Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mmofra Sua?
“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.”—2 TIMOTEO 3:16.
ƐSƐ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra Onyankopɔn ho nokwasɛm. Ɛhefa na wobetumi asua saa nokwasɛm no? Wobetumi asua saa nokwasɛm no afi Bible, nhoma a wobu no kɛse wɔ wiase nyinaa no mu.
Bible no te sɛ krataa a efi Onyankopɔn hɔ. Onyankopɔn ada ne nipasu adi wɔ saa krataa no mu, na ɔnam so de abrabɔ ho akwankyerɛ ma mpanyin ne mmofra nyinaa. Hyɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ ne asuade ahorow a mmofra nkumaa mpo betumi asua afi mu no bi nsow.
Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yehu fa ne ho?
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.
Asuade a ɛwom: Onyankopɔn wɔ Nipasu ankasa na ɔsan nso wɔ din soronko koraa.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu, na ohu emu adwene nyinaa. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no.”—1 Beresosɛm 28:9.
Asuade a ɛwom: Yehowa Nyankopɔn dwen yɛn nyinaa ho, na mmofra nkumaa nso ka ho bi. (Dwom 10:14; 146:9) Ɔpɛ sɛ yesua ne ho ade.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Monnteetee . . . agyanka. Sɛ moteetee wɔn na wosu frɛ me a, metie wɔn sufrɛ.”—Exodus 22:22-24.
Asuade a ɛwom: Yehowa tie mmofra nkumaa mpo mpaebɔ. Yebetumi ne Onyankopɔn akasa daa na yɛada yɛn komam nsɛm ne yɛn nsusuwii adi akyerɛ no.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe mpɛn pii, na wɔmaa Israel Kronkronni no dii wɔn ho yaw.”—Dwom 78:41.
Asuade a ɛwom: Nsɛm a yɛka ne nea yɛyɛ tumi ka Yehowa, enti ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma ho ansa na yɛakasa anaasɛ yɛayɛ biribi.
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a ɛsono abusua a wofi mu no di?
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.
Asuade a ɛwom: Sɛ Onyankopɔn gye obiara tom ɛmfa ho abusua a ofi mu de a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea anim yɛ nyiyim.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Monyɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obebisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.”—1 Petro 3:15.
Asuade a ɛwom: Sɛ yɛreka ɔsom ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso kyerɛ yɛn adwene, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ akyinnyegye gyegyeegye. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn a ɛsono wɔn gyidi no.
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusua mufo di?
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu.”—Kolosefo 3:20.
Asuade a ɛwom: Mmofra yɛ osetie de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn awofo, na wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani nso.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kolosefo 3:13.
Asuade a ɛwom: Ɛtɔ bere bi a, nnipa afoforo a yɛn abusuafo nso ka ho bedi yɛn huammɔ. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn de yɛn mfomso firi yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde afoforo de befiri wɔn.—Mateo 6:14, 15.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi nokware na yɛda ayamye adi?
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: ‘Munyi nkontompo ngu na obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.’—Efesofo 4:25.
Asuade a ɛwom: Sɛ yɛka nokware a, na yɛresuasua Onyankopɔn na yɛma n’ani gye. Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebedi atoro a, yɛbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn tamfo, Ɔbonsam a ɔne “atoro agya” no.—Yohane 8:44; Tito 1:2.
◼ Nea Bible kyerɛkyerɛ: “Nea mopɛ sɛ afoforo yɛ ma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12, “Contemporary English Version.”
Asuade a ɛwom: Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn abusua mufo ne nnipa afoforo a yɛne wɔn te mpɔtam no nkate ne wɔn nsusuwii ho. Sɛ ‘yenya tema’ ma afoforo a, wɔn nso benya tema ama yɛn saa ara.—1 Petro 3:8; Luka 6:38.
Sɛnea nhwɛso ahorow yi kyerɛ no, Bible mu asuade ahorow betumi aboa mmofra ma wɔakyerɛ nneɛma ho anisɔ, wɔada obu adi, na wɔanyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔwɔ tema. Nanso hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmofra asuade ahorow yi?