Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 9/15 kr. 2-3
  • “Nna a Edi Akyiri” no Yɛ Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nna a Edi Akyiri” no Yɛ Bere Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Yɛn Adamfo Pa Wɔ Ahonhom Atrae
    Nyan!—1996
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 9/15 kr. 2-3

“Nna a Edi Akyiri” no Yɛ Bere Bɛn?

ƐYƐ a wudwen nea wo ne w’adɔfo daakye bɛyɛ ho? Nnipa pii wɛn wɔn aso tie nsɛm ho amanneɛbɔ de hwɛ sɛnea nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no betumi aka wɔn asetra. Nanso sɛ yetie Onyankopɔn Asɛm a na ɛbɛma yɛate nneɛma ase ankasa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Bible kaa nea ɛrekɔ so seesei ho asɛm too hɔ bere tenten, na ɛsan kaa nneɛma a ɛbɛba daakye nso ho asɛm.

Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kɔɔ akyiri. (Luka 4:43) Nnipa a wotiee no no pɛe sɛ wohu bere a saa Ahenni nwonwaso no bɛba. Nokwarem no, aka nnansa ma wɔabu Yesu atɛnkyea akum no no, n’asuafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae [wɔ Ahenni mu] ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, Yehowa Nyankopɔn nkutoo na onim bere pɔtẽẽ a Ahenni no bedi tumi koraa wɔ asase so. (Mateo 24:36; Marko 13:32) Nanso, Yesu ne afoforo kaa nsɛm bi a ebesisi wɔ asase so a ɛbɛkyerɛ sɛ Kristo redi ade wɔ n’Ahenni mu.

Ansa na yɛbɛhwehwɛ nea ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no, ma yensusuw asɛntitiriw bi a esii wɔ soro no ho kakra. (2 Timoteo 3:1) Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro wɔ afe 1914 mu.a (Daniel 7:13, 14) Bere a Yesu fii ase dii tumi wɔ n’Ahenni mu ara pɛ na odii dwuma titiriw bi. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔko baa soro: Mikael ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no koe, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo ne wɔn koe.” (Adiyisɛm 12:7) Yesu Kristo a ɔredi ade wɔ soro no na wɔfrɛ no “ɔbɔfo panyin Mikael” no.b (Yuda 9; 1 Tesalonikafo 4:16) Satan Ɔbonsam na wɔfrɛ no ɔtweaseɛ no. Dɛn na ɛtoo Satan ne n’abɔfo bɔne a wɔfrɛ wɔn adaemone no wɔ ɔko no mu? Wodii nkogu ma ‘wɔtow wɔn kyenee’ asase so. (Adiyisɛm 12:9) Eyi nti ‘ɔsoro ne wɔn a wɔtete mu,’ kyerɛ sɛ, Onyankopɔn honhom mu mma anokwafo no, ani gyei. Nanso, nnipa nnyaa saa anigye no bi. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ, “asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

Satan a ne bo afuw denneennen no de amanehunu kɛse aba wɔn a wɔte asase so no so. Nanso, saa amanehunu no renkyɛ, ɛbɛyɛ ‘bere tiaa.’ Bible frɛ saa bere yi sɛ “nna a edi akyiri.” Yɛn ani betumi agye sɛ ɛrenkyɛ wobeyi Ɔbonsam nkɛntɛnso bɔne nyinaa afi asase so koraa. Nanso, adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu?

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 2006, kratafa 6-7.

b Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 218-219.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Foreground: © Chris Stowers/​Panos Pictures; background: FAROOQ NAEEM/​AFP/​Getty Images

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena