Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 97
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wopa kyɛw?
  • Wobɛyɛ dɛn aka “mepa wo kyɛw”?
  • Wopɛ Sɛ Anigye Ba W’aware Mu a: Ɛyɛ a Pa Kyɛw
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Ehia Sɛ Wopa Kyɛw Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Kyɛwpa
    Nyan!—2015
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Yiye sɛ Yɛbɛpa Kyɛw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 97
Sukuuni bi a ne tikya reteɛ no bo afuw.

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?

Sɛ nea edidi so yi bi to wo a, dɛn na anka wobɛyɛ?

  1. Fa no sɛ, na woreyɛ asoɔden wɔ sukuu mu, ɛnna wo tikya twee w’aso.

    Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ nea woyɛe no, na ɛho nhia sɛ ɔtwe w’aso wɔ ho a, wobɛpa no kyɛw anaa?

  2. Fa no sɛ, w’adamfo bi ate sɛ, woakɔka ne ho asɛmmɔne bi.

    Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ, edi sɛ wokaa saa asɛm no faa ne ho a, wobɛpa no kyɛw anaa?

  3. Fa no sɛ, wo papa ne wo rekasa, ɛnna wo bo fuwii. Woantumi anhyɛ wo ho so nti, wokekaa bi kyerɛɛ no.

    Wobɛpa no kyɛw? Sɛ mpo wote nka sɛ ɔno na ɔhyɛɛ wo abufuw ɛ?

Sɛ nea yɛaka ho asɛm yi bi to wo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wopa kyɛw. Nanso, sɛ wote nka sɛ mfomso nhyɛ da nni nea woyɛe no ho mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka “mepa wo kyɛw?”

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wopa kyɛw?

  • Wobɛyɛ dɛn aka “mepa wo kyɛw”?

  • Nea w’atipɛnfo ka

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wopa kyɛw?

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛkyerɛ sɛ worenyin. Sɛ wudi mfomso na wugye tom a, ɛkyerɛ sɛ woresua suban ahorow a ɛbɛboa wo ama woabɛyɛ panyin pa daakye.

    “Sɛ wowɔ abotare na wobrɛ wo ho ase a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛpa kyɛw. Afei, sɛ nea woafom no no reka sɛnea ɔte nka a, wubenya abotare atie no.”—Rachel.

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wutumi siesie wo ne afoforo ntam. Sɛ obi taa ka “Mepa wo kyɛw” a, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ asomdwoe. Obi a ɔte saa no, ɛnyɛ nea ehia no ne sɛ ɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ, ɔno na n’asɛm yɛ dɛ.

    “Sɛ w’asɛm yɛ dɛ mpo a, ɛsɛ sɛ woma asomdwoe ho hia wo. Sɛ woka ‘mepa wo kyɛw’ a, wuntua hwee, nanso ɛbɛboa wo ama wo ne wo nnamfo ntam ayɛ kama.”—Miriam.

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wo ho tɔ wo. Sɛ woka asɛm bi anaa woyɛ biribi ma ɛhaw obi, na akyiri yi, wuhu sɛ na anka ɛnsɛ sɛ woyɛ saa a, ebetumi agyaw wo kɔdaanna. Nanso sɛ wunya pa kyɛw pɛ, wutumi hu sɛ adesoa bi afi wo so.a

    “Ɛtɔ da a, mitumi teatea me maame anaa me papa. Ɛba saa a, na mayɛ basaa, nanso ɛyɛ a ɛyɛ me den sɛ mɛpa wɔn kyɛw. Sɛ mimia m’ani pa wɔn kyɛw na mihu sɛ asomdwoe aba fie a, na me ho atɔ me.”—Nia.

    Ɔbo kɛse bi da aberante bi akyi.

    Sɛ woka asɛm bi anaa woyɛ biribi ma ɛhaw obi, na akyiri yi, wuhu sɛ anka ɛnsɛ sɛ woyɛ saa a, ebetumi agyaw wo kɔdaanna; nanso sɛ wunya pa kyɛw pɛ, wutumi hu sɛ adesoa bi afi wo so

Egye mmɔdenbɔ na ama obi atumi apa kyɛw anaa? Yiw! Ná ababaa bi a ne din de Dena taa yɛ ne maame so asoɔden, enti na ɔtaa pa kyɛw. Ɔka sɛ: “Ɛnna fam sɛ mɛka ‘mepa wo kyɛw.’ Wobɛka sɛ gyama biribi hyɛ me menem a asiw saa asɛm no kwan!”

Wobɛyɛ dɛn aka “mepa wo kyɛw”?

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ara kɔ onipa no hɔ kɔpa no kyɛw. Sɛ wo ara wokɔ onipa a woafom no no anim kɔpa ne kyɛw a, ɛbɛma wahu sɛ, woanu wo ho ampa. Sɛ wokyerɛw text message kɔpa ne kyɛw a, anhwɛ onnye nni sɛ nea woreka no fi wo komam. Sɛ wode emoji anaa mfoni a ɛkyerɛ sɛ wo werɛ ahow mpo ka ho a, ebia ɔremfa w’asɛm no aniberesɛm anaa onnye nni sɛ woanu wo ho ankasa.

    Afotu: Sɛ worentumi nkɔ onipa no anim nkɔpa ne kyɛw a, wubetumi akyerɛw biribi agu kaad so akɔma no, wopɛ nso a, wubetumi afrɛ no fon so. Sɛ kaad na wode bɛkɔ akɔma no oo, sɛ wobɛfrɛ no fon so oo, ɛyɛ a dwen asɛm a wobɛka no ho yiye.

    Bible mu afotusɛm: “Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.”—Mmebusɛm 15:28.

  • Pa kyɛw ntɛm ara. Sɛ woyɛ obi bɔne, na woampa no kyɛw ansiesie asɛm no ntɛm a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. Wuhyia no mpo a, na wo yam ahye wo. Ɛba saa a, w’ani rennye.

    Afotu: Fa si w’ani so sɛ, ebia ‘Ɛnnɛ wobɛkɔ akɔpa no kyɛw.’ Pɛ da ne bere bi a wubetumi akɔpa no kyɛw, na bɔ mmɔden sɛ wubedi so.

    Bible mu afotusɛm: “Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.”—Mateo 5:25.

  • Fi wo koma mu pa kyɛw. Obi wɔ hɔ na ɔfom obi a, nea ɔka ne sɛ, “Nea meyɛe no, sɛ manyɛ no yiye a, mepa wo kyɛw.” Saa asɛm no nyɛ kyɛwpa! Ababaa bi ne din de Janelle ka sɛ, “Sɛ wofom obi na wugye tom sɛ woanyɛ no yiye, na nea woayɛ no bɔne no hu a, ɛma onya obu ma wo.”

    Afotu: Nhwɛ kwan sɛ nea wo ne no anya asɛm no begye ne mfomso atom ansa na woapa no kyɛw. Ɛnsɛ sɛ woma no yɛ te sɛ, ‘Sɛ mɛpa kyɛw a, gye sɛ wugye tom sɛ wo nso woanyɛ no yiye.’

    Bible mu afotusɛm: ‘Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba akyi.’—Romafo 14:19

Nea w’atipɛnfo ka

Valerie.

“Sɛ mihu sɛ nea mayɛ no, mfomso biara nhyɛ da nni ho a, ɛyɛ a egye ahobrɛase ansa na matumi apa kyɛw. Sɛ ɛba saa mpo a, ɛyɛ a mehwɛ me nsɛm yiye na manka asɛm a ebepira obi. Nea ɛho hia me ne sɛ, merensosɔ gya ngu mu, na mmom mɛhwehwɛ asomdwoe.”—Valerie.

Philip.

“Sɛ wofom obi na wopa no kyɛw a, ɛkyerɛ sɛ wudwen ne ho sen w’ankasa wo ho. Sɛ wubetumi apa kyɛw a, gye sɛ wode fɛre to nkyɛn, nanso sɛ wutumi yɛ a, ɛma wobɛyɛ adamfo pa na ɛma wo ne wo nnamfo ntam yɛ kama.”—Philip.

Kendall.

“Ɛtɔ da a, mitumi hu sɛ nea mafom no no retwe asɛm no mu dodo. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ m’asɛm yɛ dɛ. Nea ɛyɛ a mehwɛ ne sɛnea bɔne a meyɛe no ahaw no. Mahu sɛ, sɛ mefom obi a, ɛsɛ sɛ mepa no kyɛw.”—Kendall.

Ntimu: Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wopa kyɛw?

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛkyerɛ sɛ worenyin.

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wutumi siesie wo ne afoforo ntam.

  • Sɛ wopa kyɛw a, ɛma wo ho tɔ wo.

Sɛnea wobɛyɛ no:

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ara kɔ onipa no hɔ kɔpa no kyɛw.

  • Pa kyɛw ntɛm ara.

  • Fi wo koma mu pa kyɛw.

a Sɛ obi biribi bedi wo nsam na woyera no anaa wosɛe no a, ɛnyɛ kyɛwpa nko ara na ɛsɛ sɛ wode ma no, mmom ɛsɛ sɛ wusiesie ade a asɛe no anaa wotɔ n’ade ma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena