Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 4/8 kr. 8-11
  • Abaatanyɛ Mu Haw Ano a Wogyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abaatanyɛ Mu Haw Ano a Wogyina
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abaatanyɛ Mu Akwanside
    Nyan!—2002
  • Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia
    Nyan!—2005
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Ɔbaatan Betumi Anya Akomatɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 4/8 kr. 8-11

Abaatanyɛ Mu Haw Ano a Wogyina

Sɛ mmofra na wɔyɛ nkyirimma a, ɛnde na mmea a wɔtete wɔn, wɔn nanom fata obu, nidi, ne mmoa ɔkwan biara so. Ɛwom sɛ nnɛyi wiase mma wonhu sɛnea abaatanyɛ te yiye de, nanso Bible si no pi sɛ mmofra yɛ Onyankopɔn nsam nhyira, na wobetumi ama awofo anya anigye. (Dwom 127:3-5) Nanso, Kyerɛwnsɛm no mmu ani ngu abaatanyɛ mu nsɛnnennen so. Emu nsɛnnennen no pii ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu.

Gyinae ahorow a awofo si wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn mma ho no nya wɔn mma asetra ne wɔn suban so nkɛntɛnso kɛse. Gyinaesi ahorow yi betumi de nsakrae kɛse aba awofo no asetra mu, enti ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye yɛ. Nsɛm a ɛsɛ sɛ wobisa no bi ne sɛ: So ɛsɛ sɛ ɛna no fi fie kɔyɛ adwuma? Sɛ saa a, bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ? Hena na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mmofra no bere a ɛna no afi fie rekɔyɛ adwuma no? Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ awofo yɛ nea wosusuw sɛ eye ma mmofra no na ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so nso.

Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛnanom te nka sɛ wɔn nkutoo na wɔbrɛ wɔn ho si gyinae horow a nyansa wom yi. Wobetumi anya awerɛkyekye kɛse afi nsɛm a ɛwɔ Yesaia 40:11 a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn susuw ɛnanom a wokura mmotafowa ho, na “ɔbɛka wɔn brɛoo” no mu. Onyankopɔn nam akwankyerɛ ahorow a ɔde ma wɔ Bible mu a ebetumi ama abaatanyɛ ayɛ anigye na awie yiye no so da anigye kɛse a ɛte saa a ɔwɔ no adi.

❖ Da ntease adi: Ɛsɛ sɛ wohu Kristofo sɛ nnipa a wɔwɔ ntease. (Filipifo 4:5) Janet Penley a ɔyɛ ɛna na ɔsan yɛ nhoma kyerɛwfo no huu mfaso a ɛwɔ nnyinasosɛm yi so. Ɔka sɛ: “Ná mehwɛ nneɛma pii kwan bere a mifii abaatanyɛ ase no. Ná minim sɛ mɛhwɛ me mma yiye asen biara. Mekenkanee nhoma a ɛfa ho nyinaa na mitiee ɛho animdefo nyinaa. Nanso sɛ́ anka mɛte nka sɛ me ho akokwaw na mitumi yɛ biribiara no, metee nka mmom sɛ mintumi nyɛ hwee na mahaw.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ “afoforo a wobɛma w’ani aku wɔn ho na woadi wɔn ahiade ho dwuma na woabɔ mmɔden sɛ wubedi ‘gyinapɛn’ bi akyi no brɛ w’anigye ase, na ɛde ahoyeraw ne afobu na ɛba.”

❖ Mfa nneɛma nkyekyere wo ho: Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛwee sɛ, “nea mmusua betumi ahwere wɔ bere a adagyew nnim koraa yi mu ne mmofraberem suahu a ehia ne abusua asetra mu anigye.” Ɛno nti na ɛnanom pii mpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛkyekyere wɔn ho wɔ asetram no. Wobɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Nea edi kan no, hu nneɛma a ɛsɛ sɛ wudi kan di ho dwuma, na ma w’ani nku ‘nea ehia paa,’ a bere a wubenya ama wo mma ne hwɛ a wobɛhwɛ wɔn no nso ka ho no ho. (Filipifo 1:10, 11) Nea ɛto so abien no, hwehwɛ w’asetra mu hwɛ. Ebia ebehia sɛ wugyae nneɛma bi a ɛho nhia paa ne nnwuma bi akyi di.

Dɛn na ehia paa wɔ w’asetram? Nneɛma nyinaa a wubenya no prɛko pɛ anaasɛ wubetumi atu nneɛma bi ahyɛ da bere a wudi afoforo ho dwuma no? Carolyn, ɛna bi a onni bi ka sɛnea odi ne tebea ho dwuma no ho asɛm: “Memfa nneɛma nkyekyere me ho, na mensɛe sika pii.” Gloria a ɔwɔ mma baasa no ka sɛ: “Ná yenni sika a yɛde bɛtɔ ntade a ne bo yɛ den, nanso na mepam ntade ma mmofra no, na meka kyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ soronko esiane sɛ obiara nni bi nti.”

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “nea obu nhumu no, ohu papa.” (Mmebusɛm 19:8) Nhumu ho hia na watumi asusuw nneɛma a wɔyɛ wɔ ahomegye bere mu, elɛtrɔnik nneɛma a aba so, ne suban ahorow a etumi nya ɛnanom ne mmofra nyinaa so nkɛntɛnso no ho. Judith, ɛna bi a ofi South Africa teɛm sɛ: “Bere nyinaa wɔde nneɛma foforo, mfiridwuma mu nimdeɛ a ɛkyɛn so, ne sɛnea wobetumi aboa yɛn ho nsɛm puapua yɛn!” Sɛnea Angela a ɔwɔ mma baanan a ofi Germany di saa asɛnnennen no ho dwuma ni: “Ɛsɛ sɛ wuhu nea ehia na ɛso bɛba wo mfaso, na woboa wo mma nso ma wɔyɛ saa ara.”

❖ Yɛ nsakrae horow a wubetumi ayɛ no: Bible no tu fo sɛ “fa nyansa ne atɛmpa di dwuma.” (Mmebusɛm 3:21, Contemporary English Version) Sɛ mprempren wufi fie kɔyɛ adwuma a, so wo kunu nkutoo akatua bɛso w’abusua no? Nea ɛbɛboa wo ma woabua asɛmmisa yi no, susuw sika a sɛ wɔtete tow fi w’akatua mu a ɛka, sika a wode hwɛ abofra, sika a wode fa kar kɔ adwuma san ba, ntade a wohyɛ kɔ adwuma, aduan a wotɔ di, ne ɛka horow a wobɔ ka ho no ho hwɛ. Afei nso sɛ wɔka wo ne wo kunu akatua bom na sɛ ɛma mo akatua yɛ kɛse a, ɛma wo kunu tua tow kɛse. Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ketewaa bi na ɛbɛka.

Ebinom de nnɔnhwerew kakraa bi na ɛyɛ adwuma anaasɛ wɔyɛ adwuma bɛn fie, a ebetumi akyerɛ sɛ wɔrennya sika pii na mmom wobenya bere pii ama mmofra no. Sɛ wusi gyinae sɛ wubegyae adwuma na wuhu mmoa ne mfaso a na wunya fi adwuma no mu a, susuw ɔkwan a wobɛfa so a worenhwere nneɛma atitiriw yi bere a wote fie no ho.

❖ Hwehwɛ mmoa: Onyankopɔn Asɛm ma ɛda adi mpɛn pii sɛ: ‘Mmoa a wobɛhwehwɛ’ no betumi aboa wo. (Exodus 2:23, 24; Dwom 34:15) Ɛsɛ sɛ okunu tie ɛna no sufrɛ. Ɛdenam ne mmoa so no, mubetumi ayɛ nhyehyɛe akyekyɛ ofie nnwuma mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya bere de adi botae horow a mode asisi mo ani so—te sɛ bere a mubenya ama mo mma—no ho dwuma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ ɛna no hwehwɛ mmoa fi nnipa afoforo, a abusuafo ne nnamfo a obetumi de ne ho ato wɔn so, na wɔne no kura adwene ne botae koro ka ho, no nkyɛn.

Ɛnanom pii nya mmoa fi Kristofo asafo a wɔne wɔn mfɛfo gyidifo wom no mu. María, ɛna bi a ɔwɔ mma baasa hui sɛ “asafo no ho a obi de ne ho bɛbɔ paa” no ne ɔkwan biako a “Onyankopɔn nam so da ɔdɔ ne ayamhyehye adi kyerɛ yɛn na ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho.”

❖ Gye w’ahome: Yesu mpo a na ɔyɛ pɛ na otumi yɛ adwuma kyɛ no ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnkɔ sare so fa baabi, na wɔnkɔhome kakra.’ (Marko 6:30-32) Di a wubedi yiye sɛ ɛna no gyina sɛnea wutumi kari pɛ wɔ mmere a emu yɛ den mu no so. Ɛyɛ nokware sɛ wo mma hia wo, nanso wɔpɛ sɛ w’ani gye na wo koma tɔ wo yam nso. Wuhia ahomegye a ɛfata.

Angela a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ayɛ nhyehyɛe a ɔde gye n’ahome: “Mepaw bere bi yɛ komm de dwennwen me ho anɔpa. Anyɛ yiye koraa no, mefa nnɔnhwerew fã. Me ne me kunu nso wɔ anwummere biako anaa abien dapɛn biara bere a ɛsɛ sɛ mmofra no nso bɛyɛ wɔn ade komm wɔ fie no fã baabi no. Sɛ ɛba saa a, yetumi nya dɔnhwerew biako ma yɛn ho.”

❖ Fa honhom fam nneɛma di kan: Wɔahyɛ no nsow sɛ adwene a wontumi mfa nsi biribi so yiye ne ahiade titiriw a wonhu nni ho dwuma no na ama abaatanyɛ mu nsɛnnennen mu ayɛ den. Sɛ Kristofo mmusua yɛ ade bom na wɔde Onyankopɔn apɛde di kan wɔn asetram a, wonya anigye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Abusua a ɛde onyamesom pa bɔ ne bra na edi Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu akyi no benya anigye. Sɛ abusua muni biako pɛ mpo na ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma a, nneɛma kɔ yiye sen sɛ obiara mfa nni dwuma koraa.

Adele, Kristonibea a ɔyɛ ɔwofo a ɔde bere nyinaa yɛ adwuma no ahu mfaso a ɛwɔ honhom fam nneɛma a obedwen ho no so. Ɔka sɛ: “Yɛwɔ akwankyerɛ ne nsɛm pii wɔ Bible ho nhoma horow mu a ɛtete yɛn ma yehu nea yɛn mma hyia ne ɔkwan a yebetumi afa so aboa wɔn. Sɛ wuhu sɛ wo mma de honhom fam nneɛma a wode ma wɔn no di dwuma a, mfaso ba so. Sɛ wuhu nsakrae ketewaa bi wɔ wɔn abrabɔ ne wɔn nsusuwii mu a, ɛma wuhu sɛ wɔde redi dwuma, na wo mmɔdenbɔ no anyɛ ɔkwa.”a

Yiw, wubetumi adi abaatanyɛ mu akwanside ahorow no so. Onyankopɔn ankasa de awerɛhyem ma sɛ ɛnanom a wɔyɛ nsi na wɔwɔ ahofama ne ne mu ahotoso no brɛ renyɛ ɔkwa. Ɛnanom a wɔne no nya abusuabɔ no betumi anya awerɛkyekye afi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ “ɔma nea wabrɛ otumi” no mu.—Yesaia 40:29.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo atintim Bible ho nhoma pii a wɔde tete mmofra. Ebi ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Questions Young People Ask​—Answers That Work, ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba.

[Adaka wɔ kratafa 10]

Ɛna Nkɛntɛnso

Sɛ́ ɛna no, ebia ɛtɔ mmere bi a, wubesusuw nkɛntɛnso a worenya wɔ wo ba asetra so no ho. Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea nkɛntɛnso a atipɛnfo, akyerɛkyerɛfo, anigyede, video so agodie, ne nnwom nya wɔ wɔn so no boro wo de so.

Susuw Yokebed, Mose maame, nhwɛso no ho hwɛ. Ɔtraa ase wɔ bere a na emu yɛ den paa mu a na ontumi nyɛ nea ebetumi ato ne ba no ho hwee. Nanso, ɔde hokwan ahorow a onyae no dii dwuma de tetee no ɔkwan bi so. Nea edi kan no, ɔde gyidi daa akokoduru adi denam Mose a wamma wɔankum no no so. Onyankopɔn ma onyaa ne gyidi so akatua denam abofra no nkwa a ɔkoraa so ne afei nhyehyɛe a ɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na Yokebed ahwɛ no—asan ayɛ ne maame no so.​—Exodus 1:​15, 16; 2:​1-​10.

Ɛda adi sɛ Yokebed nyaa ne ba no suban so nkɛntɛnso. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Mose gyee Hebrifo no ne wɔn Nyankopɔn toom ɛmfa ho adehye abusua a na ɔbɔ wɔ Misraim no ma nkɛntɛnso a n’awofo nyaa wɔ ne so bere a na ɔyɛ abofra no da adi.—Hebrifo 11:24-26.

Sɛ́ ɛna no, ebetumi aba sɛ wowɔ hokwan pii sɛ wubenya wo ba so nkɛntɛnso asen Yokebed. So wode wo ba mmofraase mfe kakraa bi no redi dwuma de akwankyerɛ pa a ɛso bɛba no mfaso daa rema no? Anaasɛ worema nneɛma a nnɛɛmmafo di akyi no anya wo ba so tumi kɛse?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Ma afoforo nyɛ ofie nnwuma no bi, pɛ bere ma wo nkutoo wo ho, na fa honhom fam nneɛma di kan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena