Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn hɔ?
“Nea [Yehowa, “NW”] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—MIKA 6:8.
1, 2. Dɛn nti na Yehowa asomfo binom abam betumi abu, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ etumi boa wɔn?
VERA yɛ Kristoni nokwafo a wadi bɛyɛ mfirihyia 75, na n’akwahosan nyɛ papa. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mehwɛ mpomma mu hu me nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛ wɔreyɛ afie afie asɛnka. Ɛma m’ani tetɛ efisɛ mepɛ sɛ me ne wɔn yɛ adwuma no, nanso yare mma mintumi nyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu.”
2 So woate nka saa pɛn? Nokwarem no, wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa pɛ sɛ wɔnantew ne din mu na wodu n’ahwehwɛde ahorow ho. Nanso, sɛ yare bi abɔ yɛn, yɛn mfe akɔ anim, anaasɛ yɛwɔ abusua mu asɛyɛde ahorow nso ɛ? Yɛn abam betumi abu wɔ ɔkwan bi so, efisɛ ebia nsɛm tebea a ɛtete saa no mma yentumi nyɛ nea yefi koma nyinaa mu pɛ sɛ yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no. Sɛ eyi ne tebea a yɛwom a, ɛda adi sɛ susuw a yebesusuw Mika ti 6 ne 7 ho no bɛhyɛ yɛn nkuran yiye. Ti ahorow yi da no adi sɛ Yehowa ahwehwɛde nyɛ den na ɛyɛ nea wotumi du ho.
Sɛnea Onyankopɔn ne Ne Nkurɔfo Dii Nsɛm
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Israelfo atuatewfo no dii nsɛm?
3 Momma yenni kan nhwɛ Mika 6:3-5 na yɛnhyɛ sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii nsɛm no nsow. Kae sɛ wɔ Mika bere so no, na Israelfo no atew atua. Ɛno mpo no, Yehowa fi ayamhyehye mu de nsɛm “Me man” kasa kyerɛɛ wɔn. Ɔsrɛɛ wɔn sɛ: “Me man, mesrɛ mo, monkae.” (NW) Sɛ́ anka ɔbɛbɔ wɔn sobo abufuw so no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedu wɔn komam bere a obisaa wɔn sɛ, ‘Dɛn na mayɛ mo?’ no. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran mpo sɛ ‘wommua’ no.
4. Nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ayamhyehye ho nhwɛso no nya wɔ yɛn so?
4 Nhwɛso bɛn ara na Onyankopɔn yɛ maa yɛn sɛɛ yi! Ofi ayamhyehye mu frɛɛ Israelfo ne Yudafo atuatewfo a na wɔwɔ Mika bere so no “me man” na ɔde nsɛm te sɛ “mesrɛ mo,” kasa kyerɛɛ wɔn. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ayamhyehye ne ayamye adi wɔ yɛne asafo no mufo nsɛnnii mu. Nokwarem no, ebinom wɔ hɔ a, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛne wɔn bɛbɔ, anaasɛ ebia na wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam. Nanso, sɛ wɔdɔ Yehowa a, ɛnde yɛbɛpɛ sɛ yɛboa wɔn na yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn.
5. Asɛntitiriw bɛn na wɔdaa no adi wɔ Mika 6:6, 7?
5 Nea edi hɔ no, momma yɛnnan nkɔ Mika 6:6, 7. Mika bisaa nsɛm sɛ: “Dɛn na memfa memmra [Yehowa, NW] anim na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no? So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim, ne nantwi mma a wɔadi afe afe? So [Yehowa, NW] ani bɛsɔ adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du? So me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?” Dabi, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛde “adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du” bɛsɔ Yehowa ani. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛbɛsɔ n’ani. Ɛno ne dɛn?
Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Adetrenee
6. Onyankopɔn ahwehwɛde abiɛsa bɛn na wɔada no adi wɔ Mika 6:8?
6 Yɛkenkan nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ ho asɛm wɔ Mika 6:8. Mika bisae sɛ: ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ, ɛnyɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn bɛnantew?’ Saa ahwehwɛde abiɛsa yi fa sɛnea yɛte nka, yesusuw nneɛma ho, ne sɛnea yɛyɛ ade ho. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛda saa su ahorow yi adi, na yɛasusuw ɔkwan a yɛbɛfa so ada no adi ho, na afei yɛafa ɔkwan bi so ada no adi. Momma yensusuw ahwehwɛde abiɛsa yi ho mmiako mmiako.
7, 8. (a) ‘Sɛ́ yɛbɛyɛ adetrenee’ no kyerɛ dɛn? (b) Ntɛnkyea bɛn na na abu so wɔ Mika bere so?
7 ‘Sɛ́ yɛbɛyɛ adetrenee’ no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔkwan a Onyankopɔn nam so yɛ nneɛma no yɛ atɛntrenee gyinapɛn. Nanso, na Mika bere sofo no nna atɛntrenee adi, mmom no, atɛnkyea na wɔdaa no adi. Akwan bɛn so? Susuw Mika 6:10 ho hwɛ. Wɔ saa nkyekyɛm no awiei no, wɔka aguadifo ho asɛm sɛ wɔde ‘nsenia a wɔahuan so,’ kyerɛ sɛ, nsenia a esua koraa, dii dwuma. Nkyekyɛm 11 de ka ho sɛ wɔde “nsenia bɔne” dii dwuma. Na sɛnea nkyekyɛm 12 kyerɛ no, “wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa.” Enti, na nsenia a wɔahuan so, nsenia bɔne, ne atosɛm abu so wɔ aguadi mu wɔ Mika bere so.
8 Ɛnyɛ aguadi mu nko na na nsisi kɔ so. Ná nsisi abu so wɔ asɛnnibea nso. Mika 7:3 kyerɛ sɛ “ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ akatua.” Wɔma atemmufo adanmude sɛnea ɛbɛyɛ a wobebu atɛnkyea atia nnipa a wɔn ho nni asɛm. “Onipa kɛse,” anaa ɔman ba a ɔwɔ nkɛntɛnso de ne ho hyɛɛ nsɛmmɔnedi no mu. Nokwarem no, Mika kae sɛ ɔsafohene, ɔtemmufo, ne onipa kɛse ‘bom kyinkyim,’ anaasɛ wɔyɛ wɔn amumɔyɛ no ho nhyehyɛe.
9. Ɔkwan bɛn so na ntɛnkyea a amumɔyɛfo bui no kaa Yuda ne Israel?
9 Ntɛnkyea a akannifo amumɔyɛfo de dii dwuma no kaa Yuda ne Israel nyinaa. Mika 7:5 ka sɛ atɛntrenee a enni hɔ no maa nnamfo, ne awarefo mpo hweree ahotoso a wɔwɔ wɔ wɔn ho wɔn ho mu no. Nkyekyɛm 6 no ka sɛ nea eyi kowiei ne mmara a wɔmfa nyɛ adwuma ma enti abusuafo a wɔbɛn te sɛ mmabanin ne agyanom, mmabea ne ɛnanom, tentan wɔn ho wɔn ho.
10. Wɔ ɛnnɛ wiase a atɛntrenee nnim yi mu no, ɔkwan bɛn so na Kristofo yɛ wɔn ade?
10 Na ɛnnɛ nso ɛ? So yenhu tebea horow a ɛte saa ara? Te sɛ Mika no, atɛnkyea atwa yɛn ho ahyia, ahotoso nni hɔ, na ɔmanfo ne mmusua mu apaapae. Nanso, sɛ́ Onyankopɔn asomfo a yɛwɔ amumɔyɛ wiase yi mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma wiase yi akwammɔne no hyɛn Kristofo asafo no mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kura nokwaredi ne mudi mu kura ho nnyinasosɛm mu, na yɛda eyinom adi wɔ yɛn da biara da asetra mu. Nokwarem no, “yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) So wunnye ntom sɛ yɛnam atɛntrenee a yɛda no adi so nya nhyira pii fi onuayɛ kuw a wɔda ahotoso adi no mu?
Ɔkwan Bɛn so na Nkurɔfo Te ‘Yehowa Nne’?
11. Ɔkwan bɛn so na Mika 7:12 renya mmamu?
11 Mika hyɛɛ nkɔm sɛ ɛmfa ho atɛnkyea a abu so no, atɛntrenee bedu nnipa ahorow nyinaa nkyɛn. Odiyifo no hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛboaboa nkurɔfo ano “afi po ne po, bepɔw ne bepɔw ntam aba” abɛsom Yehowa. (Mika 7:12) Ɛnnɛ, wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu a etwa to mu no, ɛnyɛ ɔman pɔtee bi, na mmom ankorankoro a wofi aman nyinaa mu na wɔrenya Onyankopɔn atɛntrenee a animhwɛ nnim so mfaso. (Yesaia 42:1) Ɔkwan bɛn so na eyi renya mmamu?
12. Ɔkwan bɛn so na wɔrete ‘Yehowa nne’ nnɛ?
12 Sɛ yebenya mmuae a, momma yensusuw nsɛm bi a Mika dii kan kae ho. Mika 6:9 ka sɛ: “[Yehowa, NW] nne refrɛ kurow no, na onyansafo behu wo din, muntie abaa no ne nea ɔhyɛe no.” Ɔkwan bɛn so na amanaman nyinaa te “[Yehowa, NW] nne,” na ɔkwan bɛn so na eyi fa atɛntrenee a yɛde bedi dwuma no ho? Nokwarem no, nnipa nte Onyankopɔn nne ankasa nnɛ. Nanso, nnipa a wofi mmusua ahorow mu na wɔn nsɛm tebea gu ahorow nyinaa nam yɛn wiase nyinaa asɛnka adwuma no so rete Yehowa nne. Ne saa nti, wɔn a wotie no ‘suro Onyankopɔn din,’ na wobenya din no ho osuro pa. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛnam som a yɛresom sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi no so da atɛntrenee ne ɔdɔ adi. Yɛnam Onyankopɔn din a yɛma obiara hu a yɛnyɛ nyiyim no so ‘da atɛntrenee adi.’
Ɛsɛ sɛ Yɛn Ani Gye Adɔepɛ Ho
13. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ adɔepɛ ne ɔdɔ mu?
13 Nea edi hɔ no, momma yensusuw ahwehwɛde a ɛto so abien a wɔbɔ din wɔ Mika 6:8 no ho. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛpɛ ‘adɔe.’ Wɔkyerɛ Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘adɔe’ no nso ase “adɔepɛ,” anaa “nokware dɔ.” Adɔepɛ kyerɛ susuw a wosusuw afoforo ho, ayamhyehye a wonya ma wɔn. Adɔepɛ yɛ soronko wɔ ɔdɔ ho. Ɔkwan bɛn so? Ɔdɔ yɛ asɛmfua a ɛkɔ akyiri, na ebetumi afa nneɛma ne nsusuwii mpo ho. Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no ka obi a “ɔdɔ nsã ne ngo” ne nea “ɔdɔ nyansa” ho asɛm. (Mmebusɛm 21:17; 29:3) Nanso, adɔepɛ fa nnipa ho bere nyinaa, titiriw wɔn a wɔresom Onyankopɔn no. Enti, Mika 7:20 ka ‘adɔe a woyii no adi kyerɛɛ Abraham’—ɔbarima a ɔsom Yehowa Nyankopɔn—no ho asɛm.
14, 15. Ɔkwan bɛn so na wɔda adɔe adi, na ɛho adanse bɛn na wɔatwe adwene asi so?
14 Sɛnea Mika 7:18 kyerɛ no, odiyifo no kae sɛ Onyankopɔn a “adɔe mmom na ɔpɛ.” Wɔ Mika 6:8 no, wɔnka nkyerɛ yɛn kɛkɛ sɛ yɛnna adɔe adi, na mmom sɛ yɛnnɔ saa su no nso. Dɛn na yesua fi saa kyerɛw nsɛm yi mu? Adɔe yɛ biribi a yefi yɛn pɛ mu da no adi a biribiara nsiw yɛn kwan efisɛ yɛpɛ sɛ yɛda no adi. Te sɛ Yehowa no, sɛ yɛda adɔe adi kyerɛ wɔn a ahia wɔn a, yɛn ani gye.
15 Ɛnnɛ, adɔepɛ a ɛte saa yɛ Onyankopɔn nkurɔfo agyiraehyɛde. Susuw nhwɛso biako pɛ ho hwɛ. Wɔ June, 2001 mu no, osu kɛse bi a ɛtɔe maa nsu yirii kɛse wɔ Texas, U.S.A., na ɛsɛee afie mpempem pii, a na Yehowa Adansefo afie ɔhaha pii ka ho. Nea ɛbɛyɛ na Adansefo no aboa wɔn nuanom Kristofo a wɔaba ahohia mu no, wɔn mu bɛyɛ 10,000 fi wɔn pɛ mu de wɔn bere ne wɔn ahoɔden boae a wɔannye hwee. Atuhoamafo de bɛboro asram asia yɛɛ adwuma awia, anadwo, ne adapɛn awiei a wɔannyae de sisii Ahenni Asa 8 ne afie bɛboro 700 a na abubu no foforo maa wɔn nuanom Kristofo. Wɔn a wɔantumi anyɛ adwuma a ɛte saa bi no de nnuan, nneɛma foforo, ne sika boae. Dɛn nti na Adansefo mpempem pii yi nyinaa bɛboaa wɔn nuanom? Efisɛ ‘wɔpɛ adɔe.’ Na hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa da adɔe a ɛte saa adi! Yiw, ahwehwɛde a ɛne “adɔepɛ” a yebedu ho no nyɛ adesoa, na mmom ɛyɛ anigye!
Wo ne Onyankopɔn Nnantew Ahobrɛase Mu
16. Mfatoho bɛn na ɛboa si hia a ehia sɛ yɛne Onyankopɔn nantew ahobrɛase mu no so dua?
16 Ahwehwɛde a ɛto so abiɛsa a yehu wɔ Mika 6:8 no ne ‘ahobrɛase a yɛde ne yɛn Nyankopɔn bɛnantew.’ Eyi kyerɛ sɛ yebehu yɛn mmerɛwyɛ ahorow na yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Yɛ abeawa ketewa bi a waso n’agya nsa mu denneennen bere a wɔnam ahum mu ho mfonini hwɛ. Abeawa no nim pefee sɛ n’ahoɔden sua, nanso ɔwɔ n’agya mu ahotoso. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu yɛn mmerɛwyɛ ahorow na yenya yɛn soro Agya no mu ahotoso. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura saa ahotoso yi mu? Ade biako ne sɛ, yɛbɛma nea enti a nyansa wom sɛ yɛbɛbɛn Nyankopɔn no atra yɛn adwenem. Mika kae yɛn nneɛma abiɛsa: Yehowa yɛ yɛn Gyefo, yɛn Kwankyerɛfo, ne yɛn Bammɔfo.
17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee ne nkurɔfo, kyerɛɛ wɔn kwan, bɔɔ wɔn ho ban tete mmere mu?
17 Sɛnea Mika 6:4, 5 kyerɛ no, Onyankopɔn ka sɛ: ‘Me na miyii wo fii Misraim asase so.’ Yiw, Yehowa ne Israel Gyefo. Yehowa ka bio sɛ: “Mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.” Wɔmaa Mose ne Aaron kyerɛɛ ɔman no kwan, na Miriam dii Israelfo mmea no anim ma wɔsaw nkonimdi asaw. (Exodus 7:1, 2; 15:1, 19-21; Deuteronomium 34:10) Enti, Yehowa nam n’asomfo so de akwankyerɛ mae. Wɔ nkyekyɛm 5 no, Yehowa kaee Israel man no sɛ ɔno na ɔbɔɔ wɔn ho ban fii wɔn atamfo, Balak ne Bileam nsam, na ɔbɔɔ Israelfo no ho ban wɔ wɔn akwantu no fã a etwa to a efi Sitim a ɛwɔ Moab kodu Gilgal a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase so no mu.
18. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn yɛ ade sɛ Ogyefo, Kwankyerɛfo, ne Bammɔfo nnɛ?
18 Bere a yɛne Onyankopɔn nantew no, ogye yɛn fi Satan wiase no mu, kyerɛ yɛn kwan denam N’asɛm ne n’ahyehyɛde no so, na sɛ asɔretiafo de ntua ba yɛn so a, ɔbɔ yɛn ho ban sɛ kuw. Enti yɛwɔ ntease pii a yebetumi agyina so aso yɛn soro Agya no nsam denneennen bere a yɛne no nantew yɛn akwantu no fã a etwa to a emu yɛ den mu kɔ beae a ɛsen tete Bɔhyɛ Asase no koraa—Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu—no.
19. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase fa nea obi tumi yɛ ne nea ontumi nyɛ ho?
19 Ahobrɛase a yɛde ne Onyankopɔn nantew no boa yɛn ma yenya adwene a ɛfata wɔ yɛn nsɛm tebea ho. Eyi te saa efisɛ hu a yebehu nneɛma a yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ ka ahobrɛase a yɛbɛda no adi ho. Ebia onyin ne nyarewa mma yentumi nyɛ nneɛma bi wɔ Yehowa som adwuma mu. Nanso, sɛ́ anka yɛbɛma eyi abu yɛn abam no, eye sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ ne afɔre ahorow a yɛbɔ ‘sɛnea yɛwɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea yenni.’ (2 Korintofo 8:12) Nokwarem no, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu asom no, na yɛayɛ nea yɛn tebea bɛma yɛn kwan. (Kolosefo 3:23) Sɛ yefi komam de nsi yɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Onyankopɔn som adwuma mu a, obehyira yɛn pii.—Mmebusɛm 10:22.
Ɔtwɛn De Nhyira Ba
20. Dɛn na yenim a ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yetumi twɛn te sɛ Mika?
20 Yehowa nhyira a yenya no kanyan yɛn ma yesuasua Mika su no. Ɔka sɛ: “Mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.” (Mika 7:7) Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi fa Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew ahobrɛase mu ho? Boasetɔ a yebenya anaa twɛn a yɛbɛtwɛn no boa yɛn ma enti yɛn abam mmu wɔ Yehowa da no a ennya mmae no ho. (Mmebusɛm 13:12) Nokwarem no, yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ wiase bɔne yi bɛba awiei. Nanso, dapɛn biara nnipa mpempem pii fi ase ne Onyankopɔn nantew. Ɛno a yenim no ma yenya biribi gyina so twɛn. Ɔdansefo bi a ɔde bere tenten asom ka faa eyi ho sɛ: “Sɛ mehwɛ bɛboro mfirihyia 55 a mede ayɛ asɛnka adwuma no a, migye tom sɛ menhweree biribiara sɛ metwɛn Yehowa. Mmom no, makwati ɔhaw bebree.” So woanya osuahu a ɛte saa?
21, 22. Ɔkwan bɛn so na Mika 7:14 renya mmamu nnɛ?
21 Akyinnye biara nni ho sɛ yenya mfaso wɔ nantew a yɛne Yehowa nantew no mu. Sɛ yɛkenkan Mika 7:14 a, Mika de Onyankopɔn nkurɔfo toto nguan a wɔwɔ wɔn guanhwɛfo nsam dwoodwoo ho. Wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu kɛse mu nnɛ no, honhom fam Israel nkaefo ne “nguan foforo” no nya ahobammɔ ankasa wɔ wɔn Guanhwɛfo a wɔwɔ ne mu ahotoso, Yehowa, mu. Wɔn ‘nko te kwae mu—wɔ Karmel atifi,’ a wɔatwe wɔn ho afi wiase a amanehunu ne basabasayɛ rehyɛ no ma yi ho wɔ honhom fam.—Yohane 10:16; Deuteronomium 33:28; Yeremia 49:31; Galatifo 6:16.
22 Yehowa nkurɔfo di yiye sɛnea Mika 7:14 nso ka siei no. Bere a Mika reka Onyankopɔn nguan, anaa ne nkurɔfo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ma wonnidi Basan ne Gilead.” Sɛnea na nguan a wɔwɔ Basan ne Gilead we nwura a ahoɔden wom na wonyin no, saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo di yiye honhom fam nnɛ—nanso nhyira foforo wɔ hɔ ma wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew ahobrɛase mu no.—Numeri 32:1; Deuteronomium 32:14.
23. Asuade bɛn na yebetumi anya afi Mika 7:18, 19 a yɛasusuw ho no mu?
23 Wɔ Mika 7:18, 19 no, odiyifo no si ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ ɔde wɔn a wonu wɔn ho bɔne befiri wɔn no so dua. Nkyekyɛm 18 ka sɛ Yehowa de “amumɔyɛ firi” na ‘otwa mmarato ho.’ Sɛnea nkyekyɛm 19 kyerɛ no, ‘ɔbɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.’ Asuade biako bɛn na yebetumi anya afi eyi mu? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ ebia yɛresuasua Yehowa wɔ eyi mu anaa. So yɛde bɔne a afoforo yɛ tia yɛn firi wɔn? Sɛ saafo no nu wɔn ho, na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛda ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ ɔde bɔne firi korakora no bi adi.
24. Ɔkwan bɛn so na woanya Mika nkɔmhyɛ no so mfaso?
24 Ɔkwan bɛn so na yɛanya Mika nkɔmhyɛ a yɛasusuw ho yi so mfaso? Akae yɛn sɛ Yehowa ma wɔn a wɔbɛn no no nya nokware anidaso. (Mika 2:1-13) Ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ biribiara a yebetumi mfa mpagyaw nokware som sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew Onyankopɔn din mu akosi daa. (Mika 4:1-4) Na ama yɛn awerɛhyem sɛ ɛmfa ho tebea biara a yɛwom no, yebetumi adu Yehowa ahwehwɛde ahorow ho. Yiw, Mika nkɔmhyɛ no hyɛ yɛn den ankasa ma yɛnantew Yehowa din mu.
Wubebua Dɛn?
• Sɛnea Mika 6:8 kyerɛ no, dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ?
• Dɛn na ɛho hia na ama yɛatumi ada “adetreneeyɛ” adi?
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ ‘yɛpɛ adɔe’?
• ‘Ahobrɛase a yɛde ne Onyankopɔn bɛnantew’ no kyerɛ dɛn?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]
Ɛmfa ho tebea bɔne a na ɛwɔ hɔ wɔ Mika bere so no, odii Yehowa ahwehwɛde ahorow so. Wo nso wubetumi ayɛ saa ara
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Da atɛntrenee adi denam nnipa ahorow nyinaa a wubedi wɔn adanse so
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]
Da no adi sɛ w’ani gye adɔe ho denam afoforo ahiade ho dwuma a wubedi so
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Yɛ nea wubetumi bere a wugye nea wutumi yɛ ne nea wuntumi nyɛ tom no