Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Wɔ Yesu Din Mu?
NÁ Yesu taa kyerɛ sɛnea wɔmmɔ mpae. Wɔ ne bere so no, na Yudafo nyamesom akannifo no gyina “akwantempɔn ntwea so” bɔ mpae. Dɛn ntia? “Sɛnea nnipa behu wɔn.” Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ wɔmmfa wɔn som nni agoru. Ná wɔn mu pii tĩ nsɛm koro no ara mu ka no mpɛn pii te sɛ nea gyama “nsɛm dodow” a obi ka ho hia na wɔatie ne mpaebɔ. (Mateo 6:5-8) Yesu ma ɛdaa adi sɛ nneɛma a ɛtete saa so nni mfaso, na ɔnam so boaa nnipa komapafo ma wohuu nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka wɔ mpaebɔ mu. Nanso ɛnyɛ nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka wɔ mpaebɔ mu nkutoo na ɔkyerɛe.
Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn mpaebɔ mu sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn din ho tew, N’Ahenni ba, na N’apɛde yɛ hɔ. Yesu san kyerɛkyerɛe sɛ ɛfata sɛ yebisa Onyankopɔn ma ɔboa yɛn wɔ nneɛma a ehia yɛn mu. (Mateo 6:9-13; Luka 11:2-4) Yesu nam mfatoho so kyerɛe sɛ ehia sɛ yɛkɔ so bɔ mpae, yenya gyidi, ne ahobrɛase na woatie yɛn mpaebɔ. (Luka 11:5-13; 18:1-14) Afei nso, ɔnam n’ankasa nhwɛso so kyerɛkyerɛe.—Mateo 14:23; Marko 1:35.
Akyinnye biara nni ho sɛ akwankyerɛ a Yesu de mae yi boaa n’asuafo no maa wɔn mpaebɔ tuu mpɔn. Nanso Yesu twɛn kosii anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu ansa na ɔrekyerɛ n’asuafo no ade a ɛho hia paa wɔ mpaebɔ mu.
“Mpaebɔ mu Nsakrae Titiriw”
Anadwo a etwa to wɔ Yesu asetra mu no, ɔde saa bere no mu pii hyɛɛ n’asomafo anokwafo no nkuran. Ná ɛyɛ bere a ɛfata sɛ ɔma wohu biribi foforo. Yesu kae sɛ: “Mene kwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” Akyiri yi ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Biribiara a mubebisa me din mu no, mɛyɛ, na ama wɔahyɛ Agya no anuonyam Ɔba no mu. Sɛ mubisa biribiara me din mu a, mɛyɛ.” Ɔde n’asɛm no reba awiei no, ɔkae sɛ: “Ebesi sesɛɛ mummisaa ade biako mpo wɔ me din mu. Mummisa na mo nsa bɛka, na mo anigye ayɛ mã.”—Yohane 14:6, 13, 14; 16:24.
Ná nsɛm yi ho hia paa. Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka eyi ho asɛm sɛ ɛyɛ “mpaebɔ mu nsakrae titiriw.” Ná ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ mma wɔmmmɔ Onyankopɔn mpae na wɔmmɔ ɔno mmom mpae. Mmom no, na ɔrekyerɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so akɔ Yehowa Nyankopɔn anim.
Ɛwom, Onyankopɔn atie n’asomfo anokwafo mpaebɔ bere nyinaa. (1 Samuel 1:9-19; Dwom 65:2) Nanso efi bere a Onyankopɔn ne Israel yɛɛ apam no, sɛ na obi pɛ sɛ wotie ne mpaebɔ a, na ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Israel yɛ ɔman a Onyankopɔn apaw. Na akyiri yi, efi Salomo bere so no, na ɛsɛ sɛ wohu sɛ asɔrefie no ne beae a Onyankopɔn apaw sɛ wɔmmɔ afɔre. (Deuteronomium 9:29; 2 Beresosɛm 6:32, 33) Nanso, na ɔkwan a wɔfa so som yi rentra hɔ nkyɛ. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no, na Mmara a wɔde maa Israel ne afɔre a wɔbɔ wɔ asɔrefie hɔ no yɛ “nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma na ɛnyɛ nneɛma no adeban ankasa.” (Hebrifo 10:1, 2) Ná nea edi mũ ankasa no bɛba abesi sunsuma no ananmu. (Kolosefo 2:17) Efi afe 33 Y.B. reba no, na abusuabɔ a obi ne Yehowa benya no nnyina Mose Mmara a obedi so no so bio. Mmom no, na egyina osetie a ɔbɛyɛ ama nea Mmara no twee adwene sii no so no so—Kristo Yesu.—Yohane 15:14-16; Galatifo 3:24, 25.
Edin a “Ɛkyɛn Edin Biara”
Yesu de ɔkwan a ɛkyɛn so a yɛbɛfa so akɔ Yehowa anim sii hɔ. Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ adamfo pa, nea obue hokwan ma Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ. Dɛn na ɛma Yesu tumi yɛ eyi ma yɛn?
Esiane sɛ wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu nti, adwuma biara nni hɔ a yɛyɛ anaa afɔre biara nni hɔ a yɛbɔ a ebetumi atew yɛn ho anaa ɛbɛma yɛne Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no anya abusuabɔ. (Romafo 3:20, 24; Hebrifo 1:3, 4) Nanso Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae de tuaa adesamma a wobetumi agye wɔn no bɔne ho ka. (Romafo 5:12, 18, 19) Seesei obiara a ɔpɛ sɛ wɔtew no ho wɔ ne bɔne ho no betumi anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim na ɔde ‘nnamyɛ’ akɔ Onyankopɔn anim—nanso gye sɛ ɔkyerɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi na ɔbɔ mpae wɔ ne din mu.—Efesofo 3:11, 12.
Sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu a, na yɛrekyerɛ gyidi wɔ dwuma a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam no afa abiɛsa mu: (1) Ɔyɛ “Onyankopɔn Guammaa” a n’afɔrebɔ ma yenya bɔne fafiri. (2) Yehowa nyanee no na seesei ɔyɛ “ɔsɔfopɔn” a ɔde agyede no so mfaso rema. (3) Ɔno nkutoo ne “kwan no” a yebetumi afa no so akɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu.—Yohane 1:29; 14:6; Hebrifo 4:14, 15.
Sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu a, ɛhyɛ Yesu anuonyam. Anuonyamhyɛ a ɛte saa fata, efisɛ Yehowa pɛ ne sɛ “Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, . . . na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Nyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:10, 11) Nanso nea ehia sen saa no, sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu a, ɛhyɛ Yehowa a ɔde ne Ba maa yɛn na yenya so mfaso no anuonyam.—Yohane 3:16.
Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte Yesu dibea ase no, Bible de abodin ne edin ahorow frɛ no. Eyinom boa yɛn ma yɛte mfaso pii a yenya wɔ nea Yesu ayɛ ama yɛn, nea ɔreyɛ, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn no ase. (Hwɛ adaka “Dwuma Titiriw a Yesu Di,” a ɛwɔ kratafa 14.) Nokwarem no, wɔama Yesu “din a ɛkyɛn edin biara.”a Wɔde tumi a ɛwɔ soro ne asase so nyinaa ama no.—Filipifo 2:9; Mateo 28:18.
Ɛnsɛ sɛ Ɛyɛ Yɛn Su Ara kwa
Nokwarem no, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ no wɔ Yesu din mu. (Yohane 14:13, 14) Nanso yɛmpɛ sɛ ɛyɛ yɛn su ara kwa sɛ yebetĩ asɛm a ɛne sɛ “wɔ Yesu din mu” aka. Dɛn ntia?
Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Mpɛn pii no, sɛ woyɛ adepa bi ma nkurɔfo a, nea wɔka ne sɛ ‘meda wo ase.’ Wususuw sɛ bere nyinaa na ‘meda wo ase’ a wɔka no fi wɔn komam, anaa esiane sɛ obiara ka ‘meda wo ase’ nti na wɔn nso reka bi kɛkɛ? Nokwarem no, ehia sɛ yɛma mpae a yɛbɔ wɔ Yesu din mu no tɔ asom, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a yɛyɛ ara kwa te sɛ nea obi ka ‘meda wo ase’ a emfi komam no. Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da’ de, nanso ɛsɛ sɛ yefi yɛn “koma nyinaa” mu yɛ saa, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su ara kwa.—1 Tesalonikafo 5:17; Dwom 119:145.
Dɛn na wobɛyɛ na anyɛ wo su sɛ wobɛbɔ mpae “wɔ Yesu din mu” ara kwa? Dɛn nti na wonnwennwen Yesu su ahorow a ɛka koma no ho? Susuw nea wayɛ dedaw ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma wo no ho. Da Yehowa ase wɔ mpaebɔ mu na kamfo no wɔ sɛnea ɔde ne Ba no ama yɛn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no ho. Sɛ woyɛ saa a, wubenya ahotoso kɛse wɔ Yesu asɛm yi mu: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.”—Yohane 16:23.
[Ase hɔ asɛm]
a Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words kyerɛ sɛ, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “edin” no betumi akyerɛ nea “edin bi kyerɛ nyinaa. Sɛ́ ɛyɛ tumi, suban, dibea, anuonyam, [ne] kɛseyɛ.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Ɛsɛ sɛ yefi yɛn “koma nyinaa” mu bɔ mpae, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su ara kwa
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]
DWUMA TITIRIW A YESU DI
Sɛ wobɛte dwuma a Yesu di ase yiye a, susuw abodin ne edin ahorow wɔde frɛ no no bi ho hwɛ.
Adam a odi akyiri.—1 Korintofo 15:45.
Agyenkwa.—Luka 2:11.
Amen.—2 Korintofo 1:19, 20; Adiyisɛm 3:14.
Asafo no Ti.—Efesofo 5:23.
Asɛm no.—Yohane 1:1.
Asomdwoe Hene.—Yesaia 9:6.
Awurade.—Yohane 13:13.
Daa Agya.—Yesaia 9:6.
Imanuel.—Mateo 1:23.
Kristo/Mesia.—Mateo 16:16; Yohane 1:41.
Nkwa Safohene.—Asomafo Nnwuma 3:15.
Ntamgyinafo.—1 Timoteo 2:5.
Nyankopɔn Ba.—Yohane 1:34.
Oguanhwɛfo pa.—Yohane 10:11.
Onipa Ba.—Mateo 8:20.
Onyankopɔn Guammaa.—Yohane 1:29.
Onyankopɔn Tumfoɔ.—Yesaia 9:6.
Ɔbɔfo Panyin Mikael.—1 Tesalonikafo 4:16; Yuda 9.
Ɔdansefo Nokwafo.—Adiyisɛm 1:5.
Ɔfotufo Nwonwafo.—Yesaia 9:6.
Ɔhene.—Adiyisɛm 11:15.
Ɔkannifo.—Mateo 23:10.
Ɔkyerɛkyerɛfo.—Yohane 13:13.
Ɔsomafo.—Hebrifo 3:1.
Ɔsɔfopɔn.—Hebrifo 4:14, 15.
Ɔtemmufo.—Asomafo Nnwuma 10:42.