Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 12/1 kr. 3
  • Yi Bi Ma Ma Ɛmmoro So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Bi Ma Ma Ɛmmoro So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntotoso Du Du—So Ɛho Hia?
    Nyan!—1986
  • Muyi Ntotoso Du Du Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Yehowa Ananmu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ntotoso Du Du Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 12/1 kr. 3

Yi Bi Ma Ma Ɛmmoro So

“WUBETUMI afrɛ me ɔsrɛsrɛfo; ɛmfa me ho. Meresrɛ ade ama Yesu.” Protestant sɔfo bi asɛm a emu dɔ yi kyerɛ ade a ɛde ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ sika a wɔde yɛ nyamesom ho adwuma ba no. Ɛte sɛ nea sɛ nyamesom akɛse no betumi agyina a gye sɛ wonya sika kɛse de boa. Ɛsɛ sɛ wotua wɔn adwumayɛfo ka, sisi asɔredan siesie, na wonya sika de ka asɛm no. Wɔbɛyɛ dɛn anya sika a wohia yi?

Wɔ asɔre dodow no ara fam no, ɔkwan a wɔbɛfa so ara ne sɛ wobegyigye ntotoso du du.a Ɔsɛmpakafo Norman Robertson ka sɛ: “Ntotoso du du yɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so nya sika de di N’ahenni ho dwuma wɔ asase so. Ɛyɛ Ne sikasɛm nhyehyɛe a wɔnam so tumi ka Asɛmpa no.” Ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛkae n’akyidifo asɛyɛde a wɔwɔ sɛ woyi bi ma, na osii so dua sɛ: ‘Ntotoso du du nyɛ ade a sɛ wowɔ bi a na wuyi. Ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ osetie. Sɛ woanyi ntotoso du du a, woato Onyankopɔn mmara pefee. Ɛte sɛ nea woawia sika.’—Tithing—God’s Financial Plan.

Ɛda adi pefee sɛ wugye tom sɛ ntoboayi yɛ Kristofo som fã. Nanso, so sika gyigye ho asɛm a wɔka no pii no nhaw wo anaasɛ ebia ɛnhyɛ wo abufuw mpo? Brazilni nyamekyerɛfo Inácio Strieder bɔ asɔre ahorow a wogyigye ntotoso du du no sobo sɛ “wonni wɔn ahyehyɛde mu haw ahorow ho dwuma,” na ɔfrɛ nneyɛe a ɛtete saa no “mmarato, ɔporɔw, ne man a wɔman fi nyamekyerɛ ho.” Ɔka sɛ, nea ɛde aba ne sɛ “nnipa a wonnya adwuma nyɛ, akunafo, wɔn a wɔtete adangow mu, ne wɔn a wontumi nsusuw nneɛma ho yiye no ka sɛ Onyankopɔn agyaw wɔn, na wɔhyɛ wɔn sɛ wonyi sika pii mma ‘ɔsɛmpakafo no,’ bere a ɔkɔm de wɔne wɔn mmusua.”

Ebia wobɛka sɛ: ‘So asɔre ahorow a wogyigye ntotoso du du no de Kyerɛwnsɛm no redi dwuma yiye ankasa? Anaasɛ ebetumi aba sɛ nyamesom ahorow bi de Onyankopɔn ho suro rehyɛ wɔn nkurɔfo mu na wɔnam so adidi wɔn ho? Nokwarem no, so Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yebeyi bi ama ma aboro so sɛnea ebinom ka no?’

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔakyerɛ ntotoso du du ase sɛ obi akatua ɔha mu nkyem 10 a ɛsɛ sɛ ɔde ma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena