Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 9/15 kr. 3
  • Ɔyɛ Onyame Anaa Onipa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyɛ Onyame Anaa Onipa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Ademude A ‘Wɔakora So Wɔ No Mu’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onipa A Ɔsen Biara A Watra Ase Pɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 9/15 kr. 3

Ɔyɛ Onyame Anaa Onipa?

“MENE wiase hann. Nea odi m’akyi no rennantew sum mu da, mmom obenya nkwa hann.” (Yohane 8:12) Yesu Kristo na ɔkaa saa asɛm yi. Afeha a edi kan no mu nhomanimfo bi kyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Ɔno mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.” (Kolosefo 2:3) Bio nso, Bible no se: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Sɛ yɛn nsa betumi aka nea yehia wɔ honhom mu a, gye sɛ yenya Yesu ho nokware nimdeɛ.

Yesu Kristo ho asɛm ahyeta asase so nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ, wanya nkɛntɛnso kɛse wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Nokwasɛm ne sɛ, kalenda a wɔde bu nna wɔ wiase fã horow pii no gyina afe a wɔkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu no so. The World Book Encyclopedia nhwehwɛmu nhoma no kyerɛ mu sɛ: “Nnipa bebree frɛ bere a edi n’awo anim no sɛ B.C., anaa ansa na Kristo reba. Sɛ wɔreka n’awo no akyi bere nso a, wɔfrɛ no A.D. anaa anno Domini a ɛkyerɛ yɛn Awurade afe.”

Nanso adwene a nnipa kura wɔ Yesu ho no nhyia. Ebinom fam no, ɔyɛ barima soronko bi a ne ho nsɛm pii wɔ abakɔsɛm mu ara kwa. Ebinom nso de, wɔsom no sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Hindufo bi nso de Yesu Kristo toto wɔn nyame Krishna a wɔkyerɛ sɛ ɔdanee ne ho nnipa no ho. Ná Yesu yɛ nnipa bi ara kwa, anaasɛ ɔyɛ obi a ɛfata sɛ wɔsom no? Na ɔyɛ nnipa bɛn paa? Ɛhe na ofi? Na ɔte sɛn? Seesei ɛhe na ɔwɔ? Asɛm a ɛtoa so no bɛma yɛahu sɛ nhoma a ɛka Yesu ho nsɛm pii no ma nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena