Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 9/1 kr. 18
  • “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nkuranhyɛ a Efi “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” no Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Sɛnea Onyankopɔn Kyekye Yɛn Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • ‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 9/1 kr. 18

Bɛn Onyankopɔn

“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”

2 Korintofo 1:3, 4

NNEƐMA pii te sɛ amanehunu, huammɔdi, ne ankonamyɛ betumi ama yɛn werɛ ahow, na mpo yɛapa abaw. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛhe na metumi anya mmoa?’ Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:3, 4 no ma yehu obi a obetumi akyekye yɛn werɛ bere nyinaa—Yehowa Nyankopɔn.

Wɔ nkyekyɛm 3 no, wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ “ahummɔbɔ Agya.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahummɔbɔ” no betumi akyerɛ atenka a obi nya ma afoforo a wɔrehu amane.a Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, wobetumi akyerɛ asɛmfua yi ase sɛ “ayamhyehye” anaa “sɛ́ obi dwen obi ho yiye.” “Ahummɔbɔ” a Onyankopɔn wɔ na ɛka no ma ɔyɛ ade. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn su yi a yɛabehu nti na ɛma yɛpɛ sɛ yɛbɛn no, so ɛnte saa?

Paulo san frɛ Yehowa sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” Asɛmfua a Paulo de dii dwuma wɔ ha no “kura adwene a ɛne sɛ worekyekye obi a wahaw anaa ne werɛ ahow werɛ, na ɛkyerɛ mmoa a wɔde ma obi anaa nkuranhyɛ.” The Interpreter’s Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛkyekye obi a ɔrehu amane werɛ a, yɛma onya akokoduru a ɔde begyina ne haw ano.”

Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ na ɔma yɛn akokoduru a yɛde gyina yaw a yedi ano?’ N’Asɛm Bible no, ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no yɛ akwan titiriw a ɔnam so yɛ saa. Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ma yɛn n’Asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛnam Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so benya anidaso.’ Bio nso, yɛnam mpae a yefi komam bɔ so nya “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no” bi.—Romafo 15:4; Filipifo 4:7.

Nneɛma bɛn mu na Yehowa kyekye ne nkurɔfo werɛ? Paulo kae sɛ Onyankopɔn ‘kyekye yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu.’ (2 Korintofo 1:4) Ɛmfa ho nhyɛso, ahokyere, anaa amanehunu a ebia yɛrefa mu no, Onyankopɔn ma yenya akokoduru ne ahoɔden a ɛsɛ ma yɛde gyina ano. So eyi nyɛ awerɛkyekyesɛm?

Ɛnyɛ onipa a Onyankopɔn kyekye ne werɛ no nko na onya so mfaso. Paulo kɔ so ka sɛ Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ sɛnea ɛbɛyɛ na “yɛn nso, esiane awerɛkyekye yi a yenya fi Nyankopɔn hɔ nti, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohiahia biara mu no werɛ.” Bere a wɔakyekye yɛn werɛ wɔ yɛn ahohia mu no, ɛboa yɛn ma yenya tema ma afoforo, na ɛka yɛn ma yɛboa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no.

Sɛ́ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa beyi yɛn haw anaa yaw a yedi no afi hɔ. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ: Sɛ yɛma ɔkyekye yɛn werɛ a, obetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina awerɛhow anaa ɔhaw biara a ebia yebehyia wɔ asetra mu no ano. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yɛsom Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye saa no, na yeyi no ayɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ “ahummɔbɔ Agya” efisɛ sɛ ɔno na ahummɔbɔ fi no, na ɛyɛ ne nnipa su.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena