Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 4/8 kr. 4-8
  • Abaatanyɛ Mu Akwanside

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abaatanyɛ Mu Akwanside
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛna Nso Kɔpɛ Adwuma Yɛ
  • Adwumam Tebea a Ɛnna Fam
  • Asɛyɛde Pii a Wɔyɛ Wɔ Bere Koro Mu
  • Wɔagyaw Adwuma Agu Wɔn So
  • Akwanside Ahorow a Wɔde Bi Ka Ho
  • Abaatanyɛ Mu Haw Ano a Wogyina
    Nyan!—2002
  • Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia
    Nyan!—2005
  • Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔwofo Biako Mmusua Redɔɔso
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 4/8 kr. 4-8

Abaatanyɛ Mu Akwanside

Abaatanyɛ yɛ adwuma a ɛyɛ den nanso anigye wom. Ɛtɔ mmere bi a, ɛnanom nya anigye a wɔremfa nsesa hwee wɔ wiase. Nanso ɛtɔ mmere bi a, na wɔn abam reyɛ abu. Helen de ɛna a ɔyɛ no toto mmirika a wotu na wohuruw fa akwanside ahorow so ho. Bere kɔ so no, ɛte sɛ nea akwanside ahorow no pii bɛka ho ma ɛyɛ kɛse.

Ebetumi aba sɛ ɛnanom de wɔn bere ne fekuw a anka wobetumi ne afoforo anya bɔ afɔre na ama wɔatumi ahwɛ wɔn mma yiye. Esther, ɛna bi a ɔwɔ mma baanum ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ bere nyinaa misiesie me ho sɛ mɛyɛ biribi. Mintumi ntɔ me bo ase nguare, na sɛ́ anka menya kwan anoa aduan a mepɛ adi no, nnuan a metumi aka no hyew adi ntɛm na meyɛ. Me fam no, mewɔ akwan pii a ɛsɛ sɛ mitu a mintui, mmeae pii a ɛsɛ sɛ mekɔ a menkɔe, ne nneɛma pii a ɛsɛ sɛ meyɛ a menyɛe. Nanso masi yɛn nneɛma nyinaa abobɔ!”

Nokwarem no, ɛnanom pii betumi aka anigye soronko a ɛtɔ mmere bi a wonya bere a wɔtete wɔn mma no ho asɛm. Esther ka sɛ: “Serew a ɛtɔ da a wɔserew kyerɛ wo, ‘Me da wo ase, Maame,’ a ɛka koma, ne atuu a wɔde anigye yɛ wo no—eyinom na ɛkanyan wo a ɛmma w’abam mmu no.”a

Ɛna Nso Kɔpɛ Adwuma Yɛ

Akwanside titiriw a ama abaatanyɛ ayɛ den ne sɛ wɔn mu pii redi abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwuma na bere koro no ara nso wɔreyɛ nnwuma gye akatua a ɛbɛma wɔatumi anya sika aboa abusua no. Ɛnanom yi mu dodow no ara fi fie kɔyɛ adwuma a ɛnyɛ sɛ pɛ na wɔpɛ na mmom hia na ɛho abehia sɛ wɔyɛ saa nti. Wonim sɛ sɛ wɔankɔ a, nneɛma pii bɛbɔ wɔn abusuafo, titiriw wɔn mma. Wɔn akatua—a mpɛn pii no esua sen mmarima a wɔyɛ nnwuma a ɛte saa de no—ho hia paa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ São Paulo, Brazil no, adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ no mu ɔha mu 42 yɛ mmea. Atesɛm krataa bi a ɛwɔ hɔ kaa mmea a wɔtra fie tete mmofra ho asɛm sɛ wɔreyɛ asa. Wɔ Afrika nkuraase no, ɛnyɛ na koraa sɛ obi behu ɛna bi a ɔso nnyina na ne ba hyɛ n’akyi.

Adwumam Tebea a Ɛnna Fam

Akwanside ahorow nyinaa akyi no, ebia nnwumakuw ahorow no bɛhwɛ kwan sɛ ɛnanom de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma. Na wɔmma ɛnso hɔ ara. Bere a wɔfaa Maria a ɔte Greece adwumam no, n’adwumawura ma ɔde ne nsa hyɛɛ krataa ase de hyɛɛ bɔ sɛ ɔrennyinsɛn mfe abiɛsa. Sɛ onyinsɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ otua sika bi. Maria de ne nsa hyɛɛ krataa no ase. Nanso bɛyɛ afe ne fã akyi no, onyinsɛnee. N’adwumawura no de krataa no kyerɛɛ Maria, na ɔno nso de adwumakuw no kɔɔ asɛnnibea kɔtwee wɔn nhyehyɛe no ho manso, a ɔretwɛn nea ebefi mu aba.

Wɔ mmeae a nneɛma mu nyɛ den kɛse saa mpo no, adwumawuranom betumi ahyɛ ɛnanom na wɔn awo akyi no, wɔaba adwuma ntɛm pa ara. Mpɛn pii no, wɔntew nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ adwuma no so bere a wɔasan aba no. Ne saa nti, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afei de akokoaa no ho asodi abɛda mmea no so no mfa wɔn ho. Sɛ wobenya bere pii de atra fie a, gye sɛ wɔtew wɔn akatua so. Afei nso ɛnanom betumi ahyia nsɛnnennen wɔ mmeae a wɔhwɛ mmofra a enni mu ne aban sika a wotua ma mmofra a ɛnso hwee no ho.

Ɛnanom bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sika nti na wɔyɛ adwuma, na mmom sɛ ɛbɛma wɔanya abotɔyam. Sandra pawee sɛ ɔbɛsan akɔ adwuma bere a ɔwoo ne mma baanu no mu biara akyi no. Ɔka sɛ sɛ ohu sɛ aka ne nko ne akokoaa wɔ fie a, “ɛtɔ mmere bi a ogyina mpomma mu hwɛ abɔnten susuw nea ɛbɛyɛ sɛ afoforo reyɛ ho.” Ɛnanom bi nso paw sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma na ama wɔagyaw ofie haw ahorow hɔ. Britain Daily Telegraph bɔɔ amanneɛ sɛ: “Awofo binom paw sɛ wɔbɛtra adwumam akyɛ esiane asomdwoe kakra a wonya wɔ hɔ sen fie nti. Nea efi eyi mu ba ne sɛ, bere a wɔrepɛ tebea bi ano aduru no, na bere a ɛsɛ sɛ wonya ma wɔn mma a wɔyɛ anibiannaso, anuɔdenfo ne asoɔdenfo no so retew koraa.”

Asɛyɛde Pii a Wɔyɛ Wɔ Bere Koro Mu

Adwumam ne ofie nnwuma a wɔma ɛkari pɛ nyɛ mmerɛw. Bere a ɛna bi a ofi Netherlands reda sɛnea afoforo pii te nka adi no, ɔkae sɛ: “Bere nyinaa na mabrɛ. Mɛsɔre afi kɛtɛ so mpo no na mabrɛ. Sɛ mifi adwumam ba fie a, ɔbrɛ no bunkam me so. Mmofra no afi ase reka sɛ, ‘Daa na Maame abrɛ,” na ɛma m’ani wu. Mempɛ sɛ adwuma bɛpa me ti so, nanso mepɛ sɛ meyɛ ɛna a wotumi bɛn no na otumi yɛ biribiara. Nanso mintumi nyɛɛ sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.”

Ɔka awofo ɔpepem pii a wɔyɛ adwuma a wogye tom sɛ ‘bere a mfaso wɔ so’ a wobenya ama wɔn mma no betumi asi gyaw a wogyaw wɔn hɔ no ananmu—nanso wɔahu sɛ ɛnyɛ nsusuwii a edi mu—no ho. Ɛnnɛ, ɛnanom pii ka sɛ adwumam haw a wɔde ka ofie asɛyɛde ho no ma wɔyɛ adwuma tra so, brɛ dodo, na wonnya akatua pa.

Sɛ mmea ne wɔn mma ntam tetew nnɔnhwerew pii a, mmofra no nnya nea ehia wɔn paa—bere a wɔn maamenom benya de adi wɔn ahiade ho dwuma. Fernanda A. Lima, mmofra adwene ne nneyɛe ho nimdefo a ofi Brazil ka sɛ, obiara ntumi nni ɛna asɛyɛde ho dwuma sɛ n’ankasa. Ɔka sɛ, “mfe abien a edi kan wɔ abofra asetram ne bere a ehia sen biara. Abofra no da so ara sua dodo sɛ ɔbɛte nea enti a ne maame nni hɔ no ase.” Obi a obesi ɔwofo no ananmu no betumi aboa abofra no nanso ontumi nyɛ sɛ ne maame. Lima ka sɛ: “Akokoaa no te nka sɛ ne maame nnwen ne ho.”

Kathy a ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma a ɔwɔ babea kumaa no kae sɛ: ‘M’ani wuu me tirim paa te sɛ nea makɔtow no akyene [wɔ mmotafowa sukuu mu] no. Ɛyɛ yaw sɛ wunhu sɛnea wo ba renyin, na sɛ wususuw ho sɛ n’ani ka sukuu no mu sen sɛ n’ani bɛka wo ho a, na ɛhaw adwene paa.’ Ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn mu wɔ Mexico kae sɛ: “Edu bere bi a, wo ba nnim wo, ommu wo, efisɛ ɛnyɛ wo na wotete no. Wonim sɛ wone wɔn maame, nanso ɛnkyɛ na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔne ɔbea a ɔhwɛ wɔn no mmom bɛtra.”

Ɛnanom a wɔtra fie hwɛ wɔn mma no nso ka sɛ esiane sɛ ɔmanfo bu wɔn a wɔyɛ adwuma gye akatua no nti, wommu wɔn na wɔmfa wɔn nyɛ hwee. Wɔ mmeae bi no, wommu ɔbea warefo a ɔte fie sɛ ade pa bio, enti epiapia mmea ma wɔhwehwɛ adwuma yɛ, ɛmfa ho sɛ ebia akatua no ho nhia.

Wɔagyaw Adwuma Agu Wɔn So

Nokwasɛm yi na ɛma abaatanyɛ mu akwanside ahorow yɛ kɛse: Bere a ɛna bi akɔyɛ adwuma da mũ nyinaa a wabrɛ no, ɔmma fie mmɛhome, na mmom ɔbɛtoa ofie nnwuma so. Mpɛn pii no, sɛ́ ebia ɛnanom yɛ adwuma anaasɛ wɔte fie no, wobu wɔn sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ fie ne mmofra.

Ɛmfa ho sɛ ɛnanom dodow no ara de nnɔnhwerew pii na ɛyɛ adwuma no, agyanom ntaa mmoa wɔn. The Sunday Times a ɛwɔ London no kyerɛwee sɛ: “Nhwehwɛmu foforo bi a ɛkyerɛ sɛ simma 15 pɛ na mmarima nya ma wɔn mma da biara no ka sɛ agyanom ntra fie koraa wɔ Britain. . . . Mmarima pii ani nnye ho sɛ wobenya bere ama wɔn mmusua. . . . Sɛ wɔyɛ ntotoho a, simma 90 na ɔbea a ɔyɛ adwuma wɔ Britain nya ma ne mma.”

Okununom binom nwiinwii sɛ, ɛyɛ den ma wɔn yerenom sɛ wɔde adwuma bɛhyɛ wɔn kununom nsa efisɛ mmea no pɛ sɛ woyɛ ade sɛnea wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Mmarima no ka sɛ “mmea no susuw sɛ anhwɛ a worenyɛ no yiye.” Ɛda adi sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na ɔyere anya ne kunu mmoa so mfaso no, ɛsɛ sɛ ɔyere a wabrɛ nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ fakaa wɔ sɛnea wɔyɛ ofie nnwuma bi no ho. Ɛnsɛ sɛ okunu no nso gyina ɛno so ka sɛ ɔrenyɛ hwee.

Akwanside Ahorow a Wɔde Bi Ka Ho

Amammerɛ a agye ntini nso betumi de akwanside ahorow no bi aka ho. Wɔ Japan no, wɔhwɛ kwan sɛ ɛnanom bɛtete mmofra ma wɔayɛ sɛ wɔn atipɛnfo. Sɛ mmofra afoforo no sua adakabɛn bɔ anaa mfoniniyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so ɛna no ma ne mma nso yɛ saa ara. Sukuu ahorow no piapia awofo ma wɔma wɔn mma de wɔn ho hyɛ sukuu akyi nnwuma mu sɛnea afoforo yɛ no. Yi a obi beyi ne ho afi mu no betumi ama mmofra, akyerɛkyerɛfo, ne awofo afoforo, ne abusuafo ahaw wɔn. Saa ara na ɛte wɔ aman afoforo so.

Aguade ho dawurubɔ ne nneɛma totɔ nso betumi ama mmofra ahwehwɛ nneɛma pii afi awofo nkyɛn. Wɔ aman a wɔanya nkɔso mu no, ɛnanom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mma nya nea wohia esiane sɛ wohu sɛ ɛnanom afoforo de saa nneɛma no ma wɔn mma nti. Sɛ wontumi nyɛ saa a, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔadi wɔn mma no huammɔ.

Ɛnsɛ sɛ nnɛyi abaatanyɛ ho asɛm a yɛreka yi kata ɛnanom mmɔdenbɔfo ɔpepem pii a wɔda ahofama adi na wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa yi—sɛ wɔbɛtete adesamma abusua a wɔbɛba daakye no—bi no so. Eyi yɛ hokwan. Bible ka sɛ: “Mmofra yɛ nhyira ne akyɛde a efi AWURADE hɔ.” (Dwom 127:3, Contemporary English Version) Miriam, ɛna bi a ɔwɔ mma baanu kasa ma ɛnanom a wɔte saa yiye bere a ɔka eyi no: “Nsɛnnennen nyinaa akyi no, wontumi mfa biribiara ntoto abaatanyɛ mu anigye ho. Ɛma yɛn a yɛyɛ ɛnanom no nya abotɔyam bere a yehu sɛ yɛn mma de ntetee a yɛde ma wɔn no di dwuma na wɔbɛyɛ nnipa a ɔmanfo nya wɔn ho mfaso no.”

Dɛn na ebetumi aboa ɛnanom ma wɔanya wɔn akyɛde yi so mfaso kɛse? Asɛm a edi hɔ no de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so bɛma.

[Ase hɔ asɛm]

a Nsɛm yi de adwene si ɛnanom awarefo so. Daakye, Nyan! bɛka ɛnanom a wonni kununom ho asɛm.

[Adaka wɔ kratafa 6]

“Ɛnanom Da”

Ohia buruburoo, sukuu a wɔankɔ, ahokafo adapaafo, ayayade a wɔtaa yɛ wɔn, ne AIDS nsanyare no haw mmea a wɔwɔ Afrika anafo fam. Wɔ Ɛnanom Da a wodii no nnansa yi mu no, South Africa atesɛm krataa, The Citizen, bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmea mpempem pii ahokafo bɛyɛ wɔn ayayade na ebinom bewuwu da a wɔredi Ɛnanom Da no.” Ɔhaw a ɛtete sɛɛ ma ɛnanom mpempem pii a wɔwɔ South Africa guan gyaw wɔn mma hɔ afe biara. Wɔ mfe abien mu nnansa yi ara no, nkokoa a woguan gyaw wɔn hɔ no dodow kɔɔ anim ɔha mu nkyem 25. Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse mpo ne mmea dodow a wokum wɔn ho a ɛrenya nkɔanim no. Nnansa yi ara, ɔbea bi a ofi baabi a ohia wɔ hɔ no de ne mma baasa bɔɔ ne bo kogyinaa keteke a ɛreba anim. Ekum wɔn nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na wɔn nsa akɔ wɔn ano no, ɛnanom bi si tuutuu na wɔtɔn nnubɔne anaa wɔhyɛ wɔn mmabea nkuran ma wɔyɛ saa.

Amanneɛbɔ a efi Hong Kong kyerɛ sɛ “sɛ ɛnanom nkumaa binom wo mma a, wokunkum wɔn anaasɛ wɔtow wɔn gu sumina kankyee mu esiane sɛ wontumi nhwɛ wɔn nti.” South China Morning Post kae sɛ mmea nkumaa a wɔaware a wɔwɔ Hong Kong “wɔ ahohia kɛse mu nnɛ araa ma wɔn adwene betumi asɛe ma wɔakunkum wɔn ho.”

[Adaka wɔ kratafa 7]

Aman Ahorow so Abaatanyɛ

Bere kakraa bi na wonya

❖ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Hong Kong ma ɛbɛdaa adi sɛ ɛnanom a wɔyɛ adwuma no mu ɔha mu nkyem 60 nnya bere a wosusuw sɛ eye mma wɔn mma. Sɛ edu nnawɔtwe nna a wɔde yɛ adwuma no a, mmofra a aboro so ara wɔadi mfe abiɛsa no ɔha mu nkyem 20 fi fie ne wɔn nananom kɔtra.

❖ Mmea a wɔwɔ Mexico de wɔn nkwa nna mu mfe 13 na anyɛ yiye koraa no, ɛhwɛ abofra biako a onnya nnii mfe anum.

Ɛnanom ne adwuma

❖ Wɔ Ireland no, mmea ɔha mu nkyem 60 na ɛtra fie hwɛ wɔn mma. Wɔ Greece, Italy, ne Spain no, mmea bɛyɛ ɔha mu nkyem 40 na wɔyɛ saa.

Ofie nnwuma a wɔboa ma wɔyɛ

❖ Wɔ Japan no, mmea awarefo a wɔtra fie aka sɛ wonyae a anka abusua no muni bi boa wɔn wɔ ofie nnwuma mu, ne titiriw bere a wɔyare no.

❖ Wɔ Netherlands no, mmarima de bɛyɛ nnɔnhwerew 2 na ɛne wɔn mma tra fie, na wɔde nnɔnhwerew 0.7 na ɛyɛ ofie nnwuma. Mmea de bɛyɛ nnɔnhwerew 3 na ɛne mmofra tra fie, na wɔde nnɔnhwerew 1.7 na ɛyɛ ofie nnwuma.

Ɛnanom a wɔahaw

❖ Wɔ Germany no, ɛnanom bɛboro ɔha mu nkyem 70 na wɔte nka sɛ wɔahaw. Wɔn mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 51 na wɔn akyi berɛmo yɛ wɔn yaw. Wɔn mu bɛboro nkyem abiɛsa mu biako na bere nyinaa na wɔabrɛ na wɔn abam abu. Anyɛ yiye koraa no, wɔn mu ɔha mu nkyem 30 na tipae ne asoroben haw wɔn.

Ɛnanom a wɔyɛ wɔn ayayade

❖ Wɔ Hong Kong no, mmea a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no mu ɔha mu nkyem 4 na wɔkae sɛ wɔyɛɛ wɔn ayayade bere a wɔafa yafunu no.

❖ Nhwehwɛmu bi a Focus nsɛmma nhoma a ɛwɔ Germany yɛe no daa no adi sɛ ɛnanom bɛyɛ 6 biara mu 1 na egye toom sɛ, anyɛ yiye koraa no wɔn ba ahwe wɔn pɛnkoro.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛnna fam koraa sɛ obi bɛyɛ ɛna, bere a ɛsɛ sɛ mmea pii yɛ adwuma na wɔsan yɛ ofie nnwuma ka ho no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena