Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 11/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • ‘Hwehwɛ Asomdwoe Na Di Akyi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 11/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Kristoni yɛ adwuma a ɛhwehwɛ sɛ okura akode a, so obetumi akɔ so akura ahonim pa mu?

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bu asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔmfa wɔn mmusua honam fam ahiade mma wɔn no aniberesɛm. (1 Timoteo 5:8) Nanso, nnwuma bi wɔ hɔ a ebu Bible nnyinasosɛm so pefee na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Nnwuma a ɛte saa no bi ne nea kyakyatow wom, nea wɔde mogya di dwuma kwammɔne so wom, ne nea wɔde hyɛ tawanom ho nkuran. (Yesaia 65:11; Asomafo Nnwuma 15:29; 2 Korintofo 7:1; Kolosefo 3:5) Nnwuma afoforo wɔ hɔ a, ɛwom sɛ Bible nkasa ntia tee de, nanso ebetumi ahaw nea ɔyɛ adwuma no anaa afoforo ahonim.

Sɛ́ obi bɛyɛ adwuma bi a ɛhwehwɛ sɛ okura tuo anaa akode foforo biara no yɛ n’ankasa gyinaesi. Nanso, sɛ Kristoni yɛ adwuma a ɛhwehwɛ sɛ wokura akode na ɛho behia sɛ ɔde akode no di dwuma a, ebetumi ama wadi mogya ho fɔ. Enti, ɛho hia sɛ Kristoni de mpaebɔ susuw ho anibere so sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ osi gyinae mpofirim bere a asɛm bi a ɛbɛma wakum obi asi no. Afei nso akode a obi bekura no betumi ama wɔakum no anaa wɔapira no bere a ɔno tow hyɛ obi so anaa saa onii no tow hyɛ ne so no.

Gyinae a obi si betumi aka afoforo nso. Sɛ nhwɛso no, Kristoni asɛyɛde titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) So ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛ wɔne “nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu,” na bere koro no ara woayɛ adwuma a ɛhwehwɛ sɛ wukura akode? (Romafo 12:18) Na mmofra anaa abusua mufo afoforo a wɔaka nso ɛ? So tuo a wode bɛto wo ho wɔ fie no de wɔn nkwa bɛto asiane mu? Bio nso, so gyinae a obi besi wɔ asɛm yi ho betumi ato afoforo hintidua?—Filipifo 1:10.

Nnipa pii abɛyɛ “wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa” wɔ saa “nna a edi akyiri mu.” (2 Timoteo 3:1, 3) Esiane eyi a yenim nti, sɛ obi yɛ adwuma a ɛbɛma a wakura akode a ebetumi ama ntawntawdi aba ɔne nnipa a wɔte saa ntam a, so obetumi ayɛ obi a ‘asɛm biara nni ne ho’? (1 Timoteo 3:10) Dabida. Esiane eyi nti, asafo no bebu obi a wofi ayamye mu de Bible afotu ama no a ɔda so kura akode sɛ ‘asɛm wɔ ne ho.’ (1 Timoteo 3:2; Tito 1:5, 6) Enti, wɔremma onua anaa onuawa a ɔte saa no ɔsom hokwan titiriw biara wɔ asafo no mu.

Yesu maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ sɛ wɔde Ahenni nneɛma di kan a, ɛho nhia sɛ wodwennwen nea wohia wɔ asetram ho de haw wɔn ho pii. (Mateo 6:25, 33) Nokwarem no, sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so a, “obeso [yɛn] mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena