Bɛn Onyankopɔn
Oguanhwɛfo a Odwen Wo Ho
‘SO Onyankopɔn dwen me ho?’ Ɛnyɛ wo nko na ebia woabisa wo ho saa asɛm yi pɛn. Yɛn mu pii ahu amane anaa yɛahyia nsɛnnennen pɛn, na ɛtɔ bere bi a ebia yentumi nhu sɛ onii a ɔbɔɔ amansan kɛse yi dwen yɛn ho anaa. Ɛho hia sɛ yehu, So Yehowa Nyankopɔn dwen yɛn mu biara ho? Bere a na Yesu a onim Yehowa yiye wɔ asase so no, ɔmaa mfatoho bi a ɛma yenya eyi ho mmuae a ɛka koma.
Bere a Yesu de sɛnea Yehowa dwen nnipa ho retoto sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi wɔ nguan ɔha na emu biako yera a, so ɔrennyaw aduɔkron akron no wɔ bepɔw so nkɔhwehwɛ nea wayera no? Na sɛ ohu no a, nokwarem mise mo sɛ odi ne ho ahurusi sen aduɔkron akron a wɔnyerae no. Saa ara nso na m’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.” (Mateo 18:12-14) Ma yɛnhwɛ nea Yesu ka wɔ sɛnea Yehowa dwen ne somfo biara ho wɔ eyi ho.
Oguanhwɛfo no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’ani ku ne guan biara ho. Sɛ oguan bi yera a, na obehu sɛ oyi na wayera. Ná ɔde din a ɔde ato oguan biara na enim no. (Yohane 10:3) Oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho no bɛhwehwɛ no ara akosi sɛ obehu no de no abɛka nguankuw no ho bio. Sɛ ogyaw 99 a aka no hɔ kɔhwehwɛ oguan biako a wayera no a, ɛnkyerɛ sɛ ɔde wɔn reto asiane mu. Ná nguanhwɛfo taa bom tra, enti na ɛma wɔn nguan no di afra.a Enti na oguanhwɛfo a ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ ne guan a wayera no betumi agyaw ne nguan a aka no ama n’ayɔnkofo nguanhwɛfo no ma wɔahwɛ wɔn ama no wɔ saa bere tiaa no mu. Sɛ oguanhwɛfo no hu ne guan a wayera no na sɛ hwee nyɛɛ no a, n’ani gye paa. Ɔde oguan no to ne kɔn ho, na ɔde no san kɔka nguankuw no ho asomdwoe mu.—Luka 15:5, 6.
Yesu rekyerɛkyerɛ mfatoho no mu no, ɔkae sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ “nkumaa yi mu baako bɛyera.” Ná Yesu adi kan abɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ na wɔanto “nkumaa a wogye [no] di [no] mu baako” hintidua. (Mateo 18:6) Ɛnde, dɛn na Yesu mfatoho no kyerɛ yɛn fa Yehowa ho? Ɛkyerɛ yɛn sɛ ɔyɛ Oguanhwɛfo a odwen ne guan biara ho yiye a “nkumaa” no nso ka ho. Ebia ɛte sɛ nea wɔnsom bo ahe biara wɔ nnipa a wɔwɔ wiase no ani so. Nokwarem no, wɔ Onyankopɔn ani so no, ɛsono sɛnea n’asomfo mu biara te na wɔsom bo.
Sɛ wopɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ wosom bo ma Onyankopɔn a, dɛn nti na wunsua Oguanhwɛfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, ne sɛnea wubetumi abɛn no kɛse ho ade? Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem te sɛ ɔsomafo Petro a ɛda adi sɛ bere a Yesu de oguan a wayera ho mfatoho mae no na ɔwɔ hɔ no. Akyiri yi Petro kyerɛwee sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ ɔdwene mo ho.”—1 Petro 5:7.
[Ase hɔ asɛm]
a Ná ɛnyɛ den sɛ oguanhwɛfo biara behu ne nguan efisɛ na oguan biara nim ne hwɛfo nne.—Yohane 10:4.