Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 1/1 kr. 15
  • “Bere A Wɔahyɛ” No Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bere A Wɔahyɛ” No Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubetie Onyankopɔn Kɔkɔbɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 1/1 kr. 15

“Bere A Wɔahyɛ” No Abɛn

SƐNEA na Habakuk ho pere no sɛ obehu bere a amanehunu bɛba awiei no, saa ara na na Yesu asuafo no nso ho pere wɔn. Bere a wohuu nea Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ de asiesie nneɛma wɔ asase so no, wobisaa Yesu sɛ: “Bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae [wɔ Ahenni tumi mu] ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na onim bere pɔtẽẽ a Ahenni no befi ase adi asase nyinaa so. (Mateo 24:36; Marko 13:32) Nanso, Yesu ne afoforo hyɛɛ nneɛma a ebesisi a ɛbɛma yɛahu sɛ bere no abɛn no ho nkɔm.​—Hwɛ adaka a ɛwɔ nifa so no.

So wunnye ntom sɛ saa nneɛma yi abu so nnɛ? Yesu san hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi wɔ asase so nyinaa. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Saa pɛpɛɛpɛ na ɛrekɔ so nnɛ. Yehowa Adansefo na wɔreyɛ saa adwuma no. Adansefo bɛboro ɔpepem ason reka nea Ahenni no bɛyɛ no ho asɛm wɔ aman bɛyɛ 236 so, na wɔreboa nkurɔfo ma wɔde Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ ɔma amanehunu ne yaw ba awiei no trenee gyinapɛn abɔ wɔn bra. Kɔ so sua Onyankopɔn Ahenni no ho ade, na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtena wiase bi a amanehunu nni mu mu daa.—w09-E 12/1.

[Adaka wɔ kratafa 15]

Kyerɛwnsɛm a Ɛma Yehu Nna a Edi Akyiri No

MATEO 24:6, 7; ADIYISƐM 6:4

• Akodi a ɛso bi mmae da

MATEO 24:7; MARKO 13:8

• Asasewosow akɛse

• Aduankɔm

LUKA 21:11; ADIYISƐM 6:8

• Ɔyaredɔm

MATEO 24:12

• Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso

• Ɔdɔ ano a ebedwo

ADIYISƐM 11:18

• Asase no a wɔresɛe no

2 TIMOTEO 3:2

• Sikanibere

• Awofo so asoɔden

• Ahopɛ ntraso

2 TIMOTEO 3:3

• Nnipa a wonni tema

• Nnipa a wontumi ne wɔn nyɛ apam biara

• Nnipa a wontumi nni wɔn ho so wɔ baabiara

• Nnipa a wɔmpɛ papa a wɔbɛdɔɔso

2 TIMOTEO 3:4

• Nnipa a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn

2 TIMOTEO 3:5

• Nnipa pii de Kristosom bedura wɔn anim

MATEO 24:5, 11; MARKO 13:6

• Atoro adiyifo a wɔbɛdɔɔso

MATEO 24:9; LUKA 21:12

• Nokware Kristofo a wɔbɛtaa wɔn

MATEO 24:39

• Nnipa pii a wobebu wɔn ani agu Bible kɔkɔbɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni ho ade wɔ asase so nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena