Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 1/1 kr. 11
  • 7 So Onyankopɔn Betie Yɛn Mpaebɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 7 So Onyankopɔn Betie Yɛn Mpaebɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Henanom Mpaebɔ Na Wobua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 1/1 kr. 11

7 So Onyankopɔn Betie Yɛn Mpaebɔ?

ASƐMMISA yi kanyan anigye kɛse, na ɛma yɛhwehwɛ ɛho mmuae. Bible no kyerɛ sɛ Yehowa tie mpaebɔ nnɛ ampa. Sɛ́ otie yɛn mpaebɔ anaa ontie no gyina yɛn so titiriw.

Yesu kasa tiaa ne bere so nyamesom akannifo a na wɔbɔ nyaatwom mpae no; sɛnea na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ treneefo no nkutoo na na ehia wɔn. Ɔkae sɛ nnipa a ɛte saa no ‘anya wɔn akatua nyinaa awie,’ kyerɛ sɛ nea wɔpɛ a ɛne sɛ nnipa behu wɔn no nkutoo na wobenya, na ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn betie wɔn. (Mateo 6:5) Saa ara na ɛnnɛ nso, nnipa pii bɔ mpae sɛnea wɔn ankasa pɛ na ɛnyɛ sɛnea Onyankopɔn pɛ. Esiane sɛ wɔpo Bible nnyinasosɛm a yɛasusuw ho no nti, Onyankopɔn ntie wɔn.

Na wo nso ɛ? So Onyankopɔn tie wo mpaebɔ? Mmuae no nnyina abusua a wufi mu, kasa a woka, anaa gyinabea a wowɔ wɔ asetena mu no so. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) So saa nsɛm no fa wo ho? Sɛ wusuro Nyankopɔn a, wubebu no kɛse, na wubesuro sɛ wobɛyɛ nea ɔmpɛ. Nea ɛteɛ a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ, wobɛhwehwɛ nea Onyankopɔn ka sɛ ɛteɛ, sen sɛ wobɛyɛ nea w’ankasa wopɛ anaa nea wo yɔnko nnipa pɛ. So wopɛ sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ ankasa? Bible no kyerɛ wo nea woyɛ a, Onyankopɔn betie wo.a

Nokwarem no, nnipa pii pɛ sɛ Onyankopɔn yɛ anwonwade de bua wɔn mpaebɔ. Mpo wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, na Onyankopɔn ntaa nyɛ anwonwade saa. Ɛtɔ mmere bi na sɛ ɔyɛ anwonwade bi a, mfehaha pii twam ansa na wayɛ foforo. Bio nso, Bible no kyerɛ sɛ bere a na wɔyɛ anwonwade no baa awiei wɔ asomafo no wu akyi. (1 Korintofo 13:8-10) Ɛnde so eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ntie mpaebɔ biara nnɛ? Ɛnte saa koraa! Susuw mpaebɔ ahorow bi a Onyankopɔn tie ho hwɛ.

Onyankopɔn ma nyansa. Yehowa na nyansa nyinaa fi no. Ɔde ma wɔn a wɔhwehwɛ n’akwankyerɛ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma no kwa.—Yakobo 1:5.

Onyankopɔn de ne honhom kronkron ma ma yenya so mfaso. Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi. Tumi biara nni hɔ a ɛsen no. Ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano. Ebetumi ama yɛanya asomdwoe bere a yɛahaw. Ebetumi aboa yɛn ma yɛanya su pa ahorow a ɛyɛ fɛ. (Galatifo 5:22, 23) Yesu maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de akyɛde yi ma kwa.—Luka 11:13.

Onyankopɔn ma wɔn a wofi wɔn komam hwehwɛ no no nimdeɛ. (Asomafo Nnwuma 17:26, 27) Wɔ wiase nyinaa no, nnipa binom fi komam hwehwɛ nokware no. Wɔpɛ sɛ wohu Nyankopɔn—ne din, atirimpɔw a ɔwɔ ma asase ne adesamma, ne sɛnea wobetumi abɛn no. (Yakobo 4:8) Yehowa Adansefo taa hyia nnipa a wɔte saa, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae wɔ Bible mu.

So ɛno nti na wugyee nsɛmma nhoma yi? So wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn? Ebia saa kwan yi so na ɔnam retie wo mpaebɔ.—w10-E 10/1.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛbɔ mpae ma Nyankopɔn atie wo no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena