Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 10/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔkwan Bɛn So Na Na Yesu Kristo Yɛ Odiyifo Te Sɛ Mose?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 10/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na New World Translation ka wɔ Deuteronomium 31:2 sɛ na Mose ‘rennya kwan nni Israel anim akɔneaba bio sɛ wɔn kannifo,’ bere a nkyerɛase afoforo ka sɛ na tumi na ontumi nni wɔn anim bio no?

Ɛwom sɛ wobetumi akyerɛ Hebri asɛm yi ase wɔ akwan abien no nyinaa so de, nanso Borɔfo kasa mu Bible nkyerɛase bi kyerɛ sɛ, aka kakra ama Mose awu no na ɔnte apɔw, na na onni ahoɔden a ɔde bɛyɛ ne nnwuma ahorow sɛ ɔkannifo. Sɛ nhwɛso no, The New English Bible ka sɛ Mose kae sɛ: “Seesei madi mfe ɔha aduonu, na mintumi nni akɔneaba bio sɛnea mepɛ.” Saa ara nso na Akuapem Twi Bible no ka sɛ: “Mfirihyia ɔha aduonu ba ne me nnɛ, mintumi mfi adi na mintumi me mma mu bio.”

Nanso, Deuteronomium 34:7 ma yehu sɛ, ɛwom mpo sɛ na Mose anyin de, nanso na ɔda so ara wɔ ahoɔden. Ɛka sɛ: “Mose wui no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu. N’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan.” Enti, na Mose wɔ ahoɔden a na obetumi de adi ɔman no anim, nanso na ɛyɛ Yehowa na ɔmpɛ sɛ Mose bɛkɔ so adi ɔman no anim. Mose asɛm a ɔkae no ma yehu eyi. Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.” Ɛda adi sɛ na Yehowa retĩ asɛm a ɔkae wɔ Meriba nsu no ho no mu.—Numeri 20:9-12.

Ná Mose adi mfe pii, na yebetumi akyɛ n’asetra a na mfaso wɔ so no mu ayɛ no afã abiɛsa. Ɔde mfe 40 traa Misraim, baabi a “wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa” no, na na “tumi wɔ ne kasa ne nnwuma mu.” (Asomafo Nnwuma 7:20-22) Ɔde mfe 40 nso traa Media. Ɛhɔ na onyaa su pa a na ɛbɛboa no ma wadi Yehowa nkurɔfo anim no. Awiei koraa no, Mose de mfe 40 dii Israelfo no so kyerɛɛ wɔn kwan. Nanso, saa bere yi de na Yehowa aka sɛ ɛyɛ Yosua na onni ɔman no anim ntwa Yordan Asubɔnten no nkɔ Bɔhyɛ Asase no so, na ɛnyɛ Mose.—Deuteronomium 31:3.

Enti, New World Translation na ɛkyerɛ Deuteronomium 31:2 ase yiye. Ná ɛnyɛ ahoɔden a Mose nni nti na na ɔrentumi nnkɔ so nnyɛ Israel kannifo, mmom no ɛyɛ Yehowa na wamma wankɔ so anni Israel anim bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena