Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 11/1 kr. 3-4
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Yiye sɛ Yɛbɛpa Kyɛw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Yiye sɛ Yɛbɛpa Kyɛw?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Kyɛwpa
    Nyan!—2015
  • Ehia Sɛ Wopa Kyɛw Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 11/1 kr. 3-4

Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Yiye sɛ Yɛbɛpa Kyɛw?

WƆ July 2000 mu no, California Mantam Mmarahyɛ Bagua a ɛwɔ United States no hyɛɛ mmara bi sɛ sɛ nkurɔfo da tema adi kyerɛ obi a wɔne no nyaa akwanhyia a, wɔremmu asɛm no ngu no so. Dɛn nti na wɔhyɛɛ mmara no? Wɔhyɛɛ no nsow sɛ sɛ obi pira wɔ akwanhyia bi mu anaasɛ ne nneɛma sɛe a, nkurɔfo taa twentwɛn wɔn nan ase wɔ kosɛ a wɔbɛma no no ho efisɛ wosuro sɛ wɔbɛfa no sɛ fɔ a wodi wɔ asɛm no mu wɔ asɛnnibea. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔpa wɔn kyɛw ntɛm no bo betumi afuw, na asɛm ketewaa bi betumi abɛdan asɛnkɛse.

Nokwarem no, ɛho nhia sɛ wopa kyɛw wɔ asiane a ɛnyɛ wo mfomso na ɛma ɛbae ho. Na mmere bi wɔ hɔ a adeyɛ a nyansa wom a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛhwɛ wo kasa yiye. Tete bɛ bi ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.” (Mmebusɛm 10:19; 27:12) Nanso, wubetumi adi afoforo ni na woaboa wɔn.

Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ nnipa pii agyae kyɛwpa, bere a asɛm no nyɛ asɛnnibea asɛm mpo no? Ɔyere bi betumi aka wɔ fie sɛ, ‘Me kunu mpa kyɛw wɔ biribiara ho da.’ Wɔ adwumam no, adwumam panyin bi betumi anwiinwii sɛ, ‘M’adwumayɛfo no nnye wɔn mfomso ntom da, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛpa kyɛw.’ Wɔ sukuu no, ɔkyerɛkyerɛfo bi betumi aka sɛ, ‘Wɔntete mmofra mma wonhu mepa wo kyɛw ka.’

Ade biako a ɛma obi twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛpa kyɛw ne suro a osuro sɛ wɔrennye ntom. Esiane sɛ sɛ wɔammua no a ɛbɛhaw no nti, ebia ɔrenna ne nkate ankasa adi. Nokwarem no, nea wɔapira no no betumi akwati nea opiraa no no koraa, na ama ayɛ den yiye sɛ wobesiesie wɔn ntam asɛm.

Dwen a wonnwen afoforo nkate ho nso betumi ayɛ ade foforo a ɛma ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛpa kyɛw no. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Kosɛ nkum kuru.’ Nea ɛma afoforo nso twentwɛn wɔn nan ase wɔ kyɛwpa ho ne nea ebetumi afi mu aba no. Wosusuw ho sɛ, ‘So wɔbɛbɔ me sobo aka sɛ mintua ka?’ Nanso, ahantan ne ade a ɛma ɛyɛ den kɛse sɛ obi begye ne mfomso atom. Obi a obu ne ho dodo sɛ ɔbɛka sɛ “me pa wo kyɛw” no betumi anya adwene sɛ, ‘Mempɛ sɛ migye me mfomso tom ma m’anim gu ase. Ɛbɛma obu a wɔwɔ ma me no so atew.’

Sɛnea ɛte biara no, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛpa kyɛw. Nanso, so ɛho hia ankasa sɛ yɛbɛpa kyɛw? Mfaso ahorow a ɛwɔ kyɛwpa so bi ne dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Wɔntete mmofra mma wonhu mepa wo kyɛw ka”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“M’adwumayɛfo nnye wɔn mfomso ntom”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Me kunu mpa kyɛw da”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena