ wɔn a wɔka Yehowa din ho abususɛm no anaa ayɔnkofo foforo a wɔmfata sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no ho. Ebia Yehowa hɔ mmoa a Henok hwehwɛe denam mpaebɔ so no hyɛɛ no den wɔ ne gyinaesi a ɛne sɛ ɔbɛkwati biribiara a ɛnsɔ ne Bɔfo no ani no mu.

Nkɔmhyɛ a Etia Amumɔyɛfo

Ɛyɛ den sɛ yebekura gyinapɛn a ɛkorɔn mu bere a nnipa amumɔyɛfo atwa yɛn ho ahyia no. Na Henok kaa atemmusɛm a na etia abɔnefo nso. Ɛdenam Onyankopɔn honhom akwankyerɛ so no, Henok kaa no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] ne n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn nsɛm a ɛyɛ den a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.”—Yuda 14, 15.

Nkɛntɛnso bɛn na asɛm yi benya wɔ abɔnefo a wonnye nni so? Ntease wom sɛ yebesusuw sɛ nsɛm a ɛwowɔ yi amma nkurɔfo no ampɛ Henok asɛm, ebia wosii no atwetwe, bɔɔ no ahohora, na wohunahunaa no. Ebinom mpo pɛe sɛ wokum no. Nanso, Henok ammɔ hu. Na onim nea ɛtoo ɔtreneeni Habel, na te sɛ ɔno no, na Henok asi ne bo sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ɛmfa ho nea na ɛbɛba biara.

“Onyankopɔn Faa No Kɔe”

Ɛda adi sɛ na Henok wɔ asiane a emu yɛ den mu bere a “Onyankopɔn faa no kɔe” no. (Genesis 5:24) Yehowa amma ne diyifo nokwafo no anhu amane wɔ atamfo atirimɔdenfo nsam. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, “wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu.” (Hebrifo 11:5) Nnipa pii ka sɛ Henok anwu—na Onyankopɔn faa no kɔɔ soro, maa ɔkɔtraa hɔ. Nanso, Yesu kaa no pefee sɛ: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba a ɔwɔ soro no.” Na Yesu ne “odikanfo” wɔ wɔn a wɔaforo soro no nyinaa mu.—Yohane 3:13; Hebrifo 6:19, 20.

Ɛnde, dɛn na ɛtoo Henok? Ebia fa a “wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu” no betumi akyerɛ sɛ Onyankopɔn twaa ne nkwa so bere a na ade atɔ ne so wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Wɔ saa kwan no so no, na Henok nte owu nwowɔe nka biara. Ɛda adi sɛ “wɔanhu no,” efisɛ Yehowa de n’amu no siee, sɛnea ɔde Mose amu no siei no.—Deuteronomium 34:5, 6.

Henok dii mfirihyia 365—a na ɛnte sɛ ne bere sofo binom de. Nanso ade a ɛho hia wɔn a wɔdɔ Yehowa ne sɛ wɔde nokwaredi bɛsom no akosi wɔn wuda. Yenim sɛ Henok yɛɛ saa efisɛ “ansa na wɔfaa no kɔe no, onyaa adanse sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.” Kyerɛwnsɛm no nka sɛnea Yehowa kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ Henok. Nanso, ansa na Henok rewu no, onyaa Onyankopɔn anim dom, na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkae no wɔ owusɔre no mu.

Suasua Henok Gyidi

Ɛda adi sɛ yebetumi asuasua nnipa a na wosuro Onyankopɔn no gyidi. (Hebrifo 13:7) Gyidi na Henok de somee sɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo a odi kan. Wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Henok bere so no te sɛ yɛn de yi ara pɛ—basabasayɛ, abususɛm, ne amumɔyɛ. Nanso, na Henok da nsow. Na ɔwɔ nokware gyidi, na na ɔyɛ nhwɛso pa wɔ onyamesom pa mu. Yiw, Yehowa de atemmusɛm a emu yɛ den maa no sɛ ɔnka, na ɔhyɛɛ no den nso maa ɔkae. Henok de akokoduru dii nea wɔde ahyɛ ne nsa no ho dwuma, na Onyankopɔn hwɛɛ ne so wɔ atamfo sɔretia ho.

Sɛ yɛda gyidi adi sɛnea Henok yɛe no a, Yehowa bɛhyɛ yɛn den ama yɛaka n’asɛm no wɔ awiei bere yi mu. Ɔbɛboa yɛn ma yɛde akokoduru agyina ɔsɔretia ano, na onyamesom pa a yɛde tra ase no bɛma yɛayɛ soronko wɔ amumɔyɛfo ho. Gyidi bɛboa yɛn ama yɛne Onyankopɔn anantew na yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma ne koma ani agye so. (Mmebusɛm 27:11) Ɛdenam gyidi so no, ɔtreneeni Henok tumi ne Onyankopɔn nantewee wɔ amumɔyɛ wiase no mu, na yɛn nso yebetumi ayɛ saa.

[Adaka wɔ kratafa 30]

So Bible no Fa Asɛm Fi Henok Nhoma Mu?

Henok Nhoma no yɛ atoro nhoma ne nhoma a wɔde obi din ato so kɛkɛ. Wɔadi atoro aka sɛ Henok na ɛkyerɛwee. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛwee wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien A.Y.B. mu, na ɛyɛ Yudafo abakɔsɛm ho atosɛm a wɔagugu mu wɔ nsɛm kakra a Genesis kae wɔ Henok ho no. Eyi nkutoo yɛ adanse a ɛdɔɔso a Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho adɔfo betumi agyina so apo.

Wɔ Bible mu no, Yuda nhoma no nko ara na ɛka Henok nkɔmhyɛsɛm yi sɛ: “Eyinom ho na Henok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, [Yehowa, NW] ne n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn nsɛm a ɛyɛ den a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Nhomanimfo pii ka sɛ Henok nkɔmhyɛ a etia amumɔyɛfo a na wɔwɔ ne bere so no fi Henok Nhoma no mu. So ɛyɛ nokware sɛ Yuda de atoro nhoma bi a wontumi mfa ho nto so dii dwuma sɛ ne nsɛm no fibea?

Wɔnka sɛnea ɛyɛe a Yuda huu Henok nkɔmhyɛ no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ebia na ɔfaa asɛm no fii atetesɛm bi a na wotumi de ho to so a wɔkyerɛw no teteete mu. Ɛda adi sɛ Paulo yɛɛ saa ara bere a ɔkaa Yane ne Yambre, Farao ahemfie ntafowayifo a wɔammɔ wɔn din a wɔne Mose dii asi ho asɛm no. Sɛ Henok Nhoma no kyerɛwfo no tumi nyaa tete kyerɛwtohɔ bi a ɛte sɛ eyi a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Yuda de no kyim?a—Exodus 7:11, 22; 2 Timoteo 3:8.

Sɛnea ɛyɛe a Yuda nsa kaa nsɛm a na ɛfa amumɔyɛfo ho no yɛ ade ketewaa bi koraa. Nea edi adanse sɛ yebetumi de yɛn ho ato so no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa Yuda ma ɔkyerɛwee. (2 Timoteo 3:16) Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ no kwan ma wanka biribiara a ɛnyɛ nokware.

[Ase hɔ asɛm]

a Osuani Stefano nso kaa nsɛm bi a wontumi nhu wɔ Bible mu baabiara ho asɛm. Ɛfa ntetee a Mose nyae wɔ Misraim, bere a na wadi mfirihyia 40 a oguan fii Misraim, mfirihyia 40 a ɔde traa Midian, ne sɛnea ɔbɔfo dii akoten wɔ Mose mmara a wɔde maa no no mu ho.—Asomafo no Nnwuma 7:22, 23, 30, 38.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Henok de akokoduru kaa Yehowa asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena