Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 2/1 kr. 28-31
  • Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Mmaatan Yɛ Adwuma
  • Atosɛm ne Nokwasɛm
  • Sɛnea Okununom Betumi Aboa
  • Ɔbaatan a Ɔyɛ Kristoni Adwuma Titiriw
  • Mmaatan a Wɔbɔɔ Wɔn ho Mmɔden
  • Nea Ɛma Akomatɔyam Paa
  • Abaatanyɛ Mu Akwanside
    Nyan!—2002
  • Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia
    Nyan!—2005
  • Ɛna Dwumadi a Nidi Wom
    Nyan!—2005
  • Ɛnanom—Munsuasua Eunike
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 2/1 kr. 28-31

Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam

ƐNNƐ, mmea dodow no ara a wɔwɔ wiase nyinaa fi fie kɔyɛ adwuma pɛ sika. Wɔ aman a wodi yiye mu no, mmea a wɔyɛ adwuma ma wotua wɔn ka no dodow ne mmarima reyɛ ayɛ pɛ. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, mmea taa de nnɔnhwerew pii yɛ adwumaden wɔ mfuw mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa ma wɔahwɛ wɔn mmusua.

Mmea pii ntumi nhu sɛ wɔnyɛ adwuma a ɛbɛma wɔanya sika a wohia anaasɛ wɔntra fie nhwɛ wɔn mmusua. Mmea yi pɛ sika a wɔde tɔ nnuan, ntade, ne nea wɔde tua wɔn dan ka, na wɔn koro yi ara san noa nnuan no, si ntade no, siesie fie hɔ.

Bio nso, mmaatan a wɔyɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ. Cristina, ɔbea a ɔwɔ mmabea nkumaa baanu ka sɛ, “Nokwasɛm ni, sɛ́ wobɛyɛ adwuma na woasan ahwɛ w’abusua no yɛ adwuma a ɛyɛ den ankasa, titiriw bere a wo mma nyinyinii no. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubenya mmofra no ho adagyew sɛnea ɛsɛ.”

Dɛn na ɛka mmaatan ma wofi fie kɔyɛ adwuma? Nsɛnnennen bɛn na wohyia? Na so ɛho hia sɛ ɔbaatan fi fie kɔyɛ adwuma ansa na wate nka sɛ ɔwɔ akomatɔyam?

Nea Enti a Mmaatan Yɛ Adwuma

Wɔ mmaatan pii fam no, ɛho hia sɛ wɔde wɔn bere nyinaa kɔyɛ adwuma. Ebinom nni kununom a wɔbɛboa wɔn wɔ sika fam. Awarefo binom nso hu sɛ onipa baako pɛ akatua ntumi nhwɛ wɔn abusua no.

Nokwarem no, ɛnyɛ sika nti na mmaatan pii de wɔn bere nyinaa yɛ adwuma. Wɔn mu dodow no ara a wofi fie kɔyɛ adwuma no yɛ saa sɛnea wobehu sɛ wɔn so wɔ mfaso. Ebia ebinom bɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika atotɔ nneɛma a wɔpɛ. Ebinom yɛ wɔn adwuma yiye na wɔn ani gye ho.

Ebia ade foforo a ɛhyɛ mmaatan binom ma wɔkɔyɛ adwuma ne atipɛnfo nhyɛso. Ɛwom sɛ nnipa dodow no ara nim sɛ dadwen ne ɔbrɛ hyɛ mmaatan a wɔyɛ adwuma no so de, nanso nkurɔfo ntaa nte wɔn a womfi fie nkɔyɛ adwuma no ase, na wodi wɔn ho fɛw mpo. Ɔbea bi kae sɛ: “Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo sɛ ‘woyɛ ɔbea warefo a wote fie kɛkɛ.’” Ɔka sɛ: “Nea nkurɔfo ka anaa wɔn anim yɛbea kyerɛ sɛ woresɛe wo bere kwa.” Rebeca a ɔwɔ babea a wadi mfe abien no ka sɛ: “Ɛwom sɛ wiase a yɛte mu no gye tom sɛ ɛsɛ sɛ mmea hwɛ wɔn mma de, nanso mete nka sɛ wommu mmea a wɔnyɛ adwuma no.”

Atosɛm ne Nokwasɛm

Wɔ wiase mmeae bi no, nsɛm ho amanneɛbɔfo ka “ɔbea pa” ho asɛm sɛ obi a asi no yiye wɔ adwuma a ɔyɛ mu—ogye akatua pii, n’ahosiesie ho twa, na biribiara nhia no. Sɛ ofi adwuma ba fie a, onya ahoɔden di ne mma haw ho dwuma, teɛteɛ ne kunu mfomso, na ɔtoto asɛm biara a asɔre wɔ fie yiye. Mmea kakraa bi pɛ na wobetumi ayɛ nea nsɛm ho amanneɛbɔfo ka yi.

Nokwasɛm ankasa ne sɛ, nnwuma a mmea yɛ no pii yɛ anihaw na wontua wɔn ka ahe biara. Nea ɛhaw adwene ne sɛ, ebia mmea a wɔyɛ adwuma no hu sɛ adwuma a wɔyɛ no ka wɔn dom akyɛde hyɛ. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ mmea repere sɛ wɔne mmarima bɛyɛ pɛ no, mmarima kɔ so nya adwuma pa na wonya dibea akɛse nso. Enti mmea a wosusuw sɛ adwuma a wɔyɛ na ɛma wɔsom bo no ma wɔn ho kyere wɔn mmom.” (Social Psychology) Spain atesɛm krataa, El País ka sɛ: “Wobu akontaa sɛ wɔ mmea fam no, dadwen a ebetumi ahyɛ wɔn so no sen nea ebetumi ahyɛ mmarima so no mmɔho abiɛsa, efisɛ wɔn mu dodow no ara yɛ nnwuma abien—adwuma mu de, ne fie de.”

Sɛnea Okununom Betumi Aboa

Nokwarem no, sɛ́ ɔbaatan a ɔyɛ Kristoni bɛyɛ adwuma anaasɛ ɔrenyɛ adwuma no yɛ n’ankasa asɛm. Nanso sɛ waware a, ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu susuw asɛm no ho yiye ansa na wɔasi ho gyinae.—Mmebusɛm 14:15.

Na sɛ awarefo bi si gyinae sɛ esiane sika a wohia nti, ɛsɛ sɛ wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma nso ɛ? Sɛ saa na ɛte a, okunu pa betie Bible mu afotu yi yiye: “Mo okununom, monna ntease adi wɔ mo aware mu: mummu mo yerenom, ɛnyɛ sɛ wɔyɛ mmerɛw nko nti, na mmom esiane sɛ mo nyinaa na Onyankopɔn de nkwa adom mo nti.” (1 Petro 3:7, The Revised English Bible) Okunu susuw sɛnea ne yere te wɔ honam fam ne nkate fam ho de kyerɛ sɛ obu no. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɔbɛboa ne yere wɔ fie nnwuma mu. Sɛnea Yesu yɛe no, okunu betumi afi ne pɛ mu ayɛ nnwuma a ɛba fam a ɔremmu no sɛ ɛmfata no. (Yohane 13:12-15) Mmom no, obebu nnwuma yi sɛ hokwan a ɔde rekyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yere mmɔdenbɔfo no. Sɛ ɔyɛ saa a, ɔbea no ani bɛsɔ paa.—Efesofo 5:25, 28, 29.

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne okunu nyinaa yɛ adwuma a, ɛho hia sɛ wɔte wɔn ho ase wɔ fie. Atesɛm krataa bi a ɛwɔ Spain a wɔato din ABC no foaa asɛm yi so. Bere a ɛreka kuw bi a wɔyɛ abusua mu nsɛm ho nhwehwɛmu ho asɛm no, ɛkae sɛ ɛnyɛ “nyamesom ne abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a wɔmfa mmɔ wɔn bra no nko nti” na ama awaregyae adɔɔso wɔ Spain, na mmom nneɛma abien bi nso ka ho—“mmea a wofi fie kɔyɛ adwuma ne mmarima a wɔmmoa wɔn yerenom wɔ fie adeyɛ mu.”

Ɔbaatan a Ɔyɛ Kristoni Adwuma Titiriw

Ɛwom sɛ Yehowa de ahyɛ agyanom nsa sɛ wɔntete wɔn mma de, nanso ɛnanom a wɔyɛ Kristofo nso nim sɛ wɔde adwuma a ɛho hia bi ahyɛ wɔn nsa—titiriw bere a mmofra no susua no. (Mmebusɛm 1:8; Efesofo 6:4) Yehowa ka kyerɛɛ ɛnanom ne agyanom nyinaa a na wɔwɔ Israel sɛ wɔmfa ne Mmara nnua wɔn mma komam. Ná onim sɛ eyi gye bere ne ntoboase, titiriw wɔ wɔn mmofraase. Eyi nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ awofo sɛ wɔntete wɔn mma wɔ fie, bere a wɔnam kwan so, bere a wɔasɔre ne bere a wɔada.—Deuteronomium 6:4-7.

Onyankopɔn Asɛm si so dua sɛ mmaatan adwuma ho hia na ɛfata bere a ɛka kyerɛ mmofra sɛ: “Ntow wo na kyerɛ nkyene.” (Mmebusɛm 6:20) Ɛwom, ɔbea warefo ne ne kunu besusuw nsɛm ho ansa na wahyɛ mmara ama mmofra no. Nanso sɛnea Bible mu asɛm yi kyerɛ no, ɛnanom wɔ hokwan sɛ wɔhyɛ mmara. Mmofra a wotie Onyankopɔn asɛm ne abrabɔ ho mmara a wɔn maame a osuro Onyankopɔn de kyerɛkyerɛ wɔn no benya so mfaso kɛse. (Mmebusɛm 6:21, 22) Teresa, ɛna a ɔwɔ mmabarima nkumaa baanu kyerɛkyerɛɛ nea enti a omfi fie nnkɔyɛ adwuma no mu. Ɔka sɛ: “Adwuma a ɛho hia paa a mewɔ yɛ ne sɛ mɛtete me mma ma wɔasom Onyankopɔn. Mepɛ sɛ meyɛ adwuma no sɛnea metumi biara.”

Mmaatan a Wɔbɔɔ Wɔn ho Mmɔden

Ɛda adi sɛ Israel hene Lemuel nyaa mmɔden a ne maame bɔe so mfaso. “Ɔkasakyerɛ” a ne maame de maa no de “teɛɛ no so” no mpo wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. (Mmebusɛm 31:1; 2 Timoteo 3:16) Nsɛm a ne maame ka faa ɔbea pa ho no da so ara boa mmarima ma wofi nyansam paw ɔyerenom. Na ɔbrasɛe ne asanom bebrebe ho kɔkɔbɔ a ɔde maa no saa bere no so da so ara wɔ mfaso nnɛ.—Mmebusɛm 31:3-5, 10-31.

Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo kamfoo adwuma pa a ɛna bi a wɔfrɛ no Eunike yɛe de kyerɛkyerɛɛ ne ba Timoteo no. Esiane sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ne kunu a ɔnyɛ gyidini no som Helafo anyame nti, na ehia sɛ Eunike kyerɛkyerɛ Timoteo ma ogye “nkyerɛwee kronkron no” di. Bere bɛn na Eunike fii ase de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ Timoteo? Bible no ka sɛ efi ne “mmofraase”—ɔkwan foforo so no, fi bere a na Timoteo yɛ akokoaa no. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Ɛda adi sɛ Eunike ankasa gyidi, ne nhwɛso, ne ne nkyerɛkyerɛ na ɛboaa Timoteo ma ɔfata maa asɛmpatrɛw adwuma a na ɔbɛyɛ no.—Filipifo 2:19-22.

Bible san ka ɛnanom a wɔdaa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo ma ɛboaa wɔn mma ma wosuasuaa nnipa a wɔyɛɛ nhwɛso pa a ɛte saa no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, na Sunemni bea bi taa gye odiyifo Elisa wɔ ne fie. Akyiri yi, Elisa nyanee ɔbea yi babarima fii owu mu. (2 Ahene 4:8-10, 32-37) Susuw Bible kyerɛwfo Marko maame Maria nhwɛso no nso ho hwɛ. Ɛda adi sɛ ɔde ne fie a na ɛwɔ Yerusalem no mae a na tete asuafo no hyiam wɔ hɔ. (Asomafo Nnwuma 12:12) Akyinnye biara nni ho sɛ Marko nyaa asomafo ne Kristofo afoforo a na wɔtaa ba ne fie a ɔne wɔn bɔe no so mfaso.

Ɛda adi sɛ Yehowa ani sɔ mmea anokwafo a wɔbɔ mmɔden de ne mmara dua wɔn mma mu no paa. Mmea yi nokwaredi ne mmɔden a wɔbɔ de Yehowa asɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ fie no nti, ɔdɔ wɔn.—2 Samuel 22:26; Mmebusɛm 14:1.

Nea Ɛma Akomatɔyam Paa

Sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a yɛaka ho asɛm da no adi no, sɛ obi hwɛ n’abusua yiye wɔ honam fam, honhom fam, ne nkate fam a, ɛde mfaso pii ba. Nanso saa a obi bɛyɛ no nna fam. Mpɛn pii no, ɛte sɛ nea adwuma a ɔbaatan yɛ wɔ fie no yɛ den paa sen dibea kɛse a obi wɔ wɔ adwuma biara mu.

Nokwarem no, sɛ ɔbaatan bi ne ne kunu susuw n’adwuma ho, na ɔpaw sɛ ɔbɛtew bere a ɔde yɛ adwuma no so a, ebia ebehia sɛ abusua no yɛ wɔn ho awiɛmfoɔ na ɔbea no nso gyina fɛw a afoforo a wɔnte no ase bedi no no ano. Nanso mfaso a ɛde bɛba no betumi adɔɔso asen nea ɔde bɛbɔ afɔre no. Paqui wɔ mma baasa na ehia sɛ ɔde ne bere kakra kɔyɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Mepɛ sɛ me mma befi sukuu aba fie no na mewɔ hɔ a wobetumi ne me abɔ nkɔmmɔ.” Mfaso bɛn na ne mma no nya? Ɔka sɛ: “Meboa wɔn ma wɔyɛ wɔn sukuu dwumadi a wɔde ba fie no, na sɛ wohyia ɔhaw bi a, mitumi di ho dwuma ntɛm ara. Bere a minya ma wɔn da biara no ma mitumi ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Bere a minya ne me mma bɔ yi som bo ma me ara ma enti bere a minyaa adwuma a metumi de me bere nyinaa ayɛ no, manyɛ.”

Ɛnanom a wɔyɛ Kristofo pii ahu sɛ sɛ wotumi tew bere a wɔde kɔyɛ adwuma no so a, ɛboa abusua no nyinaa. Cristina a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a migyaee adwuma no, na ɛte sɛ nea biribiara rekɔ yiye wɔ abusua no mu. Minyaa bere ne me mma bɔɔ nkɔmmɔ na meboaa me kunu wɔ akwan pii so. M’ani gyei sɛ mitumi kyerɛkyerɛɛ me mmabea no ma wosuaa ade na wonyaa nkɔso.” Ade pɔtee bi wɔ hɔ a Cristina da so ara kae. Ɔka sɛ: “Me ba panyin fii ase nantewee wɔ baabi a wɔhwɛ mmofra so, nanso me ara na mekyerɛɛ nea ɔto so abien no nantew wɔ fie. Migyigyee no taataa ma ofii ase nantewee. Ɛno maa me koma tɔɔ me yam paa!”

Ade foforo a ehia sɛ awarefo susuw ho ne sɛ, sɛ ɔbaatan bi de adwuma a obefi fie akɔyɛ no bɔ afɔre a, nea osusuw sɛ ɔbɛhwere no nte saa ankasa. Cristina kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mede akatua a na migye no mu fã kɛse no ara tuaa me ba a na mikogyaw no baabi a wɔhwɛ mmofra so no, ne kar a mefa no ho ka. Bere a yɛtɔɔ yɛn bo ase susuw yɛn tebea no ho no, yehui sɛ na minnya sika ahe biara mfi adwuma a na meyɛ no mu.”

Sɛ awarefo binom susuw wɔn tebea ho a, wohu sɛ sɛ ɔbea no tra fie hwɛ abusua no a, wobenya so mfaso koraa asen sika biara a anka ɔbɛyɛ adwuma anya. Cristina kunu Paul ka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ me yere tra fie hwɛ yɛn mmabea nkumaa baanu no. Bere a na me yere nso fi fie kɔyɛ adwuma no, na yɛn baanu nyinaa brɛ dodo.” Gyinae a awarefo yi sii no aboa wɔn mma baanu no dɛn? Paul ka sɛ: “Ɛnyɛ ahobammɔ nko na wɔanya, na mmom ɔkwan bi so no, ɛrebɔ wɔn ho ban afi subammɔne a ebetumi anya wɔn so tumi wɔ wɔn mmofraase no nso ho.” Dɛn nti na awarefo yi te nka sɛ ɛho hia paa sɛ wonya bere pii ma wɔn mmabea no? Paul ka sɛ: “Migye di sɛ sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no ankasa amfa nneɛma pa anhyɛ yɛn mma komam a, obi de biribi foforo bɛhyɛ mu.”

Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ awarefo biara susuw wɔn ankasa tebea ho, na ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia gyinae a afoforo besi no. (Romafo 14:4; 1 Tesalonikafo 4:11) Nanso, ɛfata sɛ abusua no susuw mfaso pii a sɛ ɛna no amfa ne bere nyinaa ankɔyɛ adwuma a, wobenya no ho. Bere a Teresa a yɛaka ne ho asɛm dedaw no reka sɛnea ɔte nka wɔ asɛm yi ho no, ɔkae sɛ: “Biribiara nni hɔ a ebetumi ama woanya akomatɔyam sen sɛ w’ankasa wubenya bere pii ama wo mma na woakyerɛkyerɛ wɔn.”—Dwom 127:3.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɛnanom a wɔyɛ Kristofo nso wɔ adwuma titiriw sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena